Ti 48
Onyankopɔn Wiase Foforo—Wubetumi Atra Mu Bi
ONYANKOPƆN de Adam ne Hawa traa Eden turo mu. Ɛwom sɛ wɔbɛyɛɛ asoɔden wuwui de, nanso Onyankopɔn ama ayɛ yiye sɛ wɔn mma, a yɛn a yɛte ase nnɛ ka ho, betumi atra ase daa wɔ Paradise. Bible hyɛ bɔ sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29.
Bible ka “ɔsoro foforo” ne “asase foforo” ho asɛm. (Yesaia 65:17; 2 Petro 3:13) Mprempren ‘soro’ no yɛ nnipa nniso ahorow, nanso Yesu Kristo ne wɔn a wɔne no bedi ade wɔ soro no na wɔbɛyɛ “ɔsoro foforo” no mufo. Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ bere a saa ɔsoro foforo yi a ɛyɛ Onyankopɔn trenee nniso a ɛde asomdwoe bɛba no bedi asase nyinaa so no!
Ɛnde, na dɛn ne “asase foforo” no?— Asase foforo no bɛyɛ nnipa papa a wɔdɔ Yehowa. Sɛnea ɛte no, sɛ Bible ka “asase” ho asɛm a, ɛtɔ mmere bi a ɛkyerɛ nnipa a wɔte asase so no, na ɛnyɛ asase no ankasa. (Genesis 11:1; Dwom 66:4; 96:1) Enti nnipa a wɔbom yɛ asase foforo no bɛtra asase so ha yi ara.
Saa bere no na mprempren wiase yi a abɔnefo wom yi nni hɔ bio. Kae Noa bere so Nsuyiri a ɛpopaa wiase bi a na nnipa abɔnefo wom no. Na sɛnea yɛahu no, wɔbɛsɛe mprempren wiase bɔne yi wɔ Harmagedon. Afei ma yɛnhwɛ sɛnea Harmagedon akyi no, Onyankopɔn wiase foforo no mu asetra bɛyɛ.
So wopɛ sɛ wotra ase daa wɔ Paradise wɔ Onyankopɔn wiase foforo a asomdwoe wom no mu?— Oduruyɛfo biara ntumi mma yɛntra ase daa. Aduru biara nni hɔ a ebetumi abɔ yɛn ho ban afi owu ho. Ɔkwan biako pɛ a yebetumi afa so atra ase daa ne sɛ yɛbɛbɛn Onyankopɔn. Na Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no ka sɛnea yebetumi ayɛ saa no kyerɛ yɛn.
Ma yɛmfa yɛn Bible nhwɛ wɔ Yohane ti 17 nkyekyɛm 3. Yehu Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no nsɛm yi wɔ ha: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”
Enti dɛn na Yesu kae sɛ ehia sɛ yɛyɛ na ama yɛatra ase daa?— Nea edi kan ne sɛ, ɛsɛ sɛ yenya yɛn soro Agya, Yehowa, ne afei, ne Ba, a ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn, no ho nimdeɛ. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yesua Bible no. Saa nhoma yi, Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No, reboa yɛn ma yɛayɛ saa.
Nanso ɔkwan bɛn so na Yehowa ho ade a yebesua no bɛboa yɛn ma yɛatra ase daa?— Wiɛ, sɛnea yehia aduan daa no, saa ara na ehia sɛ yesua Yehowa ho ade daa. Bible ka sɛ: ‘Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Yehowa anom so.’—Mateo 4:4.
Ehia nso sɛ yenya Yesu Kristo ho nimdeɛ efisɛ Onyankopɔn somaa ne Ba no ma obeyii yɛn bɔne kɔe. Bible ka sɛ: “Nkwagye nni obiara mu.” Na Bible san ka sɛ: “Nea ogye ɔba no di no wɔ daa nkwa.” (Asomafo no Nnwuma 4:12; Yohane 3:36) Ɛnde, Yesu a obi ‘begye no adi’ no kyerɛ dɛn?— Ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yesu mu gyidi ankasa, na yenim sɛ yentumi nkwati no ntra ase daa. So yegye di saa?— Sɛ ɛte saa a, yɛbɛkɔ so asua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no ho ade daa, na yɛbɛyɛ nea ɔka kyerɛ yɛn no.
Ɔkwampa a yɛbɛfa so asuasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no ne sɛ yɛbɛkenkan nhoma yi mpɛn pii, ahwɛ mfonini a ɛwom nyinaa, asusuw ho. Hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a ɛka mfonini ahorow yi ho anaa. Afei nso wo ne wo maame anaa wo papa nkenkan nhoma yi. Sɛ w’awofo nni wo nkyɛn a, wo ne mpanyimfo ne mmofra foforo nkenkan. So ɛrenyɛ anigye sɛ wobɛboa afoforo ma wɔasuasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no na wɔahu nea ehia sɛ wɔyɛ na ama wɔatra ase daa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu?—
Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: ‘Wiase retwam.’ Nanso Bible kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi atra ase wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Ɛka sɛ: “Nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Enti ɔkwan bɛn so na yebetumi atra ase daa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu?— Ɛne sɛ yebenya Yehowa ne ne Dɔba, Yesu ho nimdeɛ. Nanso ɛsɛ sɛ yɛde nea yesua no di dwuma. Ɛmmra sɛ nhoma yi a wubesua no bɛboa wo ma woayɛ eyinom nyinaa.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 251]
Bere a wokenkan Yesaia 11:6-9 ne Yesaia 65:25 no, wubehu mmoa a wɔte hɔ wɔ asomdwoe mu. Hwɛ mfonini ahorow yi. Hwɛ oguanten, apapowa, ɔsebɔ, nantwi ba, gyata kɛse, ne mmofra a wɔka wɔn ho no. So wubetumi abobɔ mmoa foforo a wɔwɔ ha a Bible ka wɔn ho asɛm no din?— Hwɛ abarimaa a ɔne ɔwɔ no redi agoru no! Ɛho nhia sɛ obiara a ɔte wiase foforo no mu no besuro ade. (Hosea 2:18) Dɛn na woka wɔ ho?—
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 252, 253]
Afei hwɛ asomdwoe a ɛwɔ nnipa horow nyinaa mu no. Wɔn nyinaa dodɔ wɔn ho, sɛnea Yesu kae sɛ n’akyidifo bɛyɛ no. (Yohane 13:34, 35) Wɔde akode reyɛ nnwinnade a wɔde siesie asase. Bible ka asomdwoe ne ahobammɔ a ɛyɛ anigye a nnipa benya wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu ho asɛm. Yebetumi akenkan eyi ho asɛm wɔ kyerɛw nsɛm te sɛ Dwom 72:7; Yesaia 2:4; 32:16-18; ne Hesekiel 34:25 mu.
Hwɛ nnipa a wɔwɔ kratafa yi no. Wɔresiesie asase no ma ayɛ baabi a ɛyɛ fɛ. Hwɛ afie fɛfɛ a wɔresisi ne nnuaba ne mfunne a ɛyɛ dɛ no. Nnipa te asase so asomdwoe mu, ma enti adan paradise te sɛ Eden turo. Yebetumi akenkan nneɛma a ɛyɛ anigye yi ho asɛm wɔ Dwom 67:6; 72:16; Yesaia 25:6; 65:21-24; ne Hesekiel 36:35.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 254]
Sɛnea wuhu wɔ ha no, obiara wɔ apɔwmuden ne anigye. Nkurɔfo tumi huruw kɔ soro te sɛ ɔforote. Obiara nyɛ apakye, onifuraefo, anaa ɔyarefo. Na hwɛ nkurɔfo a wɔanyan wɔn afi awufo mu no! Bible ka saa nneɛma yi ho asɛm wɔ Yesaia 25:8; 33:24; 35:5, 6; Asomafo no Nnwuma 24:15; ne Adiyisɛm 21:3, 4.