Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Nea Woahyɛ Ho Bɔ no, Tua”
    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017 | April
    • 7. (a) Ɛbɔ bɛn na Hanah hyɛe, na adɛn nti na ɔhyɛɛ saa bɔ no? Dɛn na efii mu bae? (b) Ɛbɔ a Hanah hyɛe no, na ɛbɛka Samuel sɛn? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

      7 Hanah nso yɛ onipa foforo a odii ɛbɔ a ɔhyɛɛ Yehowa no so pɛpɛɛpɛ. Ná Hanah repɛ awo, nanso na awo no mma. Afei nso, na wodidi no atɛm bere nyinaa. Wei maa Hanah ho yeraw no paa, na ne werɛ howee kɛse. Saa bere no na ɔhyɛɛ Yehowa bɔ no. (1 Sam. 1:4-7, 10, 16) Hanah kaa ne komam asɛm kyerɛɛ Onyankopɔn, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “O asafo Yehowa, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabarima a, ɛnde mede no bɛma Yehowa ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan renka ne ti.”a (1 Sam. 1:11) Yehowa tiee Hanah adesrɛ no, na ɔma ɔwoo n’abakan a na ɔyɛ ɔbabarima. Hanah ani gyei kɛse! Nanso, ne werɛ amfi ɛbɔ a na wahyɛ Onyankopɔn no. Bere a ɔwoo ne babarima no, ɔkae sɛ: “Yehowa nkyɛn na mesrɛɛ no.”—1 Sam. 1:20.

  • “Nea Woahyɛ Ho Bɔ no, Tua”
    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017 | April
    • a Ɛbɔ a Hanah hyɛe no kyerɛ sɛ, na ne ba no bɛyɛ Nasirini ne nkwa nna nyinaa. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, na ne ba no bɛyɛ obi a watu ne ho asi hɔ, ahyira ne ho so, na wɔayi no asi hɔ sɛ ɔde ɔsom kronn bɛma Yehowa.—Num. 6:2, 5, 8.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena