Minya Awerɛkyekye Wɔ “Esum Kabii Bon no Mu”
Sɛnea Barbara Schweizer ka kyerɛe
Ɛtɔ da bi a, bere a nneɛma kɔ yiye no, na m’asetra yɛ sɛ “wura frɔmfrɔm.” Nanso mahu sɛnea “esum kabii bon no mu” nantew nso te. Nanso, mewɔ ahotoso sɛ esiane sɛ Yehowa ne yɛn Hwɛfo nti, yebetumi agyina tebea biara a ebetumi aba ano.—Dwom 23:1-4.
BERE a na me ne me kunu nyinaa reyɛ adi mfe 70 wɔ 1993 mu no, yesii gyinae sɛ yebefi dwumadi foforo ase—yɛbɛsom wɔ baabi a Bible akyerɛkyerɛfo ho hia kɛse wɔ Ecuador. Ɛwom sɛ na yɛyɛ Amerikafo fi awo mu de, nanso na yɛka Spania kasa na na yenni sikasɛm mu ahokyere biara. Esiane sɛ na yenim sɛ ‘mpataayi adwuma’ no sow aba wɔ Ecuador nti, yesii gyinae sɛ yebegu yɛn asawu no wɔ saa nsu a mpataa pii wom no mu.—Mateo 4:19.
Wɔ nna kakra a na ɛyɛ anigye a yedii wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Ecuador akyi no, yɛkɔɔ bɔs gyinabea wɔ Guayaquil, a na yɛpɛ ntɛm akɔ Machala—nkurow a na mmoa ho hia titiriw no mu biako. Nanso, bere a na yɛretwɛn bɔs no, me kunu Fred yaree mpofirim, enti yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yebetu akwantu no ahyɛ da. Me ne baa dwumadibea no kɔkasae wɔ telefon so kɔyɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma yɛasan akɔ hɔ bere a na Fred te yɛn nneɛma no ho. Bere a mesan bae wɔ simma kakraa bi akyi no, na me kunu nni hɔ!
Manhu Fred wɔ nkwa mu bio. Bere a mifii bɔs gyinabea hɔ bere tiaa bi no, onyaa komayare a emu yɛ den wɔ hɔ ara. Bere a na mede ahoyeraw rehwehwɛ no no, bɔs gyinabea hɔ panyin bi bɛka kyerɛɛ me sɛ wɔde Fred kɔ ayaresabea. Bere a miduu ayaresabea hɔ no, wɔka kyerɛɛ me sɛ wawu dedaw.
Mpofirim no, mihui sɛ mayɛ ankonam wɔ obi man so a minni ofi ne okunu a mɛdan no. Meka sɛ “mɛdan no,” efisɛ na Fred na odi nneɛma anim yɛ ho nhyehyɛe ma yɛn baanu nyinaa daa. Minni ahotoso pii ma enti na m’ani gye ho sɛ ɔyɛ saa. Nanso mprempren de ɛsɛ sɛ misisi gyinae ahorow, yɛ m’asetra ho nhyehyɛe, na bere koro ara no midi m’awerɛhow no so. Na ɛyɛ awerɛhosɛm kɛse—te sɛ nea matɔ “esum kabii bon” mu. So metumi asua sɛnea m’ankasa medi nneɛma ho dwuma da bi?
Nokware no a Yesuae ne Asetram Akɛsesɛm a Yɛkwatii
Bere a me ne Fred dii kan hyiae no, na yɛn nyinaa aware pɛn. Adamfofa a eye danee abusuabɔ a emu yɛ den, na yesii gyinae sɛ yɛbɛware. Na yɛyɛ asɔrekɔfo wɔ Seattle, Washington, U.S.A. Nanso, na ɔsom nyɛ ade a ɛho hia kɛse wɔ yɛn asetram kosii sɛ ɔkwampaefo (bere nyinaa ɔsɛmpakafo) kumaa bi a ne ho yɛ anigye a wɔfrɛ no Jamie bɛsraa yɛn. Na ne ho yɛ anika araa ma mepenee so sɛ ɔne mensua Bible no.
Bere a Fred nso kyerɛɛ ho anigye no, wɔdan adesua no maa Jamie awofo, na afe akyi wɔ 1968 mu no, wɔbɔɔ yɛn baanu nyinaa asu. Na yɛwɔ ɔpɛ a emu yɛ den fi mfiase no sɛ yɛde Onyankopɔn Ahenni ho nneɛma bedi kan wɔ yɛn asetram. (Mateo 6:33) Awarefo a wɔne yɛn suaa ade a wɔne Lorne ne Rudi Knust no yɛɛ nhwɛso ankasa wɔ eyi mu. Bere tiaa bi wɔ yɛn asubɔ akyi no, wotu kɔtraa East Coast wɔ United States kɔsomee wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse. Eyi ma yenyaa ho anigye wɔ yɛn koma mu.
Yenyaa adwene foforo sɛ yebetu. Na Fred yɛ ɔpanyin wɔ adetɔn dan kɛse bi mu. Na n’adwuma no gye bere pii, na ohui sɛ tu a obetu akɔ baabi no bɛma watumi ama n’asetra ayɛ nea ɛba fam na ɔde n’ani asi nokware no ne yɛn mmabea baanu no so yiye. Mewoo ɔbabea wɔ m’aware a edi kan no nso mu, na na waware saa bere no, na na ɔne ne kunu no nyinaa nso ahu nokware no, enti na gyinae a yesii sɛ yebefi Seattle no yɛ den. Nanso, wɔtee yɛn ase na wɔpenee yɛn gyinaesi no so.
Enti, wɔ 1973 mu no yetu kɔɔ Spain, ɔman a na wohia asɛmpakafo ne mmarima a wobedi anim kɛse saa bere no. Na Fred asusuw ho ahu sɛ sɛ yɛkwati akɛsesɛm a, sika a yɛwɔ no betumi ahwɛ yɛn wɔ Spain, na yebetumi de yɛn bere mu fã kɛse ayɛ ɔsom adwuma no. Na saa ara na yɛyɛe. Ankyɛ koraa na Fred som sɛ ɔpanyin, na eduu 1983 no, na yɛn baanu nyinaa yɛ akwampaefo.
Yɛde mfe 20 somee wɔ Spain, suaa hɔ kasa na yenyaa osuahu bebree. Na me ne Fred taa bom kɔ asɛnka, na yɛne awarefo sua ade, wɔn mu binom abɛyɛ Adansefo a wɔabɔ wɔn asu. Wɔ mfe bi akyi wɔ Spain no, yɛn mma nkumaa baanu, Heidi ne Mike, nso de wɔn ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu. Ɛwom sɛ na yenni yiye wɔ honam fam de, nanso na eyi ne bere a mewɔ anigye sen biara wɔ m’asetram. Na yɛn asetra ba fam. Na yɛn abusua no tumi nya bere pii de yɛ ade bom, na te sɛ Bible kyerɛwtohɔ no mu okunafo ngo no, yɛn sika a na yɛhwɛ so yiye no ansa da.—1 Ahene 17:14-16.
Yɛsan Kɔ Ɔman Foforo So
Wɔ 1992 mu no, yɛsan susuw ho sɛ yebetu akɔ baabi. Na yɛn mma no anyinyin, na na mmoa ho nhia pii wɔ Spain sɛ kan no. Na yenim ɔsɛmpatrɛwfo bi a na wasom wɔ Ecuador, na ɔkaa sɛnea wohia akwampaefo ne mpanyimfo denneennen wɔ saa man no mu ho asɛm kyerɛɛ yɛn. So na yɛanyinyin dodo sɛ yebesusuw ho sɛ yebefi asetra ase bio wɔ ɔman foforo so? Yɛansusuw saa efisɛ na yɛn baanu nyinaa wɔ apɔwmuden na na yɛn ani gye asɛnka adwuma no ho. Enti, yɛne Ecuador baa dwumadibea no dii nkitaho na yefii ase yɛɛ yɛn nhyehyɛe. Nokwarem no, me babea Heidi ne ne kunu Juan Manuel a na wɔresom wɔ Spain kusuu fam no nso nyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔne yɛn bɛkɔ.
Awiei koraa no, eduu February 1993 no, na yɛawie yɛn nhyehyɛe nyinaa akɔ yɛn man foforo no so. Na ɛyɛ yɛn baanu nyinaa anigye sɛ yɛanya hokwan a yɛde bɛyɛ akwampaefo wɔ Ecuador, baabi a nnipa pii pɛ sɛ wosua Bible no. Bere a wɔde anigye maa yɛn akwaaba wɔ baa dwumadibea hɔ akyi no, yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛkɔ akɔsra nkurow bi a wɔkamfo kyerɛe sɛ mmoa ho hia kɛse wɔ hɔ no. Nanso saa bere no na me kunu wui.
Wɔ “Esum Kabii Bon no Mu”
Mfiase no, me koma tui, na afei mannye anni koraa. Na Fred ntaa nyare. Menyɛ dɛn? Ɛhe na menkɔ? Na minhu nea menyɛ ankasa.
Wɔ m’asetra mu amanehunu kɛse yi mu no, minyaa honhom fam anuanom a wɔwɔ ayamhyehye a wɔn mu dodow no ara nnim me no nkyɛn mmoa. Anuanom a na wɔwɔ baa dwumadibea hɔ no daa ayamye adi na wɔyɛɛ biribiara, a ayiyɛ no ho nhyehyɛe ka ho. Mekae ɔdɔ a Onua ne Onuawa Bonno yii adi kyerɛɛ me no titiriw. Wɔannyaw me nkutoo da, na Edith Bonno bɛdaa me nkyɛn anadwo mpɛn pii sɛnea ɛbɛyɛ a menyɛ ankonam. Nokwarem no, Betel abusua no nyinaa daa ɔdɔ ne tema kɛse adi, na ɛte sɛ nea wɔde ɔdɔ a ɛte sɛ kuntu a ɛma ɔhyew ne ahobammɔ akyekyere me ho.
Wɔ nna kakra ntam no, me mma baasa no nso baa me nkyɛn, na mmoa a wɔde mae no som bo kɛse. Ɛwom sɛ na nkurɔfo pii a wɔwɔ ɔdɔ tra me nkyɛn awia de, nanso na ɛyɛ den kɛse ma me anadwo. Saa bere no na Yehowa hyɛɛ me den. Bere biara a mete ankonamyɛ nka kɛse no, mebɔ no mpae na ɔkyekye me werɛ.
Asɛmmisa yi sɔree wɔ ayiyɛ no akyi, Dɛn na mɛyɛ wɔ m’asetram? Na mepɛ sɛ metra Ecuador efisɛ yɛn baanu no sii gyinae saa, nanso metee nka sɛ me nkutoo ntumi nyɛ saa. Enti Heidi ne Juan Manuel a na wɔayɛ nhyehyɛe dedaw sɛ wobetu aba Ecuador bere bi no sakra wɔn nhyehyɛe no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aba ntɛm ara na yɛn nyinaa atumi abom asom.
Ɔsram biako ntam no, yenyaa ɔdan wɔ Loja, nkurow a baa dwumadibea no kamfo kyerɛe no mu biako. Ankyɛ na meretoto nneɛma a adagyew nnim, m’ani reka ofi foforo mu, na mafi ase reka asɛm wɔ ɔman foforo so. Nnwuma no nyinaa tew m’awerɛhodi so kakra. Afei nso, na mitumi ne me babea a na ɔbɛn Fred yiye no bom su, na ɛboa ma medaa me nkate adi.
Nanso, wɔ asram kakra bi akyi, bere a na me tebea foforo no akokwaw me no, mihuu ade kɛse a na mahwere no yiye. Mihuu sɛ mintumi nsusuw anigye a na me ne Fred wɔ no ho efisɛ na ɛhaw me kɛse. Adekyee biara, mema me werɛ fi nea atwam no na na mintumi nsusuw daakye ho pii. Nanso na mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ biribi a mfaso wɔ so da biara, titiriw m’asɛnka adwuma no. Ɛno na ɛboaa me.
Na m’ani gye asɛnka ne Bible nkyerɛkyerɛ ho bere nyinaa, na nnipa a wɔwɔ Ecuador tie asɛm no araa ma adwuma yi yɛ anigye. Mmere a edi kan a meyɛɛ afie afie asɛnka adwuma wɔ hɔ no, mihyiaa ababaa warefo bi a ɔkae sɛ: “Yiw, mepɛ sɛ misua Bible no!” Ɔno na me ne no dii kan yɛɛ Bible adesua wɔ Ecuador. Osuahu a ɛte saa no gyee m’adwene na amma mannwen m’awerɛhow no ho pii. Yehowa hyiraa m’asɛnka adwuma no so kɛse. Ɛte sɛ nea bere biara a mekɔka asɛmpa no, minya osuahu a ɛyɛ anigye.
Akyinnye biara nni ho sɛ akwampae adwuma a mekɔɔ so yɛe no yɛɛ nhyira. Ɛma minyaa asɛyɛde a midii ho dwuma ne biribi a mfaso wɔ so yɛe da biara. Wɔ bere tiaa bi mu no, na meyɛ Bible adesua asia
Ma menka anisɔ ankasa a ɔbea bi a wadi boro mfe aduanan daa no adi wɔ Bible nkyerɛkyerɛ ho nnansa yi mfa nkyerɛkyerɛ anigye a minya wɔ ɔsom adwuma no mu mu. Sɛ mekyerɛ no kyerɛwsɛm bi a, ɔpɛ sɛ odi kan te ase fann, na afei onya ɔpɛ sɛ ɔde afotu a ɛwom no bedi dwuma. Ɛwom sɛ kan no na obu bra bɔne de, nanso bere a nnansa yi ɔbarima bi ka kyerɛɛ no sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no twe mpena no, wampene nea ɔkae no so koraa. Ɔkaa sɛnea Kyerɛwnsɛm mu gyinapɛn a okuraa mu pintinn no maa n’ani gyei ho asɛm kyerɛɛ me, efisɛ mprempren ɔwɔ asomdwoe sen bere biara. Adesua a ɛte saa ma minya akomatɔyam na mete nka sɛ me so wɔ mfaso.
M’anigye a Mekura Mu
Ɛwom sɛ asuafoyɛ adwuma no ma minya anigye pii de, nanso m’awerɛhow no annyae ntɛm so. Wɔ me fam no, awerɛhodi yɛ biribi a ɛba bere ne bere mu. Me babea ne m’ase ayɛ me mmoa kɛse, nanso ɛtɔ da bi na sɛ mihu sɛ wɔregye wɔn ani a, ɛma mihu nea mahwere no kɛse. M’ani gyina me kunu kɛse, a ɛnyɛ sɛ na yɛwɔ abusuabɔ a emu yɛ den nko, na mmom na medan no wɔ nneɛma pii mu nso. Ɛtɔ mmere bi a, tumi a mintumi nkasa nkyerɛ no, nhwehwɛ afotu mfi ne hɔ, anaa nka osuahu a ɛfa asɛnka adwuma ho nkyerɛ no no, ma midi awerɛhow na mete nka sɛ mahwere biribi a ɛyɛ den sɛ megyina ano.
Dɛn na ɛboa me wɔ mmere a ɛte saa mu? Mifi me komam bɔ Yehowa mpae srɛ no sɛ ɔmmoa me mma minsusuw biribi foforo a ɛfata ho. (Filipifo 4:6-8) Na ɔboa me ankasa. Mprempren wɔ mfe bi akyi no, mitumi ka mmere a me ne Fred nyae anigye no bi ho asɛm. Enti, ɛda adi sɛ me ho resan me nkakrankakra. Te sɛ odwontofo Dawid no, mete nka sɛ mannantew “esum kabii bon no mu.” Nanso Yehowa kyekyee me werɛ, na anuanom anokwafo fi ayamye mu de akwankyerɛ a eye maa me.
Asuade a Manya
Esiane sɛ Fred na na odi anim bere nyinaa nti, mansusuw da sɛ mankasa metumi ayɛ biribi da. Nanso esiane Yehowa, m’abusua, ne anuanom mmoa nti, matumi ayɛ saa. Akwan bi so no, mayɛ den sen kan no. Me ne Yehowa taa di nkitaho sen kan no, na meresua sɛnea mankasa mesisi gyinae ahorow.
M’ani agye pii sɛ me ne Fred de saa mfe 20 no traa Spain, na yeboom somee wɔ baabi a na mmoa ho hia kɛse. Wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no, yennim nea ɛbɛba nnɛ ne ɔkyena, enti misusuw sɛ ɛho hia kɛse sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa ama Yehowa ne yɛn abusua bere a yɛwɔ hokwan no. Saa mfe no maa yɛn asetra ne yɛn aware yɛɛ papa yiye, na migye di sɛ esiesiee me na matumi agyina nea mahwere no ano. Esiane sɛ na akwampae adwuma abɛyɛ yɛn asetra fã dedaw ansa na Fred rewu nti, ɛma minyaa atirimpɔw bere a na merebɔ mmɔden adi tebea foforo no so no.
Bere a Fred wui no, mfiase no na ɛte sɛ nea m’asetra nso aba awiei. Nanso, na ɛnte saa. Na mewɔ adwuma a ɛsɛ sɛ meyɛ wɔ Yehowa som mu, na ɛsɛ sɛ meboa nkurɔfo. Esiane sɛ na nnipa a mete wɔn mu no pii hia nokware no nti, dɛn nti na na ɛsɛ sɛ migyae? Na afoforo a mɛboa wɔn no ye ma me, sɛnea Yesu kae sɛ ɛbɛyɛ no. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Me suahu horow wɔ ɔsom adwuma no mu no ma minyaa nneɛma a mɛhwɛ kwan, nneɛma a mɛyɛ ho nhyehyɛe.
Nnansa yi mesan tee ankonamyɛ a ɛte saa ara nka kɛse. Nanso bere a mifii fie sɛ merekɔyɛ Bible adesua no, me ho sanee me. Mebaa fie nnɔnhwerew abien akyi a na manya akomatɔyam ne denhyɛ. Sɛnea odwontofo no kae no, ɛtɔ da bi a ebetumi aba sɛ yɛde ‘nusu begu aba,’ nanso Yehowa hyira yɛn mmɔdenbɔ so, na yɛde ‘ahurusi twa.’—Dwom 126:5, 6.
Esiane sɛ manya mogya mmoroso nnansa yi nti, na ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae kakra wɔ me nhyehyɛe mu, na mprempren meyɛ daa akwampaefo boafo. Mewɔ asetra a abotɔyam wom, ɛwom sɛ minsusuw sɛ me werɛ befi nea mahwere no koraa da bi wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu de. M’ani gye sɛ mihu sɛ me mma baasa no nyinaa yɛ bere nyinaa som adwuma no. Nea ɛkyɛn so koraa no, mehwɛ kwan sɛ mehu Fred bio wɔ wiase foforo no mu. Migye di sɛ n’ani begye sɛ obehu adwuma a matumi ayɛ wɔ Ecuador no ho—sɛ nhyehyɛe a yɛyɛe no sow aba.
Mebɔ mpae sɛ odwontofo no asɛm no bɛkɔ so ayɛ nokware wɔ me fam. “Yiye ne adɔe nko na ebedi m’akyi me nkwa nna nyinaa, na mɛtra [Yehowa, NW] fi daa.”—Dwom 23:6.
[Kratafa 27 mfonini]
Wɔ ɔsom adwuma no mu wɔ San Lucas, Loja, Ecuador