Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Sɛnea Mpaebɔ Betumi Ama Woabɛn Onyankopɔn
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Sɛnea Mpaebɔ Betumi Ama Woabɛn Onyankopɔn

      Ɛtɔ da a, ɛyɛ a wote nka sɛ wuhia akwankyerɛ wɔ w’abrabɔ mu anaa? Nsɛm bi kyere w’adwene a wopɛ sɛ wunya ho mmuae? Wuhia awerɛkyekye ne nkuranhyɛ? Wopɛ sɛ wobɛn Yehowa anaa? Ne nyinaa ano aduru ne mpaebɔ. Ɛnde, dɛn ne ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so bɔ mpae? So Onyankopɔn tie mpaebɔ nyinaa? Dɛn na woyɛ a ɛbɛma Onyankopɔn atie wo mpaebɔ? Ma yɛnhwɛ.

      1. Hena na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae, na dɛn na yebetumi aka wɔ yɛn mpaebɔ mu?

      Yesu kyerɛkyerɛe sɛ, yɛn Agya a ɔwɔ soro no nko ara na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae. Yesu ankasa bɔɔ Yehowa mpae. Ɔkaa sɛ: “Mommɔ mpae sɛ: ‘Yɛn Agya a wowɔ soro . . .’” (Mateo 6:9) Sɛ yɛbɔ Yehowa mpae a ɛma yɛbɛn no paa.

      Yebetumi aka biribiara ho asɛm akyerɛ Onyankopɔn. Nanso sɛ obetie yɛn mpaebɔ a, gye sɛ ɛne n’apɛde hyia. Bible ka sɛ: “Biribiara a yebebisa [Onyankopɔn] a ɛne n’apɛde hyia no, obetie yɛn.” (1 Yohane 5:14) Nneɛma a ɛfata a yebetumi asrɛ Onyankopɔn wɔ yɛn mpaebɔ mu no, Yesu kaa bi ho asɛm. (Kenkan Mateo 6:9-13.) Sɛ yɛbɔ mpae a, ɛnyɛ yɛn ahiasɛm nko ara na ɛsɛ sɛ yɛde to Onyankopɔn anim. Ɛsɛ sɛ yɛkae nea wayɛ ama yɛn na yɛda no ase, na yɛsrɛ no sɛ ɔmmoa afoforo nso.

      2. Sɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae?

      Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnka yɛn koma mu nsɛm nkyerɛ Onyankopɔn.’ (Dwom 62:8) Enti sɛ yɛrebɔ mpae a, ɛnsɛ sɛ yɛde biribiara sie Onyankopɔn. Yebetumi abɔ mpae wɔ yɛn tirim anaa yebetumi abɔ ama apue yɛn ano. So ɛsɛ sɛ yegyina hɔ, yɛtena ase, anaa yebu nkotodwe bere a yɛrebɔ mpae? Ɛnte saa ankasa. Mmom nea ehia ara ne sɛ yɛbɛkyerɛ sɛ yɛde obu rema Onyankopɔn. Bere biara a yɛpɛ no yebetumi abɔ mpae, na yebetumi abɔ wɔ baabiara nso.

      3. Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn fa so bua yɛn mpaebɔ?

      Yehowa bua yɛn mpaebɔ wɔ akwan pii so. Wama yɛn n’Asɛm Bible no. Ɛno nti, sɛ biribi kyere yɛn adwene a, mpɛn pii no, wobɛhwɛ no na yɛakohu mmuae no wom. Bible akenkan betumi ama ‘nea onni nimdeɛ ahu nyansa.’ (Dwom 19:7; kenkan Yakobo 1:5.) Sɛ asɛm bi to yɛn a, obetumi aboa yɛn na yɛn ani so antan yɛn. Afei nso, sɛ yɛkɔ ahokyere mu a, obetumi ama n’asomfo abɛboa yɛn.

      SUA PII KA HO

      Hwɛ sɛnea wubetumi afi wo komam abɔ mpae ama asɔ Onyankopɔn ani. Afei nso, hwɛ sɛnea mpaebɔ betumi aboa wo.

      4. Sɛ Onyankopɔn betie yɛn mpaebɔ a, dɛn na ɔpɛ sɛ yɛyɛ?

      Dɛn na ɛbɛma Onyankopɔn atie yɛn mpaebɔ, na dɛn na ɛremma ontie yɛn mpaebɔ? Hwɛ VIDEO yi.

      VIDEO: So Onyankopɔn Tie Mpaebɔ Nyinaa?​—Ne Fã Bi (2:42)

      Yehowa pɛ sɛ yɛbɔ no mpae. Monkenkan Dwom 65:2. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Wohwɛ a, “mpaebɔ Tiefo” no pɛ sɛ wobɔ no mpae anaa? Adɛn nti na woreka saa?

      Sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho di ne mmara so. Monkenkan Mika 3:4 ne 1 Petro 3:12. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma Yehowa atie yɛn mpaebɔ?

      Sɛ ɔko si a, ebia aman a wɔreko no mu biara bɛbɔ mpae asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa no ma onni nkonim. Wohwɛ a ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn betie mpaebɔ a ɛte saa anaa?

      5. Yɛrebɔ mpae a, ɛsɛ sɛ yɛka yɛn komam asɛm kyerɛ Yehowa

      Wɔakyerɛkyerɛ ebinom sɛ wɔrebɔ mpae a, wontĩ asɛm koro no ara mu nka no mpɛn pii. Nanso wohwɛ a, saa na Onyankopɔn pɛ sɛ yɛbɔ no mpae? Monkenkan Mateo 6:7. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛ worebɔ mpae a, dɛn na wobɛyɛ na ‘woantĩ nsɛm koro no ara mu anka no mpɛn pii’?

      Da biara, fa w’ani to fam hwɛ ade baako bi a wubetumi ada Yehowa ase wɔ ho, na bɔ ho mpae. Woyɛ saa a, ɛntɔ ara sɛ nnawɔtwe no mmra n’awiei no, na woabɔ nneɛma ahorow nson ho mpae, bere a wuntĩĩ baako mpo mu.

      Abarimaa bi ne n’awofo rebɔ nkɔmmɔ.

      Nea Agya pa biara pɛ ne sɛ ne ba befi ne komam akasa akyerɛ no. Saa ara na Yehowa nso pɛ sɛ yefi yɛn komam bɔ no mpae

      6. Mpaebɔ yɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn

      Sɛn na mpaebɔ betumi aboa yɛn, ɛnkanka bere a nneɛma nkɔ yiye? Hwɛ VIDEO yi.

      VIDEO: Mpaebɔ Boa Yɛn Bere a Yɛrefa Ɔhaw Mu (1:32)

      Bible ka sɛ mpaebɔ betumi ama yɛn asom adwo yɛn paa. Monkenkan Filipifo 4:6, 7. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Ɛwom, yɛbɔ mpae a, ɛnyɛ daa na eyi yɛn haw fi hɔ, nanso ɛboa yɛn sɛn?

      • Nneɛma a wopɛ sɛ wobɔ ho mpae no, ebi ne sɛn?

      Wunim biribi?

      Asɛmfua “amen” no kyerɛ “ɛmmra mu,” anaa “ɛnyɛ hɔ.” Wohwɛ Bible mu a wubehu sɛ na wɔka “amen” wɔ mpaebɔ awiei. —1 Beresosɛm 16:36.

      7. Pɛ bere fa bɔ mpae

      Ɛtɔ da a, yɛn ho tumi kyere yɛn ara ma wobɛhwɛ no na yɛn werɛ afi mpo sɛ yɛbɛbɔ mpae. Sɛn na na mpaebɔ ho hia Yesu? Monkenkan Mateo 14:23 ne Marko 1:35. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Dɛn na Yesu yɛe a ɛma onyaa bere de bɔɔ mpae?

      • Bere bɛn ne bere bɛn na wohwɛ a wubetumi anya de abɔ mpae?

      Mfoni ahorow: Ɔbea bi rebɔ mpae da mu no nyinaa. 1. Bere a wasɔre anɔpa. 2. Ɔne ne mma. 3. Bere a ɔwɔ adwumam. 4. Ansa na wadidi.

      EBINOM KA SƐ: “Wobɔ mpae a, ɛkyɛ ansa na Onyankopɔn atie.”

      • Dɛn na wobɛka akyerɛ wɔn a wɔka saa no?

      NEA YƐASUA

      Sɛ yefi yɛn koma mu bɔ mpae a ɛma yɛbɛn Onyankopɔn, ɛma yɛn asom dwo yɛn, na ɛboa yɛn ma yetumi yɛ nea ɛsɔ Yehowa ani.

      Ntimu

      • Hena na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae?

      • Sɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae?

      • Yɛbɔ mpae a, mfaso a yenya no bi ne sɛn?

      Fa Wei Si W’ani So

      YƐ NHWEHWƐMU

      Nsɛm bi a nkurɔfo taa bisa fa mpaebɔ ho no, hwɛ ho mmuae.

      “Nneɛma Ason a Ehia sɛ Wuhu Fa Mpaebɔ Ho” (Ɔwɛn-Aban, January 1, 2011)

      Hwɛ nea enti a ɛho hia paa sɛ wobɔ mpae, ne sɛnea wubetumi ama wo mpaebɔ atu mpɔn.

      “Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Mpae?” (Ɛwɔ jw.org)

      Hena na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae? Hwɛ nea Bible ka wɔ ho.

      “Eye Sɛ Mebɔ Ahotefo Mpae Anaa?” (Ɛwɔ jw.org)

      Wohwɛ a, ehia sɛ yɛbɔ mpae wɔ baabi pɔtee anaa bere pɔtee bi anaa? Hwɛ nnwom ho video yi, na wubenya ho mmuae.

      Bɔ Mpae Bere Biara (1:22)

  • Kɔ So Ara Ma Wo Ne Yehowa Ayɔnkofa No Mu Nyɛ Den
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • 4. Kɔ so ara ne w’Adamfo Yehowa nni nkitaho

      Yenim sɛ mpaebɔ ne Bible adesua aboa wo ama woatumi afa Yehowa adamfo. Ɔkwan bɛn so na saa nneɛma yi ara betumi ama woabɛn no paa?

      Monkenkan Dwom 62:8. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛn na ɛsɛ sɛ wobɔ mpae, na aboa ama wo ne Yehowa ntam ayɛ den?

      Monkenkan Dwom 1:2. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛ worekenkan Bible a, sɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ no, na aboa ama wo ne Yehowa ntam ayɛ den?

      Sɛ woreyɛ wo kokoam adesua a, wobɛyɛ no sɛn na woanya so mfaso paa? Hwɛ VIDEO yi, na ɛbɛma woahu nneɛma bi a wubetumi ayɛ. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      VIDEO: Sɛnea Wobɛma Wo Kokoam Adesua Atu Mpɔn (5:22)

      • Nsɛm a anuanom no kae wɔ video no mu no, emu nea ɛwɔ he na wohwɛ a wubetumi de ayɛ adwuma?

      • Nneɛma bɛn na wopɛ sɛ wusua ho ade?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena