Sua Aseresɛm Yi wɔ W’asetra Mu
Ná ɛda no yɛ awɔw bere, na nsukyenee akata atrapoe no so. Anka nea ɔyɛɛ sɛ obedi kan asian no reyɛ ahwe ase. Nea odi hɔ no kae sɛ: “Eyi ne ɔkwampa a wɔfa so sian!” N’ano ansi, na ɔda ayeya. Ɛhɔ yɛɛ dinn kakra, afei wɔn a wogyinagyina hɔ no fii ase serewee bere a wohui sɛ wampira no.
“ƆSEREW wɔ ne bere.” Saa na onyansafo Salomo kae bɛyɛ mfe mpem abiɛsa a atwam ni. (Ɔsɛnkafo 3:4) Na ɛte saa nnɛ. Tumi a yetumi serew yɛ su a Onyankopɔn de ama yɛn, akyɛde a efi Onii a Bible no ka ne ho asɛm sɛ ‘anigye Nyankopɔn no’ hɔ.—1 Timoteo 1:11.
Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ aseresɛm abu so wɔ abɔde mu—nnyinamoa ne akraman mma a wobu afuni a ntease nnim, gyata ba a ɔwe ne nã dua ho kosi sɛ ne nã bɛbɔ no, asoroboa mma a wɔpam wɔn ho hwehwe wɔn ho so wɔ nnua so. Aseresɛm atwa yɛn ho ahyia a yebetumi ahwɛ aserew.
Eyi nkyerɛ sɛ nnipa nyinaa serew wɔ ade koro ho. Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ biribi bɛyɛ obi serew a ɛtaa gyina n’amammerɛ, nipasu, ntetee, nkate, ne nneɛma foforo so. Nanso, ɛkame ayɛ sɛ obiara serew wɔ biribi ho—asɛm bi a ɛyɛ anika, akyɛde bi a wɔnhwɛ kwan, asɛnkwaa bi, ne nsɛmfua bi a wɔka ma ɛyɛ anigye.
Mfaso bɛn na ɛwɔ serew so? Anyɛ yiye koraa no, ɛyɛ ade a ɛma yɛne afoforo nya abusuabɔ pa. Obi frɛɛ ɔserew sɛ “ɔkwantiaa a ɛsen biara a ɛda nnipa baanu ntam.” Nokwarem no, nnipa bi gye di sɛ wobetumi de aseresɛm adi dwuma te sɛ susudua de ahu fata a awarefo betumi afata wɔn ho wɔn ho. Wohui wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ serew ho mu sɛ awarefo a nneɛma koro na ɛyɛ wɔn serew no taa pɛ wɔn ho, wɔdɔ wɔn ho, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔware sen wɔn a nneɛma a ɛyɛ wɔn serew sonsonoe. Dɛn ntia? Efisɛ aseresɛm da nneɛma pii adi: nneɛma a ɛsom bo ma obi, nea n’ani gye ho, ne botae ahorow, ne nyansa, ne nsusuwii, ne n’ahiade. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ nnwumakuw apem mu wɔ United States wɔ 1985 mu daa no adi sɛ “nnipa a wɔpɛ aseresɛm tumi yɛ nneɛma foforo, wɔnyɛ katee na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wosusuw nneɛma foforo ho na wogye tom.”
Nea Ɛsɛ sɛ Ɛyɛ Yɛn Serew ne Nea Ɛnsɛ sɛ Ɛyɛ Yɛn Serew
Obiara nnim dekode pɔtee a ɛma biribi yɛ serew. Ebinom gye di sɛ nneɛma a ɛbɔ abira wɔ aseresɛm mu—nneɛma abien a ayɛ sɛ nea ɛne ne ho nhyia a wɔka bom. Ɔbarima panyin a osiesie ne ho te sɛ kɔnsɛtni bɛma abofra aserew mpofirim. Nanso, ɛrenyɛ obi a wanyin a ɔwɔ asetram osuahu pii na otumi te nneɛma ase yiye no serew. Ebia n’ani begye aseresɛm a ɛkanyan adwene—kasakoa, nsɛmfua bi a wɔka ma ɛyɛ anigye, anaa nsɛnkwaa—ho kɛse asen ahosiesie no.
Nhwehwɛmufo bi gye di sɛ aseresɛm betumi afi nkate mu nhyɛso mu. Ebia ɔserew bɛkata ɔhaw ne ɛyaw a obi di so. Bible ka sɛ: “Ɔserew mu po koma hu yaw, na anigye no awiei yɛ awerɛhow.”—Mmebusɛm 14:13.
Aseresɛm yi pii fi agoden mu. Ɔbarima bi pori biribi yɛ te sɛ nea ɔrehwe ase, anaa ɔtɔ nsu mu ma ne ho fɔw. So ɛnyɛ serew? Sɛ obiara anhyɛ da ampira a, ebia ɛbɛyɛ serew.
Ɛnsɛ sɛ Kristoni ani gye aseresɛm a ɛho ntew anaa ɛyɛ atirimɔdensɛm ho. Efisɛ ɔdɔ ‘ani nnye nea ɛnteɛ ho.’ (1 Korintofo 13:6) Kristoni kwati nsɛnkwaa a ɛkasa tia afoforo na ebu ɔman anaa abusua bi animtiaa nso. Kristoni de “tema” di dwuma wɔ n’aseresɛm mu. (1 Petro 3:8, New World Translation) Sɛ́ nhwɛso no, ebia akokoaa a otutu nkakrankakra na afei ɔhwe ase bɛyɛ anika ankasa. Nanso sɛ obi a ne mfe akɔ anim anaa wadi dɛm hwe ase a, ɛrenyɛ papa sɛ wobɛserew na mmom nea ɛfata sɛ woyɛ ne sɛ wobɛyɛ ntɛm akɔboa no.
Aseresɛm ne W’akwahosan
Aseresɛm som bo kɛse, sɛ wɔde di dwuma yiye a. Nokwarem no, adanse pii reda no adi nkakrankakra sɛ serew betumi asa yare mpo. Wɔahu sɛ serew ma nipadua mu akwaa nya ahoɔden. Afei nso, sɛnea American Health nsɛmma nhoma ka no, “nhwehwɛmufo [bi] susuw sɛ serew betumi ama nipadua mu tumi a ɛko tia nyarewa no anya ahoɔden.” Afei nsɛmma nhoma no fa nipadua mu tumi a ɛko tia nyarewa ho ɔdenimfo Lee S. Berk asɛm ka sɛ: “Ɛyawdi betumi anya tumi a ɛko tia nyarewa no so tumi, na mprempren ɛda adi sɛ anigye nso tumi yɛ saa ara.” Eyi si nyansa a ɛwɔ Bible mu nsɛm yi mu so dua: “Anigye koma ma ahoɔden.”—Mmebusɛm 17:22.
Bere a ayaresabea ahorow bi ayeyɛ nea wɔfrɛ no ɔserew adan a ayarefo no tumi di agoru wom, hwɛ sini ahorow a ɛyɛ serew, tie nsɛnkwaa, anaa mpo wɔma abusuafo bɛsra wɔn wɔ anigye mu no, wɔwɔ anidaso sɛ wobetumi de ayaresa tumi a serew wɔ adi dwuma. So wo nso wubetumi ama nnipa aserew? Fa no sɛ, wowɔ adamfo anaa obusuani bi a ɔyare wɔ ayaresabea. Wɔ baabi a ebetumi ayɛ yiye no, dɛn nti na womma ɔyarefo no ani nnye denam nhoma anaa krataa bi a ɛka aseresɛm a wode bɛma no so?
Ɔserew betumi adwudwo abufuw ano nso. Dɔkta R. B. Williams, Kumaa, ka sɛ: “Abufufa nye mma w’akwahosan.” Saa ara na Bible no ka sɛ: “Komam dwo yɛ ɔhonam nkwa, na nitan yɛ nnompe mu porɔw.” (Mmebusɛm 14:30) Dɔkta Williams ka sɛ: “Ɛyɛ den sɛ wo bo befuw bere a woreserew.” Yiw, aseresɛm a ɛwɔ asɛm bi mu a wubehu no yɛ akwampa a wɔfa so siw abufuw ano no mu biako.
Abusua Kontonkron no Mu
Wobetumi de aseresɛm adi dwuma wɔ fie. Okunu bi ka sɛ: “Ɛso wɔ mfaso ma me te sɛ nea adwinnade a wotumi de yɛ nnwuma pii so wɔ mfaso ma afiri dwumfo no. Ɛbɔ obi ho ban hyɛ no nkuran, na ebue nkɔmmɔbɔ a etu mpɔn ho kwan, eyi adwemmɔne fi hɔ, na ɛdan nsɛm a ɛhaw adwene ma ɛbɛyɛ nea ntease ne ayamye wom.”
Aseresɛm tumi boa yiye bere a suban ahorow bi a ɛhyɛ abufuw pɛ sɛ ɛsɛe abusuabɔ no. Ɛmfa ho sɛ woakɔ so aka akyerɛ wo babarima mpɛn pii sɛ onyiyi n’agode mfi hɔ no, ɔma ne werɛ fi. Wo kunu gyaw ne ntade a ayɛ fĩ wɔ aguaree. Wo yere ma anwummere aduan hyew. Mfomso a wobɛhwehwɛ, aniwuhyɛ, sobobɔ, anaa nteɛteɛm hwanyan nsɛm mu. Akwahosan ho nhwehwɛmufo bi asɛm a wɔfa kae wɔ nsɛmma nhoma Redbook mu kyerɛe sɛ: “Sɛ wubisa onipa bi asɛm abufuw so anaa wudi ne ho fɛw a, obeyi ne ho ano. Nanso aseresɛm ma nkurɔfo susuw wɔn nneyɛe ho kɔ akyiri—na wɔyɛ nsakrae.”
Eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wudi onipa a ɔyɛɛ anibiannaso no ho fɛw. Ɛno taa de ɛyaw na ɛba, na ɛnyɛ ɔserew. Bɔ mmɔden ma aseresɛm no mfa tebea no ankasa ho. Serew a wɔserew pii betumi asiw ɔhaw no ano. Ɔyere bi ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a me kunu hu sɛ me bo reyɛ afuw, na ɔka aseresɛm bi anaa ɔyɛ biribi a ɛyɛ serew de dwudwo me bo. M’ani bɛba me ho so no na mereserew. Afei mibehu sɛ asɛm no nyɛ aniberesɛm biara.”
Nanso, kɔkɔbɔ bi ni. Kwati sɛ wubeyi aseresɛm bere a tebea no hwehwɛ sɛ woma w’ani bere anaa woda ayamhyehye adi. Hyɛ nea Mmebusɛm 25:20 ka yi nsow: “Nea ɔto dwom kyerɛ ɔwerɛhowni no te sɛ nea ɔpa ntama awɔwbere mu, anaa nsã nyinyanyinya a wɔde gu gyakisi so.” Ɛsɛ sɛ wode anidahɔ a ɛfata di aseresɛm ho dwuma, sɛnea ɛbɛyɛ a wumpira obi wɔ nkate anaa nipadua mu. Mma aseresɛm mmɛyɛ nea ɛfa nsɛnhunu ho anaa nea obu nnim da. Eyi nti ɛmfata sɛ mmofra a wɔanyinyin bedi wɔn nuanom nkumaa ho fɛw bere nyinaa. Bere a ebia ehuru a emu nyɛ den nhaw yɛn no, nsɛm a wɔde bu animtiaa mfata. Ɛsɛ sɛ awarefo nso bɔ mmɔden sɛ wɔde aseresɛm bedi dwuma ɔkwampa so, na ɛnyɛ sɛ wɔde bedi dwuma sɛ biribi a wɔde kasa tia wɔn ahokafo anaa wɔnam so bu wɔn abomfiaa.
Anwensɛm kyerɛwfo Langston Hughes kyerɛwee bere bi sɛ: “Te sɛ osu a ɛtɔ wɔ ahohuru bere mu no, aseresɛm betumi ama asase, mframa, ne mo ho atew na mo ho adwo mo mpofirim.” Nokwarem no, aseresɛm betumi adi dwuma titiriw wɔ yɛn asetra mu. Ɛmma yemmu yɛn ho ntra so. Ebetumi aboa yɛn ma yɛn ani agye na yɛn bo atɔ yɛn yam. Ebetumi ama yɛne afoforo anya abusuabɔ pa. Ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina ahohia ano. Ebetumi mpo ama yɛn akwahosan pa.
Enti sua aseresɛm yi wɔ w’asetra mu. Hwehwɛ bi. Hwɛ so yiye. Ma ennya nkɔso. Ebenya wo ne wɔn a wɔbɛn wo so nkɛntɛnso pa sɛnea ɛte biara!
[Kratafa 26 mfonini]
Aseresɛm betumi aboa asiesie ofie nsɛnnennen