-
Hanah fi Ne Komam Bɔɔ Onyankopɔn MpaeSuasua Wɔn Gyidi
-
-
15, 16. (a) Dɛn na efi mpae a Hanah fi ne komam bɔɔ Yehowa wɔ asɔrefie hɔ ne ɔsom a ɔde maa no wɔ hɔ no mu bae? (b) Sɛ yɛrehyia ɔhaw ahorow bi a, ɔkwan bɛn so na Hanah nhwɛso no betumi aboa yɛn?
15 Dɛn na efi mpae a Hanah fi ne komam bɔɔ Yehowa wɔ asɔrefie hɔ ne ɔsom a ɔde maa no wɔ hɔ no mu bae? Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Osiim kɔe kodidii, na n’anim ammotow bio.” (1 Sam. 1:18) The Jerusalem Bible no ka sɛ: “N’anim anyɛ mmɔbɔmmɔbɔ bio.” Hanah koma tɔɔ ne yam. Ɔkwan bi so no, onyaa obi a ne ho yɛ den a ɔne ne soro Agya no danee n’adesoa a emu yɛ duru no too no so. (Monkenkan Dwom 55:22.) So ɔhaw bi wɔ hɔ a ɛsõ paa a ɔrentumi nni ho dwuma? Dabi—ebi mmae da, ebi nni hɔ, na ebi nso remma da!
16 Sɛ awerɛhow hyɛ yɛn so, yɛn abam bu, anaasɛ yɛbotow a, ɛsɛ sɛ yesuasua Hanah nhwɛso no na yefi yɛn komam ka yɛn haw no kyerɛ Onii a Bible frɛ no “mpaebɔ Tiefo” no. (Dw. 65:2) Sɛ yefi gyidi mu yɛ saa a, yɛn nso yebehu sɛ “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no” beyi yɛn awerɛhow no afi hɔ.—Filip. 4:6, 7.
-
-
Hanah fi Ne Komam Bɔɔ Onyankopɔn MpaeSuasua Wɔn Gyidi
-
-
18 Bere bɛn na Penina hui sɛ na ɔrentumi nyi Hanah ahi bio? Kyerɛwnsɛm no nka, nanso asɛm a ɛne “n’anim ammotow bio” no ma yehu sɛ efi saa bere no Hanah bo tɔɔ ne yam. Sɛnea ɛte biara no, ankyɛ koraa na Penina hui sɛ tan a ɔtan Hanah ani no ankosi hwee. Bible no anka ne ho asɛm bio.
-