Yɛn Nananom a Wɔawuwu Benya Asetra Foforo
ONYANKOPƆN Asɛm, Bible, no kyerɛkyerɛ sɛ obiara kɔtoa asetra so dwoodwoo wɔ honhom atrae wɔ owu mu? Dabi, ɛnkyerɛkyerɛ saa. Bible no de anidaso a ɛyɛ nwonwa wɔ owu akyi asetra ho ma, nanso ɛnyɛ sɛnea nnipa pii susuw sɛ ɛte no.
Susuw nea Bible no ka fa yɛn nana a odi kan, Adam ho no ho. Yehowa de “fam dɔte” na ɛnwenee no. (Genesis 2:7) Ná Adam wɔ hokwan sɛ ɔbɛtra ase daa anigye mu wɔ asase so. (Genesis 2:16, 17) Nanso, ɔtew ne Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no atua, na nea efi mu bae ne owu.
Ɛhe na Adam kɔe wɔ owu mu? Onyankopɔn see no sɛ: “Wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”—Genesis 3:19.
Ɛhe na na Adam wɔ ansa na Yehowa de dɔte renwene no? Ná onni baabiara. Ná ɔnte ase. Enti bere a Yehowa kae sɛ Adam ‘bɛsan akɔ dɔte mu’ no, na nea ɔrepɛ akyerɛ ara ne sɛ Adam bɛsan ayɛ biribi a nkwa nnim, te sɛ dɔte ara. Adam ‘anhyɛn’ nananom a wɔawuwu ahonhom wiase bi mu ankɔyɛ wɔn kannifo. Wankɔ asetra bi a ɛyɛ anigye mu wɔ soro, saa ara nso na wankohu amane daa wɔ beae bi a wɔyɛ nkurɔfo ayayade. Nsakra a ɔyɛe ara ne sɛ ofi nkwa mu danee obi a nkwa nni ne mu, ofi nkwa tebea mu kɔɔ tebea a nkwa nnim mu.
Adesamma a wɔaka no nso ɛ? Adam asefo nso nkɔ so ntra ase wɔ owu mu? Bible no bua sɛ: “Ade nyinaa [nnipa ne mmoa nyinaa] kɔ faako, ade nyinaa fi dɔte mu, na ade nyinaa san kɔ dɔte mu.”—Ɔsɛnkafo 3:19, 20.
Awufo Tebea
Yiw, awufo nni nkwa, wɔnte asɛm, wonhu ade, wɔnkasa, na wonnwen. Sɛ nhwɛso no, Bible no ka sɛ: “Na ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara . . . Wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dabidabi dedaw.” Bible no san ka sɛ: “Adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman [damoa] a worekɔ hɔ no.”—Ɔsɛnkafo 9:5, 6, 10.
Enti, sɛnea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ no, nnipa nim sɛ wobewuwu bere a wɔte ase no. Nanso, sɛ wonya wu a, wonnim biribiara bio. Wɔnsɔre nnyina wɔn ankasa funu ho, nhwɛ nea wɔde yɛ wɔn. Bere a obi awu no, ɔnte anigye anaa ɛyaw ne awerɛhow nka. Awufo nnim bere a etwam kɔ no. Wɔwɔ tebea bi a ɛsen nna biara mu.
Ná Onyankopɔn tete akoa Hiob nim sɛ onipa nkɔ so ntra ase wɔ owu akyi. Ɔsan tee ase sɛ sɛ Onyankopɔn amfa ne ho annye mu a, anidaso biara nni hɔ sɛ ɔbɛsan aba nkwa mu. Hiob kae sɛ: “Na ɔbarima de, owu, na ɔbea hɔ, na onipa gyaa mu, na ɔwɔ he? Onipa kɔda hɔ, na ɔnsɔre.” (Hiob 14:10, 12) Nokwarem no, Hiob anhwɛ kwan sɛ sɛ owu a, ɔbɛkɔ akɔka ne nananom a wɔawuwu ho wɔ ahonhom wiase bi mu.
Owusɔre Anidaso No
Esiane sɛ awufo nkɔ so ntra ase wɔ owu mu nti, asɛntitiriw a ɛsɔre ne nea Hiob bisae bere a ɔtoaa so sɛ: “Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio?” no. Hiob ankasa de saa mmuae yi mae: “Anka m’akodi nna nyinaa [bere a mewɔ ɔdamoa mu no] mɛtwɛn akosi sɛ me sakra bɛba. Anka [wo Yehowa] wobɛfrɛ, na me nso magye wo so, anka w’ani begyina wo nsa ano adwuma no.”—Hiob 14:14, 15.
Ɔkwan foforo so no, ɛwom sɛ na Hiob bewu de, nanso na Onyankopɔn werɛ remfi no. Ná Hiob wɔ gyidi sɛ bere bi bɛba a Yehowa Nyankopɔn bɛsan ‘afrɛ’ no aba nkwa mu denam owusɔre so.
Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no, kyerɛe sɛ na owusɔre mu anidaso a Hiob wɔ no yɛ nea ntease wom. Yesu kyerɛe sɛ wobetumi anyan awufo. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam nyan a ɔno ankasa nyan awufo no so! Ná Yesu nni hɔ na wanyan Hiob, nanso bere a ɔwɔ asase so no, onyanee okunafo bi a ofi Nain babarima. Yesu san nyanee ɔbarima bi a na wɔfrɛ no Yairo babea a na wadi mfe 12 no. Na onyanee n’adamfo Lasaro a na wawu nnanan no.—Luka 7:11-15; 8:41, 42, 49-56; Yohane 11:38-44.
Wɔ anwonwade ahorow a Yesu yɛe akyi no, ɔkaa daakye wusɔre kɛse bi ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Akyiri yi, ɔsomafo Paulo a Yehowa ma onyanee aberante bi no nso kyerɛɛ gyidi wɔ daakye wusɔre mu. Ɔkae sɛ: “Na mewɔ Onyankopɔn ho anidaso . . . sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ nyinaa bɛsɔre no bɛba.”—Asomafo no Nnwuma 20:7-12; 24:15.
Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛtwe adwene kɔ daakye wusɔre so no nkyerɛ sɛ wɔkɔ so tra ase wɔ ahonhom atrae bi. Ɛtwe adwene si bere a awufo ɔpepem pii bɛsan de honamdua aba nkwa mu wɔ asase so ha pɛɛ no so. Saa nnipa a wɔbɛsɔre yi renyɛ wɔn a wɔrenkae wɔn kan asase so asetra. Wɔrensan nwo wɔn sɛ nkokoaa. Mmom, wɔbɛyɛ nnipa koro no ara a na wɔyɛ ansa na wɔrewu no, na wɔbɛkae nneɛma a na wonim na wɔanya nipasu koro no ara. Wobehu wɔn ankasa ho, na afoforo nso ahu wɔn. Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ bere a saa nnipa yi san bɛka wɔn nnamfo ne abusuafo ho bio no! Na hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ yebehyia yɛn nananom a wɔawuwu no!
Owusɔre a Ɛkɔ Ɔsoro Asetra Mu
Yesu anka sɛ ebinom bɛkɔ soro? Yiw, ɔkae. Anadwo ansa na wɔrekum no no, ɔkae sɛ: ‘Trabere pii wɔ m’agya ofi. Merekɔ makosiesie baabi mama mo. Na sɛ mekɔ na mikosiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn, na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ.’ (Yohane 14:2, 3) Ná Yesu rekasa akyerɛ n’asomafo anokwafo no, nanso na ne nsɛm no nkyerɛ sɛ nnipa pa nyinaa bɛkɔ soro.
Yesu kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wobenyan wɔn akɔ soro no di ahwehwɛde ahorow a ɛsen ɔbra pa a wɔbɛbɔ ara kwa so. Ahwehwɛde biako ne sɛ wobenya Yehowa ne n’atirimpɔw ho nokware nimdeɛ. (Yohane 17:3) Ahwehwɛde afoforo ne sɛ wobenya gyidi wɔ Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no mu na wɔayɛ osetie ama Onyankopɔn. (Yohane 3:16; 1 Yohane 5:3) Ahwehwɛde foforo a ɛka ho nso ne sɛ ‘wɔbɛwo obi foforo’ sɛ Kristoni a wɔde Onyankopɔn honhom kronkron awo no. (Yohane 1:12, 13; 3:3-6) Ahwehwɛde foforo ma ɔsoro asetra ne sɛ wobegyina sɔhwɛ mu te sɛ nea Yesu yɛe no, na wɔadi Onyankopɔn nokware akosi owu mu mpo.—Luka 22:29; Adiyisɛm 2:10.
Ntease bi wɔ hɔ ma ahwehwɛde ahorow a ɛkorɔn yi. Wɔn a wobenyan akɔ soro no wɔ adwuma titiriw bi a wɔbɛyɛ. Yehowa nim sɛ nnipa nniso ntumi nni asase so nsɛm ho dwuma da. Enti ɔyɛɛ nhyehyɛe maa ɔsoro nniso, anaa Ahenni a ebedi adesamma so. (Mateo 6:9, 10) Yesu bɛyɛ saa Ahenni no so Hene. (Daniel 7:13, 14) Nnipa binom a wɔpaw wɔn fii asase so na wonyan wɔn kɔ soro no ne no bedi tumi. Bible no ka siei sɛ wɔn a wobenyan wɔn yi bɛyɛ “ahemman ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn, na wobedi asase so ahene.”—Adiyisɛm 5:10.
Nnipa pii bedu ahwehwɛde ahorow a ɛbɛma wɔanyan akɔ soro no ho? Dabi. Wɔn a wɔawuwu no mu dodow no ara nnu ho, na ɛnyɛ wɔn mfomso nti na ɛba saa. Wɔn mu pii annya hokwan ahe biara anaasɛ wɔannya bi koraa amfa ansua Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow ho nokware no ho ade. Wɔtraa ase na wowuwui a wɔannya Yesu Kristo anaa Onyankopɔn Ahenni no ho nimdeɛ biara.
Yesu frɛɛ wɔn a wɔbɛkɔ soro no “kuw ketewa.” (Luka 12:32) Akyiri yi wɔdaa no adi sɛ wɔn a “wɔatɔ wɔn afi asase so” a wɔne Kristo bedi tumi wɔ soro no dodow bɛyɛ 144,000. (Adiyisɛm 14:1-3; 20:6) Bere a nnipa 144,000 no dɔɔso sɛ wɔbɛtra “trabea pii” a Yesu kaa ho asɛm no, sɛ wɔde wɔn toto Adam asefo ɔpepepem pii no ho a, wosua.—Yohane 14:2.
Nsɛm a Ebesisi Ansa na Asase so Wusɔre no Aba
Ma yɛnhwehwɛ nea yɛasusuw ho abedu ha no mu. Sɛnea Bible kyerɛ no, wɔn a wowu no nni nkwa mu kosi sɛ Yehowa Nyankopɔn benyan wɔn. Wonyan ebinom kɔ ɔsoro asetra mu, beae a wɔne Yesu Kristo bedi ade wɔ Ahenni nniso no mu. Wobenyan nnipa pii aba asase so abɛyɛ saa Ahenni no nkoa.
Ne fã bi ne sɛ Yehowa nam asase so wusɔre so bedi n’atirimpɔw ma asase no ho dwuma. Yehowa bɔe sɛ “wɔntra so.” (Yesaia 45:18) Ná ɛbɛyɛ adesamma fie daa. Enti, odwontofo no too dwom sɛ: “Ɔsoro yɛ [Yehowa] soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma.”—Dwom 115:16.
Ansa na wobefi ase anyan nkurɔfo aba asase so no, ɛsɛ sɛ nsakrae akɛse ba. Ebia wubegye atom sɛ na ɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ akodi, efĩ, nsɛmmɔnedi, ne basabasayɛ bɛhyɛ asase ma. Nnipa a wonni obu ma Onyankopɔn ne ne trenee mmara no na wɔde saa ɔhaw ahorow yi ba. Enti, Onyankopɔn Ahenni ‘bɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no’—ɔkwan titiriw biako a ɔnam so bɛma n’apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so. (Adiyisɛm 11:18) Ahenni no bɛsɛe abɔnefo nyinaa, na agyaw atreneefo ma wɔatra asase so daapem.—Dwom 37:9, 29.
Paradise Wɔ Asase So
Wɔn a wobenyan wɔn aba asase a wɔasiesie so so no bɛyɛ wɔn a wodwo, nnipa a wosusuw afoforo ho na wɔyɛ nea ɛteɛ. (Fa toto Mateo 5:5 ho.) Onyankopɔn Ahenni no bɛhwɛ wɔn so ɔdɔ mu, na wɔde anigye bɛtra ase ahobammɔ mu. Bible no de tebea a ɛbɛba saa bere no ho nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwonwa yi ma: “Na [Onyankopɔn bɛpopa] wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:4.
Yiw, wɔbɛdan asase no paradise. (Luka 23:43) Susuw nea ɛno bɛkyerɛ no ho! Ayaresabea ne afie a wɔhwɛ nkwakoraa ne mmerewa wɔ hɔ befi hɔ. Wɔ Paradise no, wɔn a mpanyinyɛ nti wohu amane seesei no benya ahoɔden bio. (Hiob 33:25; Yesaia 35:5, 6) Ayiyɛ, amusiei, ne nkaedum befi hɔ. Yehowa nam n’Ahenni no so ‘bɛmene owu akosi daa.’ (Yesaia 25:8) Nhyira ahorow a ɛte saa no betumi akyerɛ asetra foforo ama yɛne yɛn nananom a wɔawuwu ɔkwan biara so.
[Kratafa 7 mfonini]
Wɔn a wobenyan wɔn aba asase so no bɛyɛ Ahenni no nkoa