Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 9 kr. 28
  • Afei De, Wɔawo Ɔbabarima!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afei De, Wɔawo Ɔbabarima!
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Frɛɛ No “Ɔhemmaa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Abraham ne Sara Wubetumi Asuasua Wɔn Gyidi!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • “Woyɛ Ɔbea a Wo Ho Yɛ Fɛ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Hena Ne Abraham?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 9 kr. 28
Sara wɔ ntamadan mu retie nea abɔfo no reka akyerɛ Abraham

ADESUA 9

Afei De, Wɔawo Ɔbabarima!

Ná Abraham ne Sara aware mfe pii. Bere a wɔte Ur no, na wɔn ho tɔ wɔn. Nanso wɔtu fii hɔ kɔtenaa ntamadan (tent) mu. Ná Sara gye Yehowa di, enti wannwiinwii anaa ne bo amfuw.

Ná Sara ani abere repɛ ba paa, enti ɔka kyerɛ Abraham sɛ: ‘Sɛ m’afenaa Hagar wo a, ɛbɛyɛ te sɛ nea me ara na mawo abofra no.’ Akyiri yi, Hagar woo ɔbabarima. Ná ne din de Ismael.

Sara nyem

Mfe pii akyi, bere a na Abraham adi mfe 99 na Sara nso adi mfe 89 no, ahɔho mmiɛnsa bi bɛsraa wɔn. Abraham ka kyerɛɛ ahɔho no sɛ wɔntena dua bi ase na ɔne wɔn bedidi. Wunim saa ahɔho no? Ná wɔyɛ abɔfo! Wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: ‘Afe sesɛɛ, wo ne wo yere bɛwo ɔbabarima.’ Ná Sara wɔ ntamadan mu retie nkɔmmɔ no. Ɔseree wɔ ne mu, na ɔkaa wɔ ne tirim sɛ: ‘Obi a mabɔ aberewa sei de, mɛyɛ dɛn atumi awo?’

Afe a edi hɔ no ara, Sara woo ɔbabarima sɛnea Yehowa bɔfo no hyɛɛ bɔ no. Abraham too abofra no din Isak. Edin no kyerɛ ‘Ɔserew.’

Bere a Isak dii bɛyɛ mfe nnum no, Sara huu sɛ Ismael reserew Isak. Ná ɔpɛ sɛ ɔbɔ ne ba no ho ban, enti ɔkɔɔ Abraham hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmpam Hagar ne ne ba Ismael. Mfiase no, na Abraham mpɛ sɛ ɔpam wɔn. Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ: ‘Tie nea Sara reka no, na mɛhwɛ Ismael. Efisɛ ɛnam Isak so na me bɔhyɛ nyinaa bɛbam.’

Sara asɔ ne ba Isak mu na Hagar ne Ismael nso rekɔ

“Gyidi nti na Sara nso nyaa ahoɔden de nyinsɛn aseni . . . Efisɛ obuu Nea ɔhyɛɛ bɔ no ɔnokwafo.”—Hebrifo 11:11

Nsɛmmisa: Asɛm bɛn na Sara tee sɛ abɔfo no reka akyerɛ Abraham? Dɛn na Yehowa yɛ de bɔɔ Isak ho ban?

Genesis 16:1-4, 15, 16; 17:25-27; 18:1-15; 21:1-14; Hebrifo 11:11

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena