Yehowa Fata Daa Ayeyi
“Mehyira wo daa nyinaa, na meyi wo din ayɛ daadaa.”—DWOM 145:2.
1. Dɛn nti na na Dawid wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ ogyina so yi Yehowa ayɛ?
NA YEHOWA akoa nokwafo Dawid wɔ nneɛma pii a obegyina so ayi Onyankopɔn ayɛ. Ná tete Israel hene a na wagye din pii yi nim Yehowa kɛseyɛ ne ne papayɛ, na ohui sɛ N’ahenni wɔ hɔ daa. Ɔsorosoroni no fata ayeyi efisɛ ɔma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ na ohu ne nkoa anokwafo nyinaa mmɔbɔ.
2. (a) Wɔahyehyɛ Dwom 145 dɛn? (b) Nsemmisa bɛn na yebesusuw ho?
2 Dawid de ayeyi a ɛte sɛɛ maa Onyankopɔn wɔ Dwom a ɛto so 145 no mu. Hebri nkyerɛwee no mu nkyerɛwde a wɔahyehyɛ no nnidiso nnidiso no mu biako biara na efi dwom yi nkyekyem no mu biara ase, ɛwom sɛ wɔamfa kyerɛwde biako (nun) anka ho de. Ebia sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakae nti na wɔhyehyɛɛ no saa. Dwom 145 no de nsɛm a edidi so yi na eyi Yehowa ayɛ sɛ: “Mehyira wo daa nyinaa, meyi wo din ayɛ daadaa.” (Dwom 145:2) Nanso ɔkwan bɛn so na dwom yi betumi aka yɛn? Dɛn na ebetumi ayɛ ama yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no? Sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu no, momma yenni kan nsusuw nkyekyem 1 kosi 10 ho.
Yehowa Kɛseyɛ mu Nni Hwehwɛbea
3. Te sɛ Dawid no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ‘ma yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ Ɔhene’ no, na dɛn ntia?
3 Ná Dawid yɛ ɔhene de, nanso ogyee tumi a Yehowa di wɔ ne so toom sɛ: “Mɛma wo so, me Nyankopɔn, Ɔhene, na mehyira wo din daadaa.” (Dwom 145:1) Yehowa Adansefo de obu a ɛte saa ara ma Onyankopɔn din so na woyi no ayɛ wɔ asase so nyinaa. Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ adeyɛ a ɛte sɛɛ mu a, anigye hyɛ yɛn asetra ma. Te sɛ Dawid no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ osetie na yɛbrɛ yɛn ho ase ma Yehowa sɛ ‘yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ Ɔhene.’ Na dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa? Ɔno ne ‘Ɔhene a ɔte hɔ daa.’ (Adiyisɛm 15:3) Bio nso, Dawid Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo, a efi 1914 no, ofi Bepɔw Sion a ɛwɔ soro so di hene no yɛ nhwɛso fɛfɛ ma yɛn wɔ Yehowa a yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ama no sɛ Daa Hene no mu.
4. Ɔkwan bɛn so na yɛbɛtumi ‘ahyira Onyankopɔn din’?
4 Dawid kae sɛ ‘obehyira Onyankopɔn din.’ Ɔkwan bɛn so na ɔdesani kɛkɛ betumi ayɛ eyi? Wiɛ, nea ɛka nneɛma afoforo ho no, obi a wobehyira no kyerɛ sɛ wɔbɛka ne ho asɛmpa. Onyankopɔn din a yebehyira no kyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ a emu yɛ den ma ɔno ne ne din kronkron Yehowa no. Yenwiinwii ntia Onyankopɔn da, yennyaa ne ho mfomso da, yennyaa ne papayɛ ho asɛm da. Sɛ yɛwɔ saa su yi, ahyira yɛn ho so ama Yehowa, na yekura yɛn mudi mu sɛ n’Adansefo a wɔabɔ wɔn asu nkutoo a, na yebetumi ne Dawid aka sɛ ‘yebehyira Onyankopɔn din daadaa.’ Sɛ yɛtra Onyankopɔn dɔ mu a, yebenya daa nkwa akyɛde no, na yɛnam saayɛ so atumi ahyira Yehowa akosi daa.—Yuda 20, 21.
5. Ɛsɛ sɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebehyira Yehowa “daa” no ka yɛn dɛn?
5 Sɛ yɛdɔ yɛn Nkwa Mafo no ampa a, yɛne Dawid bɛka sɛ: “Mehyira wo daa nyinaa, na meyi wo din ayɛ daadaa.” (Dwom 145:2) Sɛ yɛanyi Onyankopɔn ayɛ a, hwɛ sɛnea ɛda no bɛyɛ nea mfaso biara amfi mu amma! Ɛmmra sɛ yɛremma ɛmma da sɛ yɛbɛyɛ wɔn a wonni adagyew koraa, anaasɛ yedwen honam fam nneɛma ho araa ma yentumi nka yɛn soro Agya no ho asɛmpa anaasɛ yɛmmɔ no mpae da biara. Ná Yesu kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae da biara bere a ɔkae wɔ ne nhwɛso mpaebɔ no mu sɛ: “Ma yɛn yɛn daa aduan daa!” (Luka 11:3) Nnipa pii a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma no mu no yi Onyankopɔn ayɛ da biara bere a wɔde wɔn ho hyɛ Kristofo som adwuma no mu no. Nanso sɛnea yɛn nsɛm tebea horow te biara no, ɛsɛ sɛ yɛn koma ka yɛn ma yeyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ɔkwan bi so da biara. Na susuw ho hwɛ! Sɛ Yehowa Adansefo a yɛahyira yɛn ho so a yɛwɔ anidaso sɛ yebenya daa nkwa no, yɛwɔ anidaso kɛse a ɛne sɛ yebeyi ne din ayɛ daadaa.—Yohane 17:3.
6. Dɛn nti na Yehowa “sɛ ayeyi kɛse”?
6 Nokwarem no, yɛwɔ nea a ɛsɛ sɛ yegyina so yi Onyankopɔn ayɛ da mũ nyinaa, efisɛ Dawid de kaa ho sɛ: “[Yehowa] so, na ɔsɛ ayeyi kɛse, ne kɛseyɛ mu nni hwehwɛbea.” (Dwom 145:3) Yehowa yɛ kɛse araa ma obiara ne no nsɛ, na ne tumidi wie pɛyɛ. Babilon hene Nebukadnesar gye toom sɛ: “Obi nni hɔ a ɔbɛbɔ [Onyankopɔn] nsa akyene na waka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woyɛ yi?” (Daniel 4:34, 35) Yehowa “ho yɛ hu, anyame nyinaa so.” (Dwom 96:4) Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ “ɔsɛ ayeyi kɛse.” Adɛn, nsɛm a wɔde yi Yehowa ayɛ biara nni hɔ a ɛboro so dodo! Ɔfata daa ayeyi a enni kabea.
7. Dɛn na edi adanse sɛ Onyankopɔn “kɛseyɛ mu nni hwehwɛbea”?
7 Yehowa “kɛseyɛ mu nni hwehwɛbea.” Sɛnɛa ne nipadua kɛse te biara no, ne kɛseyɛ wɔ Onyankopɔn ko a ɔyɛ no mu. Yiw, nneɛma a wabɔ no yɛ yɛn nwonwa dodo sɛ yɛbɛte ase, na wabɔ yɛn ankasa nso ma “ɛyɛ nwonwa.” (Dwom 139:14; Hiob 9:10; 37:5) Bio nso, hwɛ sɛnea Yehowa Nyankopɔn yɛ n’ade wɔ ɔkwan a ɛkorɔn so! Ofi nokwaredi mu di ne bɔhyɛ ahorow so, na ofi ɔdɔ mu da n’atirimpɔw ahorow adi. Nanso, yɛrentumi nhu nea a ɛfa Onyankopɔn ho nyinaa da. Yebetumi ama ɔno, n’adebɔ ne n’atirimpɔw ahorow ho nimdeɛ a yɛwɔ no ayɛ kɛse mmeresanten.—Romafo 11:33-36.
Kamfo Yehowa Nnwuma
8. (a) Ɔkwan bɛn so na “awo ntoatoaso” kamfo Yehowa nnwuma? (b) Sɛ yɛkyerɛkyerɛ yɛn mma Yehowa nnwuma ne nneyɛe ho ade a, ɛda adi sɛ wobebu ne som dɛn? (d) Dɛn na nkaefo a wɔasra wɔn no ayɛ sɛ “awo ntoatoaso” a wɔwɔ anigye?
8 Yebetumi aka nsɛm pii de ayi yɛn Nyankopɔn kɛse a ne ho nsɛm mu nni hwehwɛbea no ayɛ araa ma ɛkanyan Dawid ma ɔkae sɛ: “Awo ntoatoaso kamfo wo nnwuma kyerɛ awo ntoatoaso foforo, na wɔka wo mmaninne.” (Dwom 145:4) Adesamma awo ntoatoaso a edidi so no akamfo Yehowa nnwuma na wɔaka ne mmaninne. Hwɛ hokwan ara a ɛyɛ sɛ yɛbɛka nneɛma yi akyerɛ wɔn a yɛne wɔn yɛ ofie Bible adesua no! Sɛ nhwɛso no yebetumi aka akyerɛ wɔn sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. (Genesis 1:1-2:25; Adiyisɛm 4:11) Yebetumi aka ne mmaninne bere a oyii Israelfo no fii Misraim nkoasom mu, ɔboaa wɔn ma wodii Kaananfo so nkonim na ogyee wɔn fii okunkɛse mu wɔ tete Persia, ne pii a ɛka ho no ho asɛm. (Exodus 13:8-10; Atemmufo 4:15; Ester 9:15-17) Na so ɛnka yɛn sɛ yɛbɛka Yehowa nnwuma ne ne nneyɛe ho asɛm akyerɛ yɛn mma? Sɛ yɛde nkyerɛkyerɛ a ɛte sɛɛ ma yɛn mma, na wohu sɛ yɛde anigye som Onyankopɔn a, ɛda adi sɛ wobebu ne som sɛ anigyede, na wobenyin sɛ wɔn a ‘wɔwɔ anigye sɛ Yehowa yɛ wɔn guankɔbea.’ (Nehemia 8:10; Dwom 78:1-4) Nkaefo a wɔasra wɔn no yɛ Yehowa Adansefo “awo ntoatoaso” biako a wɔwɔ anigye a wɔkamfo Yehowa nnwuma kyerɛ “nnipakuw kɛse” no a wɔyɛ awo ntoatoaso a ɛbɛtra asase so Paradise no fã no.—Adiyisɛm 7:9.
9. Sɛ yedwen Onyankopɔn nnwuma ne ne mmaninne ho a, dɛn na yebetumi agye adi?
9 Bere a yɛkɔ so dwen Onyankopɔn nnwuma ne ne mmaninne ho no, ɛma yegye di kɛse mpo sɛ “[Yehowa] din kɛse no nti, ɔrempa ne man.” (1 Samuel 12:22; Dwom 94:14) Sɛ yehyia sɔhwɛ, ahokyere ne ɔtaa a, yebetumi anya asomdwoe ne ahotoso sɛ “Onyankopɔn asomdwoe” bɛhwɛ yɛn koma ne yɛn adwene so. (Filipifo 4:6, 7) Enti hwɛ sɛnea ɛfata sɛ yɛbɛka yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ na ɔyɛ ɔhobammɔfo no ho asɛm akyerɛ afoforo!
10. Dɛn na ɛka Yehowa ‘anwonwade” no ho, na ɔkwan bɛn so na yebenya mfaso afi ho a yebedwen mu?
10 Ɛsɛ sɛ yegye bere de dwen Yehowa kɛseyɛ ne ne nnwuma ho efisɛ Dawid de kaa ho sɛ: “Medwen w’anuonyam a ɛharan no kɛseyɛ ne w’anwonwade no ho.” (Dwom 145:5) Onyankopɔn anuonyam kanyan ehu na ebiara ne no nsɛ. (Hiob 37:22; Dwom 148:13) Enti, Dawid dwen nsɛm a ɛfa Yehowa anuonyam a ɛharan no ho. Odwontofo no dwen Onyankopɔn ‘anwonwade’ no ho nso. Ɔsoro atɛntrenee a ɔda no adi de sɛe abɔnefo na ɔkora wɔn a wosuro Nyankopɔn so sɛnea ɔyɛe wɔ nsuyiri no mu no ka eyi ho. (Genesis 7:20-24; 2 Petro 2:9) Nsɛm a ɛte sɛɛ ho dwen hyɛ abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no mu den, na ɛma yetumi ka n’anuonyam ne ne nnwuma a ɛyɛ nwonwa no ho asɛm kyerɛ afoforo. Wɔ adaduanan a Yesu dii wɔ sare so no mu no, nneɛma a ɔsoro a na abue ma ohui no ho dwen hyɛɛ no den ma otumi gyinaa sɔhwɛ ano. (Mateo 3:13-4:11) Ɛno akyi no, ɔkaa Yehowa anuonyam ne ne nnwuma a ɛyɛ nwonwa no ho asɛm kyerɛɛ afoforo.
11. (a) Dɛn nti na na Yerikofo no abɔ hu? (b) Honhom bɛn na Yehowa Adansefo de ka Oyankopɔn” nneyɛe a ɛyɛ hu” ne ne “kɛseyɛ” ho asɛm?
11 Sɛ yɛka Onyankopɔn anuonyam ne nnwuma ho asɛm kyerɛ a, yɛkanyan afoforo ma wɔka ho asɛm. Dawid kae sɛ: “Na wɔka wo nneyɛe a ɛyɛ hu no tumi ho asɛm, na mɛka wo kɛseyɛ makyerɛ.” (Dwom 145:6) Rahab kaa ehu a ɛbaa Yerikofo so bere a wɔtee sɛnea Yehowa agye Israelfo afi Po Kɔkɔɔ no mu na wama wɔadi Amorifo ahene baanu so nkonim ho asɛm no. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔreka “nneyɛe a ɛyɛ hu” a ɛte sɛɛ ho asɛm pii wɔ Yeriko. (Yosua 2:9-11) Nokwarem no, “ahohiahia kɛse” a abɛn no bɛyɛ ade a ɛkanyan hu. (Mateo 24:21) Nanso nneɛma a ɛyɛ nnipa a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho hu kɛse no kanyan “[Yehowa] ho suro,” ne ho osuro pa wɔ atreneefo koma mu. (Mmebusɛm 1:7) Esiane sɛ Yehowa Adansefo wɔ osuro honhom a ɛte sɛɛ nti, wɔka Onyankopɔn tumi a wada no adi ho asɛm. Ɛdɛn, Nea ɔyɛ kɛse a ɔyɛ nnwuma a ɛyɛ Nwonwa no ho asɛm titiriw na wɔn a wɔasra wɔn no ne wɔn mfɛfo a wɔbɛtra asase so no bɔ ho nkɔmmɔ! Na ɔtaa mpo mma wonnyae nneɛma yi ne Yehowa “kɛseyɛ” ho asɛm a wɔka kyerɛ afoforo no.—Asomafo no Nnwuma 4:18-31; 5:29.
Yi Yehowa Ayɛ wɔ Ne Papayɛ Ho
12. Ɔkwan bɛn so na Yehowa papayɛ ma “yɛworo”?
12 Ɛnyɛ Onyankopɔn kɛseyɛ ho nko na ɔsɛ ayeyi, na mmom ne papayɛ ne ne trenee ho nso. Enti, Dawid kae sɛ: “Wɔworo wo papayɛ bebree no ho nkae na wɔto wo trenee ho ahurusi dwom.” (Dwom 145:7) Yehowa papayɛ dɔɔso araa ma yɛde anigye nsɛm “woro kyerɛ.” Wɔ Hebri mu no, eyi kyerɛ nsu a ɛde ahoɔhare tue fi asuten bi mu. Enti, ɛmmra sɛ yɛbɛworo aseda a ɛyɛ ayeyi ama Onyankopɔn te sɛ ɔhweam. (Mmebusɛm 18:4) Israel werɛ fii Yehowa papayɛ ma epiraa wɔn kɛse wɔ honhom mu. (Dwom 106:13-43) Nanso momma aseda a ɛte sɛɛ no nyɛ yɛn koma ma mmu so na ama afoforo anya adwensakra bere a wohu sɛnea Yehowa ye ma n’Adansefo a wɔahyira wɔn ho so no.—Romafo 2:4.
13. Ɛsɛ sɛ ɔsoro atɛntrenee ne ade trenee a ɛda adi no ka yɛn dɛn?
13 Ɛmmra sɛ ɔsoro atɛntrenee ne trenee a ɛda adi no nso bɛka yɛn ma yɛateɛm anigye mu. Sɛ yɛte nka saa a, ɛnyɛ Onyankopɔn Ahenni nko na yɛbɛhwehwɛ kan na mmom ne trenee nso. Yɛbɛpɛ sɛ yɛma yɛn abrabɔ de ayeyi brɛ Yehowa bere nyinaa. Yiw, yɛbɛyɛ wɔn a wɔbɔ Ahenni no dawuru daa a yɛwɔ pii yɛ wɔ Onyankopɔn adwuma mu. Yɛremma ayeyi a yɛde ma Yehowa no so nkata wɔ kommyɛ mu da.—Mateo 6:33; 1 Korintofo 15:58; Hebrifo 10:23.
Yehowa yɛ Mmɔborɔhunufo
14. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ “Yehowa yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo”?
14 Dawid reka Onyankopɔn su afoforo a ɛfata nkamfo ho asɛm no, ɔkae sɛ: “[Yehowa] yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo, abufuw yɛ mu nyaa ne adɔeyɛ mu kɛse.” (Dwom 145:8) Onyankopɔn yɛ ɔdomfo, kyerɛ sɛ oye koraa na ɔyɛ ɔyamyefo. (Mateo 19:17; Yakobo 1:5) Ɔyɛ nneɛma pa ma wɔn a wɔnsom no mpo. (Asomafo no Nnwuma 14:14-17) Afei Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo, ɔwɔ ayamhyehye, na “ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” Ommu koma a abubu animtiaa na saa ara na ɔne yɛn nnni sɛnea yɛn bɔne ahorow te, na mmom ɔyɛ mmɔborɔhunufo kɛse sen ɔdesani agya a ɔwɔ ɔdɔ sen biara no. (Dwom 51:17; 103:10-14) Adɛn, wɔ mmɔborɔhunu a ɛsen biara a ɔdaa no adi no mu no, ɔsomaa ne dɔ Ba sɛ ommewu mma yɛn sɛnea ɛbɛyɛ na wɔaka yɛne Onyankopɔn abom na yɛanya ne dom ankasa!—Romafo 5:6-11.
15. Dɛn nti na wobetumi aka sɛ Yehowa Nyankopɔn “bo kyɛ fuw” na ‘n’adɔe yɛ kɛse’?
15 Yɛn soro Agya no bo kyɛ fuw. Ɔnna abufuw a ntease nnim adi. Yehowa yɛ “adɔe mu kɛse” nso. Ɛha no, Hebri no kyerɛ ayamye a efi ɔdɔ mu a ɛde ne ho fam biribi ho. Ɛyɛ saa kosi sɛ n’atirimpɔw a ɔwɔ wɔ ade ko no ho no bɛyɛ hɔ. Ne nkyerɛase foforo ne “nokware dɔ.” Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, Onyankopɔn adɔe anaasɛ nokware dɔ da adi wɔ ogye, ne nkoa so kora, ahobammɔ, amanehunu mu ahotɔ, ne bɔne mu ogye nneyɛe a ɛnam agyede no so no mu. (Dwom 6:4; 25:7; 31:16, 21; 40:11; 61:7; 119:88, 159; 143:12; Yohane 3:16) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa amfa Harmagedon amma wɔ ‘ɔko a ɛbaa ɔsoro’ no akyi pɛɛ no atumi ama nnipa pii anya nkwagye, na eyi yɛ ɔsoro adɔe a wɔda no adi kɛse.—Adiyisɛm 12:7-12; 2 Petro 3:15.
16. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ada no adi sɛ ‘oye ma nnipa nyinaa’?
16 Esiane Onyankopɔn mmɔborɔhunu nti, wobetumi aka sɛ ɔwɔ ayamye. Dawid kae sɛ: “[Yehowa] ye ma nnipa nyinaa, na ne mmɔborɔhunu wɔ ne nnwuma nyinaa so.” (Dwom 145:9) Yiw, na Onyankopɔn ye ma Israelfo no. Enti, “ɔma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔma osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so.” (Mateo 5:43-45) Wɔ Eden no, Yehowa hyɛɛ “aseni” bi a ɔbɛyɛ nhyira ho bɔ. Akyiri yi ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: “W’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa.” (Genesis 3:15; 22:18) Na Onyankopɔn papayɛ yɛ kɛse wɔ “awiei bere” yi mu araa ma obiara betumi ‘aba abegye nkwa nsu anom kwa.’ (Daniel 12:4; Adiyisɛm 22:17) Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ abɔde a wonim nyansa nyinaa papa, na ɛsɛ sɛ ne papayɛ no twe yɛn bɛn no kɛse.
17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘mmɔborɔhunu wɔ ne nnwuma nyinaa so’?
17 Yehowa “mmɔborɔhunu wɔ ne nnwuma nyinaa so,” kyerɛ sɛ ɔyɛ nsiesiei a ɛdɔɔso ma adesamma ne mmoa nyinaa. Ɔno na ‘ɔma ɔhonam nyinaa aduan.’ (Dwom 136:25; 147:9) Yehowa nni asikafo ni na ommu wɔn a wɔhyɛ wɔn so animtiaa, ɔmma ahantanfo so na ommu ahobrɛasefo animtiaa, ɔmpagya nkwaseafo na ongu anyansafo anim ase. Nnipa abɔnefo yɛ saa, nanso yɛn soro Agya mmɔborɔhunufo no nyɛ saa. (Dwom 102:17; Sefania 3:11, 12; Ɔsɛnkafo 10:5-7) Na hwɛ sɛnea Onyankopɔn mmɔborɔhunu, papayɛ ne n’adɔe yɛ kɛse wɔ ne dɔ Ba no afɔrebɔ no so a ɔnam ma yetumi nya nkwagye no mu!—1 Yohane 4:9, 10.
Anokwafo Hyira Yehowa
18. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nnwuma “kamfo no”? (b) Bere bɛn na ɛsɛ sɛ wɔkanyan yɛn ma yeyi Yehowa ayɛ?
18 Onyankopɔn fata sɛ biribiara yi n’ayɛ. Sɛnea Dawid ka no no: ‘[Yehowa], wo nnwuma nyinaa bɛkamfo mo, na w’ahotefo behyira mo.’ (Dwom 145:10) Onyankopɔn adebɔ nnwuma ‘kamfo no’ sɛnea ɔdan a wɔasi no yiye hyɛ nea osii anuonyam, na kuku a ɛyɛ fɛ hyɛ ne nnwemfo a ne ho akokwaw anuonyam no. (Fa toto Hebrifo 3:4; Yesaia 29:16; 64:8 ho.) Yehowa adebɔ nnwuma yɛ nwonwa araa ma ɛka abɔfo ne adesamma ma woyi no ayɛ. Onyankopɔn mma a wɔyɛ abɔfo de anigye bɔɔ ose bere a ɔyɛɛ asase no. (Hiob 38:4-7) Dawid kae sɛ ‘ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na wim kyerɛ ne nsa ano adwuma.’ (Dwom 19:1-6) Yebetumi akamfo Yehowa bere a yehu ɔkɔre a otu nam wim anaasɛ ɔforɔte a ohuruhuruw wɔ bepɔw a sare frɔmfrɔm wɔ so so no. (Hiob 39:26; Nnwom mu Dwom 2:17) Ayeyi fata bere a yetwa nnɔbae anaasɛ yɛne yɛn nnamfo didi no. (Dwom 72:16; Mmebusɛm 15:17) Yɛn nipadua a wɔyɛe ma ɛyɛ nwonwa no nso betumi aka yɛn ma yɛde ayeyi nsɛm a aseda wom ama Onyankopɔn.—Dwom 139:14-16.
19. Henanom ne “anokwafo” no, na dɛn na wɔyɛ?
19 Ɛnnɛ, Yehowa nkoa “anokwafo” a wɔde honhom asra wɔn a wɔwɔ asase so hyira no. Wɔka ne ho asɛm pa na wɔn ani gyina sɛ wobehu sɛ wɔreyɛ n’apɛde asase so sɛnea ɛyɛ wɔ soro. (Mateo 6:9, 10) Bere a wɔn a wɔasra wɔn no ka Onyankopɔn nnwuma a ɛyɛ nwonwa kyerɛ no, nnipakuw kɛse a wɔkɔ so dɔɔso no tie. Wɔne anokwafo a wɔasra wɔn no de nsiyɛ som sɛ Ahenni adawurubɔfo. So aseda reka wo ma wunya adwuma a wɔde yi Onyankopɔn ayɛ yi mu kyɛfa daa?
20. (a) Wɔbɛtew Yehowa din ho dɛn? (b) Dwom 145 ho nsemmisa bɛn na aka a ɛsɛ sɛ yesusuw ho?
20 Sɛ Yehowa Adansefo no, yɛte sɛ Dawid wɔ Onyankopɔn a yeyi no ayɛ no mu. Wɔ yɛn fam no, Yehowa din kronkron ho a ɛbɛtew ne ayeyi a yɛde bɛma no no yɛ ahiasɛm. Esiane sɛ wɔnam Onyankopɔn Ahenni so bɛtew din kronkron yi ho nti, Ahenni yi ho nkyerɛkyerɛ a efi Bible mu yi yɛ asɛmpa a yɛka no mu ade titiriw. So Dwom 145 de honhom mu ntease ma wɔ eyi mu? Dɛn na dwom yi fã a aka ho susuw bɛda no adi? Akwan afoforo bɛn so na ɛda adi sɛ Yehowa fata daa ayeyi?
Wubebua Dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahyira Yehowa di?
◻ Onyankopɔn nnwuma a ɛfata nkamfo no bi ne nea ɛwɔ he?
◻ Sɛ yɛn ani sɔ Yehowa papayɛ a, yɛbɛyɛ yɛn ade dɛn?
◻ Onyankopɔn mmoborɔhunu ada adi wɔ akwan bɛn so?
[Mfonini wɔ kratafa 12]
So woka Yehowa mmaninne ho asɛm kyerɛ wo mma te sɛ nea tete Israelfo awofo a na wosuro Onyankopɔn no yɛe no?
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Te sɛ nea ɔdan a wɔasi no yiye hyɛ nea osii no anuonyam no, saa ara na Yehowa adebɔ nnwuma de ayeyi brɛ No