Fa Yehowa yɛ Wo Guankɔbea
“Wo, [Yehowa], na maguan matoa wo.”—DWOM 31:1.
1. Ɔkwan bɛn so na Dwom 31 ma yenya ahotoso sɛ Yehowa betumi ayɛ yɛn guankɔbea?
OBI a ne nne yɛ dɛ bi to dwom fa ɔbarima bi a ɛmfa ho sɛ wagow wɔ adwene ne nipadua mu no, ɔde ne ho to Yehowa so ho. Saa dwom kronkron no mu nsɛm kyerɛ sɛ gyidi di nkonim. Bere a atamfo retaa saa ɔbarima yi no, onyaa ahobammɔ wɔ Ade Nyinaa so Tumfoɔ no nsa a ayɛ krado sɛ ebegye no no mu. Ne dwom no ni: “Wo, [Yehowa], na maguan matoa wo, mma m’anim nngu ase da biara da. Fa wo trenee so gye me.”—Dwom 31:1.
2. (a) Nneɛma akɛse abien bɛn na yebetumi agyina so de yɛn ho ato Yehowa so sɛ yɛn guankɔbea? (b) Yehowa yɛ Nyankopɔn bɛn?
2 Odwontofo no wɔ guankɔbea biako—nea eye sen biara no! Sɛ wogye nneɛma afoforo ho kyim koraa a, saa nokwasɛm yi da so ara wɔ hɔ: Yehowa ne n’abannennen, n’abankɛse. N’ahotoso no gyina nneɛma akɛse abien so. Nea edi kan ne ne gyidi a Yehowa remma n’anim ngu ase wɔ ho, na nea ɛto so abien ne Yehowa trenee, a ɛkyerɛ sɛ Ɔrempow Ne somfo korakora da no. Yehowa nyɛ Onyankopɔn a ɔma n’asomfo anokwafo anim gu ase; ɔnyɛ obi a onni ne bɔhyɛ so. Mmom no, ɔyɛ nokware Nyankopɔn ne wɔn a wofi komam de wɔn ho to no so no katuafo. Awiei koraa no, obetua gyidi so ka! Ogye bɛba!—Dwom 31:5, 6.
3. Ɔkwan bɛn so na odwontofo no yi Yehowa ayɛ?
3 Bere a odwontofo no hyehyɛ ne nnwom no ma mfiase nnyigyei no da ahoyeraw ne ɔhaw adi, na akyiri yi ɛda ahotoso adi no, obenya ahoɔden bi wɔ ne mu. Oyi Yehowa ayɛ wɔ n’adɔe ho. Ɔto dwom sɛ: “Nhyira ne [Yehowa] sɛ wama n’adɔe ayɛ nwonwa ama me, kurow a ɛyɛ den mu.”—Dwom 31:21.
Ahenni Adawurubɔfo Nnwontofo Pii
4, 5. (a) Nnwontofo a wɔdɔɔso bɛn na wɔreyi Yehowa ayɛ nnɛ, na ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ eyi wɔ ɔsom afe a etwaam no mu? (Hwɛ akontaabu a ɛwɔ nkratafa 12-15 no.) (b) Ɔkwan bɛn so na dodow a wɔbaa Nkaedi no kyerɛ sɛ ankorankoro pii wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛka Ahenni adawurubɔfo a wɔto dwom no ho? (Hwɛ akontaabu no.) (d) Asafo a wowom no mu nnipa bɛn na wobetumi abɛka nnwontofo no ho?
4 Ɛnnɛ, saa dwom no mu nsɛm abam ɔkwan foforo so. Ɔsɔretiafo mumɔyɛfo, asiane, anaa sikasɛm mu ahokyere biara ntumi nsiw nnwom a wɔde yi Yehowa ayɛ no ano; nokwarem no, Yehowa adɔe som bo ma ne nkurɔfo. Wɔ ɔsom afe a etwaam no mu no, nnipa a wɔdɔɔso sen biara 4,709,889 a wɔwɔ nsase 231 so, too Onyankopɔn Ahenni nkrasɛm ho dwom no wɔ wiase nyinaa. Yehowa soro nniso a ɛhyɛ Kristo Yesu nsa no yɛ guankɔbea a ɛrenni wɔn huammɔ. Afe a etwaam no, saa Ahenni adawurubɔfo yi a wɔwɔ asafo ahorow 73,070 mu no de nnɔnhwerew 1,057,341,972 yɛɛ asɛmpaka adwuma no. Nea afi eyi mu aba ne nnipa 296,004 a wɔde nsu mu asubɔ ayɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne. Na hwɛ sɛnea wɔn a wɔkɔɔ “Ɔsoro Nkyerɛkyreɛ” Ɔmantam Nhyiam a wɔyɛɛ wɔ Kiev, Ukraine, wɔ August mu no nyinaa ho dwiriw wɔn! Wohuu adeyɛ kɛse bi wɔ Yehowa Adansefo abakɔsɛm mu bere a wɔbɔɔ nokware Kristofo dodow a ɛsen nea wɔakyerɛw ato hɔ biara asu wɔ nhyiam biako pɛ ase ma wohui no! Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm wɔ Yesaia 54:2, 3 no, Yehowa nkurɔfo redɔɔso kɛse.
5 Nanso, afoforo a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Onyankopɔn Ahenni ase retwɛn ma adu wɔn so ma wɔabɛka nnwontofo no ho. Afe a etwaam no, nnipa 11,865,765 na wɔbaa Yesu wu Nkaedi no ase. Ɛyɛ yɛn anidaso sɛ eyinom pii bɛfata sɛ wɔto Ahenni dwom no wɔ afie afie wɔ saa ɔsom afe yi mu. Hwɛ sɛnea saa anidaso no bɛma nea okyi nokware no, Satan Ɔbonsam, bu afuw!—Adiyisɛm 12:12, 17.
6, 7. Kyerɛ sɛnea ɔbarima nigyefo bi nam Yehowa mmoa so tumi dii adaemone a na wɔhaw no no so nkonim.
6 Satan bɛbɔ mmɔden sɛ obesiw afoforo kwan na wɔammɛka nnwontofo a wɔdɔɔso no ho anto dwom no bi. Sɛ́ nhwɛso no, Thailand adawurubɔfo no hyia nnipa pii a adaemone haw wɔn. Nanso, ɛdenam Yehowa mmoa so no, nnipa komapafo pii ade wɔn ho afi ho. Ɔbarima bi a asɛmpɛ nti ɔkɔsraa dunsinni bi baa adaemone tumi ase mfe du. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛde ne ho afi wɔn tumi ase denam ɔsɔfo bi mmoa so, nanso wannya nkɔso biara ankasa. Yehowa Adansefo bere nyinaa ɔsomfo bi ne ɔbarima no fii Bible adesua ase na ofi Bible no mu kyerɛɛ no ɔkwan biako pɛ a ob etumi de ade ne ho afi adaemone tumi ase—sɛ́ obenya nokware no ho nimdeɛ a edi mu, ɔde ne ho bɛto Yehowa Nyankopɔn so, na wabɔ no mpae.—1 Korintofo 2:5; Efesofo 4:6, 7; 1 Timoteo 2:3, 4.
7 Da a wɔbɔɔ saa nkɔmmɔ no anadwo no, ɔbarima no soo dae huu ne papa a wawu, na ohunahunaa no sɛ ɔnsan mfa ne ho nkɔhyɛ ahonhomsɛmdi mu. N’abusua fii ase huu amane. Esiane sɛ ɔbarima no ampɛ sɛ ɔsan n’akyi nti, ɔtoaa Bible adesua no so na ofii ase kɔɔ adesua. Bere a wɔreyɛ adesua bere bi no, ɔkwampaefo no ka kyerɛɛ no sɛ ɛtɔ mmere bi a nneɛma a wɔde di dwuma wɔ ahonhomsɛmdi mu tumi ma adaemone no kwan ma wɔhaw nkurɔfo a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛde wɔn ho afi wɔn tumi ase. Ɔbarima no kaee sɛ ɔwɔ nku bi a na anka ɔde kyekyere nkurɔfo. Afei ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔto kyene. Efi bere a ɔto kyenee no, ahonhommɔne no nhaw no bio. (Fa toto Efesofo 6:13; Yakobo 4:7, 8 ho.) Ɔne ne yere renya nkɔso wɔ wɔn adesua no mu na wɔkɔ adesua daa kogye Bible afotu.
8, 9. Akwanside afoforo bɛn na Ahenni adawurubɔfo binom atumi adi so?
8 Akwanside afoforo betumi ama asɛmpa no nnyigyei abrɛ ase. Esiane sikasɛm mu ahokyere a ɛwɔ Ghana nti, wɔayi adwumayɛfo pii adi. Nneɛma bo ayɛ den yiye, na ɛma ɛyɛ den kɛse sɛ obi benya asetram ahiade nketenkete mpo. Yehowa nkurɔfo yɛ dɛn tra ase? Wɔnam wɔn ho a wɔmfa nto wɔn ankasa so, na mmom Yehowa so no so. Sɛ́ nhwɛso no, da bi, ɔbarima bi gyaw nhoma kotoku a wɔasɔ ano wɔ baa dwumadibea no ahɔhogyebea pon no so. Ná sika ₵100,000 a saa bere no na ɛyɛ adwumayɛni asram abiɛsa akatua hyɛ mu. Obi a wanna ne ho adi na ɔde nhoma kotoku no bae, nanso na wɔakyerɛw akyi sɛ: “Mehweree m’adwuma, nanso Yehowa ama me foforo. Meda ɔne ne Ba, Yesu Kristo ase. Mede ntoboa kakraa bi aka ho sɛ momfa mmoa ntrɛw asɛmpa no mu ansa na awiei no aba.”—Fa toto 2 Korintofo 9:11 ho.
9 Adesuakɔ tumi tete wɔn a wɔbɛka nnwontofo pii a woyi Yehowa ayɛ ho no. (Fa toto Dwom 22:22 ho.) Enti, wɔ Honduras kusuu fam no, asafo bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no El Jordán. Dɛn na ɛda nsow wɔ saa kuw ketewa yi ho? Ɛyɛ adesuakɔ a wɔntoto mu. Adawurubɔfo 19 no mu 12 twa asubɔnten kɛse bi dapɛn biara kɔ adesua. Eyi nyɛ den wɔ ɔpɛ bere mu, efisɛ wotiatia abo so twa. Nanso, osutɔ bere mu no, tebea no sakra. Asu ketewa a anka ɛnyɛ hu yiri bɛyɛ asuten a ano yɛ den a etwi fa biribiara a ɛwɔ ne kwan mu so. Nea ɛbɛyɛ a anuanom mmarima ne mmea no betumi adi akwanside yi ho dwuma nti, ɛsɛ sɛ wohu asuguare yiye. Wɔrebetwa asu no a, wɔde wɔn adesua ntade no hyɛ tina (biribi a wɔde dade ayɛ) mu na wɔde rɔba kyekyere ho. Osuguareni a ɔbɔ mmɔden sen wɔn nyinaa no da tina no so guare di kuw no anim kɔ asu no agya. Bere a wɔakodu agya hɔ dwoodwoo no, wɔpopa wɔn ho, hyɛ wɔn ntade, na wɔde anigye kɔ Ahenni Asa so a wɔasiesie wɔn ho yiye!—Dwom 40:9.
Abannennen a Yebetumi Atra Mu
10. Dɛn nti na yebetumi adan akɔ Yehowa nkyɛn bere a yɛte nka sɛ nneɛma hyɛ yɛn so no?
10 Sɛ́ wowɔ adaemone ntua ase ankasa anaa wote nka sɛ nneɛma afoforo hyɛ wo so no, Yehowa betumi ayɛ abannennen ama wo. Frɛ no wɔ mpaebɔ mu. Ɔyɛ aso tie ne nkurɔfo apinisi a ɛwɔ wɔn komam mpo. Odwontofo no hui sɛ eyi yɛ nokware na ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛ aso ma me, yɛ ntɛm gye me. Yɛ me guandɔbea botan, ne srɔnsrɔn so aban sɛ wubegye me nkwa. Na wone me botantim ne me trabea srɔnsrɔn, na wo din nti wobɛkyerɛ me kwan na woakogya me. Wubeyi me afi afiri a wɔahintaw asum me no mu, na wo ara ne m’aban a ɛyɛ den.”—Dwom 31:2-4.
11. Kyerɛkyerɛ nea enti a Yehowa abannennen no nyɛ beae a wɔtra bere tiaa bi.
11 Yehowa nyɛ guankɔbea wɔ bere tiaa mu, na mmom abannennen a yebetumi atra mu daa anya ahobammɔ. N’akwankyerɛ nnii ne nkurɔfo huammɔ da. Ɔsoro tumi bɛma Satan ne n’asefo nnɛɛdɛɛ akwan no nyinaa ayɛ kwa. (Efesofo 6:10, 11) Bere a yefi koma nyinaa mu de yɛn ho to Yehowa so no, ɔbɛtwe yɛn afi Satan mfiri ho. (2 Petro 2:9) Wɔ mfe anan a atwam no mu no, wɔabue hokwan no ama Yehowa adansefo asɛnka adwuma no. Afei nso, wɔ wiase aman a nnipa asetra, sikasɛm, anaa amammui tebea siw asɛmpa a wɔka ano mu no, nnipa bi a wɔte sɛ nguan atu akɔtra baabi a ɛma wotumi nya hokwan ka asɛm no kyerɛ wɔn. Ɔman biako a nkurɔfo taa kɔ hɔ ne Japan.
12. Ɔkwan bɛn so na ɔkwampaefo bi a ɔwɔ Japan de Yehowa yɛɛ ne guankɔbea?
12 Wɔ Japan no, nnipa a wofi amannɔne pii aba hɔ a wɔreyɛ adwuma, na wɔatete asafo pii a wɔde ananafo kasa yɛ adesua. Osuahu bi a onua bi a ɔwɔ asafo a wɔka Japanfo kasa mu nyae no kyerɛ sɛnea asasesin a wɔka ananafo kasa wom yi sow aba. Ná ɔpɛ sɛ ɔkɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse. Nanso, na ɔyɛ Bible adesua du dedaw wɔ faako a ɔwɔ no. N’adamfo bi kaa no agoru so sɛ: “Sɛ wokɔ faako a mmoa ho hia kɛse a, ebehia sɛ woyɛ Bible adesua 20 wɔ hɔ!” Wɔma ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ Hiroshima. Nanso asram anan akyi no, na ɔyɛ Bible adesua biako pɛ. Da bi, ɔkɔɔ ɔbarima bi a ofi Brazil a Portuguese kasa nkutoo na ɔte fie. Esiane sɛ onua no antumi ne ɔbarima no ammɔ nkɔmmɔ nti, ɔtɔɔ nhoma a wɔde sua Portuguese kasa. Bere a osuaa nsɛm a wɔde bɔ nkɔmmɔ ntiantiaa akyi no, ɔsan kɔsraa ɔbarima no. Bere a onua no de Portuguese kasa kyiaa ɔbarima no, ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔde serew kɛse buee ne pon maa no sɛ ɔmmra mu. Wofii Bible adesua ase. Bere tiaa bi akyi no, na onua no yɛ adesua 22, emu 14 wɔ Portuguese kasa mu, 6 wɔ Spanish kasa mu, ne 2 wɔ Japanese kasa mu!
Akokoduru a Wɔde Ka Asɛm No
13. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ obi ka yɛn anim ansa na yɛasom Yehowa?
13 Yehowa nkurɔfo de akokoduru to Ahenni dwom no, na wɔwɔ gyidi koraa sɛ Yehowa ne wɔn guankɔbea. (Dwom 31:14) Wɔn ani renwu—Yehowa rengu wɔn anim ase, efisɛ obedi ne bɔhyɛ so. (Dwom 31:17) Ɔbonsam ne n’adaemone dɔm no ani bewu. Esiane sɛ wɔahyɛ Yehowa nkurɔfo sɛ wɔnka asɛm a ɛnyɛ aniwu nti, afoforo nka wɔn anim ansa na wɔaka asɛm no. Ɛnyɛ saa na Yehowa anaa ne Ba no kanyan nkurɔfo ma wɔsom No. Sɛ gyidi ne Yehowa papayɛ ne n’adɔe ho anisɔ hyɛ nkurɔfo koma ma a, wɔn komam tebea pa no na ɛkanyan wɔn ma wɔkasa. (Luka 6:45) Enti, ɛmfa ho nnɔnhwerew dodow a yɛde bɛkɔ asɛnka ɔsram biara no, titiriw sɛ ɛno ne nea yebetumi ayɛ nyinaa a, eye, na ɛnyɛ aniwu. So ɔbea kunafo no kaperɛ no ansɔ Yesu ne n’Agya ani koraa?—Luka 21:1-4.
14. Dɛn na wubetumi aka wɔ akwampae adwuma no ho? (Hwɛ akontaabu no nso.)
14 Adawurubɔfo pii fam no, nea ɛka wɔn kra nyinaa a wɔde bɛsom ho ne daa akwampae adwuma a wɔbɛyɛ—890,231 ne dodow a ɛsen biara a wɔyɛɛ saa! Sɛ wɔma afe a etwaam no nkɔanim no kɔ so a, dodow yi betumi aboro 1,000,000. Osuahu a edi so yi kyerɛ sɛnea onuawa bi a ɔwɔ Nigeria bɛyɛɛ ɔkwampaefo. Ɔkyerɛw sɛ: “Bere a aka kakra ma mawie ntoaso sukuu no, mekɔboa ma wɔyɛɛ aduan maa wɔn a wɔbaa Yehowa Adansefo akwampaefo ntetee sukuu no. Mihyiaa anuanom mmea baanu a na wɔanyinyin sen me nanabea. Bere a mihui sɛ wɔyɛ akwampaefo a wɔaba sukuu no bi no, mibisaa me ho sɛ, ‘Sɛ nnipa baanu yi tumi yɛ akwampae adwuma a, ɛnde dɛn na esiw me kwan?’ Enti bere a miwiee sukuu no, me nso mebɛyɛɛ daa kwampaefo.”
15. Ɔkwan bɛn so na bɔnnɔ so adansedi betumi abue kwan ma afoforo de Yehowa ayɛ wɔn guankɔbea?
15 Ɛnyɛ obiara na obetumi ayɛ ɔkwampaefo, nanso obetumi adi adanse. Wɔ Belgium no, onuawa bi a wadi mfe 82 kɔɔ gua so sɛ ɔrekɔtɔ nam. Ɔhyɛɛ no nsow sɛ na amammui mu sakasakayɛ a ɛbae nkyɛe no haw nankwanseni no yere. Enti onuawa no de Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di? kratawa no bi hyɛɛ sika no ntam bere na ɔretua ka no. Bere a onuawa no san kɔɔ dan no mu no, nankwanseni yere no de ahopere bisaa no nea Bible no ka wɔ wiase ko a ɛto so abiɛsa a ebetumi aba ho. Onuawa no maa no True Peace and Security—How Can Your Find It? nhoma no bi. Nna kakraa bi akyi no, bere a onuawa a ne mfe akɔ anim no duu dan no mu ara pɛ na nankwanseni yere no bisabisaa no nsɛm afoforo pii. Ɔbea yi yɛɛ onuawa no mmɔbɔ; enti ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmma ɔne no nyɛ Bible adesua, na ɔpenee so. Mprempren, nankwanseni yere no pɛ sɛ wɔbɔ no asu. Nankwanseni no nso ɛ? Ɔkenkan kratawa no, na ɔno nso resua Bible no.
‘Papayɛ a Wɔde Asie’
16. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de papayɛ asie ama ne nkurɔfo?
16 Wɔ amanehunu nna a edi akyiri yi mu no, so Yehowa ‘mfaa adɔe a ɛyɛ nwonwa’ mmaa wɔn a wɔde no ayɛ guankɔbea? Te sɛ agya a ɔbɔ ne mma ho ban no, Yehowa de papayɛ asie ama n’asase so mma. Wakɔ so de anigye ahyira wɔn ama nnipa nyinaa ahu, sɛnea odwontofo no ka no: “Wo papa a wode asie ama wo fɛrefo no sõ dɛn ara! Ɛno na wuyi kyerɛ wɔn a woguan toa wo no, nnipa anim.”—Dwom 31:19, 21.
17-19. Wɔ Ghana no, mfaso bɛn na efi akwakoraa bi aware a ɔde hyɛɛ mmara ase mu bae?
17 Enti, wiasefo hu Yehowa asomfo nokwaredi no, na ɛma wɔn ho dwiriw wɔn. Wɔ Ghana sɛ nhwɛso no, ɔbarima bi a wadi mfe 96 kɔɔ aban panyin a ɔhwɛ ma wɔde aware hyɛ mmara ase adwuma mu, na ɔkae sɛ afei na ɔde n’aware a adi mfe 70 no rebɛhyɛ mmara ase. Ɛyɛɛ aban panyin no nwonwa na obisae sɛ: “Wugye di sɛ ɛno na wopɛ sɛ woyɛ? Nea woanyin adu yi?”
18 Ɔbarima no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mepɛ sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako na minya adwuma a ɛho hia sen biara no—Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka adwuma no—mu kyɛfa ansa na wiase awiei aba. Saa adwuma yi ma obi nya daa nkwa. Yehowa Adansefo di ɔman mmara, a aware a ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ mmara ase ka ho no so. Enti mesrɛ wo fa m’aware no hyɛ mmara ase ma me.” Aban panyin no ho dwiriw no. Ɔde aware no hyɛɛ mmara ase, na akwakoraa no de anigye fii hɔ kɔe sɛ afei de wɔde n’aware ahyɛ mmara ase.—Fa toto Romafo 12:2 ho.
19 Ɛno akyi no, nea ɔhwɛ ma wɔde aware hyɛ mmara ase no susuw nsɛm a wate no ho. “Yehowa Adansefo . . . adwuma a ɛho hia sen biara . . . wiase awiei . . . Onyankopɔn Ahenni . . . daa kwa.” Esiane sɛ na onhu nea eyinom nyinaa kyerɛ wɔ ɔbarima a wadi mfe 96 asetram nti, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛhwehwɛ Adansefo no na wahwehwɛ asɛm no mu akɔ akyiri. Ɔpenee ofie Bible adesua so na onyaa nkɔso ntɛmntɛm. Ɛnnɛ, saa aban panyin yi yɛ Ɔdansefo a wɔabɔ no asu. Enti, sɛ yedi Yehowa mmara so wɔ nneɛma a afoforo bebu no sɛ ɛho nhia mpo mu a, ebetumi de mfaso pii abrɛ yɛne wɔn a wɔhwɛ yɛn abrabɔ no.—Fa toto 1 Petro 2:12 ho.
20. Wɔ Myanmar no, ɔkwan bɛn so na onuawa kumaa bi nokwaredi ma otumi dii adanse kɛse?
20 Wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔama nokware no atete wɔn ma wɔadan nokwaredifo no yɛ nhwɛso pa ma mmofra wɔ wiase a nokwaredi nnim yi mu. Onuawa kumaa bi a ɔte saa te Myanmar. Ofi abusua a wodi hia a mmofra du na wɔwom mu. Ne papa a wagyae adwuma no yɛ daa kwampaefo. Bere bi a onuawa no wɔ sukuu no, ohuu dɛnkyɛmmo kawa bi, na ɔde kɔmaa ne kyerɛkyerɛfo ntɛm ara. Bere a adesuakuw no hyiae da a edi hɔ no, ɔkyerɛkyerɛfo no kaa ɔkwan a wɔfaa so huu kawa no de bae sɛ wɔnsan mfa nkɔma ne wura no kyerɛɛ wɔn. Afei ɔka kyerɛɛ onuawa kumaa no sɛ ommegyina adesuakuw no nyinaa anim na ɔnkyerɛ nea enti a ɔyɛɛ saa, efisɛ na onim sɛ ɛyɛ mmofra afoforo a, ebia anka wɔbɛfa. Onuawa no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako na ne Nyankopɔn no mpɛ korɔnbɔ anaa atorodi biara. Wɔtee ho asɛm wɔ sukuu hɔ nyinaa, na ɛmaa yɛn nuabea kumaa no nyaa hokwan dii akyerɛkyerɛfo ne sukuufo nyinaa adanse.
21. Bere a mmofra de wɔn ho to Yehowa so no, wɔn abrabɔ no ka no dɛn?
21 Wɔ Belgium no, ɔkyerɛkyerɛfo bi kaa Yehowa Adansefo ho asɛm bi a ɛyɛ anigye kyerɛɛ adesuakuw bi. Ná wahwɛ mmofra a ɔkyerɛ wɔn ade no biako a na ɔno nso yɛ onuawa kumaa abrabɔ, na ɔkae sɛ: “Afei de manya Yehowa Adansefo ho adwene foforo. Wɔn ho adwemmɔne a minyae no maa misusuwii sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wonni afoforo ho koma koraa. Ɛdaa adi sɛ wɔwɔ afoforo ho koma sen biara, na bere koro no ara wonnyae wɔn nnyinasosɛm ahorow mu.” Afe biara, akyerɛkyerɛfo no ma mmofra a wɔkyerɛ wɔn ade a wɔbɔ mmɔden sen biara akyɛde. Ade biako a wɔma ho akyɛde ne suban pa a wɔda no adi. Ɔkyerɛkyerɛfo yi de ɛho akyɛde abiɛsa a ɛsen biara no maa Yehowa Adansefo mmofra toatoaa so mfe abiɛsa. Saa na ɛtaa ba wɔn a wofi nokwaredi mu de wɔn ho to Yehowa so no so.—Dwom 31:23.
22. Nkonimdi nsɛm bɛn na ɛde Dwom 31 ba awiei, na ɔkwan bɛn so na ɛboa yɛn wɔ nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri yi mu?
22 Nkonimdi nsɛm yi na ɛde Dwom 31 ba awiei: “Monhyɛ mo ho den na mumpirim mo bo, mo a motwɛn [Yehowa] nyinaa.” (Dwom 31:24) Enti, bere a yɛabɛn Satan nhyehyɛe bɔne yi awiei no, sɛ́ anka Yehowa bɛpow yɛn no, ɔbɛbɛn yɛn kɛse na ɔde n’ankasa ne tumi ahyɛ yɛn mu. Yehowa di nokware na onni huammɔ. Ɔyɛ yɛn guankɔbea; ɔyɛ yɛn abannennen.—Mmebusɛm 18:10.
So Wokae?
◻ Dɛn nti na yebetumi afi ahotoso mu de Yehowa ayɛ yɛn guankɔbea?
◻ Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ nnwontofo pii de akokoduru reto Ahenni ayeyi dwom?
◻ Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Satan asawu no ntumi nyi Yehowa nkurɔfo?
◻ Dɛn na Yehowa de asie ama wɔn a wɔde no yɛ wɔn guankɔbea?
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 12-15]
YEHOWA ADANSEFO A WƆWƆ WIASE NYINAA 1993 ƆSOM AFE AKONTAABU
(Hwɛ bound volume)
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]
Wɔn a wɔde Yehowa yɛ wɔn guankɔbea no yɛ nnwontofo dɔm a wɔbɔ ahenni no dawuru—nnipa 4,709,889!
1. Senegal
2. Brazil
3. Chile
4. Bolivia