Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 3/15 kr. 10-15
  • Sua a Yebesua sɛ Yebenya Yehowa Suro mu Anigye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sua a Yebesua sɛ Yebenya Yehowa Suro mu Anigye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Ebinom Wɔ Bi na Afoforo Nni Bi
  • Nsa a Wɔto Frɛ wɔ Anigye So
  • Wobɛbɔ Ho Mmɔden?
  • Wo Koma Ka Ho
  • Sɛnea Wɔde Onyankopɔn Suro Hyɛ Yɛn Koma Mu
  • Nya Koma A Esuro Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nokware Nyankopɔn no Suro So Mfaso Ahorow
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Onyankopɔn Suro​—So Ɛho Betumi Aba Wo Mfaso?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Suro Yehowa Na Di Ne Mmara Nsɛm So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 3/15 kr. 10-15

Sua a Yebesua sɛ Yebenya Yehowa Suro mu Anigye

“Mma, mommra, monyɛ aso mma me! Mɛkyerɛ mo [Yehowa] suro.”—DWOM 34:11.

1. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Ahenni beyi osuro afi hɔ, nanso ɛno kyerɛ sɛ osuro nyinaa befi hɔ?

NNIPA a wɔwɔ mmaa nyinaa pɛ sɛ wɔtra ase a wonsuro hwee—wonsuro sɛ wɔbɛyɛ wɔn basabasa, wonsuro sɛ wonnya adwuma nyɛ, na wonsuro sɛ wobenya ɔyare bi a emu yɛ den. Anigye bɛn ara na saa da no bɛyɛ, bere a ahofadi ankasa ba wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no! (Yesaia 33:24; 65:21-23; Mika 4:4) Nanso, ɛnyɛ osuro nyinaa na wobeyi afi hɔ saa bere no, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛhwehwɛ sɛ yebeyi osuro nyinaa afi yɛn asetra mu seesei. Osuro pa wɔ hɔ na osuro bɔne nso wɔ hɔ.

2. (a) Osuro bɛn na ɛnyɛ papa, na nea ɛwɔ he na ɛyɛ papa? (b) Dɛn ne Onyankopɔn suro, na ɔkwan bɛn so na kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no kyerɛ saa?

2 Osuro betumi ayɛ awuduru a ɛsɛe adwene, na ɛsɛe tumi a obi tumi susuw nsɛm ho. Ebetumi asɛe akokoduru ne anidaso. Obi a ɔtamfo bi hunahuna no betumi anya saa osuro no bi. (Yeremia 51:30) Obi a ɔma nnipa bi a wɔwɔ din anim dom ho hia no dodo nso betumi anya bi. (Mmebusɛm 29:25) Nanso osuro pa bi nso wɔ hɔ, nea ɛma yɛkwati adeyɛ biara a nyansa nnim, nea ɛmma yempira yɛn ho. Onyankopɔn suro kyerɛ pii sen saa mpo. Ɛyɛ Yehowa ho suro, obu a emu dɔ a yɛwɔ ma no, ne osuro pa sɛ yɛrenyɛ nea ɔmpɛ. (Dwom 89:7) Onyankopɔn adɔe ne ne papayɛ ho anisɔ a yɛwɔ na ɛma yesuro sɛ yɛbɛyɛ nea ɔmpɛ no. (Dwom 5:7; Hosea 3:5) Nea ɛka ho nso ne sɛ yɛahu sɛ Yehowa ne Ɔtemmufo Kunini ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ a ɔwɔ tumi sɛ ɔde asotwe, owu mpo, ba wɔn a wontie no so no.—Romafo 14:10-12.

3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa suro ne abosonsomfo anyame binom de bɔ abira?

3 Onyankopɔn suro yɛ osuro pa na ɛnyɛ osuro bɔne. Ɛma obi gyina trenee afã pintinn, a onnyae nsɛm mu nsiesie nkɔyɛ bɔne. Ɛnte sɛ tete Helafo nyame Phobos a wɔka ne ho asɛm sɛ onyame tirimɔdenfo a ɔkanyan ehu no ho suro no. Na ɛnte sɛ Hindufo nyamewa Kali a ɛtɔ da bi a wɔka ne ho asɛm sɛ ɔyɛ mogyapɛfo, na ɔde afunu, awɔ, ne ntikoraa hyehyɛ ne ho no ho suro no. Onyankopɔn suro twe nnipa bɛn no; ɛmpam wɔn. Ɛne ɔdɔ ne anisɔ na ɛbɔ abusua. Enti, Onyankopɔn suro twe yɛn bɛn Yehowa.—Deuteronomium 10:12, 13; Dwom 2:11.

Nea Enti a Ebinom Wɔ Bi na Afoforo Nni Bi

4. Sɛnea ɔsomafo Paulo ada no adi no, tebea bɛn mu na nnipa aba, na dɛn na ɛde eyi aba?

4 Ɛnyɛ adesamma nyinaa na Onyankopɔn suro kanyan wɔn. Ɔsomafo Paulo ka sɛnea nnipa atɔ sin wɔ mfiase pɛyɛ ho akodu ho asɛm wɔ Romafo 3:9-18. Bere a Paulo kae sɛ adesamma nyinaa hyɛ bɔne ase wiei no, ɔfaa Nnwom nhoma no mu asɛm kae sɛ: “Ɔtreneeni biara nni hɔ, obiako po nni hɔ.” (Hwɛ Dwom 14:1.) Afei ɔka nsɛm te sɛ hwehwɛ a adesamma nhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan, ayamye a wonni, nnaadaasɛm a wɔka, afoforo a wɔdome wɔn, ne mogya a wohwie gu, de kyerɛkyerɛ mu. Hwɛ sɛnea ɛka ɛnnɛ wiase no ho asɛm pɛpɛɛpɛ! Nnipa dodow no ara nni Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ho anigye. Wɔtaa yɛ nneɛma bi a ɛte sɛ ayamye wɔ bere a ɛbɛma wɔanya biribi. Atorodi ne kasafĩ abu so. Ɛnyɛ nsɛm ho amanneɛbɔ mu nko na wɔka mogyahwiegu ho asɛm, na mmom wɔka ho asɛm wɔ anigyede mu nso. Dɛn na ɛde tebea a ɛte sɛɛ aba? Ɛwom sɛ yɛn nyinaa yɛ ɔbɔnefo Adam asefo de, nanso sɛ nnipa paw nneɛma a ɔsomafo Paulo aka ho asɛm yi sɛ wɔn asetra kwan a, ɛnde na asɛm no kɔ akyiri sen saa. Nkyekyem 18 kyerɛkyerɛ nea ama aba saa no mu sɛ: “Onyankopɔn suro biara nni [wɔn] ani so.”—Hwɛ Dwom 36:1.

5. Dɛn nti na nnipa binom wɔ Onyankopɔn suro, na afoforo nni bi?

5 Nanso, dɛn nti na nnipa bi wɔ Onyankopɔn suro na afoforo nni bi? Ne tiaatwa mu ara ne sɛ, ebinom sua sɛ wobenya bi, na afoforo nyɛ saa. Wɔmfa nwo yɛn mu biara, nanso yɛn nyinaa betumi anya bi. Onyankopɔn suro yɛ ade a ɛsɛ sɛ yesua. Afei, sɛnea ɛbɛyɛ na ayɛ tumi a ano yɛ den a ɛkanyan yɛn wɔ asetram no, ehia sɛ yenya bi.

Nsa a Wɔto Frɛ wɔ Anigye So

6. Hena na ɔto nsa frɛ yɛn wɔ Dwom 34:11 no, na ɔkwan bɛn so na kyerɛwsɛm yi da no adi sɛ ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn suro?

6 Wɔto nsa frɛ yɛn anigye so wɔ Dwom 34 sɛ yensua Yehowa suro. Eyi yɛ Dawid dwom. Na hena na Dawid yɛ no ho mfonini? Ɛnyɛ obiara sɛ Awurade Yesu Kristo. Wɔayɛ nkɔmhyɛ bi a ɔsomafo Yohane de kaa Yesu ho asɛm pefee no ho kyerɛwtohɔ wɔ dwom yi nkyekyem 20. (Yohane 19:36) Wɔ yɛn bere yi mu no, Yesu ne onii a ɔto nsa frɛ yɛn saa wɔ nkyekyem 11 no: “Mma, mommra, monyɛ aso mma me! Mɛkyerɛ mo [Yehowa] suro.” Eyi da no adi pefee sɛ Onyankopɔn suro yɛ ade a yebetumi asua, na Yesu Kristo fata yiye sɛ ɔkyerɛkyerɛ yɛn. Dɛn nti na ɛte saa?

7. Dɛn nti na Yesu titiriw na ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn suro fi ne hɔ?

7 Yesu Kristo nim hia a Onyankopɔn suro ho hia. Hebrifo 5:7 ka ne ho asɛm sɛ: “Ɔno na ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotɔsrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi owu mu wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na [Onyankopɔn suro, NW] nti wotiee no.” Yesu Kristo daa Onyankopɔn suro a ɛte saa adi mpo ansa na ɔrehyia asɛndua ho wu. Kae sɛ wɔka Onyankopɔn Ba no ho asɛm wɔ Mmebusɛm ti 8 sɛ ɔyɛ nyansa nhwɛso. Na wɔka kyerɛ yɛn wɔ Mmebusɛm 9:10 sɛ: “Nyansa mfiase ne [Yehowa] suro.” Enti na Onyankopɔn suro yi yɛ Onyankopɔn Ba no nipasu fã titiriw bere tenten ansa na ɔreba asase so.

8. Dɛn na yesua wɔ Yehowa suro ho wɔ Yesaia 11:2, 3?

8 Afei nso, ɛdefa Mesia Hene a Yesu yɛ ho no, Yesaia 11:2, 3, NW, ka sɛ: “Yehowa honhom besi no so, nyansa ne nhumu honhom, afotu ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne Yehowa suro honhom; na n’ani begye Yehowa suro mu.” Hwɛ sɛnea wɔaka no dɛdɛɛdɛ! Yehowa suro nyɛ ade a anigye nnim. Ɛyɛ papa na ɛma nkɔso. Ɛyɛ su a ɛbɛda adi wɔ ahemman a Kristo di so sɛ Ɔhene no mu nyinaa. Ɔredi tumi seesei, na ɔde Yehowa suro rekyerɛkyerɛ wɔn a wɔaboaboa wɔn ano sɛ ne nkoa nyinaa. Ɔkwan bɛn so?

9. Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo rekyerɛkyerɛ yɛn Yehowa suro, na dɛn na ɔpɛ sɛ yesua wɔ ho?

9 Ɛdenam yɛn asafo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam horow so no, Yesu, sɛ asafo no Ti a wɔapaw no ne Mesia Hene no, boa yɛn ma yɛte nea Onyankopɔn suro kyerɛ ase pefee, ne nea enti a mfaso kɛse wɔ so. Enti ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma anisɔ a yɛkyerɛ wɔ ho no ayɛ kɛse na yɛasua sɛnea yebenya Yehowa suro mu anigye te sɛ ɔno.

Wobɛbɔ Ho Mmɔden?

10. Sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam horow ase a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛate Yehowa suro ase?

10 Nanso, Bible no a yɛbɛkenkan anaa nhyiam a yɛbɛkɔ wɔ Ahenni Asa bi so ara kwa no renkyerɛ sɛ yebenya Onyankopɔn suro. Sɛ yɛbɛte nea Yehowa suro kyerɛ ankasa ase a, ehia sɛ yɛhyɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no nsow. Mmebusɛm 2:1-5 ka sɛ: “Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn, sɛ wobɛyɛ asõ atie nyansa, na woakom wo koma ama ntease, yiw, sɛ wusu frɛ nhumu, na woma wo nne so frɛ ntease, sɛ wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw a, ɛno na wubehu [Yehowa] suro, na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.” Enti, sɛ yɛkɔ nhyiam horow ase a, ɛho hia sɛ yɛyɛ asõ tie nea wɔka no, na yɛbɔ mmɔden de yɛn adwene si emu nsɛm titiriw no so na yɛkae, na yesusuw sɛnea yɛbɛma Yehowa ho adwene a yɛwɔ no anya su a yɛda no adi wɔ afotusɛm a wɔde ma yɛn no so tumi yiye ho—yiw yemmue yɛn koma mu. Ɛno na yɛbɛte Yehowa suro ase.

11. Sɛ yebenya Onyankopɔn suro a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde anibere yɛ mpɛn pii?

11 Dwom 86:11 twe yɛn adwene si ade foforo a ɛho hia so, mpaebɔ. Odwontofo no bɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa], kyerɛ me wo kwan, mɛnantew wo nokware mu, ka me koma bom ma ensuro wo din.” Yehowa ani sɔɔ saa mpaebɔ no, na ɔma wɔkyerɛw wɔ Bible mu. Sɛ yebenya Onyankopɔn suro a, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛbɔ Yehowa mpae de hwehwɛ ne mmoa, na yebenya mpae a emu yɛ den a yɛbɛbɔ no mpɛn pii no so mfaso.—Luka 18:1-8.

Wo Koma Ka Ho

12. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani kũ koma no ho titiriw, na dɛn na ɛka saa a yɛbɛyɛ no ho?

12 Ade foforo bi nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ Dwom 86:11. Ná ɛnyɛ nyansa a odwontofo no de bɛte Onyankopɔn suro ase no ara kwa na ɔrebisa. Ɔka ne koma ho asɛm. Sɛnkyerɛnne kwan so koma no ka ho na obi atumi anya Onyankopɔn suro, na ɛsɛ sɛ ɔma n’ani kũ ho titiriw efisɛ ɛno ne komam nipa a ɛda adi wɔ yɛn asetram dwumadi nyinaa mu, na yɛn nsusuwii, yɛn nneyɛe, yɛn apɛde, nneɛma a ɛkanyan yɛn, ne yɛn botae ahorow ka ho.

13. (a) Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ obi koma yɛ nta? (b) Sɛ yenya Onyankopɔn suro a, botae bɛn ho dwuma na ɛsɛ sɛ yedi?

13 Bible no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ obi koma betumi ayɛ nta. Ebetumi ayɛ okontomponi. (Dwom 12:2; Yeremia 17:9) Ebetumi akanyan yɛn ma yɛanya dwumadi ahorow a ɛfata mu kyɛfa—asafo nhyiam horow kɔ ne asɛnkakɔ—nanso n’ani betumi agye wiase no asetra kwan bi nso ho. Ebia eyi remma yemfi ɔkra nyinaa mu mma Ahenni nneɛma nnya nkɔso. Afei ebia koma kontomponi no bɛbɔ mmɔden adaadaa yɛn sɛ, anyɛ yiye koraa no, yɛreyɛ pii sɛnea afoforo reyɛ ara pɛ. Anaasɛ, ebia onipa ho suro benya yɛn koma so tumi wɔ sukuu anaasɛ adwuma mu. Ne saa nti, ebia yɛbɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛda yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo wɔ saa mmeae no, na ebia yɛayɛ nneɛma a ɛmfata sɛ Kristofo yɛ mpo. Nanso ɛno akyi no, yɛn ahonim bɛhaw yɛn. Ɛnyɛ nnipa a yɛpɛ sɛ yɛyɛ ne no. Enti, yɛne odwontofo no de adwenkoro bɔ Yehowa mpae sɛ: “Ka me koma bom ma ensuro wo din.” Yɛpɛ sɛ komam nipa mũ no nyinaa a ɛda adi wɔ yɛn asetram dwumadi nyinaa mu di adanse sɛ ‘yesuro nokware Nyankopɔn no, na yedi ne mmara nsɛm so.’—Ɔsɛnkafo 12:13.

14, 15. (a) Bere a Yehowa rehyɛ Israel a ɔbɛsan de wɔn afi Babilon nnommumfa mu aba wɔn asase so ho nkɔm no, dɛn na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma ne nkurɔfo no? (b) Dɛn na Yehowa yɛe a na adwene no ne sɛ ɔnam so de Onyankopɔn suro bɛhyɛ ne nkurɔfo koma mu? (d) Dɛn nti na Israel twee ne ho fii Yehowa akwan so?

14 Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔde koma a esuro Onyankopɔn saa no bɛma ne nkurɔfo. Ɔhyɛɛ ba a na ɔbɛsan de Israel aba wɔn asase so ho nkɔm, na ɔkaa nea yɛkenkan wɔ Yeremia 32:37-39 no sɛ: “Na mede wɔn asan aba ha bio, na mama wɔatra ase dwoodwoo, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn. Na mɛma wɔn koma koro ne ɔkwan koro, na wɔasuro me daa nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma a wobedi wɔn akyi no yiye.” Onyankopɔn hyɛɛ bɔhyɛ no mu den wɔ nkyekyem 40 sɛ: “Mede me suro mɛhyɛ wɔn komam, na wɔamfi me nkyɛn.” Yehowa de wɔn baa Yerusalem bio wɔ 537 A.Y.B. mu sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no. Nanso, saa bɔhyɛ no fã a na aka—sɛ ɔbɛma wɔn ‘koma koro sɛnea ɛbɛyɛ na wɔasuro no bere nyinaa’ no nso ɛ? Dɛn nti na tete Israel man twee wɔn ho fii Yehowa ho bere a ɔsan de wɔn fii Babilon bae no akyi, ma enti wɔsɛee wɔn asɔrefi no wɔ 70 Y.B. mu a wɔansan ansi bio?

15 Eyi nyɛ nkogu bi a Yehowa dii nti na ɛbaa saa. Nokwarem no, Yehowa yɛɛ nhyehyɛe ahorow a ɔnam so de Onyankopɔn suro bɛhyɛ ne nkurɔfo koma mu. Ɔnam mmɔborohunu ne adɔe a oyii no adi kyerɛɛ wɔn bere a ogyee wɔn fii Babilon san de wɔn kɔɔ wɔn asase so no so ma wonyaa biribiara a wobegyina so akyerɛ obu a emu dɔ ama no. Onyankopɔn nam adiyifo Hagai, Sakaria ne Malaki so; Esra a ɔsomaa no kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ ɔkyerɛkyerɛfo; Amrado Nehemia; ne Onyankopɔn ankasa Ba no so de nkae nsɛm, afotu, ne nteɛso hyɛɛ ne nyinaa mu den. Nkurɔfo no yɛɛ osetie mmere bi mu. Wɔyɛɛ saa bere a Hagai ne Sakaria hyɛɛ wɔn nkuran ma wɔsan sii Yehowa asɔrefi no, ne bere a wɔpam wɔn yerenom ananafo wɔ Esra nna no mu no. (Esra 5:1, 2; 10:1-4) Nanso wɔyɛɛ asoɔden mpɛn pii. Wɔanyɛ osetie bere nyinaa; wɔankɔ so antie afotu; wɔankɔ so ammue wɔn koma mu. Israelfo no ansua Onyankopɔn suro, ma enti anyɛ tumi a ano yɛ den a ɛkanyan wɔn wɔ wɔn asetra mu.—Malaki 1:6; Mateo 15:7, 8.

16. Henanom komam na Yehowa de Onyankopɔn suro ahyɛ?

16 Nanso, bɔ a Yehowa hyɛe sɛ ɔde Onyankopɔn suro bɛhyɛ ne nkurɔfo komam no anyɛ ɔkwa. Ɔne honhom mu Israel, Kristofo a ɔde ɔsoro anidaso sii wɔn anim no yɛɛ apam foforo. (Yeremia 31:33; Galatifo 6:16) Onyankopɔn gyee wɔn fii Babilon Kɛse no, wiase nyinaa atoro som ahemman no nnommumfa mu wɔ 1919 mu. Ɔde ne ho suro ahyɛ wɔn komam pintinn. Eyi de mfaso pii abrɛ wɔne “nnipakuw kɛse” no a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya nkwa sɛ Ahenni no asase so nkoa no. (Yeremia 32:39; Adiyisɛm 7:9) Wɔn nso abenya Yehowa suro wɔ wɔn koma mu.

Sɛnea Wɔde Onyankopɔn Suro Hyɛ Yɛn Koma Mu

17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam de Onyankopɔn suro ahyɛ yɛn koma mu?

17 Ɔkwan bɛn na Yehowa nam so de Onyankopɔn suro yi ahyɛ yɛn koma mu? Ɔnam ne honhom no dwumadi so. Na dɛn na yɛwɔ a ɛnam honhom kronkron no so na ɛbae? Bible no, Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no. (2 Timoteo 3:16, 17) Yehowa nam nneɛma a wayɛ tete, sɛnea ɔne n’asomfo di nsɛm seesei ma n’Asɛm nya mmamu, ne nneɛma a ɛbɛba ho nkɔmhyɛ ahorow no so ma yɛn nyinaa nya ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn suro.—Yosua 24:2-15; Hebrifo 10:30, 31.

18, 19. Ɔkwan bɛn so na amantam, amansin ne asafo nhyiam ahorow boa yɛn ma yenya Onyankopɔn suro?

18 Sɛnea wɔabɔ ho amanneɛ wɔ Deuteronomium 4:10 no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Boaboa ɔman no ano ma me, na memma wontie me nsɛm a wonsua mfa nsuro me, nna a wɔde te ase, asase so nyinaa, na wɔmfa nkyerɛ wɔn mma.” Saa ara nso na nnɛ, Yehowa ayɛ nsiesiei pii a ɔde boa ne nkurɔfo ma wosua sɛnea wobesuro no. Yɛka Yehowa adɔe ne ne papayɛ ho adanse kyerɛ wɔ yɛn amantam ne amansin ne asafo nhyiam horow ase. Saa na yɛyɛe bere a na yɛresua Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no. Saa adesua no nyaa wo ne su a wukura wɔ Yehowa ho so tumi dɛn? Bere a wuhuu yɛn soro Agya no nipasu titiriw a ɛda adi wɔ ne Ba no ho no, eyi anhyɛ ɔpɛ a wowɔ sɛ worenyɛ biribi a Onyankopɔn mpɛ da no mu den?—Kolosefo 1:15.

19 Yesua Yehowa nkurɔfo a ogyee wɔn tete no ho nsɛm nso wɔ yɛn nhyiam horow ase. (2 Samuel 7:23) Bere a yesua Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm no denam nhoma Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! so no, yesua nkɔmhyɛ kwan so anisoadehu ahorow a anya mmamu dedaw wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu ne nsɛm a ɛyɛ hu a ɛrebesisi no ho ade. Dwom 66:5 ka Onyankopɔn nneyɛe a ɛtete saa nyinaa ho asɛm sɛ: “Mommra mmɛhwɛ Onyankopɔn nneyɛe, n’ade a ɔyɛ de di nnipa mma so yɛ hu.” Yiw, sɛ yɛde adwempa bu Onyankopɔn nneyɛe a ɛtete saa no a, ɛde Yehowa suro anaa obu a emu dɔ hyɛ yɛn koma mu. Enti yebetumi ahu sɛnea Yehowa Nyankopɔn ma ne bɔhyɛ bam: “Mede me suro mɛhyɛ wɔn komam, na wɔamfi me nkyɛn.”—Yeremia 32:40.

20. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na Onyankopɔn suro agye ntini wɔ yɛn koma mu?

20 Nanso, ɛda adi sɛ, Onyankopɔn suro yi mma yɛn komam bere a yɛmmɔ ho mmɔden biara. Ɛnyɛ biribi a ɛba ara kwa. Yehowa yɛ ne fam de. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn fam de denam Onyankopɔn suro a yebenya so. (Deuteronomium 5:29) Honam fam Israel antumi anyɛ saa. Nanso esiane sɛ honhom fam Israel ne wɔn mfɛfo de wɔn ho ato Yehowa so nti, wɔrenya mfaso horow a wɔn a wosuro Onyankopɔn nya no pii dedaw. Yebesusuw mfaso ahorow yi bi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn ne Onyankopɔn suro?

◻ Ɔkwan bɛn so na wɔrekyerɛkyerɛ yɛn na ama yɛanya Yehowa suro mu anigye?

◻ Sɛ yebenya Onyankopɔn suro a, mmɔden bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ?

◻ Dɛn nti na Onyankopɔn suro a yebenya no fa yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no adeyɛ nyinaa ho?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12, 13]

Nsiyɛ a obi de sua ade ho hia na watumi ate Yehowa suro ase

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena