Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 1/15 kr. 15-20
  • Ehia Sɛ Wɔyɛ Yehowa Nguan Brɛbrɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ehia Sɛ Wɔyɛ Yehowa Nguan Brɛbrɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nguankuw no Ahwɛfo a Wɔwɔ Ɔpɛ
  • Bere a Wɔn a Wɔyɛ Foforo Pɛ sɛ Wɔkɔ Asɛnka
  • Nneɛma Atitiriw a Ehia Ho Dwuma a Wobedi
  • Sɛ Ɔfoforo Yɛ Bɔne A
  • Boa Wɔn Ma ‘Wɔmpere Nkɔ Onyin Mu’
  • Afoforo A Wɔbɛboa Wɔn Ma Wɔasom Onyankopɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Ahwɛfo, Munsuasua Ahwɛfo Kunini No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • “Monyɛn Onyankopɔn Nguankuw A Wɔhyɛ Mo Nsa No”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Mpanyimfo, Momfa Mo Nguanhwɛ Asɛyɛde Ahorow No Aniberesɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 1/15 kr. 15-20

Ehia Sɛ Wɔyɛ Yehowa Nguan Brɛbrɛ

“Munhu sɛ Awurade [Yehowa, “NW”] ne Nyankopɔn . . . Yɛyɛ ne man ne n’adidibea nguan.”—DWOM 100:3.

1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne n’asomfo di nsɛm?

YEHOWA ne Oguanhwɛfo Kɛse no. Sɛ yɛyɛ n’asomfo a, obu yɛn sɛ ne nguan, na ɔyɛ yɛn brɛbrɛ. Yɛn soro Agya no kyekye yɛn werɛ san ma yɛn abotɔyam, na ɔde yɛn fa “akwantrenee so, ne din nti.” (Dwom 23:1-4) Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo, dɔ yɛn araa ma ɔde ne kra too hɔ maa yɛn.—Yohane 10:7-15.

2. Tebea bɛn mu na Onyankopɔn nkurɔfo wɔ?

2 Sɛ nkurɔfo a wɔyɛ yɛn brɛbrɛ no, yebetumi ne odwontofo no aka sɛ: “Momfa anigye nsom Awurade, na momfa ahurusi dwom mmra n’anim. Munhu sɛ Awurade [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na ɔno na yɛwɔ no, yɛyɛ ne man ne n’adidibea nguan.” (Dwom 100:2, 3) Yiw, yɛwɔ anigye ne ahobammɔ. Ɛte sɛ nea yɛanya ahobammɔ wɔ nguannan a ɛwɔ abo afasu a ɛyɛ den mu afi mmoa bɔne a wobetumi akyere yɛn awe ho.—Numeri 32:16; 1 Samuel 24:3; Sefania 2:6.

Nguankuw no Ahwɛfo a Wɔwɔ Ɔpɛ

3. Ɔkwan bɛn so na Kristofo mpanyimfo a wɔapaw wɔn no ne Onyankopɔn nguankuw no di nsɛm?

3 Ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛwɔ anigye sɛ Onyankopɔn nguan! Mpanyimfo a wɔapaw wɔn di anim wɔ yɛn mu. Wonni yɛn so “mmakomasɛm,” wonni yɛn so sɛ awuranom, na wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ yɛn gyidi so. (Numeri 16:13; Mateo 20:25-28; 2 Korintofo 1:24; Hebrifo 13:7) Mmom no, wɔyɛ ahwɛfo a wɔwɔ dɔ a wɔde ɔsomafo Petro afotu yi yɛ adwuma: “Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ so, sɛnea Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adifudepɛ nti, na mmom koma a ɛpɛ nti; ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi asafotow no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.” (1 Petro 5:2, 3) Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ ne mfɛfo mpanyimfo sɛ: “Monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a honhom kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa Ba mogya anya wɔn no yiye!” Na hwɛ anisɔ a nguankuw no wɔ sɛ saa mmarima yi a honhom kronkron apaw wɔn no “yɛ nguankuw no bɛbrɛ”!—Asomafo no Nnwuma 20:28-30, NW.

4. Abusuabɔ bɛn na wonim no yiye sɛ na Charles T. Russell ne nguankuw no wɔ?

4 Yesu maa asafo no ‘nnipa mu akyɛde,’ a ebinom yɛ “asɔfo,” anaa ahwɛfo, a wɔyɛ Yehowa nguankuw no brɛbrɛ. (Efesofo 4:8, 11, King James Version) Na saa nnipa yi mu biako ne Charles T. Russell, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan no. Na wɔfrɛ no Ɔsɔfo Russell esiane ne dɔ ne ne mmɔborohunu ade a na ɔyɛ wɔ nguan no a ɔhwɛɛ wɔn wɔ Oguanhwɛfo Panyin, Yesu Kristo, ase no nti. Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo Sodikuw no na ɛpaw Kristofo mpanyimfo, na wɔhwɛ yiye sɛ wɔmfa nsɛm te sɛ “ɔsɔfo,” “ɔpanyin,” anaa “ɔkyerɛkyerɛfo” nni dwuma sɛ abodin. (Mateo 23:8-12) Nanso, nnɛyi mpanyimfo yɛ asɔfodwuma, anaa nguanhwɛ adwuma, adwuma a ɛso ba nguan a wɔwɔ Yehowa adidibea no mfaso.

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ foforo no hu mpanyimfo a wɔapaw wɔn wɔ Kristofo asafo no mu no?

5 Sɛ́ nguanhwɛfo no, mpanyimfo di dwuma titiriw wɔ wɔn a wɔyɛ foforo no honhom fam nkɔso mu. Enti, nhoma foforo Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu no ka wɔ kratafa 168 sɛ: “Bɔ mmɔden sɛ wubehu mpanyimfo a wɔapaw wɔn wɔ asafo no mu no. Wɔwɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ a wɔde di dwuma mu osuahu pii, efisɛ wɔadu nea wɔhwehwɛ wɔ ahwɛfo ho a wɔada no adi wɔ Bible mu no ho. (1 Timoteo 3:1-7; Tito 1:5-9) Sɛ wuhia mmoa na ama woadi su bi a ɛne Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow nhyia so a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛkɔ akohu wɔn mu biako. Wubehu sɛ mpanyimfo no di Paulo afotu yi so: ‘Monkyekye wɔn a wɔn koma atu no werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa.’—1 Tesalonikafo 2:7, 8; 5:14.”

Bere a Wɔn a Wɔyɛ Foforo Pɛ sɛ Wɔkɔ Asɛnka

6. Sɛ Bible suani bi pɛ sɛ ɔbɛyɛ Ahenni dawurubɔfo a, ɔkwan bɛn na wɔfa so?

6 Bere a Bible suani bi anya nimdeɛ na wakɔ asafo nhyiam horow kakra no, ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔbɛyɛ Ahenni dawurubɔfo, ɔsɛmpakafo. (Marko 13:10) Sɛ ɛte saa a, ɛsɛ sɛ Ɔdansefo a ɔne no yɛ Bible adesua no kohu ɔhwɛfo guamtrani no, na ɔbɛyɛ nhyehyɛe ma mpanyimfo a wɔwɔ Asafo Ɔsom Boayikuw no mu biako ne ɔpanyin foforo ne Bible suani no ne ne kyerɛkyerɛfo hyia. Nkɔmmɔbɔ no begyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 98 ne 99 so. Sɛ mpanyimfo baanu yi hu sɛ ɔfoforo no gye Bible mfitiase nkyerɛkyerɛ no di, na wama n’abrabɔ ne Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow ahyia a, wɔbɛka akyerɛ no sɛ ɔfata sɛ onya baguam ɔsom adwuma no mu kyɛfa.a Sɛ ɔde asɛnka adwuma ho akontaabu ba de bɔ ne som adwuma ho amanneɛ a, wɔde bɛhyɛ Asafo Dawurubɔfo Kyerɛwtohɔ kratasin a ne din wɔ so no so. Afei ɔfoforo no betumi abu n’asɛnka adwuma ho akontaa aka afoforo ɔpepem pii a wɔde anigye ‘ka Onyankopɔn asɛm’ no de ho. (Asomafo no Nnwuma 13:5) Wɔbɛbɔ asafo no amanneɛ sɛ ɔyɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu.

7, 8. Akwan bɛn so na wobetumi de mmoa a ɛho hia ama ɔdawurubɔfo bi a wɔmmɔɔ no asu wɔ ɔsom adwuma no mu?

7 Ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu hia mpanyimfo ne Kristofo foforo a wɔn ho akokwaw mmoa. Sɛ nhwɛso no, ne honhom fam nkɔso yɛ Asafo Nhoma Adesua a ɔkɔ no sohwɛfo no asɛnhia. Ebia ɛbɛyɛ den ama ɔdawurubɔfo foforo no sɛ ɔbɛkasa wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ afie afie adwuma no mu. (Asomafo no Nnwuma 20:20) Enti akyinnye biara nni ho sɛ obehia mmoa afi nea ɔne no yɛ Bible adesua wɔ Nimdeɛ nhoma no mu no hɔ titiriw. Mmoa a mfaso wɔ so saa no fata, efisɛ Yesu Kristo siesiee n’asuafo no maa ɔsom adwuma no.—Marko 6:7-13; Luka 10:1-22.

8 Sɛ yɛn som adwuma betu mpɔn a, ahosiesie pa a yebedi kan ayɛ ho hia. Enti, nea edi kan no, adawurubɔfo baanu no betumi ahyiam na wɔabobɔ nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔhyɛ ho nyansa wɔ ɔsram biara Yɛn Ahenni Som mu no so. Sɛ wofi wɔn asɛnka ase a, nea ne ho akokwaw kɛse no betumi afa ofie a edi kan anaa baanu a edi kan no. Bere a wɔada wɔn ho adi adamfofa kwan so no, adawurubɔfo baanu no betumi abom adi adanse. Ebia adapɛn kakra a wɔbɛbom ayɛ ɔsom adwuma no bɛma wɔanya sankɔhwɛ ahorow a ɛyɛ anigye ne ofie Bible adesua a wɔde Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no yɛ mpo mu. Ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw kɛse no betumi ayɛ adesua no kakra na afei wadan ama Ahenni dawurubɔfo foforo no. Hwɛ sɛnea adawurubɔfo baanu no ani begye, sɛ Bible suani no kyerɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ ho anisɔ a!

9. Sɛ ɔdawurubɔfo bi pɛ sɛ wɔbɔ no asu a, nhyehyɛe bɛn na wɔyɛ?

9 Bere a ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu nya nkɔso honhom fam no, ebia obehyira ne ho so ama Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu na ɔbɛpɛ sɛ wɔbɔ no asu. (Fa toto Marko 1:9-11 ho.) Ɛsɛ sɛ ɔda ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛbɔ asu no adi kyerɛ asafo no ɔhwɛfo guamtrani no, na ɔbɛyɛ nhyehyɛe ma mpanyimfo ne ɔdawurubɔfo no asusuw nsemmisa a ɛwɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma no mu wɔ nkratafa 175 kosi 218 no ho. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ebia mpanyimfo baasa na wɔbɛkyɛ ama wɔadi nsemmisa a ɛwɔ afã anan no ho dwuma mpɛn abiɛsa. Sɛ wɔpene so sɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu no wɔ Bible nkyerɛkyerɛ no mu ntease a ɛsɛ na ɔfata wɔ akwan foforo so a, wɔbɛka akyerɛ no sɛ obetumi agye asubɔ. Ɛdenam n’ahosohyira ne asubɔ so no, ‘wɔbɛhyɛ no agyirae’ ma nkwagye.—Hesekiel 9:4-6.

Nneɛma Atitiriw a Ehia Ho Dwuma a Wobedi

10. Sɛ obi wie n’adesua wɔ Nimdeɛ nhoma no mu ma wɔbɔ no asu a, ɔkwan bɛn so na ɔnam bɛma Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ a ɔwɔ no anya nkɔanim?

10 Sɛ obi wie ne Bible adesua wɔ Nimdeɛ nhoma no mu ma wɔbɔ no asu a, ebia ɛho renhia sɛ wɔne no bɛyɛ adesua wɔ nhoma a ɛto so abien, te sɛ Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No mu.b Nokwarem no, onipa a wɔabɔ no asu foforo no besua nneɛma pii bere a osiesie ne ho ma Kristofo nhyiam horow na ɔkɔ no daa no. Obenya nimdeɛ foforo nso bere a nokware no ho akɔnnɔ ka no ma ɔkenkan na osua Kristofo nhoma ahorow wɔ kokoam na ɔne mfɛfo gyidifo bɔ Kyerɛwnsɛm mu nsɛm ho nkɔmmɔ no. Nanso sɛ nneɛma atitiriw bi ho behia ɛ?

11. (a) Ɔkwan bɛn so na Priskila ne Akwila boaa Apolo? (b) Mmoa bɛn na wobetumi de ama aberante anaa ababaa bi a wɔabɔ no asu foforo a ɔpɛ sɛ ɔware?

11 Apolo a “na ɔyɛ den kyerɛw nsɛm no mu,” na ɔkyerɛkyerɛɛ Yesu ho nsɛm yiye mpo no nyaa mfaso bere a Kristofo a na wɔn ho akokwaw, Priskila ne Akwila, ‘faa no baa wɔn nkyɛn, na wɔkyerɛɛ no Nyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ’ no. (Asomafo no Nnwuma 18:24-26; fa toto Asomafo no Nnwuma 19:1-7 ho.) Enti, fa no sɛ aberante anaa ababaa bi a wɔabɔ no asu foforo pɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ nantew a edi aware anim mu na ɔware. Kristoni bi a ne ho akokwaw kɛse betumi aboa no ma wahwehwɛ adeyɛ yi ho nsɛm wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu. Sɛ nhwɛso no, nneɛma a ɛtete saa ho nsɛm a mfaso wɔ so wɔ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no mu, Ɔfã a Ɛto So 7.c Ɔdawurubɔfo a ɔne ɔfoforo no yɛɛ Bible adesua no betumi ne no asusuw asɛm yi ho, ɛwom sɛ ɛrenyɛ adesua a wɔyɛ no daa de.

12. Mmoa bɛn na wobetumi de ama awarefo a wɔabɔ wɔn asu foforo a wɔrehyia nsɛnnennen?

12 Susuw nhwɛso foforo ho. Ebia awarefo bi a wɔabɔ wɔn asu foforo rehyia Onyankopɔn nnyinasosɛm a wɔde bedi dwuma ho nsɛnnennen. Wobetumi akohu ɔpanyin bi a obetumi ne wɔn asusuw Kyerɛwnsɛm no ho anwummere anwummere kakra na watwe wɔn adwene asi nsɛm a ɛwɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu no so. Nanso, ɔpanyin no ne awarefo no nsan nhyehyɛ Bible adesua a wɔyɛ no daa.

Sɛ Ɔfoforo Yɛ Bɔne A

13. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo yi mmɔborohunu adi kyerɛ obi a wɔabɔ no asu foforo a ɔyɛ bɔne nanso onu ne ho no?

13 Mpanyimfo suasua Oguanhwɛfo Kɛse, Yehowa, a ɔka sɛ: “Me ara na mɛyɛn me nguan, . . . nea wabubu no, mɛkyekyere no, na nea ɔyare no, mɛhyɛ no den” no. (Hesekiel 34:15, 16; Efesofo 5:1) Nea ɛne saa su yi hyia no, osuani Yuda kae sɛ wonyi mmɔborohunu adi nkyerɛ Kristofo a wɔasra wɔn a na wɔn adwenem ayɛ wɔn nãã anaa wɔayɛ bɔne no. (Yuda 22, 23) Esiane sɛ yɛhwehwɛ pii fi Kristofo a wɔn ho akokwaw hɔ nti, akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yeyi mmɔborohunu adi kyerɛ obi a wabɔ asu foforo—oguammaa kɛkɛ—a ɔfom na onu ne ho. (Luka 12:48; 15:1-7) Enti mpanyimfo a ‘wobu atɛn ma Yehowa’ no yɛ nguan no brɛbrɛ saa na wɔteɛ wɔn so odwo honhom mu.—2 Beresosɛm 19:6; Asomafo no Nnwuma 20:28, 29; Galatifo 6:1.d

14. Sɛ ɔdawurubɔfo bi a wɔabɔ no asu nnansa yi ara yɛ bɔne a anibere wom a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa no?

14 Afei, fa no sɛ na ɔdawurubɔfo bi a wɔabɔ no asu nnansa yi ara yɛ ɔsabofo, ɛna wakɔbow pɛnkoro anaa mprenu. Anaasɛ ebia odii tawa a na wanom bere tenten so, nanso ogyae ne ho mu wɔ ɛho sɔhwɛ mu kɔnom pɛnkoro anaa mprenu wɔ kokoam. Ɛwom sɛ ebia na yɛn nua foforo yi abɔ Onyankopɔn mpae asrɛ bɔne fafiri de, nanso ɛsɛ sɛ ɔkɔhwehwɛ ɔpanyin bi hɔ mmoa sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne no nka ne hɔ. (Dwom 32:1-5; Yakobo 5:14, 15) Sɛ ɔka ne bɔne no ho asɛm kyerɛ ɔpanyin biako a, na ɛsɛ sɛ saa ɔpanyin no bɔ mmɔden teɛ ɔfoforo no so ayamye mu. (Dwom 130:3) Ebia Kyerɛwnsɛm mu afotu nkutoo betumi aboa no ma wateɛ n’akwan wɔ ɛno akyi. (Hebrifo 12:12, 13) Ɔpanyin yi ne asafo no ɔhwɛfo guamtrani bɛbɔ tebea horow no ho nkɔmmɔ na wɔahu mmoa foforo a ɛsɛ sɛ wɔde ma.

15. Wɔ nsɛm bi mu no, dɛn na ɛho behia sɛ wɔyɛ bere a obi a wɔabɔ no asu nnansa yi ara yɛ bɔne no?

15 Wɔ nsɛm bi mu no ebia pii ho behia. Sɛ asɛm no ahyeta, sɛ ɛde asiane bi bɛba nguankuw no so, anaasɛ ɔhaw ahorow a anibere wom foforo wom a, mpanyimfo kuw no de bɛhyɛ mpanyimfo baanu nsa ma wɔahwehwɛ asɛm no mu. Sɛ saa mpanyimfo yi hu sɛ asɛm no yɛ aniberesɛm ma asenni boayikuw ho behia a, ɛsɛ sɛ wɔde eyi ho amanneɛbɔ kɔto mpanyimfo kuw no anim. Afei mpanyimfo kuw no bɛpaw asenni boayikuw ma wɔaboa nea wayɛ bɔne no. Ɛsɛ sɛ asenni boayikuw no yɛ no brɛbrɛ. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm no bɛteɛ ne so. Sɛ ɔyɛ osetie wɔ mmɔden a asenni boayikuw no fi ayamye mu bɔ no ho a, ɛnde wobetumi asusuw ho sɛ ebia ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wɔmfa no nni dwuma wɔ asɛnka agua so wɔ nhyiam horow ase wɔ Ahenni Asa so anaasɛ ebia ɛsɛ sɛ wɔma no kwan ma ɔma mmuae wɔ nhyiam horow ase a.

16. Dɛn na mpanyimfo betumi ayɛ de aboa obi a wayɛ bɔne?

16 Sɛ nea wayɛ bɔne no yɛ osetie a, mpanyimfo a wɔwɔ asenni boayikuw no mu biako anaa baanu betumi ayɛ nhyehyɛe akɔ ne nkyɛn akɔyɛ nguanhwɛ adwuma de ahyɛ ne gyidi den, na wɔama wanya anisɔ ama Onyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow. Wɔn mu biara betumi ne no ayɛ asɛnka adwuma bere ne bere mu. Wobetumi ne no asusuw Kyerɛwnsɛm no ho kakra, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu nsɛm a ɛfata bedi dwuma, nanso wɔrenhyehyɛ Bible adesua a wɔyɛ no daa. Sɛ wɔyɛ nea wayɛ bɔne no brɛbrɛ saa a, ebia ebetumi ahyɛ no den ma wako atia ɔhonam fam mmerɛwyɛ bere foforo.

17. Sɛ obi a wɔabɔ no asu a ɔyɛ bɔne no annu ne ho amfi ne kwammɔne no so a, akwan bɛn so na wɔfa?

17 Nokwarem no, asu a wɔabɔ obi nnansa yi ara no nyɛ ade a ɛsɛ sɛ ogyina so kɔ so yɛ bɔne, na onnu ne ho. (Hebrifo 10:26, 27; Yuda 4) Sɛ obiara a wɔabɔ no asu a ɔyɛ bɔne annu ne ho na wamfi ne kwammɔne no so a, wobetu no afi asafo no mu. (1 Korintofo 5:6, 11-13; 2 Tesalonikafo 2:11, 12; 2 Yohane 9-11) Sɛ adeyɛ yi ho behia a, mpanyimfo kuw no bɛpaw asenni boayikuw. Sɛ wotu obi a, wɔbɛbɔ amanneɛ tiawa yi: “Wɔatu . . .”e

Boa Wɔn Ma ‘Wɔmpere Nkɔ Onyin Mu’

18. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Kristofo a wɔabɔ wɔn asu foforo ne afoforo benya nneɛma pii asua wɔ Yehowa ne n’apɛde ho?

18 Onyankopɔn asomfo mu dodow no ara bɛkɔ so atra nguankuw no mu. Nea ɛyɛ anigye nso ne sɛ, yɛn mu biara betumi abɛn yɛn soro Agya no daa efisɛ bere nyinaa yebetumi asua ne ho nsɛm ne n’apɛde pii. (Ɔsɛnkafo 3:11; Yakobo 4:8) Akyinnye biara nni ho sɛ na nnipa mpempem pii a wɔbɔɔ wɔn asu Pentekoste afe 33 Y.B. mu no wɔ pii sua. (Asomafo no Nnwuma 2:5, 37-41; 4:4) Saa ara na na ɛte wɔ Amanaman mufo a na wonni Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ biara no fam. Sɛ nhwɛso no, na eyi te saa wɔ wɔn a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Paulo kasa a ɔmae wɔ Areopago a ɛwɔ Atene no akyi no fam. (Asomafo no Nnwuma 17:33, 34) Ɛnnɛ nso, wɔn a wɔabɔ wɔn asu foforo no wɔ pii sua, na wohia bere ne mmoa de ahyɛ gyinae a wɔasi sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim no mu den.—Galatifo 6:9; 2 Tesalonikafo 3:13.

19. Ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa wɔn a wɔbɔ wɔn asu no ma ‘wɔapere akɔ onyin mu’?

19 Wɔbɔ nnipa mpempem pii asu afe biara, na wohia mmoa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ‘apere akɔ onyin mu.’ (Hebrifo 6:1-3) Ɛdenam asɛm a woka, wo nhwɛso, ne mmoa a mfaso wɔ so a wode bɛma wɔ ɔsom adwuma no mu so no, wubetumi aboa wɔn mu bi ma wɔahyɛ nipasu foforo no, na ‘wɔakɔ so anantew nokware no mu.’ (3 Yohane 4; Kolosefo 3:9, 10) Sɛ woyɛ ɔdawurubɔfo a wo ho akokwaw a, ebia mpanyimfo no bɛto nsa afrɛ wo ma woakɔboa ɔyɔnko gyidini bi a ɔyɛ foforo wɔ asɛnka adwuma no mu anaa wo ne no asusuw Kyerɛwnsɛm mu nsɛm bi ho adapɛn kakra sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛhyɛ Onyankopɔn mu gyidi a ɔwɔ, anisɔ a ɔwɔ ma Kristofo nhyiam horow, ne nea ɛkeka ho no mu den. Ahwɛfo no ne nguankuw no ntam abusuabɔ te sɛ agya a ɔretu fo ne ɛna a ɔregyigye ɔba brɛbrɛ. (1 Tesalonikafo 2:7, 8, 11) Nanso, mpanyimfo ne asomfo kakraa bi no ntumi nni asafo bi mu ahiade biara ho dwuma. Yɛn nyinaa te sɛ abusua bi a emufo boa wɔn ho wɔn ho. Yɛn mu biara betumi ayɛ biribi de aboa yɛn mfɛfo asomfo. Ebia w’ankasa wubetumi de nkuranhyɛ ama, akyekye wɔn a wɔn werɛ ahow werɛ, na woaboa wɔn a wɔyɛ mmerɛw.—1 Tesalonikafo 5:14, 15.

20. Dɛn na wubetumi ayɛ de atrɛw Onyankopɔn ho nimdeɛ mu na woayɛ nguan a wɔwɔ Yehowa adidibea no brɛbrɛ?

20 Adesamma hia Onyankopɔn ho nimdeɛ, na sɛ́ Yehowa Dansefo no, wubetumi de anigye anya ne trɛw mu kyɛfa. Ehia sɛ wɔyɛ Yehowa nguan brɛbrɛ, na wubetumi afi ɔdɔ mu adi dwuma bi de aboa ma wɔayɛ eyi. Yehowa nhyira wo som adwuma so, na ontua wo ka wɔ komam a wufi bɔ mmɔden boa nguan a wɔwɔ n’adidibea no ho.

[Ase hɔ nsɛm]

a Edu saa bere yi a, ɔfoforo no betumi anya Nhyehyɛe a Wɔayɛ ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma nhoma no bi.

b Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

c Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

d Wɔkyerɛkyerɛɛ nhyehyɛe a ɛte saa a ɛfa adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu ho wɔ June 15, 1989, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 15-20 mu wɔ asɛm a ese “Afoforo a Wɔbɛboa Wɔn ma Wɔasom Onyankopɔn” no mu.

e Sɛ wosi gyinae sɛ wobetu obi na sɛ onii no de asɛm no kɔdan a, wɔtwe amanneɛbɔ no sɛn. Hwɛ Nhyehyɛe a Wɔayɛ ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 147-8.

Wubebua Dɛn?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne ne nguan di nsɛm?

◻ Sɛ wɔn a wɔyɛ foforo pɛ sɛ wɔkɔ asɛnka a, dɛn na wɔyɛ?

◻ Ɔkwan bɛn so na mfɛfo gyidifo betumi aboa wɔn a wɔyɛ foforo a wɔwɔ ahiade soronko no?

◻ Mmoa bɛn na mpanyimfo betumi de ama wɔn a wɔyɛ bɔne nanso wonu wɔn ho no?

◻ Ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa obi a wɔabɔ no asu foforo ma ‘wapere akɔ onyin mu’?

[Kratafa 16 mfonini]

Na wonim Charles T. Russell yiye sɛ nguankuw no hwɛfo a ɔwɔ dɔ

[Kratafa 18 mfonini]

Ahwɛfo a wɔwɔ mmɔborohunu yɛ Onyankopɔn nguankuw no brɛbrɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena