Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 7/8 kr. 24-26
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Yare a Emu Yɛ Den Yi Ano?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Yare a Emu Yɛ Den Yi Ano?
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwene a Ɛteɛ
  • Oduruyɛfo a Ɔte Woase a Wubenya
  • Hwehwɛ W’akwahosan!
  • Mmoa a Efi Wɔn a Wɔbɛn Wo no Hɔ
  • Fa W’adwene ne Wo Nipadua Di Dwuma Nyansam
  • Mma W’abam Mmmu!
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ Sɛ Meyare Saa?
    Nyan!—1997
  • ‘Masɔ Gyidi no Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Bere a Abusua no Muni Bi Yare
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Sɛnea Mmusua Gyina Yare a Enni Sabea Ano
    Nyan!—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 7/8 kr. 24-26

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Yare a Emu Yɛ Den Yi Ano?

NA JASON adi mfe 18 pɛ, nanso na ɛte sɛ nea afei de ontumi nnu n’asetram botae biara ho. Na ɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛsom sɛ bere nyinaa Kristoni somfo, nanso ohui sɛ wanya yare bi a wɔfrɛ no Crohn—yafunu yare a ɛyɛ yaw na ɛma obi yɛ mmerɛw. Nanso, ɛnnɛ, Jason redi ne tebea horow no so wɔ nkonimdi mu.

Ebia wo nso woreko yare bi a emu yɛ den. Nyan! bi a aba dedaw kaa nsɛnnennen a mmofra te sɛ wo hyiae ho asɛm.a Ma yɛnhwɛ ɔkwan a wubetumi afa so adi wo tebea no ho dwuma yiye.

Adwene a Ɛteɛ

Gyina a wubetumi agyina ɔyare biara ano no hwehwɛ sɛ wunya adwene a ɛteɛ. Bible no ka sɛ: “Onipa honhom tumi soa ne yare, na honhom a abotow de, hena na obetumi asoa?” (Mmebusɛm 18:14) Awerɛhodi, adwene a ɛnteɛ ma ɛyɛ den sɛ obi benya ayaresa. Jason hui sɛ eyi yɛ nokware.

Nea edi kan no, na ɛsɛ sɛ Jason ko tia nkate a ɛnteɛ te sɛ abufuw a na ɛma ɔbotow kɛse no. Dɛn na ɛboaa no? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔwɛn- Aban ne Nyan! mu nsɛm a ɛfa adwenemhaw ho no boaa me ankasa maa mikuraa adwene a ɛteɛ mu. Seesei mebɔ mmɔden sɛ megyina da biara nsɛm nkutoo ano.”b

Carmen a wadi mfe dunson no nso suaa sɛ obenya ne tebea no ho adwempa. Ɛwom sɛ na ɔwɔ nkwammoaa mu dɛmdi a ɛma ne mogya so tew ntɛmntɛm de, nanso osusuw nhyira horow a ɔwɔ no ho. Ɔka sɛ: “Mesusuw afoforo a wɔyare sen me a wontumi nyɛ nea mitumi yɛ no ho. Na mewɔ anisɔ na minni me tebea no ho yaw pii.”

Mmebusɛm 17:22 ka sɛ: “Anigye koma ma ahoɔden.” Ebia ebinom bɛte nka sɛ serew mfata bere a obi yare denneennen no. Nanso aseresɛm a ɛfata ne fekubɔ a ɛyɛ anigye na esiesie w’adwene ma wunya ɔpɛ sɛ wobɛtra ase. Nokwarem no, anigye yɛ su pa, Onyankopɔn honhom aba no mu biako. (Galatifo 5:22) Saa honhom no betumi aboa wo ma woanya anigye ɛwom mpo sɛ ebia woreko yare bi de.—Dwom 41:3.

Oduruyɛfo a Ɔte Woase a Wubenya

Oduruyɛfo a ɔte mmofra ase a wobenya no yɛ mmoa kɛse. Mpɛn pii no, ɛsono abofra adwene ne ne nkate mu ahiade wɔ ɔpanyin de ho. Na Ashley adi mfe du pɛ bere a ɔkɔɔ ayaresabea sɛ ɔrekɔsa biribi a na ahon n’amemene ho no. Ashley oduruyɛfo no ne no dii wɔ ayamhyehye ne ɔkwan a ɔbɛte ase so. Ɔkaa sɛnea n’ankasa mmofrabere mu yare akanyan no ma wabɛyɛ Oduruyɛfo. Ɔde odwo kyerɛkyerɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ahwɛ no yare no mu yiye kyerɛɛ no, enti na onim ɔkwan a wɔbɛfa so ahwɛ no.

Wo ne w’awofo bɛpɛ sɛ munya oduruyɛfo a ɔwɔ obu ma mo ahiade na ɔte ase. Sɛ ntease bi nti wote nka sɛ w’ani nnye ɔkwan a wɔfa so hwɛ wo no ho a, mma ɛnnhaw wo sɛ wobɛka nea ɛhaw wo no ho asɛm akyerɛ w’awofo.

Hwehwɛ W’akwahosan!

Ɛho hia nso sɛ wobɛfa ɔkwan biara a wubetumi so ako wo yare no. Sɛ nhwɛso no, bɔ mmɔden biara sua wo tebea no ho ade. Bible bɛ bi ka sɛ: “Ɔbarima nyansafo wɔ ahoɔden.” (Mmebusɛm 24:5) Nyansa yi biribi a wonnim ho suro fi hɔ.

Afei nso, abofra a ɔwɔ ne tebea ho nimdeɛ betumi anya ayaresa no mu kyɛfa na ɛbɛma wama nneɛma ho kwan kɛse. Sɛ nhwɛso no, obehu sɛ ɛnsɛ sɛ ogyae aduru a wɔde ama no no nom bere a ne duruyɛfo no nkaa saa nkyerɛɛ no. Na Carmen a yɛaka ne ho asɛm wɔ atifi hɔ no kenkan nhoma a ɛfa nkwammoaa mu dɛmdi ho, sɛnea na n’wofo yɛ no. Nea wosuae no boaa wɔn ma wonyaa ayaresa a na ɛbɛboa Carmen yiye.

Bisa wo duruyɛfo no nsɛm pɔtee bi—sɛ ɛho hia a bɛboro pɛnkoro—sɛ wonte asɛm bi ase yiye a. Sɛ anka wobɛka asɛm a wususuw sɛ oduruyɛfo no pɛ sɛ otie no, fi nokwaredi mu kyerɛ w’adwene ne sɛnea wote nka no mu. Sɛnea Bible ka no, “wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa.”—Mmebusɛm 15:22.

Wɔ bere bi mu no na ɛte sɛ nea Ashley nni ne yare no ho nkɔmmɔ biara. Na ɔka ho asɛm kyerɛ ne maame nkutoo. Asetra ho dwumayɛni nyansafo bi bisaa no wɔ kokoam sɛ: “Wote nka sɛ ebia wɔnkaa nsɛm no nyinaa nkyerɛɛ wo anaa?” Ashley fi ahotoso mu kae sɛ ɛte saa. Ɛno nti ɔbea no de Ashley ayaresa ho kyerɛwtohɔ ahorow kyerɛɛ no na ɔkyerɛkyerɛɛ no mu. Ɔsan ka kyerɛɛ oduruyɛfo no sɛ onnye bere ne Ashley ankasa nkasa sen sɛ ɔbɛka ne yare no ho asɛm akyerɛ n’awofo. Bere a awiei koraa no Ashley tumi kaa nea ɛhaw no kyerɛe no, otumi nyaa mmoa a ohia no.

Mmoa a Efi Wɔn a Wɔbɛn Wo no Hɔ

Sɛ abusua bi muni yare denneennen a, ɛbɛyɛ abusua mũ no nyinaa asɛyɛde, a ɛhwehwɛ wɔn nyinaa mmɔdenbɔ. Ashley abusua ne Kristofo asafo no boom de mmoa maa no. Na wɔkae asafo no bere ne bere sɛ ɔda ayaresabea. Asafo no mufo kɔsraa no daa, na wɔboaa abusua no wɔ ofie adeyɛ ne aduannoa mu kosii sɛ abusua no ankasa tumi yɛɛ wɔn nneɛma. Asafo no mu mmofra kɔsraa Ashley wɔ ayaresabea hɔ bere a na yare no mu nyɛ den dodo sɛ afoforo bɛba ne nkyɛn no. Ɛnyɛ Ashley nko na na eyi ye ma no, na mmom mmofra a na wɔyɛ ne nnamfo no nso.

Nanso, ansa na afoforo betumi aboa wo no, ɛsɛ sɛ wohu sɛ ɛyɛ nea wuhia. Carmen de n’ani to n’awofo ne asafo no mu mpanyimfo so sɛ obenya nkate ne honhom mu mmoa. Afei nso ɔde ne ho to sukuufo a ɔne wɔn wɔ Kristofo gyidi biako no so sɛ wɔbɛboa no. Carmen ka sɛ: “Me ho hia wɔn, na mete nka sɛ wodwen me ho.”

Wo sukuu no betumi ama wo aduruyɛ ne sikasɛm ho afutu pa na ebi mpo a wɔn ankasa de mmoa bi ama. Sɛ nhwɛso no, Ashley kyerɛkyerɛfo hyɛɛ wɔn a ɔkyerɛ wɔn ade no nkuran sɛ wɔnkyerɛw krataa nkɔma Ashley na wɔnkɔsra no. Sɛ w’akyerɛkyerɛfo nte nsɛnnennen a wuhyia no ase a, ebia ɛho behia sɛ w’awofo ne sukuu mpanyimfo no besusuw wo tebea no ho wɔ obu kwan so.

Fa W’adwene ne Wo Nipadua Di Dwuma Nyansam

Sɛ woyare paa a, ebia wontumi nyɛ hwee sen sɛ wode w’ahoɔden nyinaa bɛhwehwɛ ayaresa. Sɛ wonyɛɛ mmerɛw dodo a, nneɛma a mfaso wɔ so pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ. Nhoma kyerɛwfo Jill Krementz kaa nea ohui bere a ɔreyɛ nhwehwɛmu akyerɛw ne nhoma How It Feels to Fight for Your Life sɛ: “Na ɛyɛ awerɛhow bere a mede mfe abien nantew ayaresabea abrannaa so na mihui sɛ mmofra pii rehwɛ TV no. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ mmofra yi nkuran ma wɔkenkan ade pii. Ɔyarepa so yɛ beae a eye paa sɛ obi de n’adwene di dwuma.”

Sɛ wowɔ fie anaa ayaresabea no, w’adwene a wode bedi dwuma betumi aboa wo mpɛn pii ma woate apɔw. So woasɔ nkrataa-kyerɛw anaa anwensɛm ahwɛ? Na mfoniniyɛ anaa emukã nso ɛ? Sɛ wo tebea ma kwan a, adwinnade a wɔde bɔ nnwom bi a wubesua bɔ nso ɛ? Sɛ akwahosan ho akwanside wɔ hɔ mpo a nneɛma pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ. Nokwarem no, ade a eye paa a wubetumi ayɛ ne sɛ wode bɛyɛ wo su sɛ wobɛbɔ Onyankopɔn mpae na woakenkan n’Asɛm Bible no.—Dwom 63:6.

Sɛ wo tebea ma kwan a, honam fam adwuma a ɛfata nso betumi aboa ma woate apɔw. Eyi nti mpɛn pii no ayaresabea ahorow wɔ apɔw mu teɛteɛ ho nhyehyɛe ma mmofra a wɔyare no. Wɔ tebea pii mu no ɛnyɛ sɛ apɔw mu teɛteɛ bɛma woate apɔw nko, na mmom ɛbɛma woanya anigye nso.

Mma W’abam Mmmu!

Bere a Yesu hyiaa amanehunu a ɛso no, ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae, nyaa Ne mu ahotoso, na osusuw ne daakye a anigye wom no ho sen ɛyaw no ho. (Hebrifo 12:2) Osuaa biribi fii amane a ohui no mu. (Hebrifo 4:15, 16; 5:7-9) Ogyee mmoa ne nkuranhyɛ toom. (Luka 22:43) Ɔde n’adwene sii afoforo yiyedi so mmom sen n’ankasa amanehunu no.—Luka 23:39-43; Yohane 19:26, 27.

Ɛwom sɛ ebia woyare paa de, nanso wo nso wubetumi ayɛ nkuranhyɛ ama afoforo. Ashley nuabea, Abigail, kyerɛw wɔ ne sukuu amanneɛbɔ mu sɛ: “Obi a m’ani sɔ no paa ne me nuabea no. Ɛwom sɛ wakɔda ayaresabea ma wɔawɔ no mpane pii de, nanso ɔkɔ so ara serew!”c

Jason mpaa abaw wɔ ne botae ahorow no ho, na mmom wayɛ nsakrae wɔ ɔkwan bi so. Seesei ne botae ne sɛ ɔbɛsom wɔ beae a wohia Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpakafo kɛse. Te sɛ Jason tebea no, ebia wuntumi nyɛ nea wo pɛ nyinaa. Nea ɛho hia ne sɛ wubesua sɛ wobɛtra ase sɛnea w’ankasa ahoɔden ma ho kwan, a wonyɛ obi a ɔbɔ ne ho ban tra so anaa ɔyɛ anibiannaso. Fa wo ho to Yehowa so ma ɔmma wo nyansa ne ahoɔden a ɛbɛma woayɛ nea wubetumi nyinaa. (2 Korintofo 4:16; Yakobo 1:5) Na kae sɛ, bere bi bɛba a asase yi bɛdan paradise, a ‘obiara renka sɛ: Meyare.’ (Yesaia 33:24, NW) Yiw, da bi wubenya ahoɔden bio!

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ April 22 1997 Engiresi Nyan! no, nkratafa 17-19.

b Hwɛ Engiresi Ɔwɛn-Aban October 1, 1991, kratafa 15; March 1, 1990, nkratafa 3-9; ne Engiresi Nyan!, October 22, 1987, nkratafa 2-16; November 8, 1987, nkratafa 12-16.

c Afei nso hwɛ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no, nkratafa 116-27.

[Kratafa 25 mfonini]

Ashley nuabea panyin Abigail ani gye Ashley akokoduru no ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena