Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Wo ne Yehowa Nnya Abusuabɔ a Emu Yɛ Den
    Ɔwɛn-Aban—2000 | January 15
    • Ɔhene nyansafo no toa so sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, “NW”] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no wakwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ wakwan.”—Mmebusɛm 3:5, 6.

  • Wo ne Yehowa Nnya Abusuabɔ a Emu Yɛ Den
    Ɔwɛn-Aban—2000 | January 15
    • Yɛbɛyɛ dɛn ‘ahu Yehowa wɔ yɛn akwan nyinaa mu’? Odwontofo a honhom kaa no no ka sɛ: ‘Mesusuw w’adwuma nyinaa ho, na madwen wo nneyɛe ho.’ (Dwom 77:12) Esiane sɛ yentumi nhu Onyankopɔn nti, ɛyɛ papa sɛ yesusuw ne nnwuma akɛse ne sɛnea ɔne ne nkurɔfo di no ho, na ama yɛne no anya abusuabɔ a emu yɛ den.

      Mpaebɔ nso yɛ ɔkwan titiriw a yɛfa so hu Yehowa. Ɔhene Dawid kɔɔ so frɛɛ Yehowa “daa adesae.” (Dwom 86:3) Bere a na Dawid yɛ oguanfo wɔ sare so no, na ɔtaa bɔ mpae anadwo nyinaa. (Dwom 63:6, 7) Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu.” (Efesofo 6:18) Mpɛn ahe na yɛbɔ mpae? So yɛn ani gye sɛ yebefi komam ne Onyankopɔn adi nkitaho? Sɛ yehyia tebea horow a emu yɛ den a, so yɛhwehwɛ ne mmoa? So yɛnam mpaebɔ so hwehwɛ ne mmoa ansa na yɛasisi gyinae a ɛho hia? Komam a yebefi abɔ Yehowa mpae no ma n’ani gye yɛn ho. Na yɛwɔ ahotoso sɛ obetie yɛn mpaebɔ na ‘wateɛ yɛn akwan.’

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena