Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 5/1 kr. 3-5
  • Denhyɛ Tumi A Onyankopɔn Asɛm Wɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Denhyɛ Tumi A Onyankopɔn Asɛm Wɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere Ne Mmɔdenbɔ Ho Hia
  • Nhwɛso Horow Ankasa
  • Onyankopɔn Asɛm Wɔ “Nkwa, Na Ahoɔden Wɔ Mu”
  • Medee Me Ho! Wɔ Mfirihyia 20 Afiase Nna Akyi
    Nyan!—1980
  • Bata Yehowa Ahyehyɛde No Ho
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Ɛsɛ sɛ Yebu Sɔhwɛ Ahorow Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 5/1 kr. 3-5

Denhyɛ Tumi A Onyankopɔn Asɛm Wɔ

NNA KAKRAA pɛ na nhwiren a wɔatew tumi di na atwintwam asɛe. Nanso dua a esi baabi a nsu wɔ tumi nyin yɛ kɛse na ɛyɛ den, na ebetumi adi mfe ɔhaha anaasɛ mfe mpempem mpo. Nea ɛyɛ anigye no, Bible de onipa a “Yehowa mmara sɔ n’ani” no toto “dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo” ho.​—Dw. 1:1-3.

Dua a enya nsu yiye no tumi nya ahoɔden na ɛsow bere nyinaa. Saa ara na onipa a ɔnom Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛsom bo na ɛma nkwa daa denam adesua ne nneɛma ho yiye a osusuw so no tumi nya ahoɔden honhom mu na ɔkɔ so sow aba.

Sɛnea nsu ho hia na mmoa ne nnua akɔ so anya ahoɔden no, saa ara na nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho hia na obi akɔ so anya honhom mu ahoɔden. Ɛnnɛ, Yehowa asomfo wɔ owu anaa nkwa ho akodi mu. Sɛnea ɔsomafo Paulo kaa no pefee no: Ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya ntawntawdi, [mmom] . . . honhommɔne a ɛwɔ soro hɔnom” no. (Efe. 6:12) Enti, ɛsɛ sɛ Kristofo ne abɔde a wɔwɔ tumi a ɛboro ɔdesani de so no di ako honhom mu. Wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛsɛe abusuabɔ a ɛda Yehowa asomfo ne Onyankopɔn ntam no mu no, saa ahonhommɔne yi de nneɛma ahorow te sɛ ɔtaa ne anifere kwan so nhyɛso ahorow, sɛ ebia ɔbrasɛe ne honam fam adepɛ dodow ho sɔhwɛ ahorow, di dwuma.

Esiane tumi ne anifere a ɛboro ɔdesani de so a yɛn atamfo no wɔ nti, yenni anidaso biara sɛ yebetumi agyina wɔn ntua no ano denam yɛn ankasa ahoɔden so. Nanso, sɛ́ Onyankopɔn asomfo no, yebetumi de yɛn ho ato ahoɔden a Yehowa de ma no so. Bere tenten a yɛde yɛn werɛ nyinaa hyɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no mu no, yebetumi anya ahotoso a ɔsomafo Paulo, daa no adi no, nea ɔkae sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, Kristo a ɔhyɛ me den no mu.”​—Fil. 4:13.

Asɛm a Paulo kae no nyɛ asɛm a ɛyɛ dɛ a ɔka kyerɛe ara kwa. Ɔkyerɛw fii ahotoso a egyina osuahu a n’ankasa anya wɔ mfe pii mu so mu. Sɛnɛa asɛm a n’ankasa kae kyerɛ no, ɔsomafo no ‘daa afiase mpɛn pii wɔhwee no mpɛn pii, na ɔbɛn owu mpɛn pii.’ (2 Kor. 11:23-27) Nanso ɛdenam ahoɔden a Onyankopɔn de maa no so no, otumi de nokwaredi kɔɔ so yɛɛ Onyankopɔn adwuma no kosii sɛ owui wɔ atamfo nsam.

Nanso, honhom fam ahoɔden a obi benya na watumi ahyia daakye sɛ mudi-mu-kurafo no, ɛsɛ sɛ Kristoni nya Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ pa. Ɛdenam Kyerɛwnsɛm no so no, yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ no ama yɛn asetra a anigye wom ne honhom mu ahoɔden fibea kɛse ho akwankyerɛ a wontumi nkwati Onyankopɔn Ba no ani sɔɔ ɛbo a n’Agya Asɛm no som sɛ nea ɛma nkwa no, sɛnea yetumi hu wɔ emu nsɛm a ɔfa kae na ɔkae wɔ mmuae a ɔde mae wɔ Satan sɔhwɛ ahorow no biako ho no mu no: “Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase na asɛm hiani a efi Onyankopɔn anom so.”​—Mat. 4:4

Bere Ne Mmɔdenbɔ Ho Hia

Nanso, yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛfa anwonwakwan so ama yɛanya Bible mu nimdeɛ. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛate Onyankopɔn Asɛm ase yiye no, ebehia sɛ yɛde bere ne mmɔdenbɔ di dwuma de sua Bible no na yesusuw nea yesua fi mu no ho.

Ampa, esiane ɔdesani sintɔ ahorow no nti, yɛn mu kakraa bi na yɛwɔ adwene a wotumi ka sɛ: ‘ɛkyere ade ntɛmntɛm,’ a ebetumi aboa yɛn ma yɛakae biribiara a yesua. Nanso sɛ yɛabɔ mmɔden ankasa sɛ yebesua Bible no a, yebetumi de yɛn ho ato Yehowa honhom so ma akaakae yɛn Kyerɛwsɛm mu nneɛma a yɛde asie yɛn adwenem a ɛbɛma yɛanya akwankyerɛ ne nkuranhyɛ a yehia ma yɛde agyina sɔhwɛ ahorow ano na yɛanya nsɛm a ɛho hia ma yɛde abɔ yɛn gyidi ho ban no. Yesu sii so dua kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ woyi mo ma a, munnnwennwen sɛ dɛn anaasɛ dekode a mobɛka; na wɔde nea mobɛka bɛma mo dɔn no ara mu; na ɛnyɛ mo na ɛyɛ mo agya honhom a ɔkasa mo mu no.”​—Mat. 10:19, 20.

Ampa, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ nkyerɛkyerɛmu a yɛde bɛma wɔ sodifo anim anaasɛ wɔn a wobisa yɛn gyidi ne Kristofo dwumadi ho asɛm anim. Mpɛn pii no ɛyɛ ɔhaw ne ɔtaa, ne afiasenna tenten a ɛsɛ sɛ yehyia. So Onyankopɔn Asɛm no tumi hyɛ obi den wɔ tebea horow a ɛtete sɛɛ mu anaa? Yiw, ɛyɛ saa.

Nhwɛso Horow Ankasa

Onyankopɔn asomfo pii betumi adi denhyɛ tumi a ɛyɛ nwonwa a Onyankopɔn Asɛm wɔ no ho adanse. Sɛ nhwɛso no, susuw nokware Kristofo a wɔwɔ China, a wɔn mu binom hyiaa amanehunu kɛse wɔ afiase ne adwumayɛban ahorow mu no ho hwɛ. Mfe pii no na wonni Bible no bi, na na wonni hokwan biara sɛ wɔne mfɛfo Kristofo bɛbɔ fekuw. Nanso nea na wɔasua afi Onyankopɔn Asɛm mu ansa na wɔde wɔn rekogu afiase no ma wonyaa ahoɔden wɔ saa amanehunu mfe no nyinaa mu.

Saa nnipa yi mu biako ne Stanley Jones, a wɔkyeree no 1958 mu na wɔde no kɔtoo afiase mfirihyia nson no. Ɛwom sɛ na onni Bible, nanso otumi kaakaee kyerɛw nsɛm ahorow pii na onyaa awerɛkyekye ne ahoɔden fii eyinom ho a osusuw mu. Kyerɛwsɛm biako a ɛma onyaa awerɛkyekye kɛse ne Romafo 12:12, nea ɛkenkan sɛ: “Momma mo ani nnye anidaso mu, ahohiahia mu monto mo bo ase, munkura mpaebɔ mu ara.”

Nhwɛso foforo nso ne Harold King a wɔkyeree no na wɔde no too afiase mfirihyia anum wɔ China no. Na onua King asua Onyankopɔn Asɛm no mfirihyia 26. Nokwarem no, wɔ mfe 22 mu no na ɔde Bible no adi dwuma bere a ɔwɔ asɛnka adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ mu no. Eyi boaa no ma ɔtee Onyankopɔn Asɛm ase yiye. Bere a wɔde no kɔtoo afiase na wɔtee no fii ne honhom fam anuanom nyinaa ho no, ɔbɔɔ Yehowa mpae wɔ tebea no ho, bisaa bere a sɔhwɛ no bɛba awiei ne sɛnea ɛbɛba awiei. Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 6:31-34 no baa n’adwenem na ne dadwen no fii hɔ. Ɛte sɛnea na Yehowa reka akyerɛ no sɛ: ‘Dwen da koro biara nkutoo ho na nhaw wo ho wɔ ɔkyena ho. Mɛhwɛ wo so yiye, sɛnea mayɛ daa no.’ Onua King nso dwen Onyankopɔn diyifo Yeremia, a wɔtoo no kyenee abura a dɔte wom mu a ebia wogyaw no hɔ sɛnea ɛbɛyɛ na wawu no ho. (Yer. 38:6) Nanso, wogyee Yeremia fii saa tebea a na ɛte sɛ nea anidaso biara nni mu no mu. Bere a osusuw saa tete nokwaredi ho nhwɛso yi ho no, Harold King tee nka sɛ awiei koraa no Yehowa begye no, na watumi asan akɔ ne nuanom nkyɛn na watoa ne som adwuma no so wɔ ahofadi mu.

Ɔde denhyɛ tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu redi dwuma bio no, Harold King bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkae kyerɛw nsɛm dodow a obetumi, sɛnea Stanley Jones yɛe no. Sɛ Kristofo baanu yi anni kan ansua Onyankopɔn Asɛm no yiye a, so anka wobetumi akaakae kyerɛw nsɛm pii a ebetumi aboa wɔn ma wɔayɛ den honhom mu anaa?

Na Nancy Yuen a odii mfe 20 wɔ afiase ne adwumayɛban ahorow mu wɔ China no nhwɛso no nso wɔ hɔ. Bere tenten a ɔde daa afiase no mu no, wɔtew no fii n’abusua ho, na wɔhyɛɛ no bere nyinaa sɛ ɔbɛpa ne gyidi. Nanso, otumi gyinaa tebea a emu yɛ den yi ano bere tenteenten denam ne ho a ɔde too Yehowa so ma wama no ahoɔden ne dwuma a ɔde denhyɛ tumi a ɛwɔ n’Asɛm mu dii no so. Ɛdenam Onyankopɔn honhom so no, otumi kaakaee kyerɛw nsɛm ahorow a ɛda adi sɛ na ɛfata ma n’ahiade ahorow ho dwumadi wɔ nsɛm tebea ahorow mu no. Sɛnea ɔkae no: “Kyerɛw nsɛm ahorow a ɛfata baa m’adwenem bere nyinaa na ama me akwankyerɛ pa ne ahoɔden ma mede agyina tebea biara ano.”

Sɛ nhwɛso no, bere a onuawa Yuen hyiaa basabasayɛ ne ɔhwe ho ahunahuna no, ɔkaee Yehowa awerɛkyekyesɛm a ɔka kyerɛɛ odiyifo Hesekiel no: “Nsuro wɔn, na nsuro wɔn nsɛm nso.” (Hes. 2:6) Bere biara a n’ani gyinaa n’abusua no kɛse no, Yesu asɛm yi baa n’adwenem: “Nea ɔpɛ agya anaa ɛna sen me no, ɔnsɛ me; na nea ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabea sen me no, ɔnsɛ me; na nea ɔmfa n’asɛndua na onnni m’akyi no, ɔnsɛ me.” (Mat. 10:37, 38) Eyi ma onyaa ahoɔden foforo sɛ obekura ne mudi mu, a nea ɛbɛba biara mfa ho.

Bere a wɔhyɛɛ da guu onuawa Yuen anim ase na wɔyɛɛ no nea ɛmfata no, ɔkaee nea Yesu asomafo no yɛe bere a wɔhwee wɔn esiane “asɛmpa” no a wɔka kyerɛe nti no. Ɔma ɛtraa n’adwenem sɛ “wɔde anigye fii baguafo no anim hɔ kɔe, sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ [Kristo] din nti wɔyɛ wɔn ahohora.” (Aso. 5:40-42) Enti otumi gyinaa aniwu a wɔhyɛɛ no no ano anigye so. Bere a wɔde honam fam nneɛma kamee no no, ɔkaee sɛ ‘ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam tra ase.’​—Luka 4:4.

Onuawa Yuen susuw Yehowa asomfo anokwafo pii a wɔakura wɔn mudi mu ama Onyankopɔn wɔ amanehunu ne sɔhwɛ ahorow mu ho. Onyaa awerɛkyekye pii fii nhwɛso a Hiob ne Daniel yɛe no mu, bere a ɔtee nka sɛ ɔwɔ tebea a na ɛte sɛ nea saa mmarima anokwafo no hyiae na wogyinaa ano no. Nanso, nhwɛso a ɛso sen ne nyinaa, a ɛne Kristo Yesu de no, yɛɛ nkuranhyɛ fibea bere nyinaa.

Nsɛm afoforo pii mu no, Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ wiase mmeae horow no agyina gyidi ho sɔhwɛ a emu yɛ den ano bere tenteenten. Saa Kristofo yi a wɔadi wɔn sɔhwɛ ahorow so nkonim no, yɛ mmarima ne mmea ara kwa te sɛ yɛn nyinaa. Nanso wɔn ho nyinaa a wɔde too Onyankopɔn so no aboa wɔn ma wɔatumi agyina ahohiahia a emu yɛ den ano. Yiw, ‘tumi a ɛboro so no yɛ Onyankopɔn dea, na emfi yɛn mu.’​—2 Kor. 4:7.

Onyankopɔn Asɛm Wɔ “Nkwa, Na Ahoɔden Wɔ Mu”

Ampa, ɛnyɛ Yehowa asomfo nyinaa na wohyia amanehunu koro no ara a emu yɛ den, te sɛ ebia wɔn gyidi nti wɔde wɔn bɛkɔ akɔto afiase. Nanso ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa hyia sɔhwɛ wɔ ɔkwan bi so, na asɔ wɔn gyidi ahwɛ yiye. Ebia sɔhwɛ no betumi aba te sɛ ɔsɔretia a efi abusuafo nkyɛn, ɔbrasɛe ho sɔhwɛ ahorow ne mmɔden a nnamfo bɔ sɛ wɔbɛma yɛadi ɔkwan a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia akyi, asetra mu dadwen ne haw, ɔyare, asetra mu nsɛm ahorow, ne nea ɛkeka ho. Nanso, sɛ sɔhwɛ ahorow no mu yɛ den dɛn ara a, yebetumi anya ahotoso sɛ awerɛkyekye ne ahoɔden a efi Onyankopɔn Asɛm mu no betumi aboa yɛn wɔ mmere a ɛte sɛɛ mu, na ama yɛatumi agyina pintinn akura yɛn gyidi wɔ Onyankopɔn mu no mu.​—Rom. 15:4.

Yehowa nkurɔfo ɔpepem pii betumi adi denhyɛ tumi a n’Asɛm wɔ no ho adanse. Wɔatumi agyina ɔsɔretia a efi abusuafo nkyɛn da biara da ano mfe pii. Wɔatumi akura Kristofo abrabɔ pa mu wɔ wiase a ɔbrasɛe ne amumɔyɛ rekɔ anim kɛse wom no mu. Atwetwesi ne animtiaabu a efi wɔn a wonni gyidi nkyɛn no nyinaa akyi no, wɔada gyidi a emu yɛ den kɛse adi. Nnipa a wɔwɔ hɔ mprempren a wɔyɛ nhwɛso a ɛte saa ma ɛda adi sɛ Onyankopɔn Asɛm “wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu.” (Heb. 4:12) Wobetumi de ato nkrante a wotumi de sɛe ade na wotumi de bɔ ade nso ho ban ho. Nanso, nkrante a ɛwɔ obi a wɔnkyerɛɛ no sɛnea wɔde di dwuma nsam ho nni mfaso pii. Enti Onyankopɔn Asɛm no ho nni mfaso mma obi a ɔwɔ ɛho nimdeɛ ketewaa bi pɛ na onnim sɛnea wɔde di dwuma wɔ asetra mu no.​—Efe. 6:17.

Onyankopɔn Asɛm yɛ nea ɛnam Yehowa honhom kronkron a ɛno ne tumi a ano yɛ den wɔ amansan nyinaa mu no so bae. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi ate n’Asɛm no ase yiye no, ɛho hia sɛ yɛnam mpaebɔ so sua denam Onyankopɔn honhom no mmoa so na yɛyɛ saa wɔ yɛne ne nkurɔfo asafo no fekubɔ mu (Mat. 24:45-47; Aso. 8:30-35;1 Kor. 2:10) Ɛwom sɛ saa wiase yi wɔ basabasayɛ ne ɔhaw tebea a ebi mmae da mu na ɛde tebea horow a emu yɛ den ba de, nanso yebetumi anya ahoɔden afi Kyerɛwnsɛm no mu. Yiw, mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ yɛde mmɔdenbɔ sua Onyankopɔn Asɛm no na yɛanya ne denhyɛ tumi a ɛyɛ nwonwa no ho mfaso kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena