“Hena na Ɔwo Obosu a Ɛsosɔ?”
AFEHA a ɛto so 19 mu sɛnkyerɛwfo bi kaa obosu ho asɛm sɛ “asase abohene nsunsu a mframa na ɛde ba.” Yɛn Bɔfo no bisaa tete agya Hiob sɛ: “Hena na ɔwo obosu a ɛsosɔ?” (Hiob 38:28) Ná Onyankopɔn rekae Hiob sɛ obosu a ɛsom bo no fi Ne hɔ.
Sɛ yɛde hyerɛn a obosu hyerɛn fɛfɛɛfɛ te sɛ abohene no to nkyɛn a, wɔsan de ka nhyira, abasow, ade dodow ne nkwagye ho asɛm wɔ Bible no mu. (Genesis 27:28; Deuteronomium 33:13, 28; Sakaria 8:12) Bere a na ɔhyew wɔ Israel, na osu ntɔ no, “Hermon bosu” bɔɔ asase no so afifide ne ɛsotefo ho ban. Hermon bepɔw so kwae ne atifi sukyerɛmma no da so ara ma huruhurow dan yɛ bosu pii anadwo. Odwontofo Dawid de ahomeka a obosu yi de bae no totoo anigye a yenya fi biakoyɛ mu a yɛne yɛn mfɛfo Yehowa asomfo bom tra mu no ho.—Dwom 133:3.
Ná odiyifo Mose akwankyerɛ a ɔde maa Israel yɛ bɔkɔɔ na ahomeka wom, te sɛ obosu a ɛsosɔ. Ɔkae sɛ: “Me kasa ngu sɛ obosu, sɛ wura so nsuwɔnsea ne nhaban so nyankommeremmere.” (Deuteronomium 32:2) Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo reka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a ɛma nkwa no wɔ asase ano. (Mateo 24:14) Onyankopɔn to nsa frɛ yɛn sɛ: “Bra! Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.” (Adiyisɛm 22:17) Nnipa ɔpepem pii a wofi aman nyinaa mu regye ɔfrɛ a ɛma honhom fam ahome a efi Onyankopɔn nkyɛn, na ebetumi ama daa nkwa yi so.