Sɛ Wusua Onyankopɔn Ho Ade a, Ɛbɛma Woabɛn No
Ɔbɔadeɛ no nyɛ tumi bi kɛkɛ. Mmom ɔyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa, na ɔwɔ suban pa pii. Ɔpɛ sɛ yesua ne ho ade na yɛfa no adamfo. (Yohane 17:3; Yakobo 4:8) Wei nti waka ne ho nsɛm pii akyerɛ yɛn.
Yɛn Bɔfo No Wɔ Din
“Ma nnipa nhu sɛ wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni a odi asaase nyinaa so.”—DWOM 83:18.
Bible ma yehu sɛ nokware Nyankopɔn baako na ɔwɔ hɔ. Ɔno ne Yehowa. Ɔno na ɔbɔɔ amansan yi ne nea ɛwɔ mu nyinaa. Ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom no.—Adiyisɛm 4:11.
Yehowa Yɛ Onyankopɔn a Ɔwɔ Ɔdɔ
“Onyankopɔn ne dɔ.”—1 YOHANE 4:8.
Bible ma yehu Yehowa suban ahorow pii. Afei nso, sɛ yɛhwɛ n’abɔde a atwa yɛn ho ahyia a, ɛma yehu ne suban ahorow no bi. Suban a Yehowa wɔ nyinaa, ɔdɔ na ɛyɛ kɛse paa wom. Biribiara a ɔyɛ biara, ɔdɔ na ɛma ɔyɛ. Sɛ wufi ase sɛ woresua Yehowa ho ade a, nkakrankakra wobɛba abehu no yiye, na ɛbɛma ɔdɔ a wowɔ ma no no ayɛ kɛse.
Yehowa Yɛ Onyankopɔn a Ɔde Bɔne Kyɛ
“Woyɛ Onyankopɔn a wuyi wo yam de bɔne kyɛ.”—NEHEMIA 9:17.
Yehowa nim sɛ bɔne wɔ yɛn ho. Enti sɛ yɛyɛ bɔne a, ‘oyi ne yam de kyɛ yɛn.’ Sɛ yɛyɛ bɔne na yɛka kyerɛ no sɛ yɛanu yɛn ho, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrenkɔyɛ bio a, ɔde bɛkyɛ yɛn. Sɛ ɛba saa a, ɔrentwe yɛn aso wɔ saa bɔne no ho.—Dwom 103:12, 13.
Yehowa Pɛ Sɛ Yɛbɔ No Mpae
“Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa . . . Otie wɔn sufrɛ.”—DWOM 145:18, 19.
Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsom Yehowa a, ɛho nhia sɛ yɛyɛ amanne soronko bi ansa. Saa ara nso na ɔmpɛ sɛ yɛfa ahoni anaa nneɛma a ɛtete saa so som no. Sɛ yɛbɔ mpae a, ɛyɛ a otie yɛn. Ɔte sɛ ɔwofo a ɔyɛ aso tie ne mma.