Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 3/1 kr. 8-13
  • ‘Yiyi Mmarima A Wɔyɛ Den, Wosuro Onyankopɔn’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Yiyi Mmarima A Wɔyɛ Den, Wosuro Onyankopɔn’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahwehwɛde Ma Mpanyinfo Wɔ Israel
  • Yehowa Maa Mpanyimfo Tumi
  • So Dwen Nkutoo Dɔɔso?
  • Mpanyimfo Wɔ Kristofo Asafo No Mu
  • Ahwehwɛde Ma “Mpanyimfo”
  • Ɔwae Fi Ase
  • Ɛsɛ Sɛ Mususuw Nnipa A Wɔanyinyin No
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Dwen Fɛ a Ɛyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Yehowa Dwen N’asomfo A Wɔn Mfe Akɔ Anim Ho Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Hu Sɛ Anuanom a Wɔn Mfe Akɔ Anim No Som Bo Paa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 3/1 kr. 8-13

‘Yiyi Mmarima A Wɔyɛ Den, Wosuro Onyankopɔn’

“Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔyɛ den, wosuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafo na wɔnyɛ sikanibere, na fa wɔn sisi wɔn so.”​—EXODUS 18:21.

1. Dɛn nti na Yehowa Adansefo ani gye nsɛmfua “ɔhwɛfo” ne “ɔpanyin” no ho titiriw?

“EFI Homer bere so [bɛyɛ afeha a ɛto so 9 A.Y.B.] besi yɛn bere so no, nsɛmfua pii atwam; afoforo pii nso aba. . Epískopos [ɔhwɛfo] ne presbýteros [ɔpanyin] akɔ so atra hɔ.” Saa asɛm a nnɛyi Helani ɔbenfo bi kae no si asekyerɛ a ɛkɔ akyiri a Hela nsɛmfua ma “ɔhwɛfo” ne “ɔpanyin” wɔ no so dua. Mfe mpempem pii no saa nsɛmfua yi yɛ nea wɔde adi dwuma wɔ Yehowa ahyehyɛde ma ne nkurɔfo no nhyehyɛe mu. Sɛ woka Yehowa Adansefo asafo ho a, ɛnde na sɛnea ɛyɛe a saa nsɛmfua yi bɛhyɛɛ Kristofo asafo no mu no yɛ nea w’ani begye ho kɛse.

2, 3. Ná henanom na ɛsɛ sɛ Mose ma wogye no tom na watumi asom sɛ Israelfo kannifo a Onyankopɔn apaw no?

2 Nanso, Bible abakɔsɛm de yɛn kɔ akyiri sen Helani anwensɛm kyerɛwfo Homer. Wɔ afeha a ɛto so 16 A.Y.B. mu no, Yehowa hyɛɛ Mose sɛ ɔnsan nkɔ Misraim nkoyi Israelfo no mfi nkoasom mu. Esiane sɛ na wafi n’ankasa ne nkurɔfo mu bɛyɛ mfe 40 no, na hena na ɛsɛ sɛ ɔkɔda ne ho adi kyerɛ no? Onyankopɔn kae sɛ: “Kɔ na kɔboa Israel mpanyimfo [Hela, gerousía, “mpanyimfo bagua”; hwɛ Septuagint Version] ano . . . Na wobetie wo nne, na wo ne Israel mpanyimfo nkɔ Misraim hene nkyɛn.”​—Exodus 3:16, 18.

3 Ɛda adi sɛ efi agyanom mpanyimfo no bere so no, na wobu mpanyimfo no yiye esiane wɔn suahu, nimdeɛ, ne nyansa, ne atɛn pa a wotumi bu nti. Ná wɔn na ɛsɛ sɛ Mose boaboa wɔn ano na wɔagye no atom sɛ wɔn kannifo a Onyankopɔn apaw no ma wagye wɔn.

Ahwehwɛde Ma Mpanyinfo Wɔ Israel

4. Nyansahyɛ bɛn na Yetro de maa Mose, na ekowiee dɛn mu?

4 Bere a Israelfo no wɔ sare no so, a na wɔafi wɔn wuranom Misrifo no ase no, atemmu adwuma a ɛbɛdaa Mose so wɔ ɔman no ho no bɛyɛɛ kɛse. N’ase barima Yetro a na wabɛsra no no huu eyi na ɔde nyansahyɛ bi a ɛso wɔ mfaso a ɛda adi sɛ na ɛsɔ Yehowa ani mae. Ɔkae sɛ: “Nea woyɛ yi nye. Ɔbrɛ na wo ne ɔman a wɔka wo ho yi bɛbrɛ, efisɛ ade yi yɛ duru dodo ma wo, na wo nko worentumi nyɛ. Afei tie me nne, metu wo fo, na Onyankopɔn nni w’akyi; wo de, gyina Onyankopɔn anim ma ɔman no . . . Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔyɛ den, wosuro Onyankopɔn, wɔpɛ anokwafo na wɔnyɛ sikanibere, . . . na wɔne wo aso mu.” (Exodus 18:17-23) Saa atemmu nhyehyɛe foforo a wɔyɛe wɔ Israel yi maa mmarima afoforo a wɔfata soaa adesoa no bi. Afei de Israel asafo no benyaa mpanyimfo kuw a wɔfata a wɔahyehyɛ wɔn ma wɔadi atemmu ne akasakasa ahorow a ɛba ho dwuma.

5. So na ɛsɛ sɛ Mose paw mpanyimfo biara a wɔwɔ hɔ anaa?

5 Hwɛ sɛnea eyi yɛ soronko wɔ nnɛ wiase nhyehyɛe a nnipa kakraa bi pɛ na wɔwɔ nnyinasosɛm a ɛkorɔn ho anisɔ​—faako a adanmudema ne odwowtwa na ɛda sodifo ne wɔn a wodi wɔn so adi​—no ho! Saa bere no wɔ tete Israel no, na ɛsɛ sɛ wɔto wɔn bo ase hwehwɛ mmarima a wɔne Mose bedi atemmu ho dwuma wɔ ɔman no mu. Sɛnea Yetro kae no: “Yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔyɛ den, wosuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafo na wɔnyɛ sikanibere, na fa wɔn sisi wɔn so.” (Exodus 18:21) Na ɛnyɛ nnipa a wɔn mfe akɔ anim a wɔbɛpaw wɔn ara kwa. Ná ɛsɛ sɛ Mose “yiyi” mmarima a wɔyɛ den, wɔfata, wɔnyɛ sikanibere. Gyinapɛn a eye ma wɔn a ɛsɛ sɛ wodi Yehowa nkurɔfo nneɛma ho dwuma nnɛ bɛn ni!

Yehowa Maa Mpanyimfo Tumi

6, 7. Dɛn na Yehowa yɛe sɛnea ɛbɛyɛ na wapaw mpanyimfo wɔ Israel?

6 Bere bi akyi no Israelfo no kasakasae wɔ sare no so tebea horow no ho. Bere a Mose tee nka sɛ ɔman no sohwɛ ho adesoa no mu ayɛ duru dodo afei ama no no, ɔde too Yehowa anim. Dɛn na Onyankopɔn yɛe wɔ ho? Yɛkenkan sɛ: “Ɛnna [Yehowa] ka kyerɛɛ Mose sɛ: Boa Israel mpanyimfo [Hela, presbytéron, Septuagint Version] mu mmarima aduɔson ano ma me, nnipa a wunim wɔn sɛ wɔyɛ ɔman no mpanyimfo [presbyteroi] ne wɔn kyerɛwfo, . . . na mede honhom a ɛwɔ wo so no bi magu wɔn so na wɔne wo aso ɔman no adesoa no mu.”​—Numeri 11:16, 17.

7 Mose yɛɛ sɛnea wɔhyɛɛ no no, na wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Na [Yehowa] sian omununkum no mu na ɔkasa kyerɛɛ no, na ɔde ne honhom a ɛwɔ no so no bi guu mpanyimfo [presbytérous] aduɔson no so; na honhom no sisii wɔn so no, wɔkaa adiyisɛm.” (Numeri 11:24, 25) Ná eyi yɛ paw a wɔpaw saa “mpanyimfo” yi teokrase kwan so no ho adanse a ɛda adi pefee. Na Yehowa ahyehyɛ ne nkurɔfo agye wɔn afi nkoasom mu na afei ɔde ‘mmarima a wɔyɛ den, wɔyɛ anokwafo na wosuro Onyankopɔn’ redi dwuma ma wɔaboa Mose wɔ ɔman no kwankyerɛ ne ɛso hwɛ mu.

8. Bere a Israelfo kɔtraa Bɔhyɛ Asase no so no, dwuma bɛn na mpanyimfo no dii?

8 Bere bi akyi no, Israelfo a na wɔatra sare so bere tenten no dii Bɔhyɛ Asase no so nkonim na wɔsan kɔtratraa adan mu wɔ nkurow nketewa ne akɛse mu, sɛnea na ɛte wɔ Misraim no. Eyi kyerɛ sɛ afei de mpanyimfo no hwɛɛ ɔman no so wɔ nkurow ahorow mu. Wodii dwuma sɛ ahwɛfo kuw maa wɔn nkurow no, de atemmufo ne akyerɛwfo a wɔhwɛɛ atemmu, asomdwoe, nhyehyɛe pa ne honhom mu yiyedi so mae.​—Deuteronomium 16:18-20; 25:7-9: Rut 4:1-12.

So Dwen Nkutoo Dɔɔso?

9, 10. Ɔhonam fam onyin anyi no, nneɛma afoforo bɛn na wɔhwehwɛ wɔ “ɔpanyin” fam? Fa Kyerɛwsɛm mu nsɛm bi si so dua.

9 Ɛnde, so eyi kyerɛ sɛ na ɔbarima biara a wanyin wɔ Israel no bɛfata ɔkwan biara so sɛ “ɔpanyin” wɔ atemmu ne ɔman sohwɛ mu anaa? So mfe dodow bi a obi bedi bɛma Israelni barima abɛyɛ “ɔpanyin” wɔ saa kwan no so anaa? Dabi, adwene a ɛte saa a yebenya renyɛ nea nyansa wɔ mu. Elihu kaa asɛm no pefee sɛ: “Ɛnyɛ wɔn a wɔanyin pii na wonim nyansa, na ɛnyɛ mpanyin na wohu atemmu mu.” Na ɔnoboaboafo nyansafo no kyerɛwee sɛ: “Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, [bere a] wohu no trenee kwan so.” (Hiob 32:6, 9; Mmebusɛm 16:31; Ɔsɛnkafo 12:9, 10) Hebri Kyerɛwnsɛm no da no adi pefee sɛ wɔ obi a ɔfata sɛ “ɔpanyin” fam no, ɛsɛ sɛ ɔhonam fam onyin ne osuahu yɛ nea nyansa ne abrabɔ trenee ka ho.

10 Nanso, mfe ne osuahu yɛ nea ɛsom bo pii. Sɛnea ɛbɛyɛ na obi afata ama ɔsom mu hokwan ahorow no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo gye Onyankopɔn honhom no akwankyerɛ tom na wonya n’Asɛm ho ntease. Ɛnyɛ nea ɛdɔɔso sɛ obi betumi aka Bible mu nsɛm ahorow bi. Sɛ obetumi de adi dwuma nyansa mu no ne nea ɛho hia ma “ɔpanyin.”​—Mmebusɛm 4:7-9; Tito 1:9.

Mpanyimfo Wɔ Kristofo Asafo No Mu

11, 12. (a.) So na Yudafo nkurow no da so wɔ mpanyimfo bere a Yesu Kristo wɔ asase so no? (b) Nhyehyɛe bɛn ase na wɔpaw mpanyimfo wɔ Kristofo asafo no mu?

11 Wɔ nea yɛasusuw ho yi mu no, ɛda adi sɛ efi tete hɔ no wɔde “mpanyimfo” a wɔfata adi dwuma ma wɔadi anim wɔ Yehowa nkurɔfo nsɛm mu. Nanso ebeduu bere a na Yesu Kristo wɔ asase so no na Yudafo no asɔfo ne mpanyimfo bagua kɛse bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Sanhedrin. Edii dwuma sɛ Yudafo asennii kunini. (Mateo 26:57-68) Nanso, adanse kyerɛ sɛ na mpanyimfo akuw da so di nsɛm ho dwuma wɔ nkurow ahorow mu, a ɛnyɛ ɔman no nyinaa ho nko.​—Luka 7:3-5.

12 Bere a saa abakɔsɛm yi wɔ yɛn adwene mu no, ɛyɛ mmerɛw sɛ yebehu sɛnea na tete Kristofo asafo no bɛkɔ so de teokrase nhyehyɛe a ɛte sɛ nea Yehowa penee so wɔ Mose bere so no adi dwuma. Wɔ Onyankopɔn honhom kronkron no akwankyerɛ ase no, na wɔn a wɔbɛpaw wɔn sɛ “mpanyimfo” wɔ Kristofo asafo no mu no bɛyɛ mmarima a ‘wɔyɛ den, wɔyɛ anokwafo, wɔnyɛ sikanibere na wosuro Onyankopɔn.’

13. Dɛn nti na na mmarima a wɔyɛ nnam na wɔbɔ mmɔden ho hia wɔ Kristofo asafo no mu?

13 Efi Pentekoste 33 Y.B. rekɔ no gyidifo asafo no nyinii ntɛmntɛm. (Asomafo no Nnwuma 2:41; 4:4) Wɔampaapae wɔn ho mu anyɛ kokoam Bible adesua akuw te sɛ nea wɔyɛ Essene asɔre bi. Ná, Kristosom nyɛ kokoam ade bi. Na ɛsɛ sɛ wɔda no adi, na ɛsɛ sɛ wɔka ho asɛm kyerɛ aman. (Mateo 5:14-16; 28:19, 20) Ne saa nti mmarima mmɔdenbɔfo a wɔyɛ den ho hia ma wɔadi anim wɔ Kristofo ahyehyɛde no mu. Nyansa mu no na wɔn na wɔbɛyɛ “mpanyimfo” no.

Ahwehwɛde Ma “Mpanyimfo”

14. Nneɛma a wɔhwehwɛ wɔ mpanyimfo fam bɛn na Petro sii so dua?

14 Nokwarem no, ebedu afe a ɛto so aduɔson wɔ Yɛn Bere yi mu no na wɔde honhom mu ahwehwɛde ma mpanyimfo a wobedi anim wɔ Kristofo asafo no mu no asi hɔ. Enti yehu eyi ho nsɛm pii wɔ asomafo Petro ne Paulo nkyerɛwee ahorow no mu. Sɛ nhwɛso no, Petro kyerɛwee sɛ: “Mitu mpanyimfo a ɛwɔ mo mu no fo sɛ: . . . Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ so sɛnea Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adifudepɛ nti, na mmom koma a ɛpɛ nti; ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi asafotow no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.”(1 Petro 5:1-3)

Ntease wom sɛ bere a Petro sii so dua sɛ ɛnyɛ “adifudepɛ nti” na ɛsɛ sɛ “mpanyimfo” no som, “na mmom koma a ɛpɛ nti” no, nu ɔretĩ afotu a wɔde maa Mose sɛ onyiyi ‘mmarima a wɔyɛ den, wosuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafo na wɔnyɛ sikanibere’ no mu.​—Exodus 18:21.

15. Su horow bɛn na Paulo kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ “mpanyimfo” nya?

15 Paulo, wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa ne yɔnko dwumayeni pa Tito a na ɔresom wɔ supɔw Kreta so wɔ Mediteranean Po no mu no mu no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ‘ɔntoto nneɛma a atõtõ’ wɔ asafo horow no mu no “yiye” na ‘onsisi kurow biara kurow so mpanyimfo [presbytérous],’ Nea ɛyɛ anigye no, Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “mpanyimfo” no kyerɛ “ɔbarima a wanyin, a ne suahu ne nyansa ma ɔfata sɛ odi n’abusua anaa nkurɔfo so.” (Episcopos y Presbyteros, a ɔbenfo Manuel Guerra y Gomez yɛe) Wosi saa ntease yi so dua nso wɔ ahwehwɛde a Paulo bɔɔ din kyerɛɛ Tito sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔbɛfata sɛ wosom sɛ ahwɛfo nya no mu. Ɔkyerɛwee sɛ:

“Eyi nti na mede wo migyaw Kreta, na woasiesie nneɛma a aka [anaa, nneɛma a atõtõ] no pɛpɛɛpɛ, na woasisi kurow biara kurow so mpanyimfo, sɛnea mehyɛɛ wo no: Nea ne ho nni asɛm bi, ɔyere biako kunu a ɔwɔ mma gyidifo a wɔnte ahohwi anaa asoɔden nka wɔ wɔn ho. Na nea ɛsɛ ɔhwɛfo [Hela, epískopon] ne sɛ: wonni ne ho asɛm bi ka, sɛ Onyankopɔn fiehwɛfo. Ɔnyɛ ɔhopɛfo, obufufafo, ɔsadweam, ɔmaanefo, anaa odifudepɛfo, na mmom ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔpɛ papa, n’adwenem tew, ɔteɛ, ne ho tew, n’ani ka ase, oso nokwasɛm no mu sɛnea wɔkyerɛɛ no no, na watumi de kyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefo ntɛn.” (Tito 1:5-9)

Saa ahwehwɛde ahorow yi ho yiye a yesusuw no boa yɛn ma yehu sɛ na ɛsɛ sɛ obi a ɔyɛ “ɔpanyin” anaa “ɔhwɛfo” wɔ Kristofo asafo no mu no nya abrabɔ ne honhom mu gyinapɛn a ɛkorɔn.

16. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na mpanyimfo yɛ ahwɛfo nso wɔ Yɛn Bere yi afeha a edi kan no mu?

16 Ɛyɛ anigye nso sɛ yehu sɛnea Paulo de Hela nsɛmfua presbyteros ne epískopos, “ɔpanyin” ne “ɔhwɛfo” no di dwuma. Yetumi hu fi eyi mu sɛ ɔpanyin a ɔfata no yɛɛ ɔhwɛfo adwuma wɔ asafo horow no mu. Kyerɛw nsɛm afoforo nso da no adi sɛ mpanyimfo a wɔyɛ ahwɛfo saa dodow bi betumi atra asafo biako mu.​—Asomafo no Nnwuma 14:23; 20:28; Filipifo 1:1.

17. (a) Nneɛma a wɔhwehwɛ wɔ mpanyimfo ho bɛn na Paulo de kɔmaa Timoteo? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔpanyin yɛ nnam wɔ asɛnka adwuma no nso mu?

17 Bere a ɔrekyerɛw Timoteo no, Paulo san kyerɛɛ su horow a ɛsɛ sɛ ahwɛfo nya, nanso ɔkaa no ɔkwan foforo so kakra, bere a ebia ɔresusuw tebea horow bi a ɛyɛ soronko kakra ho no. (1 Timoteo 3:1-7) Esiane sɛ na mfitiase Kristofo asafo no yɛ asɛnkafo ahyehyɛde nti, wɔfa no sɛ saa mpanyimfo yi bɛyɛ mmɔdenbɔfo wɔ asɛmpaka adwuma no mu. Ná hokwan biara nni hɔ mma anihawyɛ.​—Luka 24:46-48; 1 Korintofo 9:16: fa toto Mateo 25:24-27 ho.

Ɔwae Fi Ase

18. Ɔwae kaa ahwɛfo dibea no dɛn?

18 Bere a asafo no hyɛn afeha a ɛto so abien ne abiɛsa no mu no, nneɛma fii ase sakrae. Ɔwae a na wɔaka ho asɛm asie no gyee ntini. (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30; 2 Petro 2:1) Nnipa anuonyampɛfo sɔree wɔ mpanyimfo a wɔwɔ asafo horow no mu no ankasa mu. Esiane adwene a ɛmfata a wokura nti wofii ase buu wɔn hwɛfo dibea no sɛ tumidi dibea. Asafo so ahwɛfo binom mpo bɛyɛɛ “asɔfo mpanyin” a na wodi ɔmansin anaa asɔre dodow bi so tumi. Bere bi akyi no asɔremma a na wɔn mu binom wɔ afoforo so tumi yiye no na wɔtow aba paw asɔfo mpanyin yi. Enti, sɛnea Katolekni abakɔsɛm kyerɛwfo bi kyerɛwee no: “Eyi de asiane kɛse bae, titiriw efi bere a asɔfo dibea horow no kɔɔ anim na akatua akɛse ne honam fam hokwan ahorow bɛkaa ho . . . [ma enti] wɔde amammui sodifo sisii asɔfo mpanyin dibea horow a ɛkorɔn.”

19. Awiei koraa no dɛn na ɔwae no de bae?

19 Yiw, wɔmaa ɔsɔfo panyin biara so te sɛ ɔhene a ɔwɔ tumi. Na eyi de mpaapaemu baa Kristoman a na ɛnyɛ nokware Kristosom bio no mu. Teokrase nhyehyɛe a ɛyɛ mpanyimfo ne ahwɛfo a wɔyɛ den, wɔyɛ anokwafo na wɔn adwene wɔ honhom mu nneɛma so titiriw no sɛe bɛdanee asɔfo mpanyinni. Ɔpɛ mu a wofi som wɔ asafo no mu no bɛdanee adwuma a wɔyɛ gye akatua a na ɛhwehwɛ sɛ obi de mfe pii kɔ sukuupɔn kosua nyamesɛm, wiase nyansahu ne asɔre mmara horow.

20. Nsemmisa bɛn na ɛho hia sɛ wobua afei?

20 So eyi kyerɛ sɛ nokware Kristosom, a na teokrase nhyehyɛe wɔ hɔ ma asafo biara no rensan mma bio anaa? Anaa so ɔsom fɛfɛ a na “mpanyimfo” anaa “ahwɛfo” no de ma no yerae a na ɛrensan mma bio? Na Yesaia nkɔmhyɛ a ɛfa teokrase nhyehyɛe a wɔbɛma anya nkɔso ho no nso ɛ? Ese: “Kɔbere ananmu na mede sika mesi maba, na dade ananmu na mede dwetɛ mesi maba, na kɔbere asi nnua ananmu, na dade asi abo ananmu. Na mɛma asomdwoe adi wo so panyin ahwɛ wo, na mede trenee mayɛ wo kafo.” (Yesaia 60:17) Adesua a edi so yi bebua nsemmisa a ɛho hia yi.

So Wokae?

□ Ná gyinapɛn a ɛkorɔn bɛn na wɔhwehwɛ wɔ “mpanyimfo a na wɔtow aba paw wɔn no fam?

□ Efi 1919 besi 1938 no, dɛn na wɔyɛe na asan de teokrase nhyehyɛe aba Kristofo asafo no mu?

□ Sɛnea ɛbɛyɛ na watumi adi n’asɛyɛde wɔ n’abusua ne asafo no ho ho dwuma no, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ ɔpanyin no kari pɛ?

□ Wɔ wɔne afoforo abusuabɔ mu no, su atitiriw bɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo da no adi?

□ Dɛn nti na ɛho hia sɛ ɔpanyin ‘so nokwasɛm no mu yiye’?

□ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda ase wɔ mpanyimfo nhyehyɛe a ɛwɔ asafo no mu no ho?

[Kratafa 11 mfoni]

Israel mpanyimfo dii dwuma sɛ atemmufo wɔ kurow no apon ano

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena