Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
MAY 4-10
BIBLE MU AKORADE | GENESIS 36-37
Tweetwee Bible Mu
it-1 678
Edom
(Eʹdom) [Kɔkɔɔ], Edomfo (Eʹdom·fo).
Edom yɛ edin foforo a wɔde maa Esau. Ná Esau ne Yakob yɛ ntafo. (Ge 36:1) Nea enti a onyaa saa din no ne sɛ, ɔde hokwan a ɔwɔ sɛ abakan no sesaa abomu kɔkɔɔ. (Ge 25:30-34) Esau ankasa nso, ná ɔyɛ kɔkɔɔ anaa ɔbere. (Ge 25:25) Afei nso, baabi a ɔne n’asefo kɔtenae no, na nnipa a ɛtete hɔ honam ani hwɛbea yɛ kɔkɔɔ.
it-1 561-562
Sɛ́ Worehwɛ Biribi So
Sɛ oguanhwɛfo anaa obi a ɔka nantwi gye tom sɛ ɔbɛhwɛ obi nguan anaa n’anantwi ama no a, ɛkyerɛ sɛ, ogye tom sɛ ɔbɛhwɛ ama mmoa no aduan na wama wɔn nsu anom. Afei nso, ɔbɛhwɛ sɛ obi remmewia bi. Sɛ wantumi anyɛ weinom, na ebi yera anaa ebi wu a, obetua ho ka. Wei nso nkyerɛ sɛ, biribiara a ɛbɛto mmoa no ho asodi da no so. Sɛ nhwɛso no, sɛ aboa bi kyere mmoa no bi we, anaa biribi a ɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye si a, mmara no kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ otua hyem, efisɛ na ɔrentumi nyɛ tebea no ho hwee. Nea ɛbɛma mmoa no wura agye adi sɛ mmoahwɛfo no ho nni asɛm no, ɛsɛ sɛ nea ɔhwɛ mmoa no so no de adanse bi te sɛ aboa no a watetew ne mu kɔkyerɛ mmoa no wura no. Mmoa no wura betumi agyina adanse no so abu mmoahwɛfo no bem.
Mmara koro no ara na na wɔde yɛ adwuma bere a obi de n’agyapade ama obi sɛ ɔnhwɛ so mma no no. Abusua no mu mpo, saa ara na na ɛte. Sɛ abakan no yɛ ɔbarima a, na ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔhwɛ ne nuanom nkumaa no so. Enti sɛ biribi to ne nuanom no a, ɔno na na yebebisa no. Wei enti na bere a Yosef nuanom yɛe sɛ wobekum no no, Ruben a ɔyɛ ɔba panyin no ne wɔn anyɛ adwene no. Genesis 37:18-30 ka sɛ, bere a wɔyɛɛ adwenkoro sɛ wobekum Yosef no, Ruben ampene so. “Enti ɔkae sɛ: ‘Mommma yennkum no.’ . . . ‘Munnhwie mogya nngu . . . na mommfa mo nsa nnka no.’ Ná n’adwene nyinaa ne sɛ obegye no afi ne nuanom nsam de no asan akɔma ne papa.” Akyiri yi, bere a Ruben behuu sɛ Yosef nni hɔ no, ne ho yeraw no araa ma “osuanee n’atade mu,” na ɔkae sɛ: “Abofra no nni hɔ! Ɛdɛn na mɛyɛ?” Ná onim sɛ, ne papa Yakob bebisa Yosef a wayera no ase afi ne hɔ. Nea ɛbɛyɛ na asodi biara mmɛda Ruben so no, ne nuanom a aka no faa kwatikwan bi so nyaa adanse a ɛbɛma wɔn papa agye adi sɛ aboa bi akyere Yosef. Wokum apɔnkye bi, na wɔde Yosef ataade no bɔɔ mogya no mu. Afei wɔde adanse no kɔmaa wɔn papa Yakob a ɔsan yɛ abusua no temmufo no. Yakob gyinaa adanse a ne mma no de bae no so buu Ruben bem, na ogye toom sɛ aboa bi na akum Yosef.—Ge 37:31-33.
MAY 11-17
BIBLE MU AKORADE | GENESIS 38-39
Tweetwee Bible Mu
it-2 555
Onan
(Oʹnan) [nea ɛkyerɛ ankasa ne “ahoɔden anaa tumi a ɛma obi wo”].
Ná ɔyɛ Yuda ba a ɔto so mmienu. Yuda ne Kanaanni Sua babea na ɛwoo Onan. (Ge 38:2-4; 1Be 2:3) Esiane nneɛma bɔne a Onan nua panyin Er yɛe nti, Yehowa kum no; saa bere no, na Er nni ba. Wei nti, Yuda ka kyerɛɛ Er nua kumaa Onan sɛ, ɔnware Er yere Tamar, na ɔne no nwo mmofra mma ne nua panyin Er. Ná Onan nim sɛ, sɛ ɔne Tamar wo ɔbabarima a, ɔrenyɛ ne dea mmom ɔbɛyɛ Er dea. Afei Er agyapade sɛ abakan no nso bɛkɔ akodi ɔbabarima a Onan ne Tamar bɛwo no no nsam. Nanso sɛ Onan ne Tamar antumi anwo a, Er agyapade no nyinaa bɛba abedi ne nsam. Ná Onan nim saa asɛm yi, enti sɛ ɔne Tamar da a, sɛ anka ɔbɛma ne ho nsu asen akɔ ɔbea no ho no, na ɔma ‘ɛsen gu fam sɛe’ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbea no rentumi nnyinsɛn. Ɛnyɛ sɛ Onan goruu ne barima ho sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛsen kɛkɛ, efisɛ Bible no kaa sɛ, “sɛ ɔne ne nua yere no da a,” ɔma ne ho nsu no sen gu fam. Enti ɛbɛyɛ sɛ, sɛ Onan ne Tamar reda, na ohu sɛ ne ho nsu no reba a, oyi ne barima no ma ne ho nsu no gu fam. Nea ɔyɛe yi nti, Yehowa kum no, efisɛ ɔyɛɛ ne papa so asoɔden. Afei nso, na n’ani bere ade, na obuu n’ani guu aware nhyehyɛe a Yehowa ayɛ no so. Wei nti, Onan nso wui a na onni ba.—Ge 38:6-10; 46:12; Nu 26:19.
MAY 25-31
BIBLE MU AKORADE | GENESIS 42-43
it-2 108 ¶4
Yosef
Nea na ɛrekɔ so no maa Yosef nuanom no nyaa adwene sɛ, esiane sɛ wɔtɔn wɔn nua no kɔɔ nkoasom mu nti, Onyankopɔn retua wɔn ka. Afei, wofii ase kekaa nsɛm bi a na ɛkyerɛ sɛ wɔanu wɔn ho wɔ nea wɔde yɛɛ Yosef no ho. Wɔrekeka saa nyinaa na Yosef gyina hɔ retie, nanso na wonnim sɛ ɛyɛ ɔno. Bere a Yosef tee nsɛm a ne nuanom no reka no, ne werɛ howee paa, na ofii wɔn nkyɛn kosui. Ɔsan bae no, ɔmaa wɔkyekyeree Simeon wɔ wɔn anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa wɔn nua ketewaa no mmra.—Ge 42:21-24.
Tweetwee Bible Mu
it-2 795
Ruben
Ná Ruben wɔ suban pa pii. Ebi ne sɛ, bere a Yosef nuanom no pɛe sɛ wokum Yosef no, Ruben ka kyerɛɛ ne nuanom nkron a aka no sɛ mma wonkum no, mmom wɔmfa no nto abura bi mu. Ná n’adwene ne sɛ akyiri yi, ɔbɛyɛ kodɛɛ abeyi no. (Ge 37:18-30) Bɛboro mfe 20 akyi no, Yosef nuanom kopuee Egypt. Woduu hɔ no, wɔbɔɔ wɔn sobo sɛ wɔyɛ akwansrafo. Wei ma wonyaa adwene sɛ, gyama bɔne a wɔde yɛɛ Yosef no nti na ama wɔreyɛ wɔn saa. Saa bere no, Ruben kaee wɔn sɛ, bɔne a wɔde yɛɛ Yosef no, na ɔnka ho. (Ge 42:9-14, 21, 22) Afei nso, bere a Yakob kaa sɛ ɔremma Benyamin nka ne nuanom no ho nkɔ Egypt no, Ruben koro yi ara na ɔde ne mma mmienu dii agyinam. Ɔkaa sɛ: “Sɛ mamfa no [Benyamin] ansan ammrɛ wo a, me mma baanu na wɔwɔ hɔ yi, kum wɔn.”—Ge 42:37.