Dwom A Ɛyɛ Tiaa Sen Biara—Nea Ɛhyɛ Yehowa Ayeyi Ho Nkuran
DWOM 117 na ɛyɛ tiatiaa koraa wɔ nnwom ahorow 150 a efi honhom mu no mu. Ɛkenkan sɛ: “Amanaman nyinaa, munyi Awurade [Yehowa] ayɛ, aman nyinaa, monkamfo no. Na n’adɔe so yɛn [Israelfo] so, na Awurade [Yehowa] nokware wɔ hɔ daa. Munyi Awurade [Yehowa] ayɛ.”
Saa ayeyi nwom yi yɛ nea wɔde to nsa frɛ amanaman nyinaa sɛ wonyi Yehowa ayɛ esiane sɛ wɔahu ɔkwan a ɛyɛ nwonwa a wafa so ne ne man Israel adi nti. Ɔkwan a ɔfaa so ne wɔn dii no da no adi sɛ Onyankopɔn a ɔfata ayeyi ne nkamfo.
Wɔ Israelfo no bɔne ne wɔn mmerɛwyɛ ahorow a ɛda adi wɔ wɔn ho mpɛn ahorow pii no nyinaa akyi no, Yehowa yii ayamye ne mmoborohunu adi. Ɔde ne ho fam bɔ a ɔhyɛɛ Abraham sɛ ‘enam n’aseni so na wobehyira asase so amanaman nyinaa’ no ho. (Gen. 22:18) Yehowa Nyankopɔn antow ne man Israel ankyene wɔ saa mfehaha no nyinaa mu de kosii sɛ awiei no aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no bae. Enti ɔdaa ne ho adi sɛ Onyankopɔn a ɔwɔ adɔe. Oyii nokwaredi nso adi denam ne bɔhyɛ asɛm no a ɔma ɛbaa mu no so. Sɛ nhwɛso no, Yosua kaee Israelfo no sɛ: “Na munhu mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ, asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a Awurade [Yehowa] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.”—Yos 23:14.
Bere a Yesu Kristo a ɔyɛ aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no bae pɛ na bere dui sɛ amanaman nyinaa beyi Yehowa ayɛ. Eyi ne asɛm titiriw a ɔsomafo Paulo sii so dua bere a ɔkyerɛw krataa kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Roma no: “Kristo ayɛ twetiafo somfo de akyerɛ Onyankopɔn nokware sɛ ɔbɛhyɛ bɔ a wɔahyehyɛ agyanom no mu den; na Onyankopɔn mmɔborohunu nti amanaman ahyɛ no anuonyam, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Eyi nti mɛkamfo wo amanaman mu, na mato dwom ama wo din. Ɔkae bio sɛ: Mo amanaman, mo ne ne man nni ahurusi! Na bio: Mo amanaman nyinaa nyi Awurade [Yehowa] ayɛ, na mo aman horow nyinaa nkamfo no!”—Rom. 15:8-11.
Bere a Yehowa Nyankopɔn ne Israelfo no nkutoo dii mfehaha pii no na ɔreyɛ nhyehyɛe a wɔbɛfa so ahyira amnaman nyinaa denam Abraham aseni, titiriw, Yesu Kristo so. Esiane sɛ Yesu de ne nkwa mae sɛ afɔrebɔde nti, nnipa a wofi amanaman nyinaa mu betumi anya bɔne fafiri na wɔanya gyinabea a ɛfata wɔ ɔsorosoroni no anim. Wɔ nokwarem no, ɛnde na nnipa a wofi amanaman nyinaa mu no wɔ nea wobegyina so ada Yehowa ase esiane n’adɔe ne ne nokwaredi a wafa so de aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no ama sɛ Abraham honam fam aseni nti.