Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb16 January kr. 2
  • Yɛanya Hokwan sɛ Yebesisi Ahenni Asa ne Nhyiam Asa na Yɛasiesie

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛanya Hokwan sɛ Yebesisi Ahenni Asa ne Nhyiam Asa na Yɛasiesie
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA YƐBƐYƐ DE ABOA
  • Ɛha na Yɛhyiam Som
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Mmeae a Yehyiam Som
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Adan a Yesisi De Hyɛ Yehowa Anuonyam
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Momma Yensiesie Beae a Yɛsom Yiye
    Yɛn Ahenni Som—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
mwb16 January kr. 2

KRISTOFO ABRABƆ

Yɛanya Hokwan sɛ Yebesisi Ahenni Asa ne Nhyiam Asa na Yɛasiesie

Asɔrefie a tete Israelfo sii no, na egye adwumaden ne sika. Nanso Israelfo no de ahokeka na esii. (1Be 29:2-9; 2Be 6:7, 8) Bere a wosii asɔrefie no wiei no, sɛ ɛba sɛ wɔne Onyankopɔn ntam yɛ papa a, wosiesie hɔ kama, nanso sɛ wɔne ne ntam sɛe a, na wogyaw hɔ basaa. (2Ah 22:3-6; 2Be 28:24; 29:3) Ɛnnɛ, Kristofo de wɔn bere pii ne wɔn ahoɔden boa ma wosisi Ahenni Asa ne Nhyiam Asa, na wosiesie hɔ, na wɔhwɛ adan no so yiye. Ɛyɛ hokwan kɛse a yɛanya sɛ yɛne Yehowa bom yɛ adwuma saa, na ɛka yɛn som ho.—Dw 127:1; Adi 7:15.

NEA YƐBƐYƐ DE ABOA

  • Obi resesaw nwura wɔ akongua bi ase wɔ Ahenni Asa so

    Yɛpɔn asafo nhyiam biara a, boa ma wonsiesie hɔ. Sɛ biribi nti worentumi mmoa a, hwɛ baabi a wote no na sɛ biribi da fam hɔ a woafa.

  • Wɔresiesie Ahenni Asa bi so

    Sɛ edu Ahenni Asa so asiesie a, fa wo ho hyem bi. Sɛ nnipa pii yɛ adwuma no bi a, ɛma ɛyɛ mmerɛw na ɛyɛ anika.—lv 92-93 ¶18.

  • Obi de sika reto ntoboa adaka mu

    Sika a yebeyi de aboa. Ketewa biara nsua; sɛ “nkaprɛ mma abien a ɛnsom bo ahe biara” mpo na yebenya de aboa, na sɛ efi yɛn koma mu a, Yehowa ani gye ho.—Mr 12:41-44.

  • Wɔrepenti baabi a yehyiam som no bi

    Sɛ asafo resisi adan anaa wɔresiesie na yebetumi akɔboa a, yɛnyɛ saa. Sɛ wunnim adansi ho hwee mpo a, wubetumi akɔboa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena