Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 8/1 kr. 3-4
  • Sɛ Obi Wu a Ɛhe na Ɔkɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Obi Wu a Ɛhe na Ɔkɔ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tebea bɛn na awufo wom?
  • Dɛn Ankasa Ne Hell?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Awufo Bɛsɔre!
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Owusɔre​—Ma Henanom, Ne Ɛhe?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Hell Yɛ Beae Bɛn?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 8/1 kr. 3-4

ASƐM A ƐDA SO | OWUSƆREƐ​—ƐBƐBA AMPA?

Sɛ Obi Wu a Ɛhe na Ɔkɔ?

Mpanin ne mmofra gyina funu adaka ho wɔ asiei

“Ná menim sɛ sɛ obi wu a, baabi mmiɛnsa na ɔbɛtumi akɔ: ɔsoro, Ɔbonsam gya mu, anaa ahodwiragya mu anaasɛ mfinimfinibea. Me deɛ na menim sɛ memfata sɛ mɛkɔ soro, nanso na menyɛ ɔbɔnefo saa sɛ mɛkɔ Ɔbonsam gya mu. Ahodwiragya no deɛ na mennim nea ɛkyerɛ, na na mentee ho asɛm wɔ Bible mu da. Nkurɔfo na na akeka ama mate.”​—Lionel.

“Wɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ sɛ onipa biara wu a ɔkɔ soro, nanso na mennye nni. Na menim sɛ sɛ obi wu a na asa, ɔnni anidaso biara bio.”​—Fernando.

Ebia woabisa nsɛm bi te sɛ nea ɛdidi so yi pɛn: ‘Sɛ yɛwu a tebea bɛn mu na yɛkɔ ankasa? Yɛn adɔfo a wɔawuwu no rehu amane wɔ baabi? Yɛbɛsan ahu wɔn bio? Yɛbɛyɛ dɛn ahu nokwasɛm no?’ Yɛsrɛ wo, susu nea Kyerɛwnsɛm no ankasa ka ho. Nea ɛdi kan, momma yɛnsusu nea Bible ka fa owuo ho no ho nhwɛ. Ɛno akyi no, yɛbɛsusu anidaso a Onyankopɔn Asɛm, Bible ma yɛnya no ho.

Tebea bɛn na awufo wom?

MMUAEƐ A BIBLE DE MA: “Ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwuwu; awufoɔ deɛ, wɔnnim biribiara, na wɔnni akatua biara bio, ɛfiri sɛ nnipa nkae wɔn bio. Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ, ɛfiri sɛ adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Adamena mu a worekorɔ no.”a​—Ɔsɛnkafoɔ 9:5, 10.

Sɛ yɛbɛka no tiawa a, Adamena yɛ baabi a wɔsie awufo; ɛyɛ baabi a obi kɔ a ɔnte nka biara anaa ɔrentumi nyɛ biribiara. Sɛn na ɔnokwafo Hiob tee Adamena ase? Da koro pɛ, ɔhweree ne mma ne n’agyapade nyinaa. Afei mpɔmpɔ bɔne bobɔɔ ne ho nyinaa. Ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ: “O sɛ wode me resie Adamena [“hell,” Catholic Douay Version] mu ɛ, sɛ wode me rehunta” nso ɛ. (Hiob 1:13-19; 2:7; 14:13) Ɛda adi sɛ na Hiob nim sɛ Adamena nyɛ hellgya a wɔyɛ nkurɔfo ayayade, efisɛ anka n’amanehunu bɛsen nea na ɔrefa mu no. Mmom na ɔnim sɛ ɛyɛ baabi a ɔrente yaw biara.

Ɔkwan foforo bi wɔ hɔ a yɛbɛtumi afa so ahu tebea a awufo wom. Yɛbɛtumi ahwehwɛ nea Kyerɛwnsɛm no ka wɔ nnipa nwɔtwe a wɔnyanee wɔn firii awufo mu no mu.​—Hwɛ adaka a wɔato din “Bible Ka Nnipa Nwɔtwe a Wɔnyanee Wɔn Ho Asɛm.”

Nnipa nwɔtwe a wɔnyanee wɔn no mu baako mpo anka sɛ na ɔregye n’ani anaa wɔreyɛ no ayayade wɔ baabi. Bere a wɔwuiɛ no sɛ na wɔwɔ baabi a ɛte saa a, wonnye nni sɛ anka wɔbɛka ho asɛm akyerɛ nkurɔfo? Na anka wɔrenyɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu mma obiara nhu? Nanso, wɔnyɛɛ biribiara a ɛte saa ho kyerɛwtohɔ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Ɛda adi sɛ saa nnipa nwɔtwe no anka tebea a wɔkɔɔ mu no ho hwee. Dɛn ntia? Efisɛ na wɔnnim biribiara; ná ɛte sɛ nea wɔada hatee. Nokwarem no, ɛtɔ da a Bible de owuo toto obi a wada hatee ho. Sɛ nhwɛso no, ɛka sɛ ɔnokwafo Dawid ne Stefano nyinaa ‘daa wɔ owuo mu.’​—Asomafoɔ Nnwuma 7:60; 13:36.

Ɛnde anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma awufo? Wɔbɛtumi anyane afiri saa nna hatee no mu?

a Wɔ Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no mu no, wɔkyerɛɛ Hebri asɛmfua “Sheol” ne Hela asɛmfua “Hades” ase sɛ “Adamena.” Bible nkyerɛaseɛ afoforo bi kyerɛ asɛmfua no ase sɛ “hell,” nanso adwene a nkurɔfo kura sɛ ɛyɛ baabi a wɔyɛ abɔnefo a wɔawu no ayayade wɔ ogya mu no nyɛ Bible nkyerɛkyerɛ.

BIBLE KA NNIPA NWƆTWE A WƆNYANEE WƆN HO ASƐMb

Ɔbaa kunafo bi babarima Odiyifo Elia nyanee ɔbaa kunafo bi a na ɔfiri Sarefat a ɛwɔ Israel atifi fam no babarima.​—1 Ahemfo 17:17-24.

Abarimaa a ɔfiri Sunem Elia nanmusini odiyifo Elisa nyanee abarimaa bi wɔ Sunem, na ɔde no maa n’awofo.​—2 Ahemfo 4:32-37.

Ɔbarima bi a wɔtoo no twenee amusiei Ntɛmpɛ nti wɔtoo ɔbarima bi a na wɔrekɔsie no no amu twenee adamena a na Elisa nnompe gu mu no mu. Bere a ɔbarima no funu kaa odiyifo no nnompe no, ɔbarima no nyane baa nkwa mu.​—2 Ahemfo 13:20, 21.

Ɔbaa kunafo a ɔfiri Nain no babarima Bere a Yesu duu Nain kurotia no, ɔhyiaa nnipadɔm bi a wɔrekɔsie aberante bi a wawu, na Yesu gyinaa wɔn, na ɔnyanee aberante no de no maa ne maame a ɔresu no.​—Luka 7:11-15.

Yairo babaa Yairo a ɔyɛ hyiadan mu panin no srɛɛ Yesu sɛ ɔmmra mmɛsa ne babaa yareɛ. Bere a abaayewa no wui no, ankyɛ koraa na Yesu kɔnyanee no.​—Luka 8:41, 42, 49-56.

Lasaro, Yesu adamfo pa Ná Lasaro awu nnanan, na Yesu kɔnyanee no maa nnipadɔm bi hui.​—Yohane 11:38-44.

Dorka Ɔsomafo Petro nyanee ɔbaa kunafo a na nkurɔfo pɛ n’asɛm no, efisɛ na nnwuma pa ne adɔeɛ ayɛ no ma.​—Asomafoɔ Nnwuma 9:36-42.

Eutiko Aberante Eutiko firi abansoro mfɛnsere mu bɛhwee fam wui, na ɔsomafo Paulo nyanee no baa nkwa mu bio.​—Asomafoɔ Nnwuma 20:7-12.

b Owusɔreɛ a ɛho hia paa ne Yesu Kristo deɛ no, na ɛyɛ soronko koraa wɔ owusɔreɛ nwɔtwe a yɛaka ho asɛm yi ho. Asɛm a ɛdi so yi bɛma yɛahu nea enti a ɛte saa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena