Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 2/1 kr. 11-15
  • So Woyɛ Onyankopɔn Ahenni Ho Dawurubɔfo Nokwafo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Woyɛ Onyankopɔn Ahenni Ho Dawurubɔfo Nokwafo?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hyira Yehowa Din Kronkron No!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Yehowa Adɔe Dɔɔso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Hena Na Obeyi Ɔhene No Ayɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Yehowa Fata Daa Ayeyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 2/1 kr. 11-15

So Woyɛ Onyankopɔn Ahenni Ho Dawurubɔfo Nokwafo?

“Yehowa, wo nnwuma nyinaa da wo ase, na wo ahotefo hyira wo! Wɔka wo ahenni anuonyam, na wɔbɔ wo mmaninyɛ din.”​—Dw. 145:10, 11.

1. Yesu kaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm koduu he?

EFI HABEL bere so no Yehowa Nyankopɔn anya nkoa anokwafo wɔ asase yi so daa ma wɔayi no ayɛ. Yehowa akoa nokwafo a ɔda nsow sen biara, ne ba a ɔwoo no koro, Yesu Kristo, dii yɛn anim wɔ Yehowa kɛseyɛ ne n’ahenni a ɛho bɛba mfaso ama adesamma nyinaa no ho asɛm a wɔka kyerɛ no mu. Yesu bae sɛ Nea Wasoma no, Israel ne Dawid aseni no ɔhene a wɔapaw no, na ɔde Onyankopɔn ahenni yɛɛ ne nkyerɛkyerɛ titiriw. (Yes. 11:1, 10; Mat. 21:1-17) Ɔde Ahenni no ho asɛmpa bae. Esiane sɛ na ɔwɔ nkurɔfo no mfinimfini nti otumi kaa sɛnea na Ahenni a na ogyina n’ananmu sɛ ne Hene a wɔapaw no, no abɛn ho asɛm, otumi kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wonni kan nhwehwɛ Ahenni no. (Luka 17:20, 21) Bere a ɔrekyerɛ n’asuafo no sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae no, osii Ahenni no mmae so dua ne sɛ ɛbɛkyerɛ Onyankopɔn din ho a ɛbɛtew, na wɔayɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro.​—Mat. 4:23; 6:9, 10, 33.

2. Ɔkwan bɛn so na ɔmaa afoforo de wɔn ho hyɛɛ ɔsɛmpɔw a ɛfa Yehowa ahenni ho no mu?

2 Yesu too nsa frɛɛ afoforo ma wɔabɛka ne ho wɔ Ahenni a ɛbɛba no ho asɛmpa, a wɔbɛka akyerɛ no mu. (Luka 9:1-6; 10:1-12) Yesu akyidifo tee ase sɛ ne ba a ɔbɛba sɛ ɔhene no bɛyɛ daakye, nea yetumi hu wɔ asɛm a wobisae no wɔ Mateo 24:3 no mu no: “Kyerɛ yɛn da ko a eyinom ‘bɛyɛ, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba [anaasɛ parousia, Hela] ne wiase awiei ho sɛnkyerɛnne?” Na Yesu kɔɔ so kyerɛe sɛ bere a waba no bɛyɛ titiriw a ɛsɛ sɛ wɔka Ahenni no ho asɛm, na ɔkyerɛe sɛ wobɛyɛ eyi wɔ asase a nnipa te so no nyinaa so de adi adanse Yenim sɛ Yesu ba sɛ ɔhene a ɔredi tumi wɔ n’atamfo mfinimfini no abam fi 1914, efisɛ yɛahu “sɛnkyerɛnne” no.​—Dw. 110:1; Heb. 10:12, 13; Mat. 24:14.

3. Paulo nyaa Nyankopɔn ahenni ho dawurubɔ adwuma no mu kyɛfa dɛn?

3 “Sɛ wɔbɛma nnipa mma ahu ne mmaninne ne n’ahenni anuonyam a ɛharan no. Wo ahenni yɛ daa ahenni, na wo tumidi fa awo ntoatoaso nyinaa mu.” (Dw. 145:12, 13)

Yesu asuafo daa nsow kɛse wɔ nkurɔfo adwene a wɔdan kɔ Onyankopɔn ahenni a ɛnam Yesu Kristo so no mu. Wɔayɛ eyi nhwɛso fɛfɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Asomafosɛm 28:23, 30, 31, a ɛka Ahenni ho asɛm a Paulo kae bere a na ɔda afiase wɔ Roma ho asɛm no. Na wadi kan akyerɛw Korintofo no sɛ Kristofo yɛ ‘abɔfo a wogyina Kristo ananmu,’ ne sɛ wɔrema nkurɔfo ‘ne Onyankopɔn aka abom.’ (2 Kor. 5:20) Sɛ ɔhemmɔfo no, na wɔhwɛ kwan sɛ Paulo bɛkamfo Ahenni no ne ɔhene a ogyina n’ananmu no, na ɔyɛɛ saa. So wode wo ho ama adehyedwuma ɛte saa? Sɛ saa a, ɛnde so wokɔ so ka Ɔhene no ne Ahenni no ho asɛm anaa?

4. Dɛn na Paulo ne Yohane kae na wɔkyerɛwee a yebetumi aka akyerɛ nnɛ sɛ Yehowa nokware asɔrefo?

4 Bere a Paulo kyerɛkyerɛɛ Ahenni nkyerɛkyerɛ no mu no, na ɔbɛkyerɛ abusuabɔ a Yesu Kristo ne Yehowa Nyankopɔn wɔ wɔ Ahenni nhyehyɛe no mu, ne sɛ Yehowa ne amansan Hene kɛse no. “Kristo ti ne Nyankopɔn.” (1 Kor. 11:3) Paulo nso kaa nea ɛbɛba wɔ Kristo mfirihyia apem ahenni no awiei ho nsɛm. (1 Kor. 15:24-28) Ɛde rekɔ afeha a edi kan wɔ yɛn bere yi mu awiei no, ɔsomafo Yohane ɔnokwafo no nso kyerɛw nsɛm a ɛfa daakye nnwuma akɛse a Yehowa bɛyɛ ho, na ɔdaa n’ahenni no anuonyam adi. (Hwɛ Adiyisɛm 12:9, 10; 19:6; 20:10, 14; 21:3, 4, 22-24.) Eyinom ne nneɛma a yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ, sɛ Yehowa asomfo anokwafo no, betumi aka akyerɛ nnipa mma, asi hia a Onyankopɔn ahenni no ho hia ne nea ɛbɛyɛ ama adesamma, ma ɛde ayeyi abrɛ Yehowa no so dua. Ɛsɛ sɛ yɛka Ahenni no ho asɛm kyerɛ nnipa mma na yɛkyerɛkyerɛ mu kyerɛ wɔn, ma wohu sɛ Onyankopɔn ahenni ne wɔn anidaso koro pɛ. Ɛbɛtra hɔ daa wɔ awo ntoatoaso a ebedi akyi aba nyinaa mu.a

5. (a) Dɛn na Yehowa asomfo taa hyia? (b) Ɔsɔretia a wohyiae wɔ Wiase Ko I mu no nyinaa akyi no, dɛn na Yehowa nkurɔfo atumi ayɛ fi saa bere no?

5 Dwom 145:14 kɔ so ka sɛ:

“Yehowa wowaw wɔn a wɔhwe ase nyinaa, na ɔma wɔn a wɔakoto nyinaa so gyina.”

Wɔn a wɔsɔre Yehowa wɔ nokwaredi mu na wɔbɔ n’ahenni ho dawuru no taa hyia ɔsɔretia ne ɔhaw ahorow esiane wɔn nokwaredi ma Yehowa nti. (Gen. 3:15) Nanso adanse a efi mmere a atwam no mu no kyerɛ sɛnea Yehowa di ne bɔhyɛ so no boaa wɔn a na wɔyɛ n’asɔrefo na ogyee wɔn bere a wɔwɔ nhyɛso ase no. (Gen. ti 15; hwɛ nhwɛso ahorow pii nso wɔ Atemmufo nhoma mu.) Afeha a ɛto so aduonu yi mu de besi 1980 awiei no yɛahu sɛnea Yehowa gyee nkaefo a wɔasra wɔn ne “nguan foforo” no fii Babilon nhyɛso ase. Ná nhyɛso kɛse wɔ nkaefo a wɔasra wɔn no so wɔ Wiase Ko I mu. Nanso Yehowa nam ne honhom ne ne nokware asɛm no so maa wɔn so. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔ wɔn 1922 nhyiam a wɔyɛe wɔ Cedar Point, Ohio, no ase no, wosii so dua nokwaredi mu sɛ wɔbɛbɔ ɔhene ne Ahenni no dawuru. Yehowa, akɔ so akyerɛ wɔn kwan fi saa bere no, na enti wɔato ne din ne n’ahenni no ho asɛm wɔ wiase.

6. Aduan bɛn na Yehowa de ma ne nkurɔfo?

6 “Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan, na woma wɔn wɔn aduan, ne bere mu.” (Dw. 145:15)

Yehowa nokware asɔrefo hia wɔn honhom fam aduan titiriw saa bere yi. Wɔn ‘ani da hɔ wɔ wɔn honhom fam ahiade ho.’ (Mat. 5:3, NW) Anidaso mu no wɔde wɔn ho ato Yehowa nhyehyɛe a ɔnam so de honhom fam aduan ma no so. (Mat. 24:45-47) Yehowa asomfo nsa ka eyi a wɔhwɛ kwan no ma ɛboro so, na wɔwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkɔ so ama wɔanya honhom fam aduan a wohia no daa wɔ “ɛbere a ɛsɛ mu.”

7. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne Ɔdemafo no, titiriw wɔ nsɛm a ɛfa ɔsom ho mu?

7 Nea ɛne no hyia no, Dwom 145:16 kɔ so ka sɛ:

7“Wubue wo nsam na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.”

Yehowa Nyankopɔn ne onipa koro pɛ a ɔwɔ amansan yi nyinaa mu a onni anohyeto biara sɛ Ɔdemafo. Ɔno ne ɔsoro Agya ne Nkwamafo. N’ayamye ne n’adɔe da adi wɔ n’adebɔ nnwuma nyinaa ne nsiesiei pa a wayɛ ama onipa ne abɔde afoforo a wɔwɔ asase so nyinaa no mu. Bere a ɔde hia a ɔsom ho hia ho nkate ama yɛn no, Yehowa ada ne ho ne n’atirimpɔw horow adi akyerɛ adesamma ayamye mu, na wɔn a wohyira wɔn ho so ma Yehowa Nyankopɔn, na wonya n’asɔre ne ne som mu kyɛfa no, ahu ɔyamyɛfoɔ Yehowa yɛ no kɛse. Osuahu ahorow a ɛtete sɛɛ ma yenya ahotoso na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkɔ so de honhom ama ne nkoa, na ɔremma n’afotu, n’akwankyerɛ ne honhom mu mmoa mmɔ wɔn da, wɔ nna a edi akyiri a emu yɛ den yi mu.​—Dw. 119:129.

8. Ɔkwan bɛn so na Yehowa da nokwaredi adi?

8 Esiane sɛ yedi Yehowa nokware nti, ɔno nso di yɛn nokware. Enti,

“Yehowa teɛ, n’akwan nyinaa mu, na ɔyɛ adɔe, ne nnwuma nyinaa mu.” (Dw. 145:17)

Bere a yɛabɛyɛ Yehowa asomfo a yɛahyira yɛn ho so ne n’ahenni no akyigyinafo anokwafo no, yebetumi anya Onyankopɔn mu awerɛhyem daa. Ɔne n’asomfo di wɔ trenee ne adɔe mu. Ne su horow a ɛyɛ nwonwa no nsakra. Enti bere a yɛde yɛn ho hyɛ Yehowa som mu no, yɛwɔ ahotoso sɛ ɔremfi yɛn akyi da. ‘Ɔteɛ ne nnwuma nyinaa mu’ ampa. Na eyi nso yɛ biribi a enti ɛsɛ sɛ yɛka Yehowa ne ne su horow a ɛyɛ nwonwa no ho asɛm kyerɛ afoforo na yɛto nsa frɛ wɔn ma wɔbɛka yɛn ho wɔ ahosohyira asetra a eyi Yehowa ayɛ ne nokwaredi mu.​—Fa toto Dwom 107 ho.

9. Dwuma bɛn na gyidi di wɔ Yehowa a wɔbɛfrɛ no mu, na ɛsɛ sɛ wɔfrɛ Yehowa wɔ ɔkwan bɛn so?

9 Ne saa nti, yebetumi aka asɛm a edi so yi de ayi no ayɛ:

“Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa.” (Dw. 145:18)

Frɛ a yɛbɛfrɛ Yehowa ho hia. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa wɔ nokware gyidi mu. (Rom. 10:10-15) Odwontofo no sii sɛnea Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no ɔkwampa so, a gyidi a yɛbɛkyerɛ ka ho, so dua. (Heb. 11:6) Na saa frɛ a yɛbɛfrɛ Yehowa no nyɛ sum ase adeyɛ bi, na mmom ka a yɛka kyerɛ baguam wɔ nnipa mu sɛ yɛwɔ Yehowa mu gyidi na yɛde yɛn ho to no so no. Paulo si hia a ehia sɛ yɛka nnepa ho “asɛmpa” no ma ɛho ba afoforo mfaso so dua. Ayeyi a wɔn a wɔbɔ ne din dema Yehowa no kɔ anim bere a “asɛmpa” no ho dawurubɔfo anokwafo pii kɔ so ka Yehowa ho asɛm kyerɛ afoforo no. Ɛdenam Yehowa, n’anuonyam, ne n’ahenni ho asɛm a wɔka kyerɛ wɔn no so no, ayeyifo no ma saa nkurɔfo yi nya gyidi na wɔn nso atumi abɛka wɔn ho ma wɔabɔ Yehowa din na wɔabɛn no. Nkwagye kwan no abue ama nnipa a wɔpɛ sɛ wɔn nsa ka nyinaa, na honam ani hwɛbea anaasɛ ɔman a obi fi so mu nyiyim biara nni hɔ, na huammɔdi biara nni hɔ mma wɔn a wonya Yehowa mu gyidi na wɔfrɛ no nokware mu no. Hwɛ nwonwa ara a ɛyɛ sɛ Yehowa ma kwan ma yɛne no nya abusuabɔ na yetumi bɛn no! Na eyi te saa titiriw wɔ nna a edi akyiri a emu yɛ den yi mu, bere a ɛda adi sen bere biara sɛ ɛho hia sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa, nkwagye Nyankopɔn no so koraa no.

10. Dɛn nti na Yehowa bɛyɛ nea wɔn a wosuro no no hwehwɛ?

10 “Ɔyɛ nea n’afɛrefo pɛ ma wɔn, na otie wɔn sufrɛ na ogye wɔn.” (Dw. 145:19)

Wɔn a wosuro Yehowa nokwarem no hyira wɔn ho so ma no na wɔn pɛ ne sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde. Ɛfata sɛ yenya Yehowa mu awerɛhyem sɛ yɛn mmoa ne nkwagye fibea, bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde no. “Na nnam a yɛde kɔ ne nkyɛn ne sɛ, yɛsrɛ biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn. Na sɛ yenim sɛ otie yɛn nea yɛsrɛ no ho a, yenim sɛ yɛwɔ nneɛma a yɛasrɛ ne nkyɛn no.” (1 Yoh. 5:14, 15) Yenim sɛ, saa bere yi mu no, ɛyɛ Yehowa pɛ ma yɛn sɛ yɛka Ahenni asɛmpa no na yɛkɔ so wɔ ne som a ɛho tew mu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yɛbɛma nkurɔfo ahu asɛnkɛse a ɛfa Yehowa amansan tumidi ho no, ɛwom mpo sɛ yehyia ɔsɔretia kɛse wɔ eyi yɛ mu de. Enti hokwan no abue ama nnipa horow nyinaa ma wɔagye Yehowa asɛm no atom na wɔanya ne mu gyidi, ahu boasetɔ a ɔwɔ wɔ adesamma abusua no ho ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ adesamma benya adwensakra na wɔanya nkwa.

11. Ɔkwan bɛn so na Yehowa rema mmoa a ne nkoa su frɛ no ho mmuae?

11 Ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yebehu sɛ saa Ahenni adwuma yi rekɔ so. Ɛnyɛ yɛn nko na yɛyɛ adwuma no. Yɛyɛ Yehowa asomfo na yɛne no reyɛ adwuma. Wɔ “nna a edi akyiri” a emu yɛ den yi mu no, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ ne mmoa, na sɛ ebedu ɔsɛmpɔw no awiei na Gog a ofi “Magog asase so” no de ne ntoa a edi akyiri no ba, sɛnea wɔaka asie wɔ Hesekiel 38 ne 39 no a, ebehia sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so na yɛfrɛ no sɛnea ɛbɛyɛ na wabɔ yɛn ho ban na wagye yɛn. Wogyee Ɔhene Dawid akwan horow a ɛyɛ nwonwa so bere a atamfo di n’akyi no. Ná ɛsɛ sɛ Yesu Kristo de ne nkwa to hɔ wɔ Yehowa atirimpɔw ho dwumadi mu, nanso Yehowa nyan no. Enti Yehowa tumi di nhyɛso anaasɛ ɔsɔretia biara a nokware no atamfo de ba no so nkonim. Na otumi bua ne nkoa a ebia wobewuwu a wobehia nkwagye denam owusɔre so no sufrɛ.

12. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro bere a wɔsɛe abɔnefo no?

12 Enti, ɛda so ara yɛ nokware sɛ:

“Yehowa, hwɛ n’adɔfo nyinaa so, na abɔnefo nyinaa de, ɔbɛsɛe wɔn.” (Dw. 145:20)

Esiane sɛ nsɛmmɔnedi aboro so anaasɛ “ahohiahia kɛse” nni akyiri nti, ɛyɛ nhyira sɛ yɛwɔ awerɛkyekye nsɛm yi sɛ Yehowa rehwɛ wɔn a wɔdɔ no nyinaa so. (Mat. 24:21) Bere adu a ɛsɛ sɛ wɔsɛe abɔnefo, na ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn kɔkɔ. Nanso wɔaka asie sɛ Yehowa asomfo, sɛ́ kuw no, betwa “ahohiahia kɛse” a ɛba abɔnefo so no na wɔahu Yehowa nkwagye wɔ wɔn fam. Yehowa dɔ wɔn a wodi no nokware no ankasa, ne werɛ remfi wɔn wɔ n’abufuw kɛse a ɔde ba abɔnefo so no mu. Nhwɛso horow pii wɔ Kyerɛwnsɛm mu a ɛkyerɛ anwonwade a Yehowa ayɛ sɛ ɔkora ne nkurɔfo so na ogye wɔn bere koro no ara a ɔde asotwe ba abɔnefo so no mu no. Ampa, yɛde ahopere retwɛn bere a abɔnefo sɛe no bɛba na wɔayi wɔn a wɔsɔre tia Yehowa ahenni afi hɔ no kwan.

13. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa abɔ ne nnɛyi asomfo ho ban? (b) Dɛn na Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama wɔn a wɔdɔ no?

13 “Nna a edi akyiri” yi nyinaa mu no, Yehowa asomfo akɔ so asrɛ ne mmoa na wɔada ɔdɔ a wɔwɔ ma no no adi. Yehowa akora n’asomfo so na wakyerɛ wɔn kwan wɔ ɔhaw horow pii mu, titiriw wɔ Wiase, Ko II no mu bere a wɔbaraa adwuma no wɔ wiase aman horow pii so na wɔde wɔn mu mpem mpem pii koguu afiase ne adwumayɛban ahorow mu no. Basabasayɛ pii nso kɔɔ so wɔ asase so mmeae horow pii. Nanso Ahenni ho asɛmpa no dawurubɔ no kɔɔ so, na Yehowa huu ne nkurɔfo mmɔbɔ, ma wonyaa nkɔso, kyekyee wɔn werɛ denam wɔn dodow a ɔma ɛkɔɔ anim wiase nyinaa no so. Ɛyɛ Yehowa atirimpɔw sɛ Ahenni nniso a ɛnam Kristo Yesu so no mu bɛtrɛw na adi asase nyinaa so. Saa Ahenni no benya asefo a wɔbɛtra asase so bere a “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ “nguan foforo” no mufo twa ahohiahia no, na ɛno akyi no nnipa pii a wofi adamoa mu bɛba wɔ owusɔre no mu no bɛba abɛka wɔn ho no. Enti abɔnefo a wɔbɛsɛe wɔn no renni Yehowa asomfo awu. Mmom no Yehowa behu ɔdɔ a ne nkoa ayi adi akyerɛ no no na ɔbɛkyerɛ wɔn kwan na wayi ɔdɔ, mmɔborohunu ne ayamye adi akyerɛ wɔn. Na ne dɔ mu no, wasiesie asase so paradise fɛfɛ ama ne “nguan foforo” no, faako a wobenya daa nkwa. (Luka 23:43) Ɔsɛmpɔw kɛse a ɛfa Yehowa amansan tumidi ho no a ebetwa no de nhyira bɛbrɛ Yehowa adɔfo na ɛbɛma wɔanya Yehowa ho anisɔ kɛse bere a mfe no rekɔ no. Nwonwa bɛn ara na ɛbɛyɛ sɛ wɔbɛtra ase bere a Dwom 150 nkyekyem a edi akyiri no benya mmamu, bere a “nea ɛhome nyinaa” beyi Yehowa ayɛ na abɔnefo nyinaa afi hɔ no​—nky. 6.

14. Nhyira horow a efi Yehowa nkyɛn bɛn na yebetumi aka ho asɛm?

14 Bu kɔmpɔ na hwɛ nhyira horow pii a Yehowa de ama yɛn no. Hwɛ sɛnea wama yɛn honhom fam aduan pii no. Kyerɛ hokwan kɛse a ɔde ama yɛn na yɛabɛyɛ n’asomfo mprempren ne anidaso ahorow a ɛyɛ nwonwa a yɛwɔ ma daakye nyinaa no ho anisɔ. Esiane sɛ yɛwɔ anidaso sɛ yebefi Armagedon mu aka nti, nya owusɔre bere no a yɛhwɛ kwan ne adwuma a ɛyɛ nwonwa a yɛbɛyɛ saa bere no sɛ yɛbɛka nneɛma horow ho asɛm akyerɛ wɔn a wofi nna mu bɛba na yɛakyerɛkyerɛ wɔn no ho anigye. Ɛho behia wɔn bebree sɛ wosua Ɔhenkɛse Yehowa ho ade nea edi kan. Ebehia sɛ wohu onii a ɔde wɔn aba nkwa mu bio no. Hena na ɔbɛka akyerɛ wɔn? So ɛrenyɛ yɛn mu biara anigye sɛ obetumi ayɛ saa anaa? Yiw, yɛhwɛ kwan sɛ yebeyi Yehowa ayɛ daa.

15. Hokwan ahorow a ɛfa Onyankopɔn ahenni ho bɛn na ɛyɛ yɛn de?

15 Na mprempren nso ɛ? Dɛn na woreyɛ wɔ ɔsɛmpɔw kɛse a ɛfa Yehowa ahenni ho no ho? So woka anokwafo a wɔwɔ Yehowa mu ahotoso na wɔka n’ahenni anuonyam ho asɛm daa daa no ho? Momma yɛn mu biara nyɛ Yehowa ahenni a ɛnam ne Ba a ɔde no asi ahengua so, Yesu Kristo, Dawid Kɛse no so no akyigyinafo nokwafo, na yemfi yɛn koma nyinaa mu nsi gyinae sɛ yebeyi Yehowa ayɛ baguam sɛnea Ɔhene Dawid yɛe no, nea ɔkae sɛ:

“M’ano bɛka Yehowa ayeyi, na ma ɔhonam nyinaa nhyira ne din kronkron daa daa.”​—Dw. 145:21.

[Ase hɔ asɛm]

a Esiane sɛ Dwom 145 yɛ dwom a wɔahyehyɛ no nnidiso sɛnea nkyerɛwde a edi kan no te, na nkyekyem ahorow a edidi so no de Hebri nkyerɛwde sɛnkyerɛnne na efi ase nti, New World Translation, 1971 de no, ka eyi wɔ ase hɔ nsɛm no mu: “Nkyekyem a ɛde Hebri nkyerɛwde nun fi ase no nni mem nkyekyem no akyi. Wɔ Hebri nkyerɛwee ahorow bi mu no nkyekyem a nun fi ase no kan sɛ: ‘Yehowa di nokware wɔ ne nsɛm nyinaa mu, na ɔyɛ ayamye wɔ ne nnwuma nyinaa mu.’ LXXVgSy si eyi so dua.”

[Kratafa 15 mfoni]

Anokwafo ka Yehowa ahenni anuonyam ho asɛm

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena