Yehowa Nsiesiei A Ɛne ‘Wɔn A Wɔde Wɔn Ama’ No
“Na ahɔho begyina ahwɛ mo nguan.”—YESAIA 61:5.
1. Dɛn nti na asɛmfua “ɔdemafo” no betumi ama Yehowa ho asɛm aba yɛn adwenem?
ƆDEMAFO yamyefo bɛn ara na Onyankopɔn yɛ sɛɛ yi! Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “[Yehowa] na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ɔhome ne ade nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 17:25) Yɛn mu biara betumi anya ‘akyɛde pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ’ pii a Onyankopɔn de ma yɛn no ho a yebedwen no mu mfaso.—Yakobo 1:5, 17; Dwom 29:11; Mateo 7:7; 10:19; 13:12; 21:43.
2, 3. (a) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ Onyankopɔn akyɛde horow ho? (b) Ɔkwan bɛn so na na Lewifo no yɛ “wɔn a wɔde wɔn ama”?
2 Ntease pa nti na odwontofo no bisae sɛnea obetumi ahyɛ Yehowa ananmu no ho asɛm no. (Dwom 116:12) Yɛn Bɔfo no nhia biribiara n ebia nnipa wɔ anaasɛ wobetumi de ama ankasa. (Dwom 50:10, 12) Nanso, Yehowa kyerɛ sɛ sɛ nnipa fi anisɔ mu de wɔn ho ma wɔ nokware som mu a, ɛsɔ n’ani. (Fa toto Hebrifo 10:5-7 ho.) Ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa hyira wɔn ho so ma wɔn Bɔfo, a ɔno nso betumi ama wɔn hokwan afoforo pii, sɛnea ɔyɛ maa tete Lewifo no. Ɛwom sɛ na lsraelfo no nyinaa ahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn de, nanso ɔpaw Aaron abusua a na wɔne Lewifo no sɛ asɔfo na wɔabɔ afɔre ahorow wɔ ntamadan no mu ne asɔrefi hɔ. Na Lewifo a wɔaka no nso ɛ?
3 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa Lewi abusua no bra . . . Na fa Lewifo no ma Aaron ne ne mma no, wɔde wɔn ama [Hebri, nethu·nimʹ] no koraa afi lsraelfo mu.” (Numeri 3:6, 8, 9, 41) Wɔde Lewifo no ‘maa’ Aaron sɛ wɔnyɛ nnwuma wɔ ntamadan no mu som mu ma enti Onyankopɔn tumi kae sɛ: “Ɔma na wɔde wɔn ama me afi lsraelfo mu.” (Numeri 8:16, 19; 18:6) Lewifo binom yɛɛ nnwuma nketenkete; afoforo nyaa hokwan akɛseakɛse te sɛ Onyankopɔn mmara ahorow a wɔkyerɛkyerɛe. (Numeri 1:50, 51; 1 Beresosɛm 6:48; 23:3, 4, 24-32; 2 Beresosɛm 35:3-5) Afei ma yensusuw nnipa foforo a “wɔde wɔn ama” ne nnɛyi nsɛso bi ho.
lsraelfo San Fi Babilon Ba
4, 5. (a) Israelfo bɛn na wɔsan fii nnommumfa mu wɔ Babilon bae? (b) Wɔ nnɛ bere yi mu no, dɛn ne nnommumfa mu a lsraelfo no fi san bae no ho mfonini?
4 Esra ne Nehemia ka sɛnea lsraelfo nkaefo bi a na Amrado Serubabel di wɔn anim fi Babilon baa wɔn asase so san de nokware som besii hɔ ho asɛm. Kyerɛwtohɔ abien no nyinaa bɔ amanneɛ sɛ wɔn a wɔsan bae no dodow yɛ 42,360. Na wɔn mu mpempem pii yɛ “Israel man mu mmarima.” Afei kyerɛwtohɔ no bobɔ asɔfo din. Afei Lewifo 350 a Lewifo nnwontofo ne apon ano ahwɛfo ka ho di hɔ. Esra ne Nehemia kyerɛw mpempem pii a ɛte sɛ nea wɔyɛ Israelfo, ebia asɔfo mpo, nanso wɔantumi ankyerɛ wɔn anato ho asɛm. Esra 1:1, 2; 2:2-42, 59-64; Nehemia 7:7-45, 61-66.
5 Saa lsraelfo nkaefo a wɔde wɔn kɔɔ nnommumfa mu, a akyiri yi wɔsan baa Yerusalem ne Yuda yi daa ahofama titiriw ma Onyankopɔn adi, na wokuraa nokware som mu denneennen. Sɛnea yɛaka no, yehu honhom mu Israel nkaefo a wofii Babilon Kɛse no nnommumfa mu bae wɔ 1919 mu no ho mfonini a ɛfata bi wɔ nnɛ mmere yi mu.
6. Onyankopɔn de honhom mu lsraelfo adi dwuma dɛn wɔ yɛn bere yi mu?
6 Efi bere a woyii wɔn wɔ 1919 mu no, Kristo nuanom a wɔasra wɔn no nkaefo de nnamyɛ akɔ wɔn anim wɔ nokware som mu. Yehowa ahyira mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛboaboa 144,000 a wɔka bom yɛ “Onyankopɔn Israel” no mufo a wotwa to no ano no so. (Galatifo 6:16; Adiyisɛm 7:3, 4) Sɛ kuw no, nkaefo a wɔasra wɔn no yɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw a wɔde wɔn di dwuma ma wɔde honhom fam aduan bebree a ɛma nkwa a wɔayɛ adwuma denneennen akyekyɛ wɔ asase so nyinaa no ma.—Mateo 24:45-47.
7. Henanom na wɔde wɔn ho abɔ wɔn a wɔasra wɔn no wɔ nokware som mu?
7 Sɛnea asɛm a edi eyi anim no kyerɛe no, mprempren “nguan foforo” ɔpepem pii a wɔwɔ anidaso a Onyankopɔn de ama sɛ wobetwa ahohiahia kɛse a ɛda yɛn anim pɛɛ no ka Yehowa nkurɔfo ho. Wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa daa wɔ asase so, faako ɔkɔm ne nsukɔm renne wɔn bio na awerɛhow su nni hɔ bio no. (Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:9-17; 21:3-5) So yehu biribi wɔ wɔn a wɔsan fii Babilon bae no ho kyerɛwtohɔ no mu a ɛyɛ saafo no ho mfonini? Yiw!
Wɔn a Wɔnyɛ lsraelfo Nso San Ba
8. Henanom na wɔne Israelfo no san fii Babilon bae?
8 Bere a wɔbɔɔ wɔn a wɔdɔ Yehowa amanneɛ wɔ Babilon sɛ wɔnsan nkɔ Bɔhyɛ Asase no so no, wɔn a wɔnyɛ lsraelfo mpempem pii tiei. Yɛkenkan “Nethinim” (ɛkyerɛ ‘Wɔn a Wɔde Wɔn Ama’) ne “Salomo nkoa mma” a wɔn dodow yɛ 392 ho asɛm wɔ din a Esra ne Nehemia kyerɛwee no mu. Kyerɛwtohɔ no ka afoforo bɛboro 7,500 nso ho asɛm; ‘nkoa ne mfenaa’ ne “nnwontofo mmarima ne mmea” a wɔnyɛ Lewifo. (Esra 2:43-58, 65; Nehemia 7:46-60, 67) Dɛn na ɛkanyan wɔn a wɔnyɛ lsraelfo no mu pii saa ma wɔsan bae?
9. Ɔkwan bɛn so na honhom no ho asɛm wɔ nnommumfa mu a wofi san bae no mu?
9 Esra 1:5 ka ‘wɔn a nokware Nyankopɔn no akanyan wɔn honhom sɛ wɔnsɔre mforo nkosi Yehowa fi a ɛwɔ Yerusalem no’ ho asɛm. Yiw, Yehowa kanyan wɔn a wɔsan bae no nyinaa. Ɔkanyan wɔn honhom, kyerɛ sɛ wɔn adwenem tumi a ɛkanyan wɔn. Na Onyankopɔn betumi afi soro ayɛ saa mpo denam ne honhom kronkron, n’adeyɛ tumi a ɔde bedi dwuma no so. Enti, “[Onyankopɔn] honhom” boaa wɔn a wɔsɔre ‘foro kosii Yehowa fi no.’—Sakaria 4:1, 6; Hagai 1:14.
Nnɛyi Nsɛso Bi
10, 11. Wɔn a wɔnyɛ lsraelfo a wofi Babilon san bae no nsɛso bɛn na yetumi hu?
10 Henanom na wɔn a wɔnyɛ lsraelfo a wɔte saa a wɔsan bae no yɛ wɔn ho mfonini? Ebia Kristofo pii bebua sɛ: ‘Nethinim no yɛ “nguan foforo” a wɔwɔ hɔ nnɛ no ho mfonini.’ Ɛyɛ nokware, nanso ɛnyɛ Nethinim no nkutoo; efisɛ wɔn a wɔnyɛ lsraelfo a wɔsan bae no nyinaa gyina hɔ ma Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔnyɛ honhom mu Israel no.
11 Nhoma You May Survive Armageddon Into God’s New Worlda no kae sɛ: “Ɛnyɛ lsraelfo nkaefo 42,360 no nkutoo na wɔne amrado Serubabel fii Babilon . . . Na wɔn a wɔnyɛ lsraelfo mpempem pii ka ho . . . Wɔ Nethinim no akyi no, na afoforo a wɔnyɛ Israelfo, nkoa, mmarima ne mmea nnwontofo ne Ɔhene Salomo nkoa asefo ka ho.” Nhoma no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nethinim, nkoa no, nnwontofo no ne Salomo nkoa mma, wɔn a wɔnyɛ lsraelfo nyinaa fii nnommum asase no so na wɔne lsraelfo nkaefo no san bae . . . Enti so ɛnteɛ sɛ yebesusuw sɛ aman ahorow mu nnipa a wɔnyɛ honhom mu lsraelfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no de wɔn ho bɛbɔ honhom mu lsraelfo nkaefo ho na wɔne wɔn ama Yehowa som anya nkɔso? Yiw.” Saafo yi ‘abɛyɛ nnɛyi Nethinim, nnwontofo ne Salomo nkoa mma ho mfonini.’
12. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn de ne honhom di dwuma wɔ ɔkwan titiriw so ma honhom mu Israel, nanso dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ ɛwɔ hɔ ma n’asomfo nyinaa?
12 Sɛnea na ɛte wɔ tete nhwɛso no mu no, Onyankopɔn de ne honhom nso ma saafo yi a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ asase so no. Ɛwom, wɔnyɛ wɔn a wɔawo wɔn foforo. Wɔwoo 144,000 no muni biara foforo pɛnkoro pɛ sɛ Onyankopɔn honhom mu ɔba a wɔde honhom kronkron asra no. (Yohane 3:3, 5; Romafo 8:16; Efesofo 1:13, 14) Nokwarem no, saa ɔsra no yɛ Onyankopɔn honhom a wɔda no adi wɔ ɔkwan soronko so de boa kuw ketewaa no. Nanso wohia Onyankopɔn honhom nso na wɔayɛ n’apɛde. Enti, Yesu kae sɛ: ‘Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron no ma wɔn a wobisa no.’ (Luka 11:13) Sɛ ebia nea ɔrebisa no wɔ ɔsoro anidaso anaasɛ ɔyɛ nguan foforo no muni no, Yehowa honhom no wɔ hɔ pii a ɔde bɛyɛ N’apɛde.
13. Ɔkwan bɛn so na honhom no betumi ayɛ adwuma wɔ Onyankopɔn nkoa nyinaa so?
13 Onyankopɔn honhom kanyan Israelfo ne wɔn a wɔnyɛ Israelfo nyinaa ma wɔsan baa Yerusalem, na ɛhyɛ ne nkurɔfo anokwafo nyinaa den na ɛboa wɔn nnɛ. Sɛ ebia anidaso a Onyankopɔn de ama Kristoni bi no yɛ ɔsoro asetra anaasɛ asase so asetra no, ɛsɛ sɛ ɔka asɛmpa no kyerɛ, na honhom kronkron no tumi ma odi nokware wɔ saayɛ mu. Ehia sɛ yɛn mu biara—sɛnea yɛn anidaso te biara no—sow honhom aba a yɛn nyinaa hia ne nyinaa.—Galatifo 5:22-26.
Wɔayi Wɔn ama Ɔsom Titiriw
14, 15. (a) Wɔ wɔn a wɔnyɛ Israelfo a wɔsan bae no mu no, akuw abien bɛn na wɔkaa wɔn ho asɛm titiriw? (b) Na henanom ne Nethinim no, na dɛn na wɔyɛe?
14 Na akuw nketewa abien a Onyankopɔn Asɛm kaa wɔn ho asɛm titiriw—Nethinim ne Salomo nkoa mma—ka wɔn a wɔnyɛ lsraelfo mpempem pii a honhom no kanyan wɔn ma wɔsan bae no ho. Na wɔne henanom? Dɛn na wɔyɛe? Na dɛn na eyi betumi akyerɛ nnɛ?
15 Na Nethinim no yɛ nnipakuw bi a wɔnyɛ Israelfo a wonyaa hokwan ne Lewifo no somee. Kae Kanaanfo a wofi Gibeon a wɔbɛyɛɛ “nnuatwafo ne nsusawfo maa asafo no ne [Yehowa] afɔremuka no.” (Yosua 9:27) Ebia na wɔn asefo no mu binom ka Nethinim ne “Salomo nkoa mma” a na wɔresan afi Babilon aba ne afoforo a wɔde wɔn kaa ho sɛ Nethinim wɔ Dawid ahenni ne mmere afoforo mu no ho. (Esra 8:20) Dɛn na Nethinim no yɛe? Wɔde Lewifo no mae sɛ wɔmmoa asɔfo no, na ɛno akyi no wɔde Nethinim no mae sɛ wɔmmoa Lewifo no. Na eyi yɛ hokwan ma ahɔho a wɔatwa twetia no mpo.
16. Ɔkwan bɛn so na Nethinim no adwuma sakrae akyiri yi?
16 Bere a kuw no san fii Babilon bae no, na Lewifo kakraa bi na wɔka ho, sɛ wɔde wɔn toto asɔfo no anaasɛ Nethinim no ne “Salomo nkoa mma” no ho a. (Esra 8:15-20) Dictionary of the Bible, a Ɔbenfo James Hastings yɛe no ka sɛ: “Bere bi akyi no, yehu sɛ [Nethinim no] abɛyɛ kuw a wɔyɛ akronkronne ho adwuma a wɔagye wɔn atom koraa, ma enti wɔmaa wɔn hokwan ahorow.” Nhomanimfo nsɛmma nhoma Vetus Testamentum ka sɛ: “Nsakrae bae. Wofii Nnommumfa mu Bae akyi no, na wommu eyinom [ahɔho] no sɛ Asɔrefi nkoa bio, na mmom sɛ emu asomfo, na wonyaa dibea a ɛte sɛ nnipa akuw afoforo a wɔsomee wɔ Asɔrefi hɔ no ara pɛ.—Hwɛ adaka a ti asɛm ne sɛ “Gyinabea a Asakra” no mu.
17. Dɛn nti na wɔmaa Nethinim no adwuma pii sɛ wɔnyɛ, na Bible mu adanse bɛn na ɛfa eyi ho?
17 Ɛwom, Nethinim no ammɛyɛ asɔfo ne Lewifo. Na asɔfo ne Lewifo no yɛ lsraelfo a Yehowa ankasa paw wɔn, na ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn a wɔnyɛ lsraelfo si wɔn ananmu. Nanso, Bible no kyerɛ sɛ esiane sɛ na Lewifo no dodow so atew nti, wɔmaa Nethinim no adwuma pii sɛ wɔnyɛ wɔ Onyankopɔn som mu. Wɔmaa wɔn atrae bɛn asɔrefi no. Wɔ Nehemia nna no mu no, wɔne asɔfo yɛɛ adwuma de siesiee afasu a na ɛbɛn asɔrefi no. (Nehemia 3:22-26) Na Persia hene hyɛe sɛ ɛnsɛ sɛ wogye Nethinim no tow, te sɛ nea asɔrefi adwuma no nti wɔannye Lewifo no tow no. (Esra 7:24) Eyi kyerɛ sɛnea na ‘wɔn a wɔde wɔn ama’ yi (Lewifo ne Nethinim no) bom di honhom fam nsɛm ho dwuma saa bere no, ne sɛnea Nethinim no nnwuma yɛɛ kɛse bere a ɛho behiae no, ɛwom sɛ wɔammu wɔn sɛ wɔyɛ Lewifo de. Bere a akyiri yi Esra boaboaa nnommum ano san de wɔn bae no, mfiase no na Lewini biara nka wɔn ho. Enti ɔkɔɔ so yeree ne ho sɛ ɔbɛboaboa ebinom ano. Ɛno maa Lewifo 38 ne Nethinim 220 san bae bɛsomee sɛ ‘asomfo yɛn Nyankopɔn fi.’—Esra 8:15-20.
18. Ebia “Salomo nkoa mma no” yɛɛ adwuma bɛn?
18 Kuw a ɛto so abien a wɔkaa wɔn ho asɛm titiriw ne Salomo nkoa mma. Wɔn ho nkyerɛkyerɛmu kakraa bi na Bible no de ma. Na ebinom yɛ “Soferet mma.” Esra de asɛmfua pɔtee bi ka din no ho, na ɛma ɛyɛ Has·so·pheʹreth, ebetumi akyerɛ “kyerɛwfo.” (Esra 2:55; Nehemia 7:57) Enti ebia na wɔyɛ akyerɛwfo, ebetumi ayɛ asɔrefi/nnwuma so ahwɛfo akyerɛwfo. Ɛwom sɛ wɔn nananom yɛ ahɔho de, nanso Salomo nkoa mma no daa ahofama a na wɔwɔ ma Yehowa no adi denam Babilon a wofi san bae de Ne som san besii hɔ no so.
Yɛn Ho a Yɛde Bɛma Nnɛ
19. Abusuabɔ bɛn na ɛda wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no ne nguan foforo no ntam?
19 Yɛn bere yi mu no, Onyankopɔn de nkaefo a wɔasra wɔn no adi dwuma kɛse ma wɔadi nokware som anim aka asɛmpa no akyerɛ. (Marko 13:10) Hwɛ sɛnea eyinom ani agye bere a wohu sɛ nguan foforo ɔpedudu pii, ɔpehaha pii ne afei ɔpepem pii abɛka wɔn ho wɔ ɔsom mu no! Na biakoyɛ a ɛyɛ anigye bɛn ara na atra nkaefo no ne nguan foforo no ntam sɛɛ yi!—Yohane 10:16.
20. Nethinim no ne Salomo nkoa mma ho nsɛso ho adwene foforo bɛn na ntease wom? (Mmebusɛm 4:18)
20 Wɔn a wɔnyɛ Israelfo a wɔsan fii nnommumfa mu wɔ tete Babilon bae no yɛ nguan foforo a mprempren wɔne honhom mu lsraelfo nkaefo som no ho mfonini. Ɛnde, dɛn nti na Bible no ka Nethinim ne Salomo nkoa mma no ho asɛm titiriw? Wɔde hokwan a ɛsen afoforo a wɔnyɛ Israelfo a wɔsan bae no de maa Nethinim ne Salomo nkoa mma no wɔ nsusuwso no mu. Eyi betumi ayɛ hokwan ne nnwuma pii a Onyankopɔn de ama nguan foforo no mu binom a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ ɔpɛ no ho mfonini.
21. Ɔkwan bɛn so na anuanom binom a wɔwɔ asase so anidaso anya nnwuma ne hokwan afoforo pii?
21 Na hokwan afoforo pii a wɔde maa Nethinim no fa honhom fam nnwuma ho tee. Ɛte sɛ nea Salomo nkoa mma no nyaa nneɛma so hwɛ ho asɛyɛde ahorow. Saa ara na nnɛ Yehowa de ‘nnipa mu akyɛde horow’ ahyira ne nkurɔfo de di wɔn ahiade ahorow ho dwuma. (Efesofo 4:8, 11, 12) Wɔn a wɔka nsiesiei yi ho ne anuanom mmarima a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ osuahu a wonya ‘nguanhwɛ’ mu kyɛfa, wɔsom sɛ amansin ne amantam so ahwɛfo ne sɛ Baa Boayifo wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea 98 no mu. (Yesaia 61:5) Wɔ Asafo ti no wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ no, wɔtete mmarima a wɔfata ma wɔaboa asiesie honhom fam aduan wɔ “akoa nokwafo” no ne ne Sodikuw no akwankyerɛ ase. (Luka 12:42) Wɔatete wɔn a wotu wɔn ho ma a wɔahyira wɔn ho so bere tenten ni no ma wɔhwɛ Betel afie ne nhoma tintimmea ne dwumadi nhyehyɛe so wɔ wiase nyinaa ma wɔasisi baa dwumadibea adan ne asa afoforo a Kristofo som wɔ so. Wɔabɔ mmɔden yiye wɔ som a wɔsom sɛ nkaefo a wɔyɛ ahene asɔfokuw no fã bi no aboafo a wɔbɛn wɔn no mu.—Fa toto 1 Korintofo 4:17; 14:40; 1 Petro 2:9 ho.
22. Dɛn nti na ɛfata sɛ wɔma nguan afoforo no mu binom asɛyɛde ahorow a emu yɛ duru mprempren, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ eyi ho dɛn?
22 Tete no, asɔfo ne Lewifo kɔɔ so somee wɔ Yudafo no mu. (Yohane 1:19) Nanso nnɛ, ɛsɛ sɛ honhom mu Israel a wɔwɔ asase so no dodow so kɔ so huan. (Fa toto Yohane 3:30 ho.) Awiei koraa, wɔ Babilon Kɛse no sɛe akyi no, 144,000 a ‘wɔasɔ wɔn ano’ no nyinaa bɛkɔ soro ama Oguammaa no aware no. (Adiyisɛm 7:1-3; 19:1-8) Nanso, mprempren ɛsɛ sɛ nguan afoforo no kɔ so dɔɔso. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔde asɛyɛde ahorow a emu yɛ duru rema wɔn mu binom a wɔte sɛ Nethinim no ne Salomo nkoa mma no wɔ nkaefo no hwɛ ase no mma wɔnyɛ ahantan anaasɛ ahomaso. (Romafo 12:3) Eyi ma yenya ahotoso sɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ‘fi ahohia kɛse no mu’ fi a, wobenya mmarima a wɔn ho akokwaw—“asafohene”—a wɔasiesie wɔn ho sɛ wobedi anim wɔ nguan foforo no mu.—Adiyisɛm 7:14; Yesaia 32:1; fa toto Asomafo no Nnwuma 6:2-7 ho.
23. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya adema honhom wɔ Onyankopɔn som mu?
23 Na wɔn a wɔsan fii Babilon bae no nyinaa wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ adwuma denneennen, na wɔdaa no adi sɛ wodwen Yehowa som ho titiriw. Saa ara na ɛte nnɛ. “Ahɔho” ne nkaefo a wɔasra wɔn no ‘gyina ankasa hwɛ nguan no.’ (Yesaia 61:5) Enti ɛmfa ho sɛ anidaso a Onyankopɔn de ama bɛn na yɛwɔ, ɛmfa ho sɛ hokwan ahorow bɛn na ebia wɔde bɛma mpanyimfo a wɔde honhom apaw wɔn no ansa na da a wobebu Yehowa bem wɔ Harmagedon no adu no, momma yɛn nyinaa nnya ahofama ne adema honhom a edi mũ. Ɛwom mpo sɛ yɛrentumi nhyɛ Yehowa ananmu wɔ mfaso akɛse a ɔde ama yɛn no nyinaa ho da de, nanso ɛmmra sɛ yebefi yɛn kra nyinaa mu ayɛ biribiara a yɛyɛ wɔ n’ahyehyɛde no mu no. (Dwom 116:12-14; Kolosefo 3:23) Enti yɛn nyinaa betumi de yɛn ho ama nokware som, bere a nguan foforo no ne wɔn a wɔasra wɔn a “wobedi asase so ahene” bom kɛse som no.—Adiyisɛm 5:9, 10.
[Ase hɔ asɛm]
a Nkratafa 142-8; Watchtower Bible and Tract Society of New York, lnc. na etintimii.
Nsɛm a Ɛsɛ sɛ Yɛkae
◻ Ɔkwan bɛn so na na Lewifo no yɛ ‘wɔn a wɔde wɔn ama’ wɔ tete lsrael?
◻ Wɔn a wɔnyɛ Israelfo bɛn na wɔsan fii nnommumfa mu bae, na wɔyɛ henanom ho mfonini?
◻ Nsakrae bɛn na ɛte sɛ nea ɛbae wɔ Nethinim no fam?
◻ Nethinim no ne Solomo nkoa mma no ho nsɛso bɛn no wohu mprempren?
◻ Wɔn a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no ntam abusuabɔ ma yenya ahotoso bɛn?
[Adaka wɔ kratafa 14]
GYINABEA A ASAKRA
Bible asekyerɛ nhoma ne encyclopedia pii ka nsakrae ahorow a ɛbae wɔ wɔn a wɔnyɛ Israelfo a wofi nnommumfa mu san bae no fam ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, Encyclopædia Biblica ka wɔ “Nsakrae wɔ wɔn gyinabea mu” ase hɔ sɛ: “Sɛnea wɔakyerɛ dedaw no, wɔpagyaw wɔn asetra mu gyinabea sɛnea ehia wɔ bere koro no ara mu. [Nethinim no] ankɔ so anyɛ nkoa sɛnea asɛmfua no asekyerɛ ankasa te.” (Cheyne ne Black ne ne samufo. Po III, kratafa 3399) John Kitto kyerɛw wɔ The Cyclopædia of Biblical Literature mu sɛ: “Na wɔnhwɛ kwan sɛ [Nethinim] no mu pii bɛsan aba tebea a ɛba fam yi mu wɔ Palestina . . . Ahofama a efi ɔpɛ mu a nnipa yi daa no adi no pagyaw Nethinim no gyinabea yiye.” (Po ll, kratafa 417) The International Standard Bible Encyclopedia da no adi sɛ: “Esiane fekubɔ yi ne wɔn ho abakɔsɛm wɔ Salomo bere so nti, yebetumi aka sɛ na Salomo nkoa no wɔ asɛyɛde atitiriw wɔ asɔrefi a ɛto so abien no mu.”—Ne samufo ne G. W. Bromiley, Po 4, kratafa 570.
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Bere a Israelfo no san baa sɛ wɔresan abɛkyekye Yerusalem no, wɔn a wɔnyɛ lsraelfo mpempem pii ne wɔn bae
[Mfonini Fibea]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Baa Boayifo a wɔwɔ Korea no. Te sɛ tete Nethinim no, nguan foforo no mu mmarima wɔ asɛyɛde a emu yɛ duru wɔ nokware som mu nnɛ