-
Wopɛ Sɛ Wunya Bible No So Mfaso Paa a, Dɛn Na Wobɛyɛ?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
ADESUA 11
Wopɛ Sɛ Wunya Bible No So Mfaso Paa a, Dɛn Na Wobɛyɛ?
Yɛde adwuma bi ahyɛ wo nsa ama woate nka pɛn sɛ ɛso sen wo anaa? Ebia nea woyɛe ne sɛ, wokyekyɛɛ mu nketenkete sɛnea ɛbɛyɛ a, adwuma no bɛyɛ mmerɛw ama wo. Saa ara na Bible akenkan nso te. Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ ɛyɛ adwuma kɛse, enti wubebisa wo ho sɛ ‘Mimfi ase koraa mfi he?’ Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma nketenkete bi a wubetumi ayɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a w’ani begye ho sɛ wobɛkenkan Bible na woasua.
1. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible da biara?
Obi a ɔkenkan Bible anaa “Yehowa mmara” da biara no, n’ani begye, na ebesi no yiye. (Kenkan Dwom 1:1-3.) Wopɛ a fa si w’ani so sɛ da biara wubeyi simma kakraa bi asi hɔ de akenkan Bible. Bere a worehu Onyankopɔn Asɛm no mu yiye no, w’ani bɛba abegye Bible akenkan ho paa.
2. Sɛ worekenkan Bible a, dɛn na ɛbɛboa wo ama woanya so mfaso?
Sɛ yɛrekenkan Bible na sɛ yedu baabi a, ɛsɛ sɛ yegyina na yedwinnwen nea yɛakenkan no ho. Ɛno bɛma yɛanya so mfaso paa. Wei kyerɛ sɛ Bible a yɛbɛkenkan no da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ ‘yedwinnwen ho’ nso. (Yosua 1:8) Sɛ worekenkan a, wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Nea merekenkan yi, dɛn na ɛma mihu fa Yehowa Nyankopɔn ho? Mɛyɛ dɛn de asɛm a merekenkan yi abɔ me bra? Mɛyɛ dɛn de Bible mu asɛm yi aboa afoforo?’
3. Wobɛyɛ dɛn anya bere de akenkan Bible?
Ɛyɛ a ɛyɛ wo den sɛ wubenya bere akenkan Bible anaa? Ɛnyɛ wo nko ara. Yɛn mu pii wɔ hɔ a saa ara. Bible no tu yɛn fo sɛ yɛmfa ‘yɛn bere nyɛ nneɛma a ɛho hia.’ (Efesofo 5:16) Sɛ wubetumi ayɛ saa a, gye sɛ wuyi bere pɔtee bi si hɔ a wode bɛkenkan Bible da biara. Ebinom wɔ hɔ a, wɔsɔre anɔpatutuutu kenkan Bible. Ebinom nso kenkan no awia, bere a wɔregye wɔn ahome. Afoforo nso de, wɔkenkan no anwummere ansa na wɔada. Wo nso, bere bɛn na eye ma wo a wubetumi de akenkan Bible?
SUA PII KA HO
Hwɛ sɛnea wubetumi ama Bible akenkan ayɛ wo dɛ. Afei hwɛ sɛnea wubesiesie wo ho yiye, na sɛ woresua Bible a, woanya so mfaso paa.
Sɛ yennii aduan bi da a, yebetumi asua di ama yɛn ani abegye ho. Saa ara na yɛn ani betumi abegye Bible akenkan nso ho
4. Wobɛyɛ dɛn ama wo Bible akenkan ayɛ dɛ?
Ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubefi ase akenkan Bible. Nanso sɛ obi nnii aduan bi da a, otumi sua di ma n’ani begye ho. Saa ara na wo nso wubetumi anya Bible akenkan ho “akɔnnɔ” ama w’ani abegye ho. Monkenkan 1 Petro 2:2. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Wugye di sɛ wokenkan Bible da biara a, w’ani bɛba abegye ho anaa?
Hwɛ VIDEO yi, na wubehu nea ɛyɛe a ebinom ani begyee Bible akenkan ho. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.
Dɛn na ɛma ɛyɛɛ den maa mmerante ne mmabaa no sɛ wɔbɛkenkan Bible?
Dɛn na ɛboaa wɔn ma wotumi kenkan Bible da biara?
Dɛn na wɔyɛe a ɛmaa wɔn Bible akenkan yɛɛ dɛ?
Nea edidi so yi betumi aboa wo ama woafi ase:
Pɛ Bible a wɔakyerɛ ase yiye a wokan a ɛrenyɛ den sɛ wobɛte ase. Sɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no bi wɔ wo kasa mu a, wubetumi asɔ ɛno ahwɛ.
Bible no fã a w’ani gye ho paa no, wubetumi afi ase wɔ hɔ. Wohwɛ ɔfã a yɛato din “Kenkan Bible Da Biara” no a, ebia wubenya Bible mu nsɛm bi a w’ani begye ho.
Baabi a wobɛkan adu biara, hyɛ no nsow. Wubetumi de ɔfã a yɛato din “Nhyehyɛe a Mede Kenkan Bible” a ɛwɔ nhoma yi mu no ayɛ adwuma.
Fa JW Library® app no yɛ adwuma. Sɛ wotwe saa app yi bi gu wo smatfon, tablɛt, anaa laptop so a, baabi a wowɔ biara, wubetumi akenkan Bible anaa woabɔ atie wɔ kasa pii mu.
Wohwɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no mu a, wubehu ɔfã bi a yɛato din Nkekaho, fa yɛ adwuma. Sɛ wohwɛ saa ɔfã hɔ a, wubehu asaase ho mfoni anaa map, nsɛm bi a wɔahyehyɛ, ne Bible mu nsɛmfua bi a wɔakyerɛ ase wɔ hɔ. Saa nneɛma yi betumi ama Bible akenkan ayɛ wo dɛ.
5. Di kan siesie wo ho ansa na moasua nhoma yi
Monkenkan Dwom 119:34. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Sɛ worebɛkenkan Bible anaa worebesua nhoma yi ansa na nea ɔne wo sua ade no aba a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wudi kan bɔ mpae?
Sɛ woresua nhoma yi a, dɛn na ɛbɛma woanya so mfaso paa? Ansa na wo ne nea ɔne wo sua Bible no bɛbom asua ade no, sɛ woresiesie wo ho ama adesua no a, sɔ nea edidi so yi hwɛ:
A. Di kan kenkan nkyekyɛm ahorow a ɛba ansa na ɔfã a yɛato din “Sua Pii Ka Ho” no aba no.
B. Kenkan kyerɛwnsɛm ahorow no, na hwɛ sɛnea ɛfa nea woresua no ho.
D. Nkyekyɛm biara mu no, nsɛmfua ne nsɛntitiriw bi wɔ hɔ a eyi nsɛmmisa no ano. Ɛyɛ a hyɛ no nsow, na twa ase. Wei bɛboa wo na sɛ nea ɔne wo sua ade no ba a, ayɛ mmerɛw ama wo sɛ wobɛte adesua no ase.
Wunim biribi?
Yehowa Adansefo de Bible nkyerɛase ahorow-ahorow ayɛ adwuma. Nanso, Bible nkyerɛase a yɛn ani gye ho paa ne Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ wɔakyerɛ ase yiye, emu da hɔ, na baabiara a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn din hyɛ no, wɔde ahyɛ hɔ.—Kenkan asɛm a yɛato din “Yehowa Adansefo Wɔ Wɔn Ankasa Bible Anaa?” no wɔ jw.org/tw.
EBINOM KA SƐ: “Bible de, m’ani gye ho sɛ mesua, nanso minni adagyew.”
Ɛyɛ a saa ara na wo nso wote nka?
NEA YƐASUA
Sɛ wubetumi anya Bible no so mfaso paa a, pɛ bere kenkan no da biara, na bɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛte nea worekenkan no ase. Afei sua nhoma no ansa na nea ɔne wo sua ade no aba.
Ntimu
Wobɛyɛ dɛn anya Bible no so mfaso paa?
Bere bɛn na wopɛ sɛ wuyi si hɔ de sua Bible?
Sɛ wudi kan sua nhoma no ansa na nea ɔne wo sua ade no aba a, ɛbɛboa wo sɛn?
YƐ NHWEHWƐMU
Kenkan Ɔwɛn-Aban yi, na wubehu nneɛma bi a woyɛ a ebetumi aboa ama woanya wo Bible akenkan so mfaso.
“Wobɛyɛ Dɛn Anya Bible Akenkan So Mfaso?” (Ɔwɛn-Aban No. 1 2017)
Kenkan saa asɛm yi, na wubehu akwan mmiɛnsa bi a wubetumi afa so akenkan Bible no.
“Sɛn Na Bible No Betumi Aboa Me?—Ɔfã 1: Kenkan Wo Bible Na Hu Nea Ɛwom” (Ɛwɔ jw.org)
Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nneɛma bi a ɛbɛboa ama wo Bible akenkan ayɛ dɛ.
“Sɛn Na Bible No Betumi Aboa Me?—Ɔfã 2: Mɛyɛ Dɛn Ama Me Bible Akenkan Ayɛ Anigye?” (Ɛwɔ jw.org)
Ebinom fii ase kenkan Bible no nyɛ nnɛ. Hwɛ nea wubetumi asua afi wɔn hɔ.
-
-
Kɔ So Ara Ma Wo Ne Yehowa Ayɔnkofa No Mu Nyɛ DenWubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
4. Kɔ so ara ne w’Adamfo Yehowa nni nkitaho
Yenim sɛ mpaebɔ ne Bible adesua aboa wo ama woatumi afa Yehowa adamfo. Ɔkwan bɛn so na saa nneɛma yi ara betumi ama woabɛn no paa?
Monkenkan Dwom 62:8. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Sɛn na ɛsɛ sɛ wobɔ mpae, na aboa ama wo ne Yehowa ntam ayɛ den?
Monkenkan Dwom 1:2. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Sɛ worekenkan Bible a, sɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ no, na aboa ama wo ne Yehowa ntam ayɛ den?
Sɛ woreyɛ wo kokoam adesua a, wobɛyɛ no sɛn na woanya so mfaso paa? Hwɛ VIDEO yi, na ɛbɛma woahu nneɛma bi a wubetumi ayɛ. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Nsɛm a anuanom no kae wɔ video no mu no, emu nea ɛwɔ he na wohwɛ a wubetumi de ayɛ adwuma?
Nneɛma bɛn na wopɛ sɛ wusua ho ade?
-