Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 4/15 kr. 31
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea W’asubɔ no Kyerɛ
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Kristofo Som Wɔ Honhom Ne Nokware Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Gerisim—‘Bepɔw Yi so na Yɛsomee’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Koma A Ɛbom A Wode Bɛnantew
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 4/15 kr. 31

So Wokae?

So woasusuw Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi no ho yiye? Sɛ saa a, ebia ɛbɛyɛ wo anigye sɛ wobɛkae nea edidi so yi:

▫ Dɛn ne ‘sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ papayɛ’ a Yehowa yɛ wɔ Yesu anammɔn akyidifo ho no? (Dwom 86:17)

Ɛyɛ “honhom kronkron mu anigye” na ɛhyɛɛ tete Kristofo no den ma wogyinaa ɔtaa ahorow a ɛbaa wɔn so no mu.’ (1 Tesalonikafo 1:6) Saa ara na ɛte nnɛ, na Yehowa, “akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ” Mafo no ani gye sɛ ‘ɔde honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no.’ (Yakobo 1:17; Luka 11:13) Enti honhom kronkron mu anigye ne nea ɛyɛ ‘sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ papayɛ’ wɔ Yesu akyidifo ho no.​—12/15, nkratafa 18-19

▫ Dɛn nti na ehia sɛ yegye sɛnea Onyankopɔn bu atorodi no tom?

Dwom 5:6 ka sɛ Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔka atosɛm.’ Adiyisɛm 21: 8 nso se atorofo nyinaa awiei ne “owuprenu no.” Enti sɛ yegye sɛnea Onyankopɔn bu atorodi tom a ɛboa yɛn kɛse ma yɛka nokware na yɛanya ne nkwa akyɛde no.​—12/15 kratafa 23.

▫ Nneɛma Bɛn na na Wɔyɛ wɔ Samariafo som Mu? (Yohane 4:20)

Samariafo a na wɔn som adi afra no gyee Mose nhoma ahorow anum a edi kan Pentateuch no nkutoo toom sɛ Kyerɛwnsɛm. Bɛyɛ afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu no, wosii asɔrefi bi wɔ Bepɔw Gerisim so de sii akane tiaa Onyankopɔn asɔrefi a ɛwɔ Yerusalem no. Ɛwom sɛ wɔsɛee Samariafo asɔrefi no de, nanso wodi Twam afahyɛ wɔ Gerisim so afe biara de besi nnɛ.​—1/1, kratafa 25.

▫ So ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ nneɛma bi tia mframa a wɔsɛe no anaasɛ wɔyɛ ahotew ho nhyehyɛe ahorow bi?

Bere a na Yesu wɔ asase so no, wammɔ mmɔden sɛ obedi asetra mu haw ahorow a na ɛwɔ hɔ no nyinaa ho dwuma. Sɛ Yehowa nam ne Mesia Ahenni no so ma wodi ne trenee nnyinasosɛm so wɔ wiase nyinaa a, wobedi nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛnnennen no ho dwuma akosi daa. Enti Yehowa Adansefo kari pɛ wɔ eyi mu. Ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn yɔnko ka wɔn ma wɔkyerɛ obu ma nkurɔfo agyapade, nanso wɔde Onyankopɔn Ahenni ho asɛnka di kan ma ɛfata. (Mateo 6:33)​—1/1, kratafa 31.

▫ Akwan bɛn so na Yesu somee sɛ hann kurafo? (Yohane 8:12)

Yesu de ne bere nyinaa kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa. (Luka 4:43; Yohane 18:37) Ɔmaa nyamesom mu atorodi daa adi na ɔnam so maa wɔn a wɔwɔ nyamesom mu nkoasom mu nyaa honhom mu ahofadi. (Mateo 15:3-9) Nea ɛsen ne nyinaa ne sɛ ɔde ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no too hɔ sɛ agyede de kyerɛe sɛ ɔyɛ wiase hann. (Mateo 20:28; Yohane 3:16)​—1/15, nkratafa 10-11.

▫ Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Yehowa Nyankopɔn?

Yehowa ne Amansan Hene no, na eyi nti ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma no. Afei nso, esiane sɛ Yehowa ne ade nyinaa so tumfoɔ nti, obiara ntumi nsɔre ntia no ma ɛnyɛ yiye, enti yentumi mmu yɛn ani ngu yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ama no no so. Wɔbɔɔ abɔde a wonim nyansa nyinaa sɛ wonni wɔn Yɛfo mo atirimpɔw ho dwuma, na eyi hyɛ wɔn nyinaa ma wɔbrɛ wɔn ho ase ma Onyankopɔn wɔ biribiara mu.​—2/1, nkratafa 10-11.

▫ Dɛn na ɛboaa Yosef ma otumi gyinaa aguaman a ɔne Potiphar yere bɛbɔ no ano?

Ná Yosef wɔ tumi a emu yɛ den bi a edi n’adwene so. Ná ɔne Yehowa ntam abusuabɔ ho hia no, na ohui sɛ aguaman a ɔbɛbɔ no renyɛ bɔne ntia ne kunu no nko na mmom ebetia Onyankopɔn nso kɛse.​—2/15, kratafa 21.

▫ Bere a Yesu kae sɛ: “Mene . . . nokware no,” na ɔkyerɛ dɛn? (Yohane 14:6)

Ɛnyɛ nokware nko na Yesu kae na ɔkyerɛkyerɛe; ɔde traa ase na ɛdaa adi wɔ ne ho. Enti Kristosom nyɛ adwene bi ara kwa; ɛyɛ asetra kwan.​—3/1, kratafa 15.

▫ Awerɛkyekye ho asuade bɛn na ɛwɔ Dwom 51?

Dwom yi boa yɛn ma yehu sɛ, sɛ yɛyɛ bɔne na yenu yɛn ho ampa a, yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no betie yɛn mmɔborohunu sufrɛ no, na wagye yɛn afi abasamtu mu. Nanso, nea ɛsɛ sɛ ehia yɛn titiriw ne efĩ a aba Yehowa din ho no.​—3/15, kratafa 18.

▫ Nsu mu asubɔ yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne?

Asubɔ yɛ sɛnkyerɛnne a ɛma wohu sɛ obi ahyira ne ho so ama Yehowa Nyankopɔn. Nsu mu a wɔde wɔn hyɛ no kyerɛ sɛ wɔn a wɔrebɔ wɔn asu no awu ama asetra kwan bi a na egyina wɔn ankasa so. Ma a wɔma wɔn so fi nsu mu no kyerɛ sɛ afei de, wɔbɛtra ase ayɛ Onyankopɔn apɛde, na wɔde bedi kan wɔ wɔn asetra mu. (Mateo 16:24)​—4/1, nkratafa 5-6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena