-
Onyankopɔn Nkyɛ Ne Bɔhyɛ HoƆwɛn-Aban—1999 | June 1
-
-
Mfomso a Ɛsɛ sɛ Ewie Du
Sɛ yesua sɛnea Onyankopɔn ne adesamma dii nsɛm tete mmere mu no a, yehu sɛ na ɔkora n’atemmu so kosi sɛ anidaso biara nni hɔ sɛ nnipa no bɛyɛ nsakrae. Sɛ nhwɛso no, ɛdefa Onyankopɔn atemmu a ɔde baa Kanaanfo so ho no, ɔdaa wɔn bɔne no adi kyerɛɛ Abraham bere tenteenten. Nanso na n’atemmu bere no nnya nnui. Dɛn ntia? Bible ka sɛ: ‘Efisɛ na Amorifo [Kanaanfo] amumɔyɛ nnya nwiee du,’ anaasɛ sɛnea Knox nkyerɛase de ba no: “[Ná] Amorifo amumɔyɛ nnuu ne mpɔmpɔn so.”—Genesis 15:16.a
Nanso, bɛyɛ mfe 400 akyi no, Onyankopɔn de n’atemmu bae, na Abraham asefo, Israelfo, no faa asase no dii so. Kanaanfo kakraa bi, te sɛ Rahab ne Gibeonfo, na wogyee wɔn esiane wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe nti, nanso na dodow no ara amumɔyɛ adu akyiri koraa, sɛnea nnɛyi fam a wotutu hwehwɛ tetefo nneɛma ada no adi no. Ná wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho som, asɔrefie tuutuusi, ne mmofra afɔrebɔ mu. Halley’s Bible Handbook ka sɛ: “Wɔn a wotutuu Kanaan amanfõ so no ka sɛ Onyankopɔn ansɛe wɔn ntɛm sɛnea ɔyɛe no.” Awiei koraa no, Kanaanfo ‘bɔne wiee du’; wɔn amumɔyɛ ‘duu ne mpɔmpɔn so.’ Ná obiara ntumi mmɔ Onyankopɔn sobo mma ɛmfata sɛ wanyɛ no yiye sɛ ɔpraa asase no so na ɔkoraa wɔn a wɔdaa abrabɔ pa adi no so.
-
-
Onyankopɔn Nkyɛ Ne Bɔhyɛ HoƆwɛn-Aban—1999 | June 1
-
-
a Asɛm a ɛwɔ saa nkyekyem yi ase wɔ The Soncino Chumash mu no ka sɛ: “Ná ɛfata sɛ wotu wɔn, efisɛ Onyankopɔn ntwe ɔman bi aso gye sɛ ɔman no bɔne adu ne mpɔmpɔn so.”
-