Yɛredi Awerɛhow de, Nanso Yɛwɔ Anidaso
“Wɔn a wɔadeda no ho de, mempɛ sɛ mekora mo so, na mo werɛ anhow sɛ wɔn a aka a wonni anidaso no.”—1 TESALONIKAFO 4:13.
1. Dɛn na ɛto adesamma daa?
WOAHWERE ɔdɔfo bi wɔ owu mu? Yɛn mu dodow no ara adi obusuani anaa adamfo bi wu ho awerɛhow, a mfe a yɛadi mfa ho. Ebia na ɔyɛ yɛn nana, yɛn wofo, yɛn hokafo, anaa yɛn ba. Mpanyinyɛ, ɔyare, ne akwanhyia kunkum nnipa daa. Nsɛmmɔnedi, basabasayɛ, ne akodi de ɛyaw ne awerɛhow no bi ka ho. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, nnipa bɛboro ɔpepem 50 na wowuwu wɔ wiase nyinaa afe biara. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, nnipa a wowuwui da biara da wɔ 1993 mu yɛ 140,250. Ɔhaw a owu de ba no ka nnamfo ne abusuafo, na adehwere nka a wɔte no yɛ kɛse.
2. Dɛn na ɛma mmofra wu yɛ te sɛ nea ɛnyɛ ne kwan so?
2 Yɛrennya tema mma awofo a wɔwɔ California, U.S.A., a wɔn babea a ɔnyem wui mpofirim wɔ kar akwanhyia bi mu ma ɛyɛɛ awerɛhow no? Asiane biako pɛ ma wɔhweree wɔn babea koro pɛ ne akokoaa a anka ɔbɛyɛ wɔn nana a odi kan no. Nea owui no kunu hweree ne yere ne ne babarima anaa ne babea a odi kan. Ɔkwan bi so no, sɛ́ awofo bi bɛhwere wɔn ba, ɛmfa ho sɛ ɔda so yɛ abofra anaasɛ wanyin no, nyɛ ne kwan so. Ɛnyɛ ne kwan so sɛ mmofra bewu agya wɔn awofo. Yɛn nyinaa pɛ nkwa. Enti, owu yɛ ɔtamfo ampa.—1 Korintofo 15:26.
Owu Bɛka Nnipa Abusua Ho
3. Ɛbɛyɛ sɛ Habel wu no kaa Adam ne Hawa dɛn?
3 Bɔne ne owu adi hene wɔ nnipa abakɔsɛm mu bɛyɛ mfe mpem asia, fi bere a yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa tew atua no. (Romafo 5:14; 6:12, 23) Bible no nka sɛnea wɔyɛɛ wɔn ade wɔ wɔn babarima Habel a ne nua Kain kum no no ho. Nneɛma pii nti, ɛbɛyɛ sɛ asɛm no haw wɔn yiye. Eyi ne bere a edi kan a wohuu sɛnea onipa wu te, sɛnea ɛdaa adi wɔ wɔn ankasa babarima anim no. Wohuu aba a wɔn atuatew ne hokwan a wɔwɔ sɛ wɔyɛ nea wɔpɛ a wɔkɔɔ so de dii dwuma ɔkwammɔne so no sowee. Kɔkɔbɔ a Onyankopɔn de maa Kain nyinaa akyi no, ɔpawee sɛ ɔbɛyɛ onipa a odi kan a wakum ne busuani. Yenim sɛ ɛbɛyɛ sɛ Habel wu no haw Hawa yiye efisɛ bere a ɔwoo Set no, ɔkae sɛ: “Onyankopɔn de ɔba foforo asi me Habel a Kain kum no no ananmu.”—Genesis 4:3-8, 25.
4. Dɛn nti na na entumi nyɛ yiye sɛ ɔkra a enwu ho anansesɛm no bɛma awerɛkyekye wɔ Habel wu no akyi?
4 Nnipa a wɔyɛ yɛn awofo a wodi kan no hui sɛ afobu a Onyankopɔn de maa wɔn no yɛ paa ara—sɛ, sɛ wɔtew atua na wɔyɛ asoɔden a, ‘owu na wobewu.’ Ɛmfa ho atoro a Satan dii no, ɛda adi sɛ na ɔkra a enwu ho anansesɛm no nnya mmae, enti na wontumi nnya atoro awerɛkyekye biara mfi ɛno mu. Ná Onyankopɔn aka akyerɛ Adam sɛ: “Wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” Wanka daakye asetra te sɛ ɔkra bi a enwu a ɛwɔ soro, hell, Limbo, ahodwiragya, anaa baabi foforo biara ho asɛm. (Genesis 2:17; 3:4, 5, 19) Sɛ́ akra ateasefo a wɔayɛ bɔne no, awiei koraa no, na Adam ne Hawa bewuwu na wɔayera. Honhom kaa Ɔhene Salomo ma ɔkyerɛwee sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara, na wonni akatua bi bio, na werɛ afi wɔn nkae. Wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dabidabi dedaw, na wonni nea wɔyɛ owia ase nyinaa mu kyɛfa bi bio da.”—Ɔsɛnkafo 9:5, 6.
5. Dɛn ne nokware anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo?
5 Saa nsɛm no yɛ nokware dɛn ara! Nokwarem no, hena na ɔkae ne nananom a wɔawuwu mfe ahanu anaa ahasa a atwam ni no? Mpɛn pii no, obiara nnim baabi a wɔn ada mpo wɔ anaasɛ wɔn adwene afi so dedaadaw. Ɛno kyerɛ sɛ anidaso biara nni hɔ mma yɛn adɔfo a wɔawuwu? Dabi, ɛnte saa koraa. Marta kaa ne nuabarima Lasaro a na wawu no ho asɛm kyerɛɛ Yesu sɛ: “Minim sɛ owusɔre mu, da a edi akyiri no, ɔbɛsɔre.” (Yohane 11:24) Ná Hebrifo no gye di sɛ Onyankopɔn benyan awufo daakye. Nanso, ɛno amma wɔannyae awerɛhodi wɔ wɔn dɔfo bi wu ho.—Hiob 14:13.
Anokwafo a Wodii Awerɛhow
6, 7. Abraham ne Yakob yɛɛ wɔn ade dɛn bere a wɔn ho nnipa wui no?
6 Bere a Abraham yere Sara wui bɛyɛ mfe mpemnan ni no, “Abraham bae begyam Sara, na osuu no.” Saa Onyankopɔn somfo nokwafo no daa nkate a emu yɛ den adi wɔ ne yere nokwafo a ɔdɔ no a ɔhweree no no ho. Ɛwom sɛ na ɔyɛ ɔbarima kokodurufo a ɔyɛ hyew de, nanso anyɛ no fɛre sɛ ɔde nusu bɛda n’awerɛhow adi.—Genesis 14:11-16; 23:1, 2.
7 Ná ɛte saa ara wɔ Yakob fam. Bere a wɔdaadaa no ma ogye dii sɛ aboa bɔne bi akum ne babarima Yosef no, ɔyɛɛ n’ade dɛn? Yɛkenkan wɔ Genesis 37:34, 35 sɛ: “Ɛnna Yakob sunsuanee ne ntade mu, na ɔde atweaatam bɔɔ n’asen, na osuu ne ba no kyɛe. Na ne mmabarima nyinaa ne ne mmabea nyinaa sɔree sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ, nanso wamma wɔankyekye ne werɛ, na ose: Mede awerɛhow yi ara mɛkɔ me ba nkyɛn wɔ asaman. Na n’agya suu no.” Yiw, ɛyɛ nnipa su na mfomso nso nnim sɛ obi bedi awerɛhow bere a obi a ɔdɔ no awu no.
8. Ɔkwan bɛn so na na Hebrifo no taa fa da wɔn awerɛhow adi?
8 Sɛ ebinom hwɛ amammerɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ anaa nea ɛwɔ wɔn man mu a, ebia wobesusuw sɛ Yakob yɛɛ ade ma ɛboroo so anaa ɔtwee adwene baa so dodo. Nanso ɛsono ne bere no ne ɔman a wɔtetee no wom. Ɔkwan a ɔfaa so dii awerɛhow—atweaatam a ofurae—no ne nea edi kan a Bible ka saa adeyɛ yi ho asɛm. Nanso, sɛnea wɔkyerɛkyerɛ mu wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, akwan foforo a wɔfaa so dii awerɛhow ne abubuwbɔ, kwadwom a wotwae, ne nsõ mu a wɔtrae. Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ na Hebrifo no da wɔn awerɛhow a nnaadaa nnim adi pefee.a—Hesekiel 27:30-32; Amos 8:10.
Awerɛhodi wɔ Yesu Bere So
9, 10. (a) Yesu yɛɛ n’ade dɛn wɔ Lasaro wu no ho? (b) Dɛn na sɛnea Yesu yɛɛ n’ade no ma yehu wɔ ne ho?
9 Dɛn na yebetumi aka wɔ Yesu asuafo a wodi kan no ho? Sɛ nhwɛso no, bere a Lasaro wui no, ne nuabeanom Marta ne Maria de osu dii awerɛhow. Dɛn na onipa a ɔyɛ pɛ Yesu yɛe bere a oduu hɔ no? Yohane kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɛnna Maria duu nea Yesu wɔ hɔ na ohuu no no, ɔhwee ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua anwu. Ɛnna Yesu huu no sɛ ɔresu na Yudafo a wɔne no bae no nso resu no, oguu ahome honhom mu, na ne ho yeraw no, na ɔkae sɛ: Ɛhe na mode no toe? Wosee no sɛ: Awurade, bra bɛhwɛ! Yesu sui.”—Yohane 11:32-35.
10 “Yesu sui.” Saa asɛm tiawa no ma yehu nneɛma pii wɔ Yesu nipasu, ne mmɔborohunu, ne ne nkate ho. Ɛmfa ho mpo sɛ na onim owusɔre anidaso no pefee no, “Yesu sui.” (Yohane 11:35) Kyerɛwtohɔ no toa so ka sɛ wɔn a na wɔwɔ hɔ no kae sɛ: “Hwɛ ɔdɔ a ɔdɔ [Lasaro]!” Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ onipa a ɔyɛ pɛ Yesu sui bere a n’adamfo wui no a, ɛnde ɛnyɛ aniwu sɛ ɔbarima anaa ɔbea bi bedi awerɛhow asu nnɛ.—Yohane 11:36.
Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Awufo?
11. (a) Dɛn na yebetumi asua afi awerɛhodi ho nhwɛso horow a ɛwɔ Bible mu no mu? (b) Dɛn nti na yenni awerɛhow sɛ wɔn a wonni anidaso no?
11 Dɛn na yebetumi asua afi Bible nhwɛso ahorow yi mu? Ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nnipa su, na mfomso nnim sɛ yebedi awerɛhow, na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn aniwu sɛ yɛbɛda yɛn awerɛhow adi. Ɛmfa ho sɛ owusɔre anidaso no wɔ hɔ no, sɛ obi a yɛdɔ no wu a, ɛda so ara yɛ adehwere a ɛyɛ awerɛhow a ɛma yedi yaw kɛse. Mfe dodow bi, ebi mpo a mfe du du pii, a yɛne no abɔ ayɛ nneɛma abom no ba awiei mpofirim ma ɛyɛ awerɛhow. Nokwarem no, yenni awerɛhow te sɛ wɔn a wonni anidaso anaa wɔn a wɔwɔ atoro anidaso no. (1 Tesalonikafo 4:13) Afei nso, anansesɛm a ɛkyerɛ sɛ onipa wɔ ɔkra bi a enwu anaa ɛkɔ so tra ase denam wo a wɔsan wo no so biara nnaadaa yɛn. Yenim sɛ Yehowa ahyɛ ‘ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee bɛtra mu’ ho bɔ. (2 Petro 3:13) Onyankopɔn ‘bɛpopa yɛn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.’—Adiyisɛm 21:4.
12. Ɔkwan bɛn so na Paulo daa owusɔre no mu gyidi a ɔwɔ adi?
12 Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔawuwu no?b Wɔde honhom kaa Kristoni kyerɛwfo Paulo ma ɔmaa yɛn awerɛkyekye ne anidaso bere a ɔkyerɛw eyi no: “Ɔtamfo a odi akyiri a obetu no agu no ne owu.” (1 Korintofo 15:26) The New English Bible ka sɛ: “Ɔtamfo a odi akyiri a wobegu n’ase ne owu.” Dɛn nti na Paulo nyaa mu gyidi saa? Efisɛ obi a na wɔanyan no afi awufo mu, Yesu Kristo, na ɔsakraa no kyerɛkyerɛɛ no. (Asomafo no Nnwuma 9:3-19) Ɛno nso nti na Paulo tumi kae sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa [Adam] so na owu bae no, sɛ nso awufo sɔre nam onipa [Kristo] so bae ne no. Na sɛnea wɔn nyinaa wu Adam mu no, sɛ nso wɔn nyinaa benya nkwa Kristo mu ne no.”—1 Korintofo 15:21, 22.
13. Dɛn na wɔn a wɔde wɔn ani huu Lasaro wusɔre no yɛe wɔ ho?
13 Yesu nkyerɛkyerɛ no ma yenya awerɛkyekye ne anidaso kɛse wɔ daakye ho. Sɛ nhwɛso no, dɛn na ɔyɛe wɔ Lasaro tebea no ho? Ɔkɔɔ ɔboda a na Lasaro amu ada hɔ nnannan no ho. Ɔbɔɔ mpae, “na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Lasaro, fi bra! Na nea wawu no fii adi, ɔda mu ntama kyekyere ne nan ne ne nsa, na dukuu kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: Monsan no, na momma ɔnkɔ!” Wubetumi asusuw ahodwiriw ne anigye a ɛdaa adi wɔ Marta ne Maria anim no ho? Hwɛ sɛnea ebia afipamfo ho bedwiriw wɔn bere a wohuu anwonwade yi no! Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn a na wɔwɔ hɔ no pii kyerɛɛ Yesu mu gyidi. Nanso nyamesomfo a wɔtan no no de, “wotutuu agyina wɔn mu sɛ wobekum no.”—Yohane 11:41-53.
14. Dɛn na Lasaro wusɔre no yɛɛ ho nhwɛso?
14 Yesu dii saa owusɔre a werɛ remfi da no ho dwuma wɔ adansefo bebree anim. Ná ɛyɛ nhwɛso ma daakye wusɔre a na wadi kan ahyɛ ho nkɔm bere bi a atwam bere a ɔkaa eyi no: “Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte [Onyankopɔn Ba no] nne, na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu sɔre mu.”—Yohane 5:28, 29.
15. Yesu wusɔre no ho adanse bɛn na Paulo ne Anania nyae?
15 Sɛnea yedii kan kae no, na ɔsomafo Paulo wɔ owusɔre no mu gyidi. Ná egyina dɛn so? Kan no na ɔne Saul a wagye dimmɔne, Kristofo taafo no. Ne din ne ne ho asɛm kanyan ehu wɔ agyidifo no mu. Anyɛ hwee koraa no, ɛnyɛ ɔno na ɔpenee so ma wosii Kristoni mogya dansefo Stefano abo kum no? (Asomafo no Nnwuma 8:1; 9:1, 2, 26) Nanso, Kristo a wɔanyan no no maa Saul adwene baa ne ho so wɔ Damasko kwan so, na ofuraa n’ani bere tiaa bi. Saul tee sɛ ɛnne bi reka kyerɛ no sɛ: “Saul, Saul, adɛn na wotaa me? Ɛnna ose: Ɛyɛ wo hena, [Awurade]? Na ose: Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no.” Kristo a wɔanyan no yi ara hyɛɛ Anania a na ɔte Damasko no sɛ ɔnkɔ fie a Saul rebɔ mpae wom no mu na onkobue n’ani. Enti, esiane nea Saul ne Anania ankasa hui nti, na wɔn baanu nyinaa wɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ wogye owusɔre no di.—Asomafo no Nnwuma 9:4, 5, 10-12.
16, 17. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Paulo nnye Helafo adwene a ɛne sɛ onipa kra nwu no nni? (b) Anidaso pintinn bɛn na Bible no de ma? (Hebrifo 6:17-20)
16 Hyɛ asɛm a Saul, a ɔne ɔsomafo Paulo no kae bere a ɔrehyia ɔtaa sɛ Kristoni, na wɔde no baa Amrado Felike anim no nsow. Yɛkenkan wɔ Asomafo no Nnwuma 24:15 sɛ: “Mewɔ Onyankopɔn ho anidaso . . . sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” Ɛda adi pefee sɛ na Paulo nnye abosonsom adwene a Helafo wɔ sɛ onipa kra nwu, na wɔkyerɛ sɛ ɛkɔ owu akyi asetra bi anaa awufo atrae bi no nni. Onyaa owusɔre no mu gyidi na ɔkyerɛkyerɛ ho ade. Ɛno bɛkyerɛ akyɛde a ɛne nkwa a owu nnim a ebinom benya sɛ honhom abɔde a wɔne Kristo bɛtra soro, na ɛbɛkyerɛ asase a edi mu ama nnipa dodow no ara a wobenyan wɔn abɛtra so no.—Luka 23:43; 1 Korintofo 15:20-22, 53, 54; Adiyisɛm 7:4, 9, 17; 14:1, 3.
17 Enti Bible ma yɛn bɔhyɛ a emu da hɔ ne anidaso pintinn sɛ ɛdenam owusɔre no so no, nnipa pii bɛsan ahu wɔn a wɔdɔ wɔn no bio wɔ asase so ha, na mmom wɔ tebea soronko koraa mu.—2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:1-4.
Mmoa a Mfaso Wɔ so ma Wɔn a Wodi Awerɛhow
18. (a) Adwinnade a mfaso wɔ so bɛn na woyii no adi wɔ “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam horow no ase? (Hwɛ adaka no.) (b) Nsemmisa bɛn na afei ehia sɛ yebua?
18 Seesei yɛkae wɔn na yedi awerɛhow. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina awerɛhodi bere a emu yɛ den yi ano? Dɛn na afoforo betumi ayɛ de aboa wɔn a wɔredi awerɛhow? Afei nso, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa komapafo a yehyia wɔn wɔ yɛn asɛnka adwuma mu a wonni anidaso pa biara, a wɔn nso wodi awerɛhow no? Na awerɛkyekye bɛn bio na yebetumi anya afi Bible no mu a ɛfa yɛn adɔfo a wɔadeda wɔ owu mu no ho? Asɛm a edi hɔ no de nyansahyɛ ahorow bi bɛma.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ awerɛhow a wodii no Bible mmere mu ho nsɛm pii a, hwɛ Insight on the Scriptures, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no Po 2, nkratafa 446-7.
b Sɛ wopɛ owusɔre anidaso a ɛwɔ Bible mu no ho nsɛm pii a, hwɛ Insight on the Scriptures, Po 2, nkratafa 783-93.
Wubetumi Abua?
◻ Dɛn nti na yebetumi aka sɛ owu yɛ ɔtamfo?
◻ Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase wɔ Bible mmere mu faa so daa wɔn awerɛhow adi?
◻ Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma yɛn adɔfo a wɔawuwu?
◻ Dɛn na Paulo gyinaa so gyee owusɔre no dii?
[Adaka wɔ kratafa 8, 9]
Mmoa a Mfaso Wɔ so ma Wɔn a Wodi Awerɛhow
Ɔwɛn Aban Asafo no bɔɔ amanneɛ wɔ “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam horow a wɔyɛɛ no 1994-95 no ase sɛ wɔayi nhomawa foforo a wɔato din Bere a Obi a Wodɔ No Awu adi. Wɔayɛ nhomawa a ɛhyɛ nkuran yi na ɛde awerɛkyekye abrɛ nnipa a wɔwɔ aman nyinaa mu na wɔka kasa horow nyinaa. Sɛnea ebia woahu dedaw no, ɛka owu ne awufo tebea ho nkyerɛkyerɛmu a asete nyɛ den a Bible de ma no ho asɛm. Nea ɛho hia sen saa mpo no, esi bɔ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so ahyɛ sɛ nnipa benyan aba nkwa mu wɔ paradise asase a wɔama ɛso atew so dua. Ɛma wɔn a wodi awerɛhow werɛ kyekye ampa. Enti, ɛbɛyɛ adwinnade a mfaso wɔ so wɔ Kristofo som adwuma no mu, na ɛsɛ sɛ ɛkanyan nkurɔfo anigye, ma ofie Bible adesua foforo pii fi mu ba. Wɔde nsemmisa a wɔde sua no ahyehyɛ nnaka bi a ebi wɔ ɔfã biara awiei mu wɔ ɔkwampa so, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yɛne komapafo a ɔredi awerɛhow biara betĩ nsɛm a yɛasusuw ho no mu.
[Kratafa 8 mfonini]
Bere a Lasaro wui no, Yesu sui
[Kratafa 9 mfonini]
Yesu nyanee Lasaro fii owu mu
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 7]
First Mourning, a W. Bouguereau yɛe, a egyina Photo-Drama of Creation mu mfonini ankasa so, 1914