Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nkwa Yɛ Akyɛde—Kyerɛ Ho Anisɔ
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • 2. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ nkwa a Yehowa de ama yɛn no, yɛn ani sɔ?

      Wosom bo ma Yehowa. Ɛno nti da a wo maame nyinsɛn wo ara pɛ, ɛnna ofii ase de n’ani dii w’akyi. Onyankopɔn de ne honhom kaa ne somfo bi a wɔfrɛ no Dawid ma ɔkaa sɛ: “Meyɛ mogyatɔw mpo no, w’aniwa huu me.” (Dwom 139:16) Wei kyerɛ sɛ, wo nkwa som bo ma Yehowa paa. (Kenkan Mateo 10:29-31.) Sɛ obi hyɛ da kum obi anaa okum ne ho a, ɛyɛ a ɛyɛ no yaw paa.a (Exodus 20:13) Afei nso, sɛ yɛyɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ yemmu yɛn nkwa anaa afoforo nkwa a, ɛma odi awerɛhow. Sɛ yɛhwɛ yɛn ho so yiye, na yɛma afoforo nkwa ho hia yɛn a, ɛkyerɛ sɛ nkwa a Yehowa de akyɛ yɛn no, yɛn ani sɔ paa.

  • Nkwa Yɛ Akyɛde—Kyerɛ Ho Anisɔ
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • a Wɔn a wɔn koma abubu no, Yehowa dwen wɔn ho paa. (Dwom 34:18) Ebinom wɔ hɔ a, nsɛm tumi hyɛ wɔn so ara ma wotumi nya adwene sɛ wonkum wɔn ho. Wɔn a wɔte saa no, Yehowa te wɔn ase, na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa wɔn. Sɛ wohwɛ ɔfã a yɛato din Yɛ Nhwehwɛmu a ɛwɔ adesua yi mu no a, wubehu asɛm bi a ɛne “Sɛ Minya Adwene Sɛ Minkum Me Ho a, Bible Betumi Aboa Me Anaa?” Sɛ wokenkan a, ɛbɛma woahu nea ebetumi aboa wɔn a wɔpɛ sɛ wokum wɔn ho no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena