Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 5/1 kr. 6-10
  • So “Asɛmpa” No Mu Dennen!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So “Asɛmpa” No Mu Dennen!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • OWUSƆRE HO ANIDASO NO
  • ƆSORO OWUSƆRE NO
  • “OBIARA WƆ N’ANKASA NE DIBEA MU”
  • KUW A WƆADOM WƆN
  • NEA ƐHO HIA TITIRIW
  • Owusɔre—Nkyerɛkyerɛ A Ɛfa Wo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Ahenni No ne Owusɔre Ho Anidaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Owusɔre No Bɛba Mu Ɔkwan Biara So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Owusɔre Anidaso No Wɔ Tumi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 5/1 kr. 6-10

So “Asɛmpa” No Mu Dennen!

“Muso mu dennen . . . a, ɛnna ɛne no, anyɛ saa de a, na moagye adi kwa.”​—1 Korintofo 15:2

1. Dɛn nti na Paulo kaa owusɔre no ho asɛm anibere so?

ƆSOMAFO PAULO de owusɔre ho nsɛm a ahoɔden wom wiee ne krataa a edi kan a ɔde kɔmaa Korintofo no. Dɛn nti na ɔkaa owusɔre no ho asɛm anibere so saa? Biribi a na ɛho hia saa bere no ntia. Na wiase a amimdi ne ɔporɔw wom atwa saa Kristofo a wɔwɔ Korinto no ho ahyia, na na ebinom mpo ahwe Satan mfiri ahorow mu. Paulo ampɛ sɛ ne nuanom adɔfo no! bɛyɛ wɔn a ‘wɔagye adi kwa,’ efisɛ ɛno bɛkyerɛ wɔn sɛe. Mmom no ná ɔpɛ sɛ wogyina pintinn wɔ “asɛmpa” a ɔka kyerɛɛ wɔn no mu.

2. (a) Dɛn nti na nnɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma den wɔ “asɛmpa” no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔde owusɔre no tõa “nsɛmpa” no mu?

2 Saa ara na nnɛ, yɛte wiase bi a ennim Nyankopɔn mu. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn a ‘yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo no so’ no yɛ adwuma brɛ na yɛpere wɔ “asɛmpa” no ho. (1 Timoteo 4:10) Nnɛ saa “asɛmpa” yi twe adwene si “ahenni a ɛyɛ yɛn Awurade [Yehowa] ne Kristo no de” a wɔde asi hɔ no so. Ɛdenam owusɔre so na Kristo Yesu no ne mfɛfo ahene 144,000 no nya saa ahenni, ɔsoro Bepɔw Sion no. Afei nso, ɛdenam owusɔre so na adesamma mu nnipakuw kɛse no benya asase so atra wɔ Ahenni no ase. (Adiyisɛm 11:15; 14:1; 20:12) Enti, owusɔre no bɛyɛ “asɛmpa” no fã titiriw.

OWUSƆRE HO ANIDASO NO

3. Ɔkwan bɛn so na owusɔre nkyerɛkyerɛ no bɔ ɔkra a enwu da abira?

3 Afei, dɛn ne saa owusɔre ho anidaso yi? Ɛnyɛ anidaso a egyina ɔkra a wosusuw sɛ enwu da so sɛnea wiase atoro som ahemman no kyerɛkyerɛ wɔ Kristoman mu ne akyi no. Dabi, ɛyɛ anidaso ma akra a wowu! Asɛmfua “owusɔre” (Hela an.as’tas.is) no pue bɛyɛ mpɛn 40 wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Ɛkyerɛ nkwa mu bio a wɔsɔre ba. Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsɔre aba nkwa mu bio no, ɛsɛ sɛ onii no yɛ obi a wawu ansa, efisɛ nkwa bɔ owu abira.​—Deuteronomium 30:19, 20; Yesaia 38:17-19.

4. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yudafo a wodii kan no gyee asase so owusɔre dii na ɛnyɛ ɔdesani kra a enwu mmom?

4 Ɔdesani kra a enwu da nkyerɛkyerɛ biara nni Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Nsusuwii yi yɛ nea ná Yudafo nnim koraa. Nanso, nneɛma pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ eyinom gyee asase so owusɔre dii. Ɛda adi sɛ ɛno nti na wosusuwii sɛ ebia ná Yesu yɛ Yohane suboni no, Yeremia anaa adiyifo no mu biako’ a wasɔre no.​—Mateo 16:14.

5. Nea ɛne Onyankopɔn atirimpɔw hyia no, dɛn na Abraham ne Onyankopɔn tete nkoa afoforo hwɛɛ kwan?

5 Bere a waka Habel, Henok, Noa ne Abraham fifo gyidi ho asɛm akyi no, ɔsomafo Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ: “Gyidi so na eyinom nyinaa wuwui a wɔn nsa anka bɔhyɛ no na mmom wohui akyirikyiri nko gye dii yɛɛ no atuu kae sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo asase so.” Wɔhwɛɛ owusɔre a ɛbɛba asase so wɔ “kurow a ɛwɔ nhyɛase”​—Onyankopɔn ahenni a ɛnam Mesia so no nniso ase kwan. Bere a wɔsɔɔ no hwɛe sɛ ɔmfa Isak mmɔ afɔre no, ɔnokwafo Abraham ‘susuwii sɛ Onyankopɔn betumi anyan no afi awufo mu po.’ Afei nso, Abraham gyee bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ no no dii sɛ “w’a- sefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa.” Nyansam no, ɛho hia sɛ wonyan nnipa dɔm kɛse a wofi saa amanaman no mu no na wɔatumi anya nhyira horow yi denam saa ‘aseni’ no so.​—Genesis 22:18; Hebrifo 11:4-19.

6. Dɛn na Hiob ne Kora mma no nsɛm no kyerɛ wɔ owusɔre no ho?

6 Akyiri yi, mudi mu kurafo Hiob bisae sɛ: “Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio?” Hiob gye dii sɛ ná onipa betumi. Na ɔdaa saa gyidi no adi denam ka a ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa no nsie wɔ Sheol (adesamma nyinaa adamoa no mu) na ɔnkae no wɔ bere bi a wɔahyɛ akyi no so. (Hiob 14:13-15) Wɔ Dwom 45:16 no, Kora mma no hyɛɛ nkɔm sɛ Mesia no benya “mma” a ɔde wɔn besisi “asase nyinaa so ahene,” wɔ ne mfirihyia apem ahenni bere no mu. Wɔn a wɔbɛka saa “mma” yi ho ne ne ‘tete agyanom’ a wɔfata a ɔbɛba abɛyɛ wɔn agya denam awufo mu a obenyan wɔn afi so no.​—Mateo 1:1-16; Luka 3:23-38.

7. (a) Ɔkwan bɛn so na adiyifo no nhoma ahorow no boa asase so owusɔre ho anidaso no? (b) Dɛn nti na Daniel ne afoforo a wobenyan wɔn no bɛyɛ “owusɔre a eye kyɛn so“?

7 Adiyifo a honhom kaa wɔn no nso kaa owusɔre no ho asɛm, a wɔtee ase sɛ ɛyɛ asase so de. (Yesaia 25:8; 26:19; Hosea 13:14) Bere a Daniel a na wabɔ akora no rebewu no onyaa bɔhyɛ no sɛ: “Na woakɔhome na woasɔre akonya wo kyɛfa, nna a edi akyiri no mu.” (Daniel 12:13) Daniel a ‘ɔnam gyidi so. . . siw agyata [mpo] ano,’ no hwɛɛ “owusɔre a eye kyɛn so” kwan. Eyi bɛyɛ owusɔre a wonya ba nkwa mu wɔ Onyankopɔn ahenni a wɔde asi hɔ no ase, a ɛnte sɛ nea Elia, Elisa, Yesu ne asomafo no yɛe a wonyan nkurɔfo a akyiri yi wɔsan wuwui bio no.​—Hebrifo 11:33, 35.

8. Owusɔre ho adwene bɛn na nnipa a Yohane somaa wɔn no ne Marta nyae?

8 Yesu fii ne som adwuma no ase akyi no, osuboni Yohane a na wɔde no ato afiase no somaa abɔfo kobisaa Yesu sɛ ɔno ankasa ne Mesia no. Bere a wasa nyarewa ahorow anwonwa kwan so bio akyi no, Yesu see wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔka nea moahu ne nea moate nkyerɛ Yohane sɛ: Anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔreka asɛmpa akyerɛ ahiafo.” (Luka. 7:19-23) Enti, ná Yesu renna no adi sɛ ná ɔne Mesia no nko na mmom na ɔrehyɛ gyidi den wɔ nea ɔbɛyɛ denam n’ahenni no so nso, a awufo mpo a obenyan wɔn ka ho. Saa nkurɔfo no tee eyi ase sɛ ɛyɛ asase so owusɔre. Marta nso saa ara, bere a akyiri yi ɔka kyerɛɛ Yesu wɔ Lasaro a na wawu no ho sɛ, “Minim sɛ owusɔre mu, da a edi akyiri no, ɔbɛsɔre” no.​—Yohane 11:24.

ƆSORO OWUSƆRE NO

9. Ɛyɛɛ dɛn na Lasaro tumi nyaa ɔsoro owusɔre ho anidaso?

9 Sɛ Yesu annyan Lasaro saa bere no a, anka n’anidaso bɛyɛ asase so de ampa. Nanso Yesu yɛɛ saa anwonwade no, nyan Lasaro fii awufo mu bere tiaa mu. Akyinnye biara nni ho sɛ ná Lasaro te ase wɔ Pentekoste da, 33 Y.B. mu ne ɛno akyi, na eyi bɛkyerɛ ɔdom foforo bio a onya fi n’Awurade no hɔ. Efisɛ saa Pentekoste da no ná Onyankopɔn honhom no bɛwo no ma wanya ɔsoro asetra ho anidaso, a ɔhwɛ kwan sɛ obenya ɔsoro owusɔre. Ɛyɛɛ dɛn na saa hokwan yi buei?

10. Adwene a ɛnteɛ bɛn na ɛsɔree wɔ Paulo bere so, nanso ɔkwan bɛn so na ɔkyerɛe sɛ eyi nteɛ?

10 Wɔ ne krataa a edi kan a ɔde kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Korinto no mu no, ɔsomafo Paulo ka owusɔre no ho asɛm. Ná ebinom a wɔwɔ asafo no mu regye akyinnye sɛ “awufo sɔre nni hɔ.” Ɛda adi sɛ na wɔanya adwene no sɛ Kristofo a wɔte ase anya honhom mu “owusɔre” ‘bi dedaw, na ebia na ebinom de eyi ne Plato ɔkra a enwu da ho nkyerɛkyerɛ no refrafra. Sɛnea wɔn ntease a na ɛnteɛ no mu nsɛm te biara no, Paulo hui sɛ ɛfata sɛ ‘ɔde wɔn gyina wɔn afã’ denam sɛnea ɔkyerɛkyerɛ owusɔre ho nokware nkyerɛkyerɛ no mu ahoɔden so, si ‘asɛmpa a wɔnam so gye wɔn nkwa’ no so dua no so.​—1 Korintofo 15:1, 2, 12.

11. Ɔkwan bɛn so na wɔde “asɛmpa” no tõa owusɔre ho anidaso no mu?

11 Dɛn ne saa “asɛmpa” yi? Ɛfa Kristo no ho, Paulo de nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Kristo wui, wosiee no, wonyan no, ne sɛ odii kan yii ne ho adi kyerɛɛ Kefa (Petro) , afei ɔnam akwan ahorow so yii ne ho adi kyerɛɛ nnipa 500 ne afoforo pii, ne awiei koraa no Paulo ankasa, no ka “nsɛm a edi kan” a ehia mo ho. Ampa, na wɔanyan Kristo wɔ honhom mu! (1 Petro 3:18) Sɛnea Paulo sii so dua mprenu no, saa nsɛm a ɛyɛ nkanyan yi, “sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no,” ná ɛrehyɛ nea ná Yehowa asɛm ahyɛ ho nkɔm a ɛfa Mesia no ho nyinaa mu den. Anka yɛn gyidi bɛyɛ hunu, sɛ ɛnyɛ nea egyina Yesu Kristo owusɔre ho nokwasɛm no so a.​—1 Korintofo 15:3-8, 17.

“OBIARA WƆ N’ANKASA NE DIBEA MU”

12. Ɔkwan bɛn so na Kristo ba bɛyɛ “aba a edi kan”?

12 Bio, ɔsomafo no de owusɔre no tõa Yehowa ahenni no atirimpɔw ahorow mu. Wɔ gyidi mu no Paulo bɔ dawuru sɛ: “Afei de, wɔanyan Kristo afi awufo mu ayɛ wɔn a wɔadeda no mu aba a edi kan.” Sɛ Kristo yɛ “aba a edi kan” a, ɛnde ɛsɛ sɛ afoforo nso a wonyan wɔn wɔ hɔ, “nanso obiara wɔ n’ankasa ne dibea mu.” Ɛsɛ sɛ afoforo twɛn kosi bere a Kristo bɛba Ahenni tumi mu, bere a ogyefo, Yesu Kristo, fi ase sɛ ɔbɛma wɔn a ‘wowu’ anaasɛ wɔawuwu esiane bɔne a wonya fii Adam mu nti no ‘anya nkwa’ no.​—1 Korintofo 15:20-23.

13. Ɔkwan bɛn so na owusɔre no kɔ so sɛnea obiara “dibea” te?

13 Kristo akyi no, wɔn a wonyan wɔn wɔ ‘wɔn ankasa dibea mu’ no bɛyɛ 144,000 Ahenni adedifo a wɔasra wɔn, a wɔadi Yesu anammɔn akyi akodu owu mu no. Saa owusɔre yi fi ase “wɔ ne ba a waba [Hela, parousia],” a efii ase wɔ afe 1914 mu no mu. Kristo honhom mu “anuanom” no nkaefo kakraa bi da so ara resom wɔ asase so, na saa ara na wobenyan eyinom nso wɔ saa “tebea” yi mu., “afrɛ so” wɔ wɔn desani wu mu. Enti wɔbɛboa wɔn a wɔyɛ “Onyankopɔn [honhom mu] Israel” no nyinaa ano akɔ ɔsoro ahenni no mu.​—1 Korintofo 15:22, 23, 50-52; Hebrifo 2:10-13; Adiyisɛm 7:4-8; Galatifo 6:16.

14. Ɔkwan bɛn so na Paulo yɛ ɔsoro owusɔre no ho mfatoho?

14 Ɔsomafo no yɛ Kristofo a wɔde honhom awo wɔn no wu ne wɔn wusɔre ho mfatoho fɛfɛɛfɛ. Ɔyɛ eyi denam ntotoho a ɔde awifua anaa biribi a ɛte saa, no wu, a emu na foforo fefɛw fi no so. Yiw, nipadua a “wodua no porɔwee mu” no “ebenyan nea ɛmporɔw mu” Awurade Yesu Kristo ‘no suban.’​—1 Korintofo 15:35-49.

15. Ɛhe na wobenya “owusɔre a eye kyɛn so” no, na henanom na wɔka ho?

15 Nanso, so 144,001, a Kristo ka ho, no nkutoo ne wɔn a wobenyan wɔn wɔ ɔkwan a ɛfata so? Ɛnte saa koraa! Efisɛ Hebrifo 11:40 ka kyerɛ yɛn sɛ wɔn wusɔre no kɔ “biribi a eye kyɛn so” mu, ɔsoro honhom mu atrae. Eyi ye kyɛn dɛn? Ɛdɛn, eye kyɛn nea wonya wɔ owusɔre a edi hɔ no mu no! Wɔn a ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ka saa owusɔre yi ho ne wɔn a wɔbɛyɛ wɔn “asase nyinaa so ahene,” a ntease mu no wɔbɛka wɔn a wobedi kan anyan wɔn asase so wɔ Yehowa nkonimdi wɔ Harmagedon ko no akyi no ho no. Enti wobetumi adi asɛyɛde a wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho dwuma wɔ “asase foforo”​—Onyankopɔn nkurɔfo teokrase abusua wɔ asase a ɛso tew so​—no so. Wɔn de no yɛ “owusɔre a eye kyɛn so,” efisɛ ɛba wɔ Onyankopɔn ahenni no ase, na wɔhwɛ kwan sɛ wɔn a wobenyan wɔn no benya daa nkwa. Wɔ saa bere yi kuw no mu no yɛhwɛ kwan sɛ yebehu Kristofo anokwafo a wɔahyira wɔn ho so a nnɛ wɔwɔ asase so anidaso na wowuwu wɔ akwan ahorow ahorow so ansa na “asase foforo” no reba no.​—Yesaia 32:1; Adiyisɛm 16:14, 16; 21:1, 3, 4.

KUW A WƆADOM WƆN

16. Kuw foforo bɛn na wonya ɔdom tititiriw, na hokwan ahorow bɛn na eyinom nya mu kyɛfa?

16 Nanso, kuw biako bi wɔ hɔ a wɔadom wɔn titiriw. Na eyi bɛyɛ henanom? Wɔne “nnipakuw kɛse” a ɔsomafo Yohane ‘ka wɔn ho asɛm pii wɔ Adiyisɛm 7:9-17 no. Wɔn anidaso ne daa nkwa wɔ “asase foforo” no so. sɛ́ kuw no wotwa “ahohiahia kɛse” no a ɛho nhia sɛ wowu. Hokwan a ɛsom bo bɛn ara na eyinom nya esiane ‘wɔn ntade a wɔa- hohoro ama ahoa Oguammaa no mogya mu’ nti! Wɔ “nna a edi akyiri” no bere a etwa to a ɛho hia kɛse yi mu a ɛsɛ sɛ wodi amanaman ne nkurɔfo a wɔwɔ asase so adanse kɛse no, wohu saa “nnipakuw kɛse” a wɔn dodow boro 2,300,000 mprempren no sɛ wɔde “ɔsom kronn” a ɛte sɛɛ rema wɔ Yehowa nhyehyɛe ma ɔsom no asase so adiwo. “Ahohuru” a ɛyɛ ɔsoro atemmu biara rento saa “nnipakuw kɛse” yi. Na dɛn ntia? Efisɛ “Oguammaa [Yesu Kristo] a ɔwɔ [ɔsoro] ahengua no mfinimfini no bɛyɛn wɔn, na ɔde wɔn akɔ nkwa asuti ho, na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu.”

17. (a) Anigye bɛn na ɛwɔ hɔ ma ‘nnipakuw kɛse no? (b) Ɔkwan bɛn so na owusɔre anwonwade no bɛkɔ so akodu n’awiei?

17 Ampa “nnipakuw kae” no ani begye bere a wɔkɔ asase a ɛso tew no so na wɔma anokwafo a wɔanyan wɔn akwaaba no. Afei nso, wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ, ne nnidiso mu no, adesamma ɔpepepem pii a wɔwɔ “ada mu” no bɛsɔre aba asase so wɔ nnipa nyinaa wusɔre mu. (Yohane 5:28, 29; Adiyisɛm 20:12) Bere a “asase foforo” no sofo fi ase di dwuma, na Kristo ne ne mfɛfo ahene no de ne ogye afɔre no mu mfaso horow di dwuma de sa adesamma yare na wobedu pɛyɛ mu wɔ adwene ne nipadua mu no, hwɛ ahurusi ara a adesamma mmusua horow a wɔwɔ anigye na wɔaka abom no bedi!​—Yesaia 65:17, 18; 2 Petro 3:13.

18. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn atirimpɔw kɛse wɔ yɛn asase yi ho no bɛbam koraa?

18 Mfirihyia apem betwam te sɛ da koro, wɔ Yehowa ani so. (2 Petro 3:8) Adesamma a wɔyɛ pɛ bɛhyɛ asase so ma, sɛnea Yehowa bɔɔ ne tirim bere a odii kan bɔɔ onipa bɛyɛ mfirihyia 7,000 a atwam no. Ne mfe 7,000 “da” a ɔde ahome no bɛba awiei, na ná ɛnyɛɛ ɔkwa, efisɛ ná n’atirimpɔw kɛse wɔ yɛn asase yi ho no abam. Afei dɛn?

19. Dɛn na ɛba bere a wɔatu”ɔtamfo a odi akyiri” no agu akyi no?

19 Ɔsomafo Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ansa na awiei no di hɔ a [Kristo] de ahenni no bɛhyɛ Agya Onyankopɔn nsa, na watu ahenni ne ahoɔden ne tumi [a ɛsɔre tia] nyinaa agu no. Na etwa sɛ odi hene kosi sɛ ɔde atamfo no nyinaa begu ne nan ase. ɔtamfo a odi akyiri a obetu no agu no ne owu. . . . Ɛno na ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa mu ade nyinaa.” (1 Korintofo 15:24-28) Afei wobegyaa Satan, sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Adiyisɛm 20:7-10 no, ma wabɛsɔ ankorankoro a wɔayɛ pɛ no mudi ahwɛ. Afei ɔno, ne wɔn a ebia wobedi n’akyi no, wɔbɛtow wɔn agu sɛnkyerɛnne kwan so “ogya tare” no mu, a ɛkyerɛ daa ɔsɛe.

20. Akwanhwɛ a anuonyam wom bɛn na adesemma behyia bere a Onyankopɔn homeda no ba awiei no?

20 Afei a Onyankopɔn da a ɔde “home fii n’adwuma. . . nyinaa” a ɛfa asase so abɔde ho no aba awiei no, akyinnye biara nni ho sɛ obefi ase ayɛ nnwuma afoforo a ɛbɛkɔ so akosi daa nyinaa. Asetra renyɛ mfonoe da, bere a asase sotefo a wɔwɔ anigye no te nka bere nyinaa sɛ wɔwɔ mmerantebere mu ahoɔden, na wonya dwumadi biara a atirimpɔw Nyankopɔn no de hyɛ wɔn nsa sɛ wɔnyɛ mu kyɛfa no.​—Genesis 2:3; Yesaia 66:22.

NEA ƐHO HIA TITIRIW

21. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya mfaso afi Paulo asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 15 no mu?

21 Ɛsɛ sɛ ‘yeso asɛmpa no mu dennen’ a owusɔre ho anidaso no ka ho, efisɛ owusɔre no yɛ nea ɛho hia titiriw ma Onyankopɔn nkoa nyinaa. Mmarima ne mmea gyidifo a wɔtraa ase tete mmere mu no gyee asase so owusɔre dii, na wɔhwɛɛ kwan. (Hebrifo 11:13-16) Wonyan Kristo Yesu sɛ owusɔre mu “aba a edi kan,” sɛnea nnipa ɔhaha pii a wohui dii ho adanse no. Kristofo a wɔasra wɔn a wɔde honhom awo wɔn ‘aka asɛm no wiase abɔde nyinaa mu,’ wɔ asomafo no bere so ne nnɛyi nso, enti “asɛmpa” a ɛfa owusɔre ho no atwa asase ho ahyia. (Kolosefo 1:23) Na bere a nkaefo a wɔasra wɔn no wie wɔn asase so adwuma ma wokonya wɔn soro akatua no, “nnipakuw kɛse” nso a wɔwɔ daa nkwa wɔ asase so ho anidaso, so Ahenni no ho “asɛmpa” dawuru a wɔbɔ no mu.​—-Mateo 24:14.

22. Afotu a edi awiei bɛn na Paulo de ma wɔ ne krataa no mu, na dɛn nti na yɛwɔ ntease biara a enti ɛsɛ sɛ yedi akyi?

22 Hwɛ hokwan ara a saa akuw yi nyinaa anya bere a wodu wɔn botae ahorow ho, obiara wɔ n’afã, anaasɛ ne dibea mu no! Ampa, ɛnnɛ, yɛwɔ ntease biara a enti ɛsɛ sɛ yedi Paulo afotu a ɛka ho bio no akyi: “Monwɛn, munnyina gyidi mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den. Monyɛ mo ade nyinaa ɔdɔ mu.” (1 Korintofo 16:13, 14) Enti yɛbɛyɛ wɔn a wogye di wɔ atirimpɔw pa mu.

WUBETUMI ABUA NEA EDIDI SO YI?

◼ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ mmarima ne mmea a wɔwɔ gyidi a wɔtraa ase tete mmere mu no hwɛɛ owusɔre wɔ asase so kwan?

◼ Wɔ Kristo a ɔyɛ “aba a edi kan” no akyi no, baahe bio na wonya ɔsoro owusɔre a “obiara wɔ n’ankasa ne dibea mu” no mu kyɛfa?

◼ Bere bɛn, na akuw ahorow bɛn mu, na asase so owusɔre no ba?

◼ Ɔkwan bɛn so na wɔdom kuw biako titiriw ma wonya nkwa wɔ asase so a wonhia owusɔre?

◼ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ na yɛanyɛ wɔn a ‘wɔagye adi kwa’?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

WIASE ATORO SOM AHEMMAN NO ANIDASO GYINA PLATO NKYERƐKYERƐ A ƐNE SƐ AKRA NYINAA NWU DA NO SO

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]

NOKWARE KRISTOSOM KURA ANIDASO A EGYINA BIBLE SO NO MU SƐ WOBENYAN AKRA A WƆAWUWU AFI ADAMOA MU

[Kratafa 6 mfoni]

“Asɛmpa” no twe adwene si Onyankopɔn ahenni denam Kristo so, anidaso ma paradise a wɔbɛsan de asi yɛn asase yi so no so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena