Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 6/1 kr. 21-23
  • “Momfa Anigye Nsom Yehowa”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Momfa Anigye Nsom Yehowa”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Koma mu Anigye Som Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Wɔayi Wɔn Asi Hɔ Sɛ Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye Wɔ Wiase Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Hena Na Obeyi Ɔhene No Ayɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Yehowa Fata Daa Ayeyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 6/1 kr. 21-23

“Momfa Anigye Nsom Yehowa”

YƐN BƆFO, Yehowa yɛ anigye Nyankopɔn, na ɔpɛ sɛ ne nkoa nya n’ahyɛde ahorow a wodi ho dwuma wɔ nokwaredi mu no mu anigye. (1 Tim.1:11; Yak.1:25; Adi.1:3) Saa ahyɛde horow yi wɔ ɔdɔ sɛ ne nhyɛase, efisɛ “ɔdɔ nyɛ ɔyɔnko bɔne.” (Rom. 13:8-10) Ɛno nti na osetie a wɔyɛ ma ɔbɔadeɛ no ma afoforo ani gye na ɛma obi nya asetra a akomatɔyam wom mu anigye no.

Enti so ɛnsɛ sɛ nnipa a wofi aman nyinaa so no di ahurusi wɔ Yehowa mu? Ɛno na odwontofo a honhom ka no hyɛɛ ho nkuran no, sɛ: “Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade [Yehowa]. Momfa anigye nsom Awurade [Yehowa], na momfa ahurusi dwom mmra n’anim.” (Dw. 100:1, 2) Bere a yɛrepene saa afotu yi so no na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ayeyi nsɛm no yɛ mmerɛw, na mmom ɛsɛ sɛ yɛma emu yɛ den a ahoɔden wom a yebetumi de ato asraafo a wɔadi nkonim no ‘nkonimdi nteɛm’ ho. Gyinabea a Onyankopɔn nkoa wom no nte sɛ nkoa a wosuro ade na wɔn ho popo de. Onyankopɔn som nyɛ den na nhyɛso nni mu, a ɛma obi anim yɛ siamoo esiane ɔberɛ nti. (1 Yoh. 5:3) Saa ɔsom no ma obi ho tɔ no, ɛma obi nya ahoɔden, enti na ɛteɛ sɛ wɔde ahurusidi ka ho. Esiane eyi nti odwontofo no hyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔn mfa “ahurusi dwom mmra” Onyankopɔn “anim.”

Nea ɛhyɛ pɛ a obi pɛ sɛ ɔde ɔsom kronn ma no akyi no ne sɛ, Yehowa ne Nyankopɔn ne onipa Yɛfo. Odwontofo no paee mu kae sɛ: “Munhu [monte ase, mompene so] sɛ Awurade [Yehowa] ne Nyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na ɔno na yɛwɔ no, yɛyɛ ne man ne n’adidibea nguan.” (Dw. 100:3) Esiane sɛ ɔyɛ ɔbɔadeɛ no nti na yɛyɛ ne de, sɛnea nguan yɛ oguanhwɛfo de. Wɔ Onyankopɔn ne Ɔbɔadeɛ a Yehowa yɛ no akyi no, Onyankopɔn ko a ɔyɛ no hyɛ nnipa a wofi amanaman nyinaa mu no nkuran sɛ wɔnhyɛn ne trabea adiwo hɔ, na wɔmfa aseda ne ayeyi mma no. Afei nso ɛsɛ sɛ yehyira ne din no, a ɛne sɛ, yɛnka Ɔsorosoroni no, Nea saa din no gyina hɔ ma no no ho asɛmpa. Odwontofo no hyɛ nkuran sɛ: “Momfa aseda nhyɛn n’aponkɛse mu, na momfa ayeyi mmra n’abangua so. Monna no ase, munhyira ne din. Na Awurade [Yehowa] ye na n’adɔe wɔ hɔ daa, na ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.”​—Dw. 100:4, 5.

Ɛsɛ sɛ su horow a Yehowa wɔ no kanyan obi na ɔsom no nea oyi no ayɛ. Oye de kosi ase, na bɔne ketewaa biara nni ne ho. Wobetumi de wɔn ho ato n’adɔe ne ayamye a ɔwɔ ma ne nkoa no so bere nyinaa; ɛkɔ so de kosi “awo ntoatoaso nyinaa so.” Yehowa yɛ nokwaredifo, ɔntwe ne ho mfi ɔdɔ a ɔwɔ ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ n’apɛde no ho. (Rom. 8:38, 39) So yɛn nso yenni nea yebegyina so de ‘anigye asom Yehowa’ anaa?

[Kratafa 22 mfoni]

“Yɛyɛ ne man ne n’adidibea nguan.”​—Dw. 100:3

July Da Biara Da Asɛm

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena