Wo ne Yehowa Nnya Abusuabɔ a Emu Yɛ Den
OSUANI Yakobo kyerɛwee sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:8) Na odwontofo Dawid too dwom sɛ: “[Yehowa, NW] yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wosuro no.” (Dwom 25:14) Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ yɛne no nya abusuabɔ a emu yɛ den. Nanso, ɛnyɛ obiara a ɔsom Onyankopɔn na odi ne mmara so na ɔte nka sɛ ɔbɛn no.
Wo nso ɛ? So wo ne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ a emu yɛ den? Akyinnye biara nni ho sɛ wopɛ sɛ wobɛn no. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den? Dɛn na eyi bɛkyerɛ ama yɛn? Bible mu nhoma a ɛne Mmebusɛm no ma yɛn ho mmuae, wɔ ti abiɛsa.
Da Adɔe ne Nokware Adi
Tete Israel hene Salomo de nsɛm yi na efii Mmebusɛm ti abiɛsa no ase: “Me ba, mma wo werɛ mmfi me mmara, na ma wo koma nni me mmara nsɛm so; efisɛ onyinkyɛ ne nkwa mfe ne asomdwoe na ɛde bɛka wo ho.” (Mmebusɛm 3:1, 2) Esiane sɛ Onyankopɔn honhom na ɛkaa Salomo ma ɔkyerɛwee nti, saa afotu yi a ɛte sɛ nea efi agya bi hɔ no, fi Yehowa Nyankopɔn ankasa hɔ, na ɔde ma yɛn. Wotu yɛn fo wɔ ha sɛ yenni Onyankopɔn nkaesɛm—ne mmara, anaa ne nkyerɛkyerɛ, ne n’ahyɛde—a ɛwɔ Bible mu no so. Sɛ yɛyɛ eyi a, “onyinkyɛ ne nkwa mfe ne asomdwoe na ɛde bɛka” yɛn ho. Yiw, mprempren mpo yebetumi anya asomdwoe, na yɛatumi akwati nneɛma bi a ɛbɛma yɛawuwu ntɛm a ɛtaa to nnebɔneyɛfo no. Afei nso, yebetumi anya daa nkwa wɔ wiase foforo a asomdwoe wom mu no ho anidaso.—Mmebusɛm 1:24-31; 2:21, 22.
Salomo toa so sɛ: “Mma adɔe ne nokware nnnyaw wo; fa kyekye wo kɔn, kyerɛw wo koma pon so. Ɛnna wubenya ɔdom ne nimdeɛ pa, Onyankopɔn ne nnipa anim.”—Mmebusɛm 3:3, 4.
Wotumi de mfitiase kasa mu asɛmfua a egyina hɔ ma “adɔe” no di dwuma akwan horow so sɛ “nokware dɔ,” na ɛkyerɛ ahofama, biakoyɛ, ne nokwaredi. So yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛbata Yehowa ho, ɛmfa ho nea ɛbɛba biara? So yɛda adɔe adi wɔ yɛne mfɛfo gyidifo abusuabɔ mu? So yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ so ne wɔn anya abusuabɔ? So yɛma ‘adɔe kyerɛ tra yɛn tɛkrɛma so’ wɔ tebea horow a emu yɛ den mpo mu, bere a yɛne wɔn di da biara da no?—Mmebusɛm 31:26.
Esiane sɛ Yehowa adɔe dɔɔso nti, ‘wayɛ krado sɛ ɔde befiri.’ (Dwom 86:5) Sɛ yɛanu yɛn ho afi yɛn bɔne ho na afei yɛreteɛteɛ yɛn akwan a, yɛwɔ awerɛhyem sɛ “ahodwo nna” befi Yehowa hɔ aba ama yɛn. (Asomafo no Nnwuma 3:19, 20) So ɛnsɛ sɛ yesuasua yɛn Nyankopɔn denam afoforo mfomso a yɛde befiri wɔn no so?—Mateo 6:14, 15.
Yehowa yɛ “nokware Nyankopɔn,” na ɔhwehwɛ ‘nokwaredi’ fi wɔn a wɔpɛ sɛ wɔne no nya abusuabɔ no hɔ. (Dwom 31:5) Sɛ yɛkɔ ha ba ha—yebu bra pa bere a yɛne Kristofo rebɔ fekuw, na sɛ yefi wɔn mu a, yebu bra bɔne—te sɛ “nnipa huhuw” a wɔnna wɔn nipasu ankasa adi a, so yebetumi ahwɛ kwan ankasa sɛ Yehowa bɛyɛ yɛn Adamfo? (Dwom 26:4) Esiane sɛ “ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue” Yehowa anim nti, hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ yɛbɛyɛ saa!—Hebrifo 4:13.
Ɛsɛ sɛ yebu adɔe ne nokware sɛ kɔnmuade a ɛsom bo a ‘ɛkyekyere yɛn kɔn,’ efisɛ ɛboa yɛn ma ‘yenya Onyankopɔn ne nnipa anim dom.’ Enhia sɛ yɛda saa su horow yi adi nnipa anim nko na mmom ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra ‘yɛn koma pon so,’ na yɛma ɛyɛ yɛn nipasu ankasa.
Nya Yehowa mu Ahotoso Koraa
Ɔhene nyansafo no toa so sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, “NW”] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no wakwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ wakwan.”—Mmebusɛm 3:5, 6.
Ɛfata sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa. Sɛ́ Ɔbɔadeɛ no, ɔwɔ ‘ahoɔden kɛse,’ na ɔyɛ ‘tumi nyinaa’ Wura. (Yesaia 40:26, 29) Otumi yɛ nea ɔbɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ nyinaa. Hwɛ, ne din ankasa kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ,” na ɛma yenya ahotoso sɛ obetumi ayɛ nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no nyinaa! Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ “Onyankopɔn ntumi nni atoro” no ma ɔyɛ ɔnokwafo ankasa. (Hebrifo 6:18) Ne su titiriw ne ɔdɔ. (1 Yohane 4:8) ‘Ɔteɛ n’akwan nyinaa mu, na ɔyɛ ɔnokwafo wɔ ne nnwuma nyinaa mu.’ (Dwom 145:17) Sɛ yentumi mfa yɛn ho nto Onyankopɔn so a, hena bio na yebetumi de yɛn ho ato no so? Nokwarem no, sɛ yebenya ne mu ahotoso a, ɛsɛ sɛ ‘yɛka hwɛ na yehu sɛ Yehowa ye’ denam nea yesua fi Bible mu a yɛde bedi dwuma wɔ yɛn asetram no so, na yɛnam so asusuw nneɛma pa a eyi de ba no ho.—Dwom 34:8.
Yɛbɛyɛ dɛn ‘ahu Yehowa wɔ yɛn akwan nyinaa mu’? Odwontofo a honhom kaa no no ka sɛ: ‘Mesusuw w’adwuma nyinaa ho, na madwen wo nneyɛe ho.’ (Dwom 77:12) Esiane sɛ yentumi nhu Onyankopɔn nti, ɛyɛ papa sɛ yesusuw ne nnwuma akɛse ne sɛnea ɔne ne nkurɔfo di no ho, na ama yɛne no anya abusuabɔ a emu yɛ den.
Mpaebɔ nso yɛ ɔkwan titiriw a yɛfa so hu Yehowa. Ɔhene Dawid kɔɔ so frɛɛ Yehowa “daa adesae.” (Dwom 86:3) Bere a na Dawid yɛ oguanfo wɔ sare so no, na ɔtaa bɔ mpae anadwo nyinaa. (Dwom 63:6, 7) Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu.” (Efesofo 6:18) Mpɛn ahe na yɛbɔ mpae? So yɛn ani gye sɛ yebefi komam ne Onyankopɔn adi nkitaho? Sɛ yehyia tebea horow a emu yɛ den a, so yɛhwehwɛ ne mmoa? So yɛnam mpaebɔ so hwehwɛ ne mmoa ansa na yɛasisi gyinae a ɛho hia? Komam a yebefi abɔ Yehowa mpae no ma n’ani gye yɛn ho. Na yɛwɔ ahotoso sɛ obetie yɛn mpaebɔ na ‘wateɛ yɛn akwan.’
Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ yɛde ‘yɛn ho bɛto yɛn ntease,’ anaa wiase no mu nnipa atitiriw so bere a yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so koraa no! Salomo ka sɛ: “Nyɛ wani so onyansafo.” Mmom no, otu fo sɛ: “Suro [Yehowa, “NW”], na dan fi bɔne ho. Ɛbɛyɛ ahoɔden ama wo honam, ne akwahosan ama wo nnompe.” (Mmebusɛm 3:7, 8) Ɛsɛ sɛ osuro pa a yebenya sɛ yɛrenyɛ nea ɛnsɔ Onyankopɔn ani no tumi di yɛn nneyɛe, yɛn nsusuwii, ne yɛn nkate so. Osuro pa a ɛte saa no ma yɛkwati nneyɛe bɔne, na ɛma yenya honhom fam ayaresa ne abotɔyam.
Fa Nea Wowɔ a Eye Sen Biara Ma Yehowa
Ɔkwan foforo bɛn na yebetumi afa so abɛn Onyankopɔn? Ɔhene no ka sɛ: “Fa wahonyade hyɛ [Yehowa, “NW”] anuonyam, ne wo nnɔbae mu adekan nyinaa.” (Mmebusɛm 3:9) Nea anuonyam a yɛbɛhyɛ Yehowa kyerɛ ne sɛ yebebu no na yɛama no so wɔ baguam denam ne din a yɛbɛbɔ so. Yɛn ahonyade a yɛde hyɛ Yehowa anuonyam no ne yɛn bere, yɛn dom akyɛde, yɛn ahoɔden, ne yɛn honam fam nneɛma. Ɛsɛ sɛ eyinom yɛ yɛn nnɔbae mu adekan—nea eye sen biara. So ɛnsɛ sɛ ɔkwan a yɛfa so de yɛn honam fam nneɛma di dwuma no da gyinae a yɛasi sɛ ‘yɛbɛhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan’ no adi?—Mateo 6:33.
Sɛ yɛde yɛn ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam a obetua yɛn ka. Salomo ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Ɛnna ade dodow bɛyɛ wasan amaama, na wo nsa-kyĩ-amoa mu nsã foforo bebu so.” (Mmebusɛm 3:10) Bere a honhom fam yiyedi ankasa mma yenni yiye honam fam no, ayamye mu a yebefi de yɛn ahonyade ahyɛ Yehowa anuonyam no bɛma yɛanya nhyira pii. Ná Onyankopɔn apɛdeyɛ wowaw Yesu sɛ “aduan.” (Yohane 4:34) Saa ara na asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a ɛhyɛ Yehowa anuonyam no mu kyɛfa a yebenya no ma yɛn ahoɔden. Sɛ yɛkɔ so yɛ saa adwuma no a, yɛn honhom fam adekora dan bɛyɛ ma. Yɛn anigye—a wɔde nsã foforo yɛɛ ho sɛnkyerɛnne no—bebu so.
So yɛnhwɛ Yehowa kwan, mmɔ no mpae sɛ ɔmma yɛn daa aduan? (Mateo 6:11) Nokwarem no, biribiara a yɛwɔ no fi yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ no hɔ. Dodow a yɛde yɛn ahonyade bɛhyɛ Yehowa anuonyam no, dodow no ara na ɔbɛma yɛn nhyira pii.—1 Korintofo 4:7.
Gye Yehowa Nteɛso Tom
Bere a Israel hene no reka sɛnea nteɛso ho hia na ama yɛne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den no, otu fo sɛ: “Me ba, mpo [Yehowa, “NW”] nteɛso, na mma nanimka mmfono wo. Na nea [Yehowa, “NW”] dɔ no na ɔka nanim, sɛ agya yɛ ne ba a ɔdɔ no.”—Mmebusɛm 3:11, 12.
Nanso, ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ yebegye nteɛso atom. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Asotwe biara asotwe, mprempren de, ɛnyɛ yɛn sɛ anigyede, na mmom awerɛhowde, nanso akyiri no, ɛsow asomdwoe aba a ɛyɛ trenee ma wɔn a wɔnam so asɔ wɔn ahwɛ no.” (Hebrifo 12:11) Animka ne asotwe yɛ ntetee a ɛho hia a ɛma yɛbɛn Onyankopɔn. Yehowa ateɛteɛ—sɛ ɛyɛ nea yɛn awofo de ma yɛn, nea yenya wɔ Kristofo asafo no mu, anaa ɛdenam Kyerɛwnsɛm no ho a yesusuw wɔ yɛn kokoam adesua mu so no—ɛyɛ ne dɔ a ɔda no adi kyerɛ yɛn. Nyansa wom sɛ yebegye atom.
So Nyansa ne Ntease mu Denneennen
Nea edi hɔ no, Salomo si hia a nyansa ne ntease ho hia so dua sɛ ade a ɛma yɛne Onyankopɔn bɔ abusua a emu yɛ den. Ɔka sɛ: “Nhyira ne onipa a ohu nyansa, ne onipa a onya ntease. Na emu adenya ye sen dwetɛ de, na ne mfaso sen sika amapa. . . . Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a woso no mu, na nhyira ne nea okura mu.”—Mmebusɛm 3:13-18.
Bere a ɔhene no rekae yɛn sɛnea nyansa ne ntease da adi wɔ Yehowa abɔde mu no, ɔka sɛ: “[Yehowa, “NW”] de nyansa na ɛhyɛɛ asase ase, ɔde ntease de ɔsoro tim hɔ; . . . Me ba, mma ɛnnnan mmfi wani so, fa nyansahu ne adwempa sie, na ayɛ nkwa ama wo kra, ne anuonyam ama wo kɔn.”—Mmebusɛm 3:19-22.
Nyansa ne ntease yɛ su pa. Ɛnyɛ nya nko na ɛsɛ sɛ yenya bi na mmom ɛsɛ sɛ yeso mu denneennen nso denam yɛn ani a yemmu ngu nsi a yɛde besua Kyerɛwnsɛm no so, na yɛde nea yesua no adi dwuma no so. Salomo toa so sɛ: “Ɛno na wobɛnantew wo kwan so dwoodwoo, na wo nan anhintiw. Ɔde ka ho sɛ: “Sɛ wokɔda a, woremmɔ piriw, na woda a, wo nna bɛyɛ dɛ.”—Mmebusɛm 3:23, 24.
Yiw, yɛbɛnantew ada dwoodwoo, bere a yɛretwɛn ɔsɛe da a ɛbɛba Satan wiase bɔne no so “mpofirim” sɛ nea owifo ba no. (1 Tesalonikafo 5:2, 3; 1 Yohane 5:19) Wɔ ahohiahia kɛse a abɛn no mu mpo no, yebetumi anya ahotoso yi: “Nsuro mpofirim huyi ne abɔnefo sɛe a ɛbɛba. Na [Yehowa, “NW”] bɛyɛ wahodasode, na ɔbɛkora wo nan afi ɔkyere mu.”—Mmebusɛm 3:25, 26; Mateo 24:21.
Yɛ Papa
Salomo tu fo sɛ: “Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.” (Mmebusɛm 3:27) Nea ɛka afoforo a yɛbɛyɛ wɔn papa ho ne yɛn ahonyade a yɛde bɛboa wɔn, na eyi kyerɛ nneɛma pii. Nanso, so afoforo a yɛbɛboa wɔn ma wɔne nokware Nyankopɔn no anya abusuabɔ a emu yɛ den no nyɛ ade a ɛsen biara a yebetumi ayɛ ama wɔn wɔ “awiei bere” yi mu? (Daniel 12:4) Ɛnde, saa bere yi ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsi wɔ Ahenni ho asɛmpaka ne asuafoyɛ adwuma no mu.—Mateo 28:19, 20.
Ɔhene nyansafo no bobɔɔ nneɛma bi a ɛsɛ sɛ yɛkwati, bere a ɔkae sɛ: “Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ: Kɔ na bra! ne: Ɔkyena mede mɛma, bere a ɛwɔ wo hɔ. Mpam wo yɔnko ho apammɔne, bere a ɔne wo te hɔ dwoodwoo no. Wo ne obi nnni atutuw kwa, bere a ɔnyɛɛ wo bɔne bi no. Ntwe otirimɔdenfo ho ninkunu, nso mpaw nakwan mu biara.”—Mmebusɛm 3:28-31.
Salomo rebɔ nea enti a ɔde n’afotu no mae mua no, ɔka sɛ: “Na ɔkɔnkɔnsani yɛ [Yehowa, “NW”] akyide, na tẽefo na ɔne wɔn di atirimsɛm. [Yehowa, “NW”] nnome wɔ ɔbɔnefo fi, na ohyira treneefo trabea. Odi afɛwdifo ho fɛw, na ɔdom ahobrɛasefo. Anyansafo benya anuonyam adi, na nkwasea bɛsoa ahohora.”—Mmebusɛm 3:32-35.
Sɛ yɛne Yehowa benya abusuabɔ a emu yɛ den a, ɛnsɛ sɛ yɛpam nkɔnkɔnsa ne amumɔyɛ apam biara. (Mmebusɛm 6:16-19) Sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so nkutoo a, yebenya n’anim dom ne ne nhyira. Wobetumi ahyɛ yɛn anuonyam a yɛnhwɛ kwan, bere a afoforo hu sɛ yɛyɛ ade ma ɛne ɔsoro nyansa hyia no. Enti momma yɛmpo wiase bɔne a basabasayɛ wom yi nkontompo akwan no. Nokwarem no, momma yɛmfa kwan trenee so na yɛne Yehowa nnya abusuabɔ a emu yɛ den!
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]
‘Fa w’ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam’