Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Wubetumi Ne Yehowa Afa Adamfo
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Adesua 8. Ɔbarima bi te akongua so, na wama ne ti so rehwɛ soro.

      ADESUA 08

      Wubetumi Ne Yehowa Afa Adamfo

      Yehowa pɛ sɛ wuhu no yiye. Adɛn ntia? Onim sɛ wusua ne ho ade, wuhu n’akwan, na wuhu nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama wo a, nkakrankakra w’ani begye ho sɛ wobɛfa no adamfo. Wohwɛ a, wubetumi afa Onyankopɔn adamfo ma ayɛ yiye? (Kenkan Dwom 25:14.) Dɛn na woyɛ a ɛbɛma Onyankopɔn afa wo adamfo? Nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ Bible mu. Afei nso, Bible bɛma woahu sɛ adamfo biara nni hɔ a yebetumi de no atoto Yehowa ho.

      1. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ woyɛ?

      ‘Bɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn wo.’ (Yakobo 4:8) Dɛn na saa asɛm no kyerɛ? Nea ɛkyerɛ ne sɛ, Yehowa pɛ sɛ wobɛyɛ n’adamfo. Nanso esiane sɛ yentumi mfa yɛn ani nhu Onyankopɔn nti, ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobegye adi sɛ wobetumi afa no adamfo. Nanso biribiara a ɛbɛma yɛahu Yehowa yiye, na ama yɛatumi afa no adamfo no, waka ho asɛm akyerɛ yɛn wɔ n’Asɛm Bible mu. Ɛwom sɛ yenhuu Onyankopɔn da, nanso sɛ yɛkenkan asɛm a waka akyerɛ yɛn wɔ Bible mu no a, ɛma yɛne n’adamfofa mu yɛ den.

      2. Adɛn nti na adamfo biara nni hɔ a ɔte sɛ Yehowa?

      Obiara nni hɔ a ɔdɔ wo sen Yehowa. Ɔpɛ sɛ w’ani gye. Mmoa biara a wuhia no, ɔpɛ sɛ woka ho asɛm kyerɛ no. Wubetumi ‘atow wo dadwen nyinaa agu no so, efisɛ odwen wo ho.’ (1 Petro 5:7) Yehowa ayɛ krado bere nyinaa sɛ ɔbɛboa ne nnamfo, akyekye wɔn werɛ, na watie wɔn adesrɛ.—Kenkan Dwom 94:18, 19.

      3. Dɛn na Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ ansa na yɛatumi afa no adamfo?

      Yehowa dɔ nnipa nyinaa, nanso “atreneefo na wɔyɛ ne nnamfo paa.” (Mmebusɛm 3:32) Yehowa pɛ sɛ ne nnamfo yere wɔn ho yɛ nea ɔpɛ, na wɔtwe wɔn ho fi nea ɔmpɛ ho. Ebia ebinom adwene bɛyɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ nea Yehowa pɛ nyinaa na wobetumi ayɛ. Nanso Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo. Enti sɛ obi fi ne koma nyinaa mu dɔ no, na ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛsɔ n’ani a, ogye no tom.—Dwom 147:11; Asomafo Nnwuma 10:34, 35.

      SUA PII KA HO

      Nea woyɛ a ɛbɛma Yehowa afa wo adamfo no, sua pii ka ho, na hwɛ nea enti a adamfo biara nni hɔ a ɔte sɛ Yehowa.

      4. Ná Yehowa adamfo ne Abraham

      Sɛ obi yɛ Onyankopɔn adamfo a, ɛkyerɛ sɛn? Abraham (a wɔsan frɛ no Abram) ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no ma yehu nea ɛkyerɛ. Monkenkan Abraham ho asɛm wɔ Genesis 12:1-4. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnyɛ?

      • Nhyira bɛn na Yehowa kaa sɛ obenya?

      • Dɛn na Abraham yɛe wɔ nea Yehowa kae no ho?

      5. Nea Yehowa pɛ sɛ ne nnamfo yɛ

      Ɛyɛ a yɛhwɛ kwan sɛ yɛn nnamfo bɛyɛ nneɛma bi ama yɛn.

      • Dɛn na ɛyɛ a wopɛ sɛ wo nnamfo yɛ ma wo?

      Monkenkan 1 Yohane 5:3. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Dɛn na Yehowa hwɛ kwan sɛ ne nnamfo bɛyɛ?

      Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Yehowa ani a, ebia ebehia sɛ yɛsesa yɛn abrabɔ anaa yɛn suban. Monkenkan Yesaia 48:17, 18. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Adɛn nti na ɛyɛ a Yehowa ka kyerɛ ne nnamfo sɛ wɔnsesa wɔn abrabɔ anaa wɔn suban?

      Adansifo mmienu bi reyɛ adwuma, na baako de kyɛw a ɛbɛbɔ ne yɔnko ti ho ban rema no.

      Sɛ obi yɛ adamfo pa a, nea n’adamfo yɛ a ɛbɛbɔ ne ho ban ne nea ɔyɛ a ɛbɛboa no no, ɔka kyerɛ no. Saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa nso te

      6. Nea Yehowa yɛ de boa ne nnamfo

      Sɛ Yehowa nnamfo hyia ɔhaw a, otwitwa gye wɔn anaa ɔboa wɔn ma wotumi gyina ano. Monhwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

      VIDEO: Yehowa Ayɛ Bi Ama Me (3:20)

      • Video no mu no, ɔbea no kaa sɛ ɛwom ara a, nea ɛtoo no no tumi besi ne tirim ma ɔyɛ basaa. Nanso dɛn na Yehowa yɛ de boaa no?

      Monkenkan Yesaia 41:10, 13. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Dɛn na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama ne nnamfo nyinaa?

      • Wo ne Yehowa fa adamfo a, wohwɛ a obetumi aboa wo? Adɛn nti na woreka saa?

      Mfoni ahorow: Nnamfo a obiara reboa ne yɔnko. 1. Ɔbarima bi reboa ne yɔnko ama wama pon kɛse bi so. 2. Ɔbea bi reka ne komam asɛm akyerɛ ne yɔnko bea. 3. Ɔbarima bi reboa ne yɔnko a wapira ama wanantew.

      Adamfo pa de, sɛ wuhia mmoa a ɔde bɛma wo. Saa ara na Yehowa nso te

      7. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yehowa fa adamfo a, ɛsɛ sɛ yɛka yɛn asɛm kyerɛ no, na yetie nea ɔno nso wɔ ka

      Sɛ wo ne w’adamfo bɔ nkɔmmɔ a, ɛma mo adamfofa no mu yɛ den. Monkenkan Dwom 86:6, 11. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Sɛ yɛpɛ sɛ yɛka yɛn asɛm kyerɛ Yehowa a, yɛbɛyɛ no sɛn?

      • Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so kasa kyerɛ yɛn?

      Mfoni ahorow: 1. Ɔbea bi rebɔ mpae. Ahyɛnsode bi wɔ ne ti so a ani kyerɛ soro. 2. Ɔbea bi rekenkan Bible. Ahyɛnsode bi wɔ ne ti so a ani kyerɛ fam.

      Yɛbɔ mpae a, na yɛrekasa akyerɛ Yehowa; yɛkenkan Bible a, na yɛrema Yehowa nso akasa akyerɛ yɛn

      EBINOM KA SƐ: “Onipa de, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ne Onyankopɔn afa adamfo?”

      • Bible mu asɛm bɛn na wode bɛkyerɛ sɛ yebetumi ne Yehowa afa adamfo?

      NEA YƐASUA

      Yehowa pɛ sɛ ɔne wo fa adamfo, na ɔbɛboa wo ama woatumi abɛn no.

      Ntimu

      • Dɛn na Yehowa yɛ de boa ne nnamfo?

      • Adɛn nti na ɛyɛ a Yehowa ka kyerɛ ne nnamfo sɛ wɔnsesa wɔn abrabɔ anaa wɔn suban?

      • Nea Yehowa pɛ sɛ ne nnamfo yɛ no, wohwɛ a ɛyɛ den dodo? Adɛn nti na woreka saa?

      Fa Wei Si W’ani So

      YƐ NHWEHWƐMU

      Wofa Onyankopɔn adamfo a, mfaso bɛn na wubenya?

      “Yehowa​—Onyankopɔn a Ɛfata sɛ Yehu No” (Ɔwɛn-Aban, February 15, 2003)

      Hwɛ nea woyɛ a ɛbɛboa wo ama woafa Onyankopɔn adamfo.

      “Mepɛ Sɛ Meyɛ Onyankopɔn Adamfo—Dɛn Na Menyɛ?” (Nsɛm a Mmabun Bisa—Mmuae a Ɛbɛboa Wɔn, Ɔfã 2, ti 35)

      Ɔbea bi kaa sɛ, efi bere a ɔfaa Onyankopɔn adamfo no, n’abrabɔ atu mpɔn paa. Hwɛ nea enti a ɔkaa saa.

      “Ná Mempɛ sɛ Miwu!” (Ɔwɛn-Aban No. 1 2017)

      Tie nea mmerante ne mmabaa bi aka afa Yehowa ho.

      Sɛ Yɛka Sɛ Obi Yɛ Onyankopɔn Adamfo a Ɛkyerɛ Sɛn? (1:46)

  • Woyere Wo Ho Bɔ Asu a, Wubenya Nhyira!
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • 6. Sɛ wobɔ asu a, wobɛba abɛka Yehowa nkurɔfo ho

      Sɛ wobɔ asu a, wobɛba abɛka Yehowa abusua kɛse no ho. Ɛwom, ɛsono baabi a yɛn mu biara fi ne n’amammerɛ, nanso yɛn gyidi yɛ baako, na yɛn nyinaa de Onyankopɔn asɛm bɔ yɛn bra. Monkenkan Dwom 25:14 ne 1 Petro 2:17. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛ obi bɔ asu a, adamfofa bɛn na ɛbɛba abɛda ɔne Yehowa ne Yehowa asomfo ntam?

      Mfoni ahorow: Onuawa bi a wabɔ asu redwinnwen nnamfo pa a ɔwɔ wɔ asafo no mu ho, na wei ama n’ani agye. 1. Ɔreka ne haw akyerɛ onuawa bi. 2. Ɔreboa onuawa bi a n’ani afi ama wanantew. 3. Ɔne anuanom ahorow a ɛsono wɔn mfe ato nsa redidi. 4. Ɔredi papa bi adanse, na onuawa foforo bi ka ne ho. 5. Ɔne anuanom mmea mmienu bi a ɛsono baabi a wofi retwa mfoni wɔ nhyiam bi ase.
  • Adɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Yɛn Baa Wiase?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • 2. Yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn bra ama asi yɛn yiye nnɛ?

      Sɛnea Yehowa bɔɔ yɛn nti, yehia ‘n’akwankyerɛ.’ Ɛno nti, ɛyɛ a yɛn ani gye ho sɛ yebehu no yiye na yɛasom no. (Kenkan Mateo 5:3-6.) Ɔpɛ sɛ yɛbɛn no na yɛne no fa adamfo, ‘yɛnantew n’akwan so, na yɛdɔ no.’ Afei nso, ɔpɛ sɛ yefi ‘yɛn koma nyinaa mu’ som no. (Deuteronomium 10:12; Dwom 25:14) Sɛ yetumi yɛ saa a, ɛmfa ho sɛ yɛwɔ ɔhaw ahorow mpo no, yɛn ani begye paa. Sɛ yɛsom Yehowa a, ɛma yehu nea enti a yɛbaa wiase, na ɛma yɛbɔ bra yiye.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena