‘Yehowa Rennyaw Ne Man’
“Ɔtreneeni amane dɔɔso, na [Yehowa, “NW”] gye no ne nyinaa mu.”—DWOM 34:19.
1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa rehyira ne nkoa nnɛ? (b) Dɛn na Kristofo pii rehyia, na nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre?
YEHOWA asomfo te honhom mu paradise bi mu wɔ Bible nkɔmhyɛ mmamu mu. (2 Korintofo 12:1-4) Yehowa Adansefo wɔ amanaman ntam fekuw bi a ɔdɔ ne biakoyɛ wom mu. (Yohane 13:35) Wonya Bible mu nokware nimdeɛ a emu dɔ. (Yesaia 54:13) Hwɛ anisɔ a wonya ma Yehowa sɛ wama wɔanya hokwan asoɛ ne honhom fam ntamadan mu!—Dwom 15:1.
2 Bere a Yehowa ahyehyɛde no mufo nyinaa di yiye wɔ honhom fam no, ɛte sɛ nea ebinom wɔ asomdwoe ne dwoodwoo asetra kakra, bere a afoforo hyia amanehunu ahorow no. Kristofo pii kɔ ɔhaw mu bere tenten, a wonni anidaso biara sɛ wobefi mu. Ɛda adi sɛ wɔn abam betumi abu wɔ tebea a ɛtete saa mu. (Mmebusɛm 13:12) So amane a wohu no kyerɛ sɛ Onyankopɔn ani nnye yɛn ho? So Yehowa de ahobammɔ soronko bi ma Kristofo binom, na ogyaw afoforo anaa?
3. (a) So Yehowa na ɔma nnipa hyia amanehunu? (b) Dɛn nti na Yehowa asomfo anokwafo mpo hyia amanehunu?
3 Bible bua sɛ: “Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, mma ɔnnka sɛ: Onyankopɔn na ɔsɔ me hwɛ; efisɛ bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yakobo 1:13) Yehowa ne ne nkurɔfo Bammɔfo ne Ɔnokwafo. (Dwom 91:2-6) ‘Yehowa rennyaw ne man.’ (Dwom 94:14) Eyi nkyerɛ sɛ asomfo anokwafo renhu amane. Nnipa a wɔtɔ sin fi awo mu na wodi mprempren nneɛma nhyehyɛe no so. Wɔn mu pii aporɔw, na ebinom nye koraa. Wɔn mu biara nni hɔ a ɔde ne ho to Yehowa so hwehwɛ nyansa. Eyi ma nnipa hu amane pii. Bible da no adi pefee sɛ Yehowa nkurɔfo rentumi nkwati awerɛhow tebea a nnipa sintɔ ne amumɔyɛ de ba no.—Asomafo no Nnwuma 14:22.
Kristofo Anokwafo Hwɛ Kwan sɛ Wobehu Amane
4. Bere tenten a Kristofo te nneɛma nhyehyɛe bɔne yi mu no, dɛn na wɔn nyinaa betumi ahwɛ kwan, na dɛn ntia?
4 Ɛwom sɛ Yesu akyidifo nyɛ wiase yi fã de, nanso wɔte nneɛma nhyehyɛe yi mu. (Yohane 17:15, 16) Wɔda Satan adi wɔ Bible mu sɛ ɔne tumi a edi wiase yi so. (1 Yohane 5:19) Enti, Kristofo nyinaa betumi ahwɛ kwan sɛ wobehyia ɔhaw ahorow a emu yɛ den bere bi. Bere a na ɛno wɔ ɔsomafo Petro adwene mu no, ɔkae sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene. Ɔno na momfa gyidi nnyina hɔ pintinn nsiw no kwan, efisɛ munim sɛ amanehunu no ara na wɔde ato mo nuanom a wɔwɔ wiase so sɛ wonhu.” (1 Petro 5:8, 9) Yiw, Kristofo nyinaa betumi ahwɛ amanehunu kwan.
5. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa no adi sɛ nokware Kristofo behyia awerɛhosɛm wɔ asetra mu?
5 Sɛ yɛdɔ Yehowa yiye na yedi ne nnyinasosɛm ahorow so mpo a, yebehyia nneɛma a ɛyɛ awerɛhow wɔ asetra mu. Yesu maa eyi mu daa hɔ wɔ ne bɛ bi a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 7:24-27, baabi a ɔkyerɛɛ nsonsonoe a ɛda wɔn a wotie n’asɛm ne wɔn a wontie n’asɛm ntam, no mu. Ɔde asuafo a wotie n’asɛm no totoo onyansafo bi a ɔtoo aban wɔ abotan so ho. Ɔde wɔn a wontie n’asɛm no totoo ɔkwasea bi a ɔtoo aban wɔ anhwea so ho. Bere a ahum kɛse bi tui no, aban no a wɔtoo no ɔbotan so no nkutoo na ɛkae. Hyɛ no nsow sɛ wɔ asɛm a ɛfa onyansafo no aban ho mu no, “osu kɛse tɔe, na nsu yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na anhwe ase.” Yesu anhyɛ bɔ sɛ onyansafo no benya asomdwoe ne dwoodwoo asetra bere nyinaa. Mmom no, na saa ɔbarima no nyansa besiesie no ma wagyina mframa no ano. Adwene koro no ara da adi wɔ bɛ a ɛfa ogufo ho no mu. Wɔ bɛ no mu no, Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ asomfo a “wɔde koma pa a eye” tie asɛm no mpo ‘nam boasetɔ mu na wɔbɛsow aba.’—Luka 8:4-15.
6. Wɔ Paulo mfatoho a ɛfa nneɛma a ogya ntumi nhyew ho mu no, henanom na wohyia sɔhwɛ a ɛte sɛ ogya no?
6 Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw Korintofo no, ɔde kasakoa kyerɛkyerɛɛ hia a ehia sɛ yenya su horow a ebetumi aboa ma yɛagyina sɔhwɛ ahorow ano no mu. Wɔde saa nneɛma a ogya ntumi nhyew te sɛ sika, dwetɛ, abo pa no gyina hɔ ma su pa. (Fa toto Mmebusɛm 3:13-15; 1 Petro 1:6, 7 ho.) Ɔkwan foforo so no, wɔde honam fam su toto nneɛma a etumi hyew ho. Afei Paulo ka sɛ: “Obiara adwuma bɛda adi, na ɛda no beyi no adi, efisɛ ogya mu na ɛbɛda adi, na sɛnea obiara adwuma te no, ogya no bɛsɔ ahwɛ; sɛ obi adwuma a wato asi so gyina a, obenya akatua.” (1 Korintofo 3:10-14) Ɛha nso, Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ sɛnea ɛte biara no, yɛn nyinaa behyia ɔhaw a ɛte sɛ ogya ɔkwan bi so.
7. Sɛnea Romafo 15:4 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no betumi aboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ahorow ano?
7 Kyerɛwtohɔ pii wɔ Bible mu a ɛfa Onyankopɔn asomfo anokwafo a na ɛsɛ sɛ wogyina amanehunu ano, a ɛtɔ da bi a na ɛyɛ bere tenten, ho. Nanso, Yehowa annyaw wɔn. Ɛda adi sɛ na nhwɛso ahorow a ɛte saa wɔ ɔsomafo Paulo adwene mu bere a ɔkae sɛ: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn kyerɛkyerɛ sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso” no. (Romafo 15:4) Susuw mmarima baasa bi a wohyiaa amanehunu pii bere a na wɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ pa no nhwɛso no ho.
Nea Yesua Fi Bible Kyerɛwtohɔ Mu
8. Dɛn na Yehowa maa kwan ma ɛtoo Yosef, na edii bere tenten ahe?
8 Ná Yakob babarima Yosef wɔ Yehowa anim dom fi mmofraase. Nanso, ohyiaa amanehunu pii, bere a na n’ankasa nnii mfomso biara. N’ankasa nuanom mmarima kyeree no siei yɛɛ no ayayade. Wɔtɔn no sɛ akoa kɔɔ ananafo asase so, baabi a wodii atoro too ne so de no too ‘amoa mu.’ (Genesis 40:15) Ɛhɔ no, “wɔde mpokyerɛ miaa ne nan, de no too dade [nkɔnsɔnkɔnsɔn] mu.” (Dwom 105:17, 18) Wɔ Yosef nkoasom ne afiasenna mu no, akyinnye biara nni ho sɛ ɔkɔɔ so srɛɛ Yehowa sɛ ɔmma wonyi no. Nanso, ɛmfa ho sɛ Yehowa hyɛɛ no den akwan pii so no, ɔsɔree anɔpa biara a na ɔda so yɛ akoa anaa deduani, bɛyɛ mfe 13.—Genesis 37:2; 41:46.
9. Dɛn na na ɛsɛ sɛ Dawid de mfe pii gyina ano?
9 Asɛm a ɛte sɛ ɛno ne Dawid de no. Bere a na Yehowa repaw ɔbarima a ɔfata ma wadi Israel so no, ɔkae sɛ: “Mahu Dawid, Yisai ba, ɔbarima a me koma pɛ no.” (Asomafo no Nnwuma 13:22) Ɛmfa ho Yehowa anim dom a na Dawid wɔ no, ohuu amane pii. Wɔ asiane a emu yɛ den mu no, ohintawee mfe pii wɔ sare so, abodan mu, atu mu, ne ananafo asase so. Bere a wɔtaa no sɛ akekaboa no, n’abasam tui na ehu kaa no. Nanso, Yehowa ahoɔden ma ogyinae. Dawid fi n’ankasa suahu mu tumi ka ma ɛfatae sɛ: “Ɔtreneeni amane dɔɔso, na [Yehowa, NW] gye no ne nyinaa mu.”—Dwom 34:19.
10. Asiane a emu yɛ den bɛn na ɛtoo Nabot ne n’abusua?
10 Wɔ odiyifo Elia bere so no, na nnipa 7,000 pɛ na wɔwɔ Israel a wɔnkotow atoro nyame Baal. (1 Ahene 19:18; Romafo 11:4) Nabot a ɛda adi sɛ na ɔyɛ wɔn mu biako no bɛyɛɛ obi a wɔyɛɛ no atirimɔdenne. Wɔbrɛɛ no ase denam sobo a wɔbɔɔ no sɛ waka abususɛm so. Wobuu no fɔ, na wɔnam ɔhene ahyɛde so siw no abo kum no, na akraman taforoo ne mogya. Wokum ne mmabarima mpo! Nanso, na odi bem wɔ sobo no ho. Atorofo na wodii adansekurum tiaa no. Asɛm no nyinaa ne sɛ Ɔhemaa Isebel pam Nabot ti so sɛnea ɛbɛyɛ a ɔhene no nsa bɛka ne bobeturo no.—1 Ahene 21:1-19; 2 Ahene 9:26.
11. Dɛn na ɔsomafo Paulo ka kyerɛ yɛn wɔ mmarima ne mmea anokwafo a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Bible abakɔsɛm mu no ho?
11 Yosef, Dawid, ne Nabot yɛ mmarima ne mmea anokwafo pii a wɔbɔ wɔn din wɔ Bible mu a wohuu amane no mu baasa pɛ. Ɔsomafo Paulo yɛɛ abakɔsɛm mu ntimu a ɛfa Yehowa asomfo a wɔtraa ase mfe a na atwam ho no ho kyerɛwtohɔ. Wɔ kyerɛwtohɔ no mu no, ɔkaa ebinom ho asɛm sɛ ‘wohuu animguasede ne ɔhwe, mpokyerɛ ne duam nna nso. Wosiw wɔn abo, de ɔwan paee wɔn mu, sɔɔ wɔn hwɛe, de nkrante kunkum wɔn. Wokyinii nguanten ne mmerekyi nhoma mu, ehiaa wɔn, wɔn ho guan wɔn, wohuu amane. Wɔn a wɔnsɛ wiase, wokyinkyinii sare so ne mmepɔw so, abodan ne asase so atu mu.’ (Hebrifo 11:36-38) Nanso Yehowa annyaw wɔn.
Yehowa Dwen Wɔn a Wohu Amane Ho
12. Dɛn ne amane ahorow a ɛto Yehowa Adansefo nnɛ no bi?
12 Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ɛ? Sɛ́ ahyehyɛde no, yebetumi de yɛn ho ato Onyankopɔn ahobammɔ so na yɛanya yɛn ti adidi mu wɔ nna a edi akyiri ne ahohiahia kɛse no mu. (Yesaia 54:17, Adiyisɛm 7:9-17) Nanso, sɛ ankorankoro no, yenim sɛ “ɛbere ne asiane” to nnipa nyinaa. (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Kristofo anokwafo pii na wɔrehu amane nnɛ. Ebinom di hia buruburoo. Bible ka Kristofo “nyisaa ne akunafo” a wɔwɔ ahohia mu ho asɛm. (Yakobo 1:27) Afoforo hu amane esiane asiane, akodi, basabasayɛ, tumi a wɔde di dwuma kwammɔne so, yare, ne owu nti.
13. Osuahu ahorow a emu yɛ den bɛn na wɔabɔ ho amanneɛ nnansa yi?
13 Sɛ nhwɛso no, wɔ 1996 amanneɛbɔ a wɔde kɔmaa Yehowa Adansefo Sodikuw mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ahorow no kae sɛ esiane Bible nnyinasosɛm ahorow a yɛn nuanom mmarima ne mmea bi bata ho nti, wɔde wɔn agu afiase wɔ tebea a enye koraa mu. Asafo abiɛsa bi a ɛwɔ Amerika Kesee fam man bi mu gui bere a akofo kuw bi a wɔnyɛ asraafo hyɛɛ Adansefo ɔhaha pii ma wofii beae hɔ no. Wɔ Afrika Atɔe fam man bi mu no, wokum Adansefo bi a na wɔwɔ baabi a ɔmanko asi no. Wɔ Amerika Mfinimfini fam man bi mu no, ahum bi a ɛsɛee nneɛma maa anuanom bi a na wɔwɔ sika fam ahokyere mu dedaw no tebea sɛee koraa. Wɔ mmeae foforo a ebia ohia ne aduankɔm nyɛ nsɛnnennen no, ebinom hyia nkɛntɛnso bɔne a ɛbrɛ wɔn anigye ase. Nnɛyi asetra mu nhyɛso ahorow no ama afoforo abotow. Esiane anibiannaso a nkurɔfo yɛ nti, ebia afoforo nso abam bu bere a wɔka Ahenni ho asɛmpa no.
14. (a) Dɛn na yesua fi Hiob nhwɛso no mu? (b) Sɛ́ anka yebenya adwene a ɛnteɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a yɛrehu amane no?
14 Ɛnsɛ sɛ yɛfa tebea horow a ɛtete saa yi sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ani nnye yɛn ho. Kae Hiob asɛm no ne amane pii a ohui no. Ná ɔyɛ ɔbarima a “odi mu na ɔteɛ.” (Hiob 1:8) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Hiob tee abasamtu nka bere a Elifas bɔɔ no sobo sɛ wayɛ bɔne no! (Hiob, atiri 4, 5, 22) Yɛmpɛ sɛ yɛyɛ ntɛm ka sɛ esiane sɛ yɛadi Yehowa huammɔ wɔ ɔkwan bi so anaasɛ esiane sɛ Yehowa ayi ne nhyira afi yɛn so nti na yehyia amanehunu. Nsusuwii a ɛnteɛ a yebenya wɔ ahohia mu no betumi ama yɛn gyidi abrɛ ase. (1 Tesalonikafo 3:1-3, 5) Sɛ yɛrehu amane a, ɛbɛyɛ papa sɛ yebedwennwen nokwasɛm a ɛne sɛ Yehowa ne Yesu bɛn atreneefo ɛmfa ho nea ɛba biara no ho.
15. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa dwen amane a ɛto ne nkurɔfo no ho kɛse?
15 Ɔsomafo Paulo ma yenya awerɛhyem bere a ɔka eyi no: “Hena na ɔbɛtetew yɛne Kristo dɔ mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa nkrante? . . . Na migye midi ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa ahoɔden anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no mu.” (Romafo 8:35, 38, 39) Yehowa dwen yɛn ho yiye na onim yɛn amanehunu. Bere a na Dawid da so yɛ oguanfo no, ɔkyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW] ani wɔ treneefo so, na n’aso tie wɔn sufrɛ. [Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔn koma abubu.” (Dwom 34:15, 18; Mateo 18:6, 14) Yɛn soro Agya no dwen yɛn ho na ne yam hyehye no wɔ wɔn a wohu amane no ho. (1 Petro 5:6, 7) Ɔde nea ehia na ama yɛatumi agyina amanehunu biara a yebehyia mu no ma.
Yehowa Akyɛde Ahorow Wowaw Yɛn
16. Nsiesiei a efi Yehowa hɔ bɛn na ɛboa yɛn ma yegyina, na ɔkwan bɛn so?
16 Ɛwom sɛ yɛrentumi nhwɛ asetra a amanehunu nnim kwan wɔ nneɛma nhyehyɛe dedaw yi mu de, nanso “wɔmpaa yɛn akyi ɛ.” (2 Korintofo 4:8, 9) Yesu hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma n’akyidifo okyigyinafo bi. Ɔkae sɛ: “Mebisa agya no, na wama mo okyigyinafo foforo, na ɔne mo abɛtra daa: nokware honhom.” (Yohane 14:16, 17) Wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no, ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ n’atiefo sɛ wobetumi anya “Honhom Kronkron akyɛde no.” (Asomafo no Nnwuma 2:38) So honhom kronkron no reboa yɛn nnɛ? Yiw! Yehowa adeyɛ tumi no ma yɛn aba a ɛyɛ anigye no: “Ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ [ahosodi, NW].” (Galatifo 5:22, 23) Eyi nyinaa yɛ su a ɛkyɛn so a ɛboa yɛn ma yetumi gyina.
17. Dɛn ne Bible mu nokware ahorow a ɛhyɛ yɛn gyidi ne yɛn bo a yesi sɛ yɛde boasetɔ bɛtwɛn Yehowa mu den no bi?
17 Honhom kronkron no boa yɛn ma yɛte ase nso sɛ mprempren amanehunu no “yɛ bere tiaa mu de a ɛyɛ hare,” sɛ yɛde toto daa nkwa akatua no ho a. (2 Korintofo 4:16-18, NW) Yegye di sɛ Onyankopɔn werɛ remfi yɛn nnwuma ne ɔdɔ mmɔden a yɛbɔ wɔ ne din ho no. (Hebrifo 6:9-12) Sɛ yɛkenkan Bible mu nsɛm a efi honhom mu no a, asomfo anokwafo a wɔtraa ase tete mmere mu a wohyiaa amanehunu pii nanso wobuu wɔn anigyefo no nhwɛso ahorow no ma yenya awerɛkyekye. Yakobo kyerɛw sɛ: “Anuanom, momfa adiyifo a wɔkasae [Yehowa, NW] din mu no nyɛ amanehunu ne abodwokyɛre sɛnnahɔ. Hwɛ yebu wɔn a wohuu amane tɔɔ wɔn bo ase no ahotɔfo.” (Yakobo 5:10, 11) Bible no hyɛ bɔ sɛ wɔbɛma yɛn “tumi a ɛboro so” a ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ahorow ano. Yehowa de owusɔre anidaso no nso hyira yɛn. (2 Korintofo 1:8-10; 4:7) Sɛ yɛkenkan Bible no daa na yedwennwen bɔhyɛ ahorow yi ho a, yɛbɛhyɛ gyidi ne yɛn bo a yɛasi sɛ yɛde boasetɔ bɛtwɛn Nyankopɔn no mu den.—Dwom 42:5.
18. (a) Dɛn na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ wɔ 2 Korintofo 1:3, 4? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo ahwɛfo betumi akyerɛ sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wɔma awerɛkyekye ne ɔhome?
18 Bio nso, Yehowa ama yɛn honhom mu paradise bi a emu na yebetumi anya nokware dɔ afi yɛn nuanom mmarima ne mmea Kristofo hɔ. Yɛn nyinaa wɔ asɛyɛde sɛ yɛbɛkyekye yɛn ho yɛn ho werɛ. (2 Korintofo 1:3, 4) Kristofo ahwɛfo titiriw betumi ayɛ nkurɔfo a wɔma awerɛkyekye ne ɔhome kɛse. (Yesaia 32:2) Sɛ “nnipa mu akyɛde” no, wɔahyɛ wɔn sɛ wɔnhyɛ wɔn a wohu amane no den, na ‘wɔnkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ,’ na ‘wonso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu.’ (Efesofo 4:8, 11, 12, NW; 1 Tesalonikafo 5:14) Wɔhyɛ mpanyimfo nkuran sɛ wɔmfa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no, ne afei nhoma afoforo a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma no nni dwuma yiye. (Mateo 24:45-47) Afotu a ɛsom bo a egyina Bible so a ebetumi aboa yɛn ma yɛadi ɔhaw ahorow a ɛma yɛn dadwen no bi ho dwuma—na yɛakwati mpo—wom. Momma yɛnkyekye yɛn ho werɛ nhyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran wɔ ɔhaw mmere mu mfa nsuasua Yehowa!
19. (a) Dɛn na ɛboa yɛn ma yɛkwati ɔhaw ahorow bi? (b) Hena so na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to koraa, na dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛagyina sɔhwɛ ahorow ano?
19 Bere a yedu akyiri wɔ nna a edi akyiri yi mu na mprempren nneɛma nhyehyɛe tebea kɔ so sɛe no, Kristofo yɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛkwati asiane. (Mmebusɛm 22:3) Atɛmpa, adwenemtew, ne Bible nnyinasosɛm ho nimdeɛ betumi aboa yɛn ma yɛasi gyinae a nyansa wom. (Mmebusɛm 3:21, 22) Yetie Yehowa Asɛm de di dwuma na ama yɛakwati sɛ yebedi mfomso a ɛho nhia. (Dwom 38:4) Nanso, yenim sɛ mmɔden dodow biara nni hɔ a yebetumi abɔ de ayi amanehunu afi yɛn asetram. Wɔ saa nneɛma nhyehyɛe yi mu no, atreneefo pii hyia ɔhaw ahorow a emu yɛ den. Nanso, sɛ yenya ahotoso a edi mu sɛ ‘Yehowa rennyaw ne man’ a, yebetumi agyina yɛn haw ahorow ano. (Dwom 94:14) Na yenim sɛ ɛrenkyɛ na saa nneɛma nhyehyɛe yi ne emu amanehunu no afi hɔ. Enti, momma yɛmmɔ mmɔden sɛ ‘yɛmmrɛ papayɛ mu, na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.’—Galatifo 6:9.
Dɛn na Yesuae?
◻ Ɔhaw bɛn na Kristofo nyinaa hyia?
◻ Bible mu nhwɛso ahorow bɛn na ɛboa yɛn ma yɛte ase sɛ amanehunu nkyerɛ sɛ Yehowa ani nnye yɛn ho?
◻ Yehowa te nka dɛn wɔ ɔhaw ahorow a ne nkurɔfo hyia no ho?
◻ Akyɛde a efi Yehowa hɔ a ɛboa yɛn ma yegyina sɔhwɛ mu no bi ne dɛn?
[Kratafa 10 mfonini ahorow]
Dawid, Nabot, ne Yosef yɛ nnipa baasa a wohuu amane