-
Yehowa, Anwonwade Yɛfo NoƆwɛn-Aban—1992 | December 15
-
-
8. Abusuabɔ a emu yɛ den bɛn na yebetumi ne Yehowa anya, na ɔkwan bɛn so na wada ne papayɛ adi?
8 Dawid da adesrɛ foforo a emu yɛ hyew adi: “Na wo, [O Yehowa], wuye, na wode firi, na w’adɔe dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa. [O Yehowa], yɛ aso ma me mpaebɔ, na tie me nkotɔsrɛ nne. M’ahohia da mu mefrɛ wo, na wubegye me so.” (Dwom 86:5-7) ‘O Yehowa’ —asɛm yi mu abusuabɔ nkate no ma yɛn ani kɔ so gye! Ɛyɛ abusuabɔ bi a yɛnam mpaebɔ so betumi anya bere nyinaa. Dawid bɔɔ mpae bere foforo sɛ: “Nkae me mmofraase bɔne ne me mfomso, kae me sɛ w’adɔe te, [O Yehowa], wo papa nti.” (Dwom 25:7) Yehowa ne papayɛ wura ankasa—wɔ Yesu agyede a ɔde mae no mu, wɔ mmɔborohunu a oyi adi kyerɛ abɔnefo a wonu wɔn ho no mu, ne wɔ ayamye a oyi adi wɔ n’Adansefo anokwafo a wɔwɔ anisɔ ho no mu.—Dwom 100:3-5; Malaki 3:10.
-
-
Yehowa, Anwonwade Yɛfo NoƆwɛn-Aban—1992 | December 15
-
-
11. Ɔkwan bɛn so na nea mpanyimfo bɛyɛ bɛboa ayi afobu nkate afi hɔ?
11 Ɛtɔ mmere bi a, ebia afoforo to yɛn hintidua. Nkate anaa nipadua mu ayayade wɔ mmofraberem ama ebinom te afobu nka anaa wɔte nka sɛ wɔnsɛ hwee koraa. Onipa a ɔte sɛɛ betumi abɔ Yehowa mpae a ɔwɔ ahotoso sɛ obetie no. (Dwom 55:16, 17) Ɔpanyin yamyefo bi betumi akyerɛ boa a ɔbɛboa nea ɔte sɛɛ ma wagye atom sɛ nea esii no nyɛ ne mfomso no ho anigye. Ɛno akyi no, kasa a ɔpanyin no ne no bɛkasa adamfofa kwan so wɔ telefon so bere ne bere mu no betumi aboa onii no kosi sɛ obetumi ‘asoa adesoa no.’—Galatifo 6:2, 5
12. Ɔkwan bɛn so na tebea a ɛhaw adwene adɔɔso, nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi agyina ano nkonimdi mu?
12 Tebea horow a ɛhaw adwene pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo gyina ano nnɛ. Ɔhaw akɛse fii ase kaa asase yi fi Wiase Ko I wɔ 1914 mu so. Sɛnea Yesu ka siei no, na ɛyɛ “awoko yaw mfiase.” Bere a yɛawura “nneɛma nhyehyɛe no awiei” mu kɛse no, kɔ ara na ɔhaw ahorow no akɔ so adɔɔso. (Mateo 24:3, 8, New World Translation) Ɔbonsam ‘bere a ɔwɔ a ayɛ tiaa’ no rebɛn n’awiei pɛɛ. (Adiyisɛm 12:12) Te “sɛ gyata a ɔbobom” hwehwɛ aboa bi akyere no no, Ɔtamfo kɛse no refa anifere kwan biara a obenya so de atwe yɛn afi Onyankopɔn nguankuw no ho na wasɛe yɛn (1 Petro 5:8) Nanso ɔrentumi! Efisɛ te sɛ Dawid no, yɛde yɛn ho to yɛn Nyankopɔn koro, Yehowa, no so koraa.
13. Ɔkwan bɛn so na awofo ne wɔn mma betumi anya Yehowa papayɛ mu mfaso?
13 Akyinnye biara nni ho sɛ Dawid de hia a ehia sɛ wɔde ho to Yehowa papayɛ so no hyɛɛ ne ba Salomo koma mu. Enti na Salomo tumi kyerɛkyerɛɛ n’ankasa ne ba sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan. Nyɛ w’ani so onyansafo, suro [Yehowa], na dan fi bɔne ho.” (Mmebusɛm 3:5-7) Saa ara na ɛsɛ sɛ awofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no kyerɛkyerɛ wɔn mma nkumaa sɛnea wɔbɔ Yehowa mpae ahotoso mu, ne sɛnea wogyina wiase bɔne mu ɔhaw ahorow ano—te sɛ mfɛfo nhyɛso wɔ sukuu ne ɔbra bɔne a wɔde ho hyem ho sɔhwɛ ahorow. Nokware no a wo ne wo mma de bɛtra ase da biara da no betumi ama ɔdɔ ankasa ma Yehowa ne ho a wɔde to no so wɔ mpaebɔ mu atra wɔn koma a ennyinii no mu.—Deuteronomium 6:4-9; 11:18, 19.
-