Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Wubetumi Ne Yehowa Afa Adamfo
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • 3. Dɛn na Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ ansa na yɛatumi afa no adamfo?

      Yehowa dɔ nnipa nyinaa, nanso “atreneefo na wɔyɛ ne nnamfo paa.” (Mmebusɛm 3:32) Yehowa pɛ sɛ ne nnamfo yere wɔn ho yɛ nea ɔpɛ, na wɔtwe wɔn ho fi nea ɔmpɛ ho. Ebia ebinom adwene bɛyɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ nea Yehowa pɛ nyinaa na wobetumi ayɛ. Nanso Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo. Enti sɛ obi fi ne koma nyinaa mu dɔ no, na ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛsɔ n’ani a, ogye no tom.—Dwom 147:11; Asomafo Nnwuma 10:34, 35.

  • Di Nokware Wɔ Biribiara Mu
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Di Nokware Wɔ Biribiara Mu

      Obiara pɛ adamfo a odi nokware. Yehowa nso saa ara. Ɔhwɛ kwan sɛ ne nnamfo bedi no nokware. Nanso ɛnnɛ, nokwaredi asã wɔ wiase, ɛno nti ɛnna fam sɛ yebedi nokware. Sɛ yedi nokware wɔ biribiara mu a, mfaso bɛn na ebetumi afi mu aba?

      1. Dɛn nti paa na ɛsɛ sɛ yedi nokware?

      Sɛ yedi afoforo nokware a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa, na yebu no. Wo de, dwen wei ho hwɛ: Nea ɛwɔ yɛn adwene mu ne biribiara a yɛyɛ no, Yehowa hu. (Hebrifo 4:13) Enti sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yebedi nokware a, ohu, na ɛma n’ani gye. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Yehowa kyi okontomponi, na atreneefo na wɔyɛ ne nnamfo paa.”—Mmebusɛm 3:32.

      2. Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedi nokware wɔ yɛn asetena mu?

      Yehowa pɛ sɛ yɛn mu biara ‘ka nokware kyerɛ ne yɔnko.’ (Sakaria 8:16, 17) Saa asɛm no kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ, sɛ yɛne yɛn abusuafo, yɛn adwumamfo, anaa yɛn nuanom Kristofo rebɔ nkɔmmɔ a, ɛnsɛ sɛ yedi atoro anaa yɛdaadaa wɔn. Saa ara na ɛnsɛ sɛ yɛdaadaa aban mpanyimfo nso. Obi a ɔyɛ ɔnokwafo nnwia ade, na ɔmmɔ apoo. (Kenkan Mmebusɛm 24:28 ne Efesofo 4:28.) Tow biara a ɛsɛ sɛ otua ma aban no, otua. (Romafo 13:5-7) Sɛ Kristoni yɛ nneɛma a ɛtete saa a, ɛkyerɛ sɛ ‘ɔde nokwaredi bɔ ne bra wɔ biribiara mu.’—Hebrifo 13:18.

      3. Sɛ yedi nokware a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?

      Sɛ nkurɔfo hu sɛ yedi nokware a, wobegye yɛn adi. Afei nso, sɛ obiara a ɔwɔ asafo no mu di nokware a, ɛma asafo no mufo yɛ baako, na ɛma obiara koma tɔ ne yam. Sɛ yedi nokware a, ɛmma yɛn tiboa mmu yɛn fɔ. Mfaso baako nso ne sɛ, ɛma ‘anuonyam ba yɛn Agyenkwa Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ ho,’ na ɛma wɔn a wonni asafo no mu kɔn dɔ sɛ wɔbɛsom Yehowa.—Tito 2:10.

      SUA PII KA HO

      Sɛ wudi nokware a, ɛbɛboa wo sɛn, na Yehowa nso bɛte nka sɛn? Ɔfã yi bɛboa wo ama woanya saa nsɛmmisa yi ho mmuae. Afei, yɛbɛhwɛ nea ebetumi aboa wo ama woadi nokware wɔ biribiara mu.

      4. Sɛ wudi nokware a, ɛma Yehowa ani gye

      Monkenkan Dwom 44:21 ne Malaki 3:16. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Sɛ obi nim nokware a ɛwɔ asɛm bi mu, na wanka, na ɛyɛ no sɛ obiara nnim a, na ɔredaadaa ne ho. Adɛn ntia?

      • Sɛ ɛyɛ den sɛ wobɛka nokware a ɛwɔ asɛm bi mu, na sɛ wobɔ mmɔden ka a, wohwɛ a, Yehowa bɛte nka sɛn?

      Papa bi abu nkotodwe ne ne babea rekasa. Nsa bi a esi pon so ahwie agu fam.

      Sɛ mmofra ka nokware a, ɛma wɔn awofo ani gye. Yɛn nso, yɛka nokware a, ɛma Yehowa ani gye

      5. Di nokware bere nyinaa

      Nnipa pii adwene ne sɛ, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛsɛ sɛ wudi nokware, anyɛ saa a, da koro wo ho bɛkyere wo. Nanso hwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yedi nokware bere nyinaa. Hwɛ VIDEO yi.

      VIDEO: Nneɛma Bɛn Na Ɛma Yɛn Ani Gye?—Ahonim Pa (2:32)

      Video a yɛato din ‘Nneɛma Bɛn Na Ɛma Yɛn Ani Gye?—Ahonim Pa’ no mu mfoni bi. Ben aka akyerɛ n’adwumawura no sɛ wasɛe afiri bi, na adwumawura no rebɔ no aba so.

      Monkenkan Hebrifo 13:18. Muwie a, munsusuw ho nhwɛ sɛnea yebetumi adi nokware wɔ . . .

      • yɛn abusua mu.

      • yɛn adwumam anaa sukuu mu.

      • baabiara a yɛwɔ.

      6. Sɛ yedi nokware a, ɛboa yɛn

      Ɛwom, yedi nokware a, ɛtɔ da a, ebetumi ama yɛn ho akyere yɛn. Nanso yɛyɛ saa a, yɛrennu yɛn ho da. Monkenkan Dwom 34:12-16. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛ wudi nokware a, ɛbɛboa wo sɛn?

      A. Awarefo bi renom kɔfe na wɔrebɔ nkɔmmɔ. B. Fitani bi adwumawura rekamfo no. D. Papa bi a ɔreka kar de ne nkrataa rekyerɛ polisini bi.
      1. A. Awarefo a wodi nokware no, ɛma wɔn aware sɔ

      2. B. Adwumayɛfo a wodi nokware no, wɔn adwumawuranom gye wɔn di

      3. D. Sɛ obi te ɔman bi mu na sɛ odi nokware a, ɔne aban no rennya asɛm biara

      EBINOM KA SƐ: “Wudi atoro ketewaa bi a, na ayɛ dɛn?”

      • Wohwɛ a Yehowa kyi atoro nyinaa, anaa ebi wɔ hɔ a, ohu no sɛ ɛnyɛ hwee? Adɛn nti na woreka saa?

      NEA YƐASUA

      Yehowa pɛ sɛ ne nnamfo di nokware wɔ biribiara mu.

      Ntimu

      • Nneɛma bɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yedi nokware?

      • Sɛ yenim nokware a ɛwɔ asɛm bi mu, na yɛanka, na ɛyɛ yɛn sɛ obiara nnim a, na yɛredaadaa yɛn ho. Adɛn ntia?

      • Adɛn nti na wopɛ sɛ wudi nokware wɔ biribiara mu?

      Fa Wei Si W’ani So

      YƐ NHWEHWƐMU

      Hwɛ video yi, na wubehu sɛnea awofo betumi aboa wɔn mma ama wɔadi nokware.

      Monka Nokware (1:44)

      Yɛhyɛ bɔ na yedi so a, mfaso bɛn na ebefi mu aba? Hwɛ video yi, na wubehu.

      Di Wo Bɔhyɛ So, Na Wubenya Nhyira (9:09)

      Sɛ aban no mfa tow a yetua no nyɛ adepa mpo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tua? Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea enti a.

      “Tow Ahorow—So Ɛsɛ Sɛ Wutua?” (Ɔwɛn-Aban, October 1, 2011)

      Ná owura bi bɔ nkurɔfo apoo san tow kyakya. Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea ɛyɛe a ɔsesaa n’abrabɔ.

      “Mebɛhuu sɛ Yehowa Yɛ Mmɔborɔhunufo na Ɔde Bɔne Kyɛ” (Ɔwɛn-Aban, May 1, 2015)

  • Hwɛ W’ayɔnkofa Yiye
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • 2. Sɛ yɛfa nnamfo pa a, ɛma Yehowa te nka sɛn, na yɛfa nnamfo bɔne nso a, ɔte nka sɛn?

      Ɛnyɛ obiara kɛkɛ na Yehowa fa no adamfo. Bible ka sɛ, “Atreneefo na wɔyɛ ne nnamfo paa.” (Mmebusɛm 3:32) Enti sɛ yɛfa obi a ɔnnɔ Yehowa adamfo a, wohwɛ a ɔbɛte nka sɛn? Ɛbɛyɛ no yaw paa! (Kenkan Yakobo 4:4.) Nanso sɛ yɛfa wɔn a wɔdɔ Yehowa no nnamfo a, n’ani begye, na ɔno nso bɛfa yɛn adamfo.—Dwom 15:1-4.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena