Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 9/1 kr. 21-26
  • Yehowa​—Mmere Ne Nna Nyankopɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa​—Mmere Ne Nna Nyankopɔn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmere Ne Nna A Ɛho Hia Kɛse
  • So Wiase Yi Redi Onyankopon Atirimpɔw Ho Dwuma?
  • Yehowa Atirimpɔw Ma Ahobrɛasefo
  • Oyi Asɔretiafo Fi Ho
  • Nea Yahowa Mmere Ne Ne Nna Kyerɛ Ma Yɛn Bere Yi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmfua Anan a Ɛsakraa Wiase No
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Fa Wo Ho To Yehowa So​—Ɔno Na Ɔhyɛ “Bere Ne Nna”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Bere a Yehowa Maa Ahempɔn Suaa Biribi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 9/1 kr. 21-26

Yehowa​—Mmere Ne Nna Nyankopɔn

“Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ.”​—ƆSƐNKAFO 3:1

1, 2. (a) Akwan horow bɛn so na nnipa ani kũ bere ho. (b) Dɛn na ɛbɛba yɛn asetra mu nneɛma ahorow pii so nnɛ, sɛ anka yenni ɔkwan biara a yɛbɛfa so akyerɛ bere a?

YƐN ANI kũ bere ho kɛse wɔ yɛn da biara da asetra mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ nyansa dɔn no da no adi sɛ anwummere adu na yehu se owia rekɔtɔ ne wim nso reyɛ sum a, yenim sɛ anadwo abɛn. Bio nso, wɔ asase afã horow bi no, sɛ kalenda da no adi sɛ otwa bere awiei rebɛn ne yehu sɛ sɛnea wim hyew te no kɔ fam dapɛn biara na nhaban fi ase po a, yegye tom sɛ awɔw bere abɛn. Enti bere anaa nna a yɛwom ho adanse ahorow no si nea nyansa dɔn ne kalenda ahorow ka kyerɛ yɛn no so dua.

2 Sɛ yentumi nkyerɛ mmere ne nna a, anka yɛn nnɛyi asetra mu fã kɛse no ara bɛyɛ basaa. Sɛ nhwɛso no, susuw wimhyɛn ɔhaha pii a ɛbɛbɔ mmɔden sɛ ebesi wɔ wimhyɛn gyinaebea a adagyew nni hɔ bere a ɔkwan biara nni hɔ a wɔbɛfa so akyerɛ bere na ama woatumi ayɛ wɔn si no ho nhyehyɛe no ho! Anaasɛ susuw nnipa ɔpepem pii a wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ adwuma wɔ bere a wɔahyɛ mu nanso wonni ɔkwan biara a wɔbɛfa so akyerɛ bere no ho!

3. Hena na ɔde mmere ne nna bae?

3 Hena. ne ɔde mmere ne nna bae? Ɛyɛ Amansan yi Bɔfo no, Yehowa Nyankopɔn. Genesis 1:14 se: “Na Onyankopɔn kae sɛ: Akanea mmra ɔsoro ntrɛwmu no mu, na ɛmmɛpae awia ne anadwo mu, na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne ne bere nkyekyem ne nna ne mfe.”

Mmere Ne Nna A Ɛho Hia Kɛse

4-6. (a) Dɛn na ɛho hia sen hu a wobehu mmere anaa nna ma onipa dwumadi ahorow? Dɛn ntia?(b) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa?

4 Ɛwom sɛ mmere ne nna a yebehu no ho hia ma ɔdesani dwumadi ahorow de, nanso biribi wɔ hɔ a ɛho hia kɛse sen saa: Wɔ Onyankopɔn fam no, bere anaa da bɛn mu na yɛwɔ no? Ɔsɛnkafo 3:1 se: “Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ no, na ɛbere wɔ hɔ ma adwuma nyinaa ɔsoro ase.” Bere a eyi yɛ nokware wɔ nnipa fam no, ɛyɛ nea ɛte saa kɛse wɔ Onyankopɔn fam nso. Ɔwɔ mmere ne nna pɔtee a ɔde di n’atirimpɔw ho dwuma. Sɛ yɛamma yɛn asetra ne nokwasɛm yi anhyia a, ɛnde awiei koraa no yɛn asetra ho nhyehyɛe a yɛyɛ ma ɛne nyansa dɔn anaasɛ kalenda ahorow hyia no bɛyɛ nea ɛho nni mfaso.

5 Dɛn nti na eyi te saa? Efisɛ Yehowa wɔ atirimpɔw bi ma asase yi ne adesamma abɔde a wɔte so no; sɛ ɛnte saa a anka ɔremmɔ wɔn. Sɛ yɛamma yɛn asetra ne saa atirimpɔw no anhyia a, ɔremfa yɛn nka ho. Na nea ɛbɛyɛ biara obedi n’atirimpɔw ho dwuma wɔ bere a wahyɛ no mu pɛpɛɛpɛ. Ɔka sɛ: “Saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ: ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.”​—-Yesaia 55:11.

6 Enti ɛho hia sɛ yebisa sɛ: Wɔ Yehowa fam no, ɛyɛ bere anaa da bɛn? Ɔkwan bɛn so na aman ne nkurɔfo a wɔwɔ wiase yi mu ba ne bere nhyehyɛe no mu? Ampa, ɔkwan bɛn so na woba mu? So woayɛ w’asetra ho nhyehyɛe wɔ ɔkwan a ɛne Onyankopɔn atirimpɔw ne ne bere nhyehyɛe hyia so anaa?

So Wiase Yi Redi Onyankopon Atirimpɔw Ho Dwuma?

7. Adwene bɛn na nyamesomfo pii wɔ, nanso dɛn nti na enni nnyinaso?

7 Nnipa pii te nka sɛ wɔka Onyankopɔn atirimpɔw ho esiane sɛ wɔka sɛ wogye Onyankopɔn di nti. Nanso, sɛ woka kyerɛ wɔn sɛ womfi Onyankopɔn ankasa Asɛm no mu nkyerɛ wo nea saa atirimpɔw no yɛ a, wontumi nkyerɛ. Wɔfa wɔn ankasa kwan so, nanso wɔda so ara te nka sɛ wɔ ɔkwan bi so no, wobenya Onyankopɔn dom. Wiase atumfoɔ pii anya adwene a ɛte saa ara wɔ mfehaha pii no mu. Wɔte nka sɛ Onyankopɔn nam wɔn so redi n’atirimpɔw ho dwuma a nea wɔyɛ mfa ho. Nanso wɔn nso wontumi nkyerɛ nea saa atirimpɔw no yɛ.

8. Dɛn nti na ɛbɛyɛ nea ntease nnim sɛ wobesusuw sɛ Ɔbɔadeɛ no begyina wiase yi atumfoɔ ne wɔn nkurɔfo akyi?

8 So Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn gyina wiase yi a atumfoɔ ne nnipa a wɔkɔ asɔre ka ho no akyi? Susuw eyi ho: Tumi a Onyankopɔn wɔ no yɛ nwonwa. Ɔno na ɔbɔɔ amansan yi a nsoromma-kuw ɔpepepem pii a nsoromma ɔpepepem pii wɔ emu biara mu no ka ho. (Dwom 147:4) Nea ɛka ho bio no, Onyankopɔn wɔ nyansa a enni ano. Sɛ Onyankopɔn de ne tumi ne ne nyansa yi gyina amanaman no akyi a, so anka basabasayɛ, akodi, nsisi, ne amanehunu pii no bɛkɔ so mfehaha pii saa? So Onyankopɔn bɛkyerɛ aman akannifo ne wɔn nkurɔfo ɔpepem pii no kwan sɛ wɔnkɔko na wonkunkum aman afoforo akannifo ne wɔn nnipa ɔpepem pii a wɔn nso kyerɛ sɛ Onyankopɔn rekyerɛ wɔn kwan no? So ɛno yɛ nea nyansa wom?

9. Dɛn na Onyankopɔn Asɛm no ka sɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ ne nokware asomfo honhom mu tebea?

9 Bible no ka kyerɛ yɛn wɔ Korintofo Nhoma a Edi Kan 14:33 sɛ “Onyankopɔn nyɛ sakasakayɛ Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn.” Bio nso Yehowa ka kyerɛ wɔn a wɔyɛ ne nkurɔfo ampa no sɛ: “Mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaapaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.” (1 Korintofo 1:10) Ɛnde sɛ Onyankopɔn nkurɔfo no mu bi antra ase ma ɛne nnyinasosɛm yi anhyia nso ɛ? Romafo 16:17 tu fo sɛ: “Monkari wɔn a wɔde mpaapaemu ba de . . . sɛe kyerɛ a moasua no, na montwe mo ho mfi wɔn ho.” Enti aman ne nyamesom mu mpaapaemu ne ntawntawdi ahorow no yɛ adanse a ɛkyerɛ pefee sɛ ɛnyɛ nea Onyankopɔn gyina saa aman ne nyamesom asɔfo ne wɔn akyidifo no akyi. ‘

10, 11. Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ nea ogyina wiase yi atumfoɔ ne emu nnipa no akyi?

10 Ɛnde hena na ogyina wɔn akyi ankasa? Yohane Nhoma a Edi Kan ti 3, nkyekyem 10 kosi 12 se: “Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn. Na eyi ne kaseɛ a moate fi mfiase sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no, ɛnyɛ sɛ Kain a ofi ɔbɔne no mu na okum ne nua no.” Afei nso Yohane Nhoma a Edi Kan ti 4, nkyekyem 20 se: “Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn, na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo na nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhuu no ɛ?” Enti Yesu de mmara yi too hɔ wɔ Yohane 13:35 sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”

11 So yehu nsɛdi bi wɔ ɔdɔ ne biakoyɛ a ɛsɛ sɛ ɛtra Onyankopɔn nokware asomfo mu ne ɔkwan a wiase akannifo ne nnipa no nyinaa adi akyi wɔ mfehaha no mu no mu? Wɔ yɛn afeha yi nkutoo mu no, nyamesom biako mufo a nyamesom foforo mufo kunkum wɔn no yɛ ɔpehaha pii. Mpɛn pii wɔn a wokunkum wɔn ho wɔn ho no fi asɔre koro no ara mu! Ɛno yɛ adanse ankasa ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ nea Onyankopɔn gyina wɔn akyi. Mmom no, sɛnea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ no, ɛnyɛ obiara sɛ Satan Ɔbonsam na ogyina wɔn akyi. Enti na ɔsomafo Yohane tumi kaa eyi no: “Yenim sɛ yefi Nyankopɔn, na wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Yiw, Satan ne “wi yi ase nyame.” (2 Korintofo 4:4) Ɔne tumi a ɛhyɛ akannifo ne nnipa a wɔwɔ wiase yi mu a wɔn nneyɛe kyerɛ se wɔrentumi nyɛ nnipa a wofi Onyankopɔn no akyi.

Yehowa Atirimpɔw Ma Ahobrɛasefo

12, 13. Onyankopɔn atirimpɔw ma asase yi ne nnipa ne dɛn?

12 Nanso, bere a Yehowa bɔɔ nnipa no. na n’atirimpɔw ne sɛ ɛsɛ sɛ asase nyinaa yɛ paradise te sɛ Eden turo no a nnipa a wɔyɛ pɛ, wɔyɛ biako, na wɔwɔ anigye na ɛte so. (Genesis 1:26-28; 2:15; Yesaia 45:18) Nnipa atuatewfo ne honhom abɔde a wɔyɛ abɔnefo no ntumi ntwaa saa atirimpɔw no mu. Afei nso esiane sɛ Yehowa yɛ mmere ne nna Nyankopɔn nti, obedi n’atirimpɔw ho dwuma wɔ bere a wahyɛ ato hɔ no mu. Ɔremma kwan mma nnipa nniso a ne nsa nnim no nkɔ so nko ntia n’atirimpɔw mma ɛntra bere a wahyɛ ato hɔ no.

13 Ná Yesu wɔ Yehowa atirimpɔw ma asase yi mu ahotoso a edi mũ. Ɔka kyerɛɛ ɔdebɔneyɛfo bi a onyaa ne mu gyidi kakra no sɛ: “Wobɛka me ho paradise hɔ.” (Luka 23:43) Ná ɛno yɛ asase so Paradise a ɛbɛba no. Ná Yesu adi kan aka sɛ: “Nhyira ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi.” (Mateo 5:5) Wɔ ha no, na Yesu reka nea ɛwɔ Dwom 37:11 no ho asɛm a ese: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”

14. Nnipa bɛn na wobenya asase no adi?

14 Henanom ne eyinom a wobenya asase no adi no? Dwom 37:34 se: “Twɛn [Yehowa], na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no adi; sɛ wogu abɔnefo ase a, wubehu.” Nkyekyem 37 ne 38 de ka ho sɛ: “Kari onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ nea ɔteɛ: sɛ saa onipa no awiei yɛ asomdwoe. Na mmaratofo de, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa prɛko, abɔnefo ase de, wobegu.” Enti ɛsɛ sɛ nnipa a wobenya asase no adi no hu Yehowa, wogye ne bɔhyɛ ahorow di, na wobu wɔn sɛ wɔteɛ a wɔn ho nni asɛm esiane sɛ wodi ne mmara so nti. Sɛnea Yohane Nhoma a Edi Kan 2:17 ka no: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”

15. Sɛ wiase nsakrae akɛse a ɛho wɔ mfaso bɛba a, ade titiriw biako bɛn na ɛsɛ sɛ eba?

15 Nanso sɛ saa nsakrae ahorow no bɛba a, ɛho hia sɛ wɔma tebea a ɛwɔ hɔ mprempren no san akyi. Ade biako ne sɛ, ɛbɛkyerɛ yi a ɛsɛ sɛ woyi mprempren nniso horow a ɛwɔ asase so no nyinaa fi hɔ, efisɛ nnipa nniso antumi amfa tebea horow a wɔhwehwɛ no amma. Nanso wiase nyinaa nsakrae a ɛte sɛɛ yɛ nea Yehowa betumi ayɛ. Sɛ nhwɛso no, Bible no ka sɛ: “Ɔno na ɔsakra bere ne nna; otu ahene so, na ɔma ahene so.”​—Daniel 2: 21.

Oyi Asɔretiafo Fi Ho

16, 17. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne Farao a ɔsɔre tiaa N’atirimpɔw no dii?(b) Ɔkwan bɛn so na wosii Yehowa nkɔmhyɛ asɛm no so dua.

16 Susuw nea Yehowa ayɛ atumfoɔ ne ahene a wɔyɛ den wɔ bere a atwam no mu no ho, ne titiriw no, wɔn a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobetwitwa n’atirimpɔw ahorow ananmu no. Obubuu wɔn na ɔbɔɔ wɔn hwetee mframa mu te sɛ mfutuma na saa ara na ɔyɛɛ wɔn ahemman ahorow no. Sɛ nhwɛso no, na Misraim Farao a ɔde Onyankopɔn nkurɔfo ayɛ nkoa no wɔ hɔ. Nanso na Yehowa wɔ atirimpɔw bi ma n’asomfo na ɔsomaa Mose sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Farao sɛ ɔmma wɔnkɔ. Farao de ahantan mmom kae sɛ: “Hena ne [Yehowa] a metie ne nne?” ɔde kaa ho sɛ: “Minnim [Yehowa] no na Israel nso, meremma wɔnnkɔ.” -Exodus 5:2.

17 Yehowa maa Farao hokwan ahorow pii a ɔde bɛsakra n’adwene. Nanso sɛnea Exodus 11:10 ka no, Farao ‘pirim ne koma’ bere nyinaa. Nã Yehowa wɔ tumi a enni ano. Bere a ne beree wahyɛ no dui no, ɔmaa Farao ne ne dɔm memmee wɔ Po Kɔkɔɔ no mu. Exodus 14:28 se: “Wɔn mu biako mpo anka.” Nanso wɔbɔɔ Yehowa nkurɔfo ho ban na wɔdee wɔn ho. Eyi bae wɔ bere a Yehowa nkɔmhyɛ asɛm no aka ato hɔ no mu pɛpɛɛpɛ wɔ mfirihyia 400 a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ ɔnokwafo Abraham mfehaha pii no awiei bere no mu.

18. Dɛn na Yehowa yɛɛ Nebukadnesar a na ɔwɔ Babilon no? Dɛn ntia?

18 Afei nso ɔhene Nebukadnesar a na ɔwɔ Babilon asɛm no wɔ hɔ. Ɔde ne tumi ne nea watumi ayɛ hoahoaa ne ho te sɛ nea ɔyɛ’ onyame bi. Nanso Daniel 4:31 se “asɛm no da so wɔ ɔhene no anom no, ɛnne bi fi soro bae sɛɛ Wo ɔhene Nebukadnesar, wɔka kyerɛ wo sɛ: Ahenni no atu afi wo nsam.” Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛbrɛ no ase te sɛ wuram aboa akosi bere a sɛnea nkyekyem 32 ka no, obehu “sɛ ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma nea ɔpɛ no.” Ɛno ara na esii wɔ bere a na Yehowa ahyɛ no mu.

19. Dɛn nti na Yehowa atemmu baa Babilon ne ne sodifo Belsasar so?

19 Ɔhene a otwa to a odii tumi wɔ Babilon ne Belsasar. Ná Yehowa bere adu sɛ saa ahemman kɛse no bɛhwe ase. Dɛn ntia? Efisɛ Babilonfo de Yehowa nkurɔfo yɛɛ nkoa na wɔkaa abususɛm tiaa Yehowa. Daniel ti 5 ka sɛ Belsasar too pon kɛse maa n’abirɛmpɔn apem. Afei Belsasar “kae sɛ wɔmfa sika ne dwetɛ nnwinne a n’agya Nebukadnesar akɔfa afi [Yehowa] asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu no mmara . . . na ɔhene ne n’abirɛmpɔn, ne yerenom ne ne yefamnom nom mu.” (Daniel 5:2, 3) Hyɛ nea wɔyɛe bio no nsow: “Wɔnonom nsa na wɔkamfoo sika ne dwetɛ ne kɔbere ne dade ne dua ne ɔbo anyame no.” (Daniel 5:4) Wɔnam nnwinne kronkron a na wɔde di dwuma wɔ Yehowa som mu no a wɔnom mu no so dii Yehowa ho fɛw na wɔyɛɛ abusude tiaa no. Wɔnam wɔn atoro anyame a wɔsom wɔn no so som Satan.

20, 21. Asɛm bɛn na Daniel ka kyerɛɛ Belsasar, na ɔkwan bɛn so na ɛbaa mu?

20 Nanso biribi a ɛyɛ nwonwa sii saa bere no ara mu. Wohuu nsa bi a ɛrekyerɛw ahemfie afasu no ho! Ɛmaa ɔhene no ho dwiriw no araa ma ‘n’anim danee, na n‘adwene haw no, na n’asen mu nhama hodwowee, na ne nkotodwe ka boboom biribiri.’ (Daniel 5:6) Belsasar nyamesom mu afotufo no mu biara antumi ante nea nkyerɛwee no kyerɛ no ase, enti wɔfrɛɛ Yahowa somfo Daniel bae sɛ ɔmmɛkyerɛ ase. Daniel ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ asɛm no fi Yehowa hɔ na ɛne sɛ: “Onyankopɔn akan w’ahenni, na wabɔ no; . . . wɔakari wo nsenia mu, na wɔahu sɛ wunnu; . . . wɔakyɛ w’ahenni no mu de ama Mediafo ne Persiafo.”-Daniel 5 : 26-28.

21 Anadwo no ara, Medo-Persia asraafo nam apon a wɔabue ano ato hɔ wɔ annibiannaso mu no mu bɛtow hyɛɛ kurow no so. Sɛnea Daniel 5:30 de ba awiei no: “Anadwo no ara na wokum . . . Belsasar.” Babilon asehwe no maa Yehowa nkurɔfo nyaa kwan san kɔɔ wɔn asase so wɔ bere a na ɛyɛ mfirihyia 70 pɛpɛɛpɛ fi bere a wɔkɔɔ nnommumfa mu no mu. Ná ɛno yɛ bere a Yehowa ahyɛ no pɛpɛɛpɛ sɛnea wɔada no adi wɔ Yeremia 29:10 no.

22, 23. Ɔkwan bɛn so na Yahowa ne Ɔhene Herode Agripa I a ɔsɔre tiaa Kristofo wɔ afeha a edi kan no mu no dii?

22 Wɔ afeha a edi kan no mu no, na Ɔhene Herode Agripa I ne Palestina a ɛyɛ Roma Ahemman no fã no sodifo a otwa to. Herode maa wɔde ɔsomafo Petro kɔtoo afiase, na ɔtaa Kristofo afoforo. Ɔma wokum ɔsomafo Yakobo mpo. (Asomafo no Nnwuma 12:1, 2) Herode yɛɛ nnipa ahorow a wɔde wɔn goruu atɔprɛ ne abosonsomfo oyikyerɛ ahorow ho nhyehyɛe nso. Eyi nyinaa daa no adi sɛ ka a na ɔka sɛ ɔsom Onyankopɔn no yɛ atoro.

23 Nanso afei Yehowa bere a wahyɛ no dui sɛ obeyi ɔsɔretiafo yi afi hɔ. Asomafo no Nnwuma 12:21 kosi 23 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na da bi a wɔhyɛe dui no, Herode hyɛɛ n’ahentade, na ɔtraa asenni agua so, na ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn. Na ɔman no huroe sɛ: Onyame bi nne ni, na ɛnyɛ onipa de.” Dɛn na ɛbae? Bible no se: “Na amonom hɔ ara na [Yehowa] bɔfo bɛbɔɔ no sɛ wamfa anuonyam amma Onyankopɔn ntia; na ɔdɔɔ mmoa, na ogyaa mu.” Nhwɛso foforo a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ‘tu ahene so,’ sɛnea Daniel 2:21 kae no ni.

24. Abakɔsɛm mu nokwasɛm a ɛte sɛɛ di dɛn ho adanse?

24 Nsɛm a esisii wɔ abakɔsɛm mu yi di adanse sɛ Yahowa wɔ ne mmere ne ne nna ma n’atirimpɔw ahorow. Ɛkyerɛ nso sɛ ɔwɔ ahoɔden ne tumi a ɔde bɛma n’atirimpɔw no abam na wama asase yi adan paradise a “trenee te mu.”​—2 Petro 3:13.

So Wokae?

◻ Dɛn nti na ɛho hia kɛse sɛ yebehu Yehowa mmere ne ne nna?

◻ Dɛn nti na ɛnyɛ nea Yahowa gyina wiase yi atumfoɔ ne nnipa a wɔwom no akyi?

◻ Nnipa bɛn na wobenya asase so Paradise a ɛreba no adi?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa akyerɛ tumi a ɔwɔ sɛ obetu atumfoɔ a wɔsɔre tia no no afi ade so no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena