Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr22 May kr. 1-4
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2022
  • Nsɛmti Nketewa
  • MAY 2-8
  • MAY 16-22
  • MAY 30–JUNE 5
  • JUNE 6-12
  • JUNE 13-19
  • JUNE 20-26
  • JUNE 27–JULY 3
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2022
mwbr22 May kr. 1-4

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

MAY 2-8

BIBLE MU AKORADE | 1 SAMUEL 27-29

it-1 41

Akis

Bere a na Saul taa Dawid so no, ɔkɔbɔɔ ne ho aguaa wɔ Ɔhene Akis hɔ mprenu na Saul annya no. Bere a edi kan a ɔkɔɔ hɔ no, na nkurɔfo no susuw sɛ gyama ɔrebɛyɛ wɔn bɔne. Ohuu saa no, ɔhyɛɛ da yɛɛ ne ho te sɛ ɔbɔdamfo, enti Akis kaa sɛ wonnyaa no mma ɔnkɔ na ɔbɔdamfo de, ne ho nyɛ hu. (1Sa 21:10-15; Dw 34:Atf; 56:Atf) Ɛno akyi na Dawid kɔɔ hɔ ne mprenu so. Saa bere no, na asraafo 600 ne wɔn mmusua ka ne ho. Woduu hɔ no, Akis de kurow bi a yɛfrɛ no Siklag maa wɔn sɛ wɔnkɔtena hɔ. Wɔtenaa hɔ afe ne abosome nnan. Saa bere no, ɛwom ara a na Dawid ne ne dɔm no akɔtow ahyɛ Gesurfo, Gersifo, ne Amalekfo so afom wɔn nneɛma. Nanso ɔdaadaa Akis ma onyaa adwene sɛ, Yudafo nkurow na ɛyɛ a ɔkɔtow hyɛ so. (1Sa 27:1-12) Akis gyee no dii; ogyee no dii ara ma bere bi a Filistifo no boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔne Ɔhene Saul de rekosi ani no, ɔkaa sɛ Dawid nka ne ho nkɔ ɔko no, na ɔmmɔ ɔno Akis ho ban. Akis de Dawid kɔ wiei ara ne sa, nanso Filistifo “ahemfo” a na wɔka Akis ho no, na wɔn tirim ntene wɔn koraa. Wɔyɛe ara maa Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ ɔnsan. Enti ɔne ne mmarima no san kɔɔ Siklag. (1Sa 28:2; 29:1-11) Akyiri yi a Dawid bɛyɛɛ ɔhene no, ɔne Gatfo kɔkoe, nanso ɛda adi sɛ wɔankum Akis. Solomon bɛyɛɛ ɔhene nyinaa na Akis te ase.—1Ah 2:39-41.

it-2 245 ¶6

Atorodi

Bible kasa tia hyɛ a obi bɛhyɛ da atwa atoro ato obi so ama wanya asɛm. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ, sɛ obi mfata sɛ ohu asɛm bi mu a, kyenkyen ara a ɛsɛ sɛ yɛka nokwasɛm a ɛwom nyinaa kyerɛ no. Yesu Kristo tuu yɛn fo sɛ: “Mommfa ade a ɛyɛ kronkron mmma nkraman, na monntow mo abohene nngu mprako anim, na wɔamfa wɔn nan antiatia so, na wɔannan wɔn ho ammɛtetew mo mu.” (Mt 7:6) Nsɛm a na nkurɔfo bisa Yesu no bi wɔ hɔ a na otumi hu sɛ, sɛ oyi ano tee anaa ɔka nokwasɛm a ɛwom nyinaa a ɛremmoa; ebetumi mpo akɔfa asɛm aba. Ɛno saa no, na ɔnka nea ɛwom nyinaa nkyerɛ wɔn. (Mt 15:1-6; 21:23-27; Yoh 7:3-10) Wohwɛ Bible mu a, nnipa bi te sɛ Abraham, Isak, Rahab, ne Elisa nso, na wonim sɛ ɛnyɛ nsɛm nyinaa na yebue so. Ɛno nti, sɛ wɔne nkurɔfo a wɔnsom Yehowa redi a, ɛnyɛ biribiara na na wɔka emu nokwasɛm nyinaa.—Ge 12:10-19; ti 20; 26:1-10; Yos 2:1-6; Yak 2:25; 2Ah 6:11-23.

MAY 16-22

BIBLE MU AKORADE | 2 SAMUEL 1-3

Tweetwee Bible Mu

it-1 369 ¶2

Onua

Sɛ nnipa mmienu bi ka wɔn ti pam ho sɛ wɔbɛyɛ biribi, anaa wɔn nyinaa botae yɛ baako a, obiara betumi afrɛ ne yɔnko sɛ ‘me nua.’ Tiro hene Hiram sei, ɔfrɛɛ Ɔhene Solomon ne nua. Ɛnyɛ sɛ na wɔn nyinaa yɛ ahemfo kɛkɛ nti na ɔfrɛɛ no saa. Mmom na botae koro no ara na esi wɔn ani so, a ɛne sɛ, wɔbɛhwɛ ama Israelfo nsa aka nnua ne nneɛma foforo a wɔde besi asɔrefie no. (1Ah 9:13; 5:1-12) Dawid kaa sɛ: “Hwɛ sɛnea eye na ɛyɛ fɛ sɛ anuanom bom de baakoyɛ tena!” Nea na Dawid rekyerɛ ne sɛ, sɛ obi ne obi fi maame baako anaa papa baako a, ɛnyɛ ɛno nko ara na ɛbɛma asomdwoe ne koroyɛ atena wɔn ntam. (Dw 133:1) Dawid ne Yonatan sei, na womfi maame baako anaa papa baako, nanso Dawid frɛɛ Yonatan sɛ ne nua. Nea enti ne sɛ, na obiara pɛ ne yɔnko asɛm, na na wɔn adwene nso yɛ baako. (2Sa 1:26) Afei nso, sɛ ayɔnkofo bi suban sɛ, na sɛ saa suban no nyɛ papa mpo a, yetumi frɛ wɔn anuanom ma ɛyɛ yiye.—Mme 18:9.

MAY 30–JUNE 5

BIBLE MU AKORADE | 2 SAMUEL 7-8

Tweetwee Bible Mu

it-2 206 ¶2

Nna No Awiei

Baalam Nkɔmhyɛ No. Ansa na Israelfo no redu Bɔhyɛ Asaase no so no, odiyifo Baalam kaa asɛm bi kyerɛɛ Moab hene Balak. Nea ɔkae ne sɛ: “Bra na menkyerɛ wo nea nkurɔfo yi de bɛyɛ wo man wɔ nna no awiei. . . . Nsoromma bi bepue afi Yakob mu, na ahempoma bi bɛsɔre afi Israel mu. Na sɛnea ɛte biara, ɔbɛpaapae Moab moma, na wapaapae mma a wɔyɛ dede no tikora.” (Nu 24:14-17, ase hɔ asɛm) Nkɔmhyɛ yi mmamu a edi kan mu no, na “nsoromma” no gyina hɔ ma Ɔhene Dawid, efisɛ ɔno na odii Moabfo no so nkonim brɛɛ wɔn ase. (2Sa 8:2) Wei nti yebetumi aka sɛ saa bere no, “nna no awiei” a nkɔmhyɛ no kaa ho asɛm no fii ase bere a Dawid bɛyɛɛ ɔhene no. Na esiane sɛ Dawid gyina hɔ ma Mesia Hene Yesu nti, daakye, sɛ odi n’atamfo so nkonim a, ɔbɛma saa nkɔmhyɛ yi aba mu bio.—Yes 9:7; Dw 2:8, 9.

JUNE 6-12

BIBLE MU AKORADE | 2 SAMUEL 9-10

Tweetwee Bible Mu

it-1 266

Abogyesɛ

Tete no, wokɔ Israel ne aman a na atwa wɔn ho hyia no a, sɛ ɔbarima gyaw n’abogyesɛ a, na ɛma nkurɔfo bu no. Wohwɛ mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no a, ɔkaa sɛ wɔnhwɛ na wɔanyi wɔn “asontɔrem nwi,” na ɛnsɛ sɛ wotwitwa wɔn abogyesɛ ano nso. (Le 19:27; 21:5) Akyinnye biara nni ho sɛ saa bere no, na ɛyɛ abosonsomfo binom amanne.

JUNE 13-19

BIBLE MU AKORADE | 2 SAMUEL 11-12

Tweetwee Bible Mu

it-1 590 ¶1

Dawid

Nea na Dawid reyɛ nyinaa, na Yehowa ani tua, na anyɛ no dɛ koraa. Enti ɔmaa Dawid ho daa hɔ. Sɛ Yehowa maa kwan maa atemmufo a ɛwɔ Israel no dii Dawid ne Bat-Seba asɛm a, anka wobegyina Mose Mmara no so akum wɔn. Sɛ wokum Bat-Seba nso a, anka ɔkwan biara so abofra a ɔhyɛ ne yam no bewu. (De 5:18; 22:22) Nanso Yehowa ankasa na odii asɛm no, na ohuu Dawid mmɔbɔ de ne nkwa kyɛɛ no. Nea enti a ɔyɛɛ saa no, baako ne sɛ, na ɔne Dawid ayɛ Ahenni ho apam. (2Sa 7:11-16) Afei nso Dawid ankasa, na ɔyɛ obi a ohu afoforo mmɔbɔ. (1Sa 24:4-7; fa toto Yak 2:13 ho) Nea ɛka ho bio ne sɛ, Onyankopɔn hui sɛ Dawid ne Bat-Seba nyinaa anu wɔn ho. (Dw 51:1-4) Nanso wei nkyerɛ sɛ wɔfaa wɔn ho dii koraa. Yehowa nam ne diyifo Natan so ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Mɛma mmusu aba wo so, na wo fi na ebefi aba.”—2Sa 12:1-12.

JUNE 20-26

BIBLE MU AKORADE | 2 SAMUEL 13-14

it-1 32

Absalom

Okum Amnon. Absalom nuabea Tamar ahoɔfɛ nti, na wɔn papa ba Amnon pɛ no. Amnon patuw yaree, na ɔne obi hyehyɛɛ ho ma wɔkɔfrɛɛ Tamar brɛɛ no sɛ ɔmmɛnoa aduan mma no. Ɔbae no, ɔyeree no ne no dae. Afei, ɔdɔ a na Amnon dɔ Tamar nyinaa tu yerae, na ɔbɛtan no papaapa. Enti ɔkaa no sii abɔnten. Ataade a na Tamar hyɛ no, na ɛyɛ ataade soronko a ɔhene mma mmea a wɔyɛ mmaabun na ɛhyɛ. Opuei no, osuan ataade no mu, na ɔde nsõ guu ne ti so. Ɔnam kwan so no, Absalom hyiaa no. Ntɛm ara na ɔkaa sɛ, ɛbɛyɛ sɛ Amnon ara na adi saa dwuma yi. Nea ɔkae yi kyerɛ sɛ, na wahu asie sɛ Amnon wɔ ne nuabea no ho akɔnnɔ. Nanso Absalom ka kyerɛɛ ne nuabea no sɛ, mma ɔnka nea asi no ho hwee, na ɔde no kɔɔ ne fie.—2Sa 13:1-20.

it-1 33 ¶1

Absalom

Mfe mmienu twaam. Ná bere a wotwitwa nguan ho nwi no adu. Edu saa bere no a, na nkurɔfo tow pon gye wɔn ani. Absalom nso tow pon wɔ Baal-Hasor. Wufi Yerusalem rekɔ hɔ a, wode w’ani bɛkyerɛ atifi fam, na woatwa kwan bɛyɛ kilomita 22 (anaa akwansin 14) ansa na woadu hɔ. Absalom too nsa frɛɛ Dawid ne ahenemma no nyinaa sɛ wɔmmra apontow no ase. Nanso Dawid de, ɔkaa sɛ ɔrentumi mma. Enti Absalom srɛɛ no ara sɛ, ɛnde ɔmma ne ba panyin Amnon mmesi n’anan. Dawid penee so. (Mme 10:18) Apontow no ase no, Amnon ‘nom nsã maa n’ani gyei.’ Absalom huu saa pɛ, ɔka kyerɛɛ n’asomfo no sɛ wonkum no. Ɛbaa saa no, ahenemma a aka no sɔre fii apontow no ase de wɔn ani kyerɛɛ Yerusalem. Absalom ankasa de, oguan kɔɔ ne nanabarima a ɔyɛ Siriani no nkyɛn wɔ Gesur. Ná Gesur yɛ kurow bi a ɛwɔ Galilea Po no apuei fam. (2Sa 13:23-38) Asɛm a bere bi odiyifo Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ “sekan” rempa ne fie da no, na afi ase reba mu. Efi saa bere no, Dawid annya ahotɔ; sekan ampa ne fie kosii sɛ owui.—2Sa 12:10.

Tweetwee Bible Mu

g04 12/22 8-9

Nea Ɛma Obi Ho Yɛ Fɛ Paa

Wo de, ma yɛnhwɛ Dawid ba Absalom. Ná n’ahoɔfɛ yɛ krabɛhwɛ, nanso ne suban de, na ɛnyɛ fɛ koraa. Bible ka ne ho asɛm sɛ: “Israel nyinaa, na ɔbarima biara nni hɔ a n’ahoɔfɛ nti wɔkamfo no te sɛ Absalom. Efi ne nan ase kosi n’apampam, na dɛm biara nni ne ho.” (2 Samuel 14:25) Nanso, tumi a na ɔrepɛ nti, ɔtew ne papa so atua, na ɔyɛe sɛ obetu no ade so. Ɔhyɛɛ ne papa yerenom mpo ne wɔn dedae. Nea ɔyɛe no hyɛɛ Onyankopɔn abufuw, enti ewiee ase no, owuu owuyaw.—2 Samuel 15:10-14; 16:13-22; 17:14; 18:9, 15.

Wohwɛ Absalom suban yi a, ɔyɛ obi a wobɛpɛ sɛ wofa no adamfo? Daabi; na ne suban yɛ tan. Ná ɔyɛ ahantan, na na ɔnyɛ ɔnokwafo nso. N’ahoɔfɛ no ankata saa subammɔne yi mu biara so; saa ara nso na annye no amfi owu mu. Wohwɛ Bible mu a, nnipa bebree wom a na wonim nyansa, na na wɔn suban nso yɛ fɛ. Nanso Bible nka sɛ na wɔn ho yɛ fɛ anaa wɔn ho nyɛ fɛ. Wɔn ahoɔfɛ no, na ɛwɔ komam, na saa ahoɔfɛ no na ɛyɛ papa paa.

JUNE 27–JULY 3

BIBLE MU AKORADE | 2 SAMUEL 15-17

it-1 860

Wɔn a Wotu Mmirika Di Ɔhene Anim

Tete mmere mu no, amammerɛ baako a na ɛwɔ hɔ ne sɛ, sɛ ɔhene bi te ne teaseɛnam mu reba a, na ɔwɔ nkurɔfo a wotu mmirika di n’anim. Wɔrekɔ nyinaa, na wɔrebɔ nkurɔfo nkae sɛ ɔhene reba, na na wɔyɛ nneɛma afoforo nso de boa ɔhene no. (1Sa 8:11) Yɛhwɛ Absalom ne Adoniya a, anuonyam ne nidi soronko a na saa ade no ma ahemfo nya no, na wɔn nso pɛ bi. Enti wɔpɛɛ mmarima 50 a wobetu mmirika adi wɔn nteaseɛnam anim. Afei nso, na wɔatew ɔhene no so atua, enti ɛbɛyɛ sɛ wɔyɛɛ saa na ama ɔmanfo no anya adwene sɛ adedi no fata wɔn.—2Sa 15:1; 1Ah 1:5.

it-1 1083-1084

Hebron

Mfe bi akyi no, Dawid ba Absalom san baa Hebron, na ɛhɔ na nneɛma a na ɔpɛ sɛ ɔyɛ de tu ne papa ade so no, ofii ase. Nanso ankosi aga. (2Sa 15:7-10) Nea enti a okofii n’atuatew no ase wɔ Hebron ne sɛ, bere bi na ɛhɔ ne Yuda ahenkurow, na ɛhɔ nso na wɔwoo no. Akyiri yi, Dawid nana Ɔhene Rehoboam san kyekyee Hebron. (2Be 11:5-10) Bere a Babilonfo bɛsɛee Yuda a wɔsoaa emufo kɔe no, Yudafo a wɔsan baa wɔn nkyi no mu bi kɔtenaa Hebron (anaa Kiriat-Arba).—Ne 11:25.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena