Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 2/8 kr. 4-7
  • Sɛ́ Wubenya Obi mu Ahotoso Anaa Wunnya

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ́ Wubenya Obi mu Ahotoso Anaa Wunnya
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahotoso Betumi Ayɛ Nea Asiane Wom
  • Ahotoso a Wunnya Betumi Ayɛ Nea Asiane Wom
  • Hwɛ Wo Nantew mu Yiye
  • Da Ntease Adi na Kari Pɛ
  • Ahotoso Ho Hia Ma Asetra a Anigye Wom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Wubetumi Agye Anuanom Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Fa Wo Koma Nyinaa To Yehowa so
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Hyɛ Yehowa Mu Ahotoso a Wowɔ no Mu Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 2/8 kr. 4-7

Sɛ́ Wubenya Obi mu Ahotoso Anaa Wunnya

EBETUMI ayɛ den sɛ yebehu sɛ ɛsɛ sɛ yenya obi mu ahotoso anaa ɛnsɛ sɛ yenya. Asiane wɔ emu biara mu, titiriw wɔ wiase a nnaadaa ne afoforo a woyi wɔn ma abu so mu. Nanso yɛn nyinaa hia nnamfo a wɔwɔ wɔn mu ahotoso a wɔbɛboa yɛn wɔ ahokyere bere mu. (Mmebusɛm 17:17) Bɛyɛ mfe mpem abien a atwam ni no, Romani nhoma kyerɛwfo Phaedrus kaa asɛnni no ho asɛm wɔ saa kwan yi so: “Sɛ́ wubenya obi mu ahotoso anaa wunnya no yɛ nea asiane wom.”

Ahotoso Betumi Ayɛ Nea Asiane Wom

Dɛn nti na obi foforo mu ahotoso a wubenya no yɛ hu? Wiɛ, susuw kɔkɔbɔ bi a wɔde mae wɔ Psychology Today nsɛmma nhoma no mu ho. Ɛka nnipa a wɔsɛe ahotoso a nkurɔfo wɔ no ho asɛm sɛ wɔyɛ “nnipa a wɔkyere afoforo we” a “wɔde adɔkɔdɔkɔsɛm dannan wɔn ho sɛ ɔbosomaketew de daadaa wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia sɛe wɔn asetra.” Ɛda adi sɛ, sɛ saa nnaadaafo yi wɔ hɔ a, akyinnye biara nni ho sɛ obi mu ahotoso a wubenya no mmoroso no yɛ nea asiane wom.

Obi a onya afoforo mu ahotoso dodo no gye biribiara kɛkɛ di, na nea efi mu ba ne sɛ, wɔdaadaa no wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so. Biribiara a wogye di ho nhwɛso biako a ɛda nsow ne Owura Arthur Conan Doyle, a ɔkyerɛw nhoma faa Sherlock Holmes a n’adwenem da hɔ a waben wɔ nsɛmmɔnedi ho nhwehwɛmu mu ho no. Wɔ 1917 mu no, mmeawa baanu, Elsie Wright ne ne nua, Frances Griffiths, kyerɛe sɛ wɔne ahonhom adi agoru wɔ turo a ɛwɔ wɔn fie wɔ Cottingley, England, no mu. Wɔde ahonhom no mfonini mpo kyerɛe de bɔɔ mmɔden kyerɛe sɛ nea wɔreka no yɛ nokware.

Conan Doyle a n’ani gyee ahonhonsɛmdi ho wɔ ne ba barima wu akyi no nyaa wɔn mu ahotoso na ogyee asɛm a ɛfa ahonhom ho no dii—sɛnea nnipa pii gye dii saa bere no. Bɛyɛ mfe 55 akyi ansa na mmeawa baanu yi kae sɛ na ne nyinaa yɛ nnaadaasɛm, na wotwaa “ahonhom” no mfonini fii nhoma bi mu ansa na wɔretwa mfonini ahorow no. Ɛyɛɛ Frances Griffiths nwonwa sɛ obiara gyee wɔn asɛm no dii. Ɔkae sɛ: “Sɛnea obiara tumi gye biribiara di kɛkɛ ma enti ogye dii sɛ asɛm no yɛ nokware no yɛ biribi a mintumi nte ase bere nyinaa.”—Hoaxers and Their Victims.

Wubetumi ahu afiri a Conan Doyle tɔɔ mu no? Ogyee asɛm no dii koraa esiane sɛ na ɔpɛ sɛ ɛyɛ nokware nti. Nhoma kyerɛwfo Norman Moss ka sɛ: “Wobetumi adaadaa yɛn kwa esiane su bi a ɛmma yentumi nhu nneɛma yiye na yɛde yɛn ani biako hwɛ ade nti. . . . Ɛtɔ mmere bi a, yegye di sɛ biribi yɛ nokware esiane sɛ ɛyɛ biribi a yɛpɛ sɛ ɛyɛ nokware nti.” (The Pleasures of Deception) Eyi kae yɛn kɔkɔbɔ bi a Helani ɔkasafo a n’ano atew a wagye din, Demosthenes, de mae bɛyɛ mfe 350 ansa na Yɛn Bere yi reba no: “Ade a ɛyɛ mmerɛw sen biara ne sɛ obi bɛdaadaa ne ho, efisɛ nea onipa pɛ na mpɛn pii no, ogye di sɛ ɛyɛ nokware.” Yɛn nkate a yebenya mu ahotoso kɛkɛ no betumi ayɛ asiane.

Nokwarem no, ebia wubesusuw sɛ eyi yɛ nhwɛso a ɛntaa nsi koraa na Conan Doyle agyim sen sɛnea wobɛyɛ. Nanso ɛnyɛ wɔn a wogye biribiara kɛkɛ di no nkutoo na wɔwɔ asiane a ɛne sɛ wɔbɛdaadaa wɔn no mu. Nnipa a ɛte sɛ nea wobetumi anya wɔn mu ahotoso no adaadaa nnipa pii a wɔda ahwɛyiye ne anidahɔ adi bere nyinaa no.

Ahotoso a Wunnya Betumi Ayɛ Nea Asiane Wom

Ebetumi ayɛ asiane nso sɛ, wunnya obiara anaa biribiara mu ahotoso. Ahotoso a wunnya no te sɛ biribi a ɛwe nkannare. Ebetumi awewe na asɛe abusuabɔ a anka ebetumi ayɛ anigye, na emu yɛ den. Animtiaabu kɛse ne afoforo mu ahotoso a wunnya koraa no betumi ama woayɛ obi a onni anigye koraa na onni adamfo. Ebetumi asɛe abusuabɔ a wo ne afoforo benya araa ma Engiresini nhoma kyerɛwfo Samuel Johnson kyerɛwee sɛ, “ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ anigye sɛ wobesisi wo mmom sen sɛ wunnya obiara mu ahotoso.”

Afoforo mu ahotoso a wunnya no betumi de w’akwahosan ato asiane mu mpo. Ebia wunim sɛ nkate a ano yɛ den te sɛ abufuw betumi ama woanya komayare. Nanso, wunim sɛ nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ afoforo mu ahotoso a wunnya no betumi ayɛ saa ara? Chatelaine nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Ɛnyɛ nnipa a wɔn bo fuw ntɛm nkutoo na ɛyɛ mmerɛw sɛ esiane wɔn nneyɛe nti, tumi a wobetumi anya komayare benya nkɔanim. Nhwehwɛmu foforo kyerɛ sɛ anifere kwan so nitan, te sɛ animtiaabu ne afoforo mu ahotoso a wunnya no betumi de wo ato asiane mu.”

Hwɛ Wo Nantew mu Yiye

Dɛn na wubetumi ayɛ? Bible no ma yɛn asɛm yi ho afotu pa. Mmebusɛm 14:15 ka sɛ: “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di.” Eyi nyɛ animtiaabu a ɛsɛe ade. Ɛyɛ hia a ehia sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ asetram ho nkaebɔ pa. Obi a onni suahu nko na obegye asɛm biara a ɔte adi. Wɔ ntease pa mu no, Bible mmebusɛm no toa so sɛ: “Na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.” Engiresini agorukyerɛwfo William Shakespeare kyerɛwee sɛ: “Nnya taaboo a aporɔw mu ahotoso.” Sɛ obi nim sɛ taaboo a ɛda twene a ɛda bonka bi a emu dɔ so aporɔw na ɔfa so a, na ɔyɛ ogyimfo paa. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wubetumi afa ‘ahwɛ wo nantew yiye’ sɛnea ɛbɛyɛ a wunnya ahotoso a ɛnteɛ?

Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnsɔ nea nkurɔfo ka nhwɛ sen sɛ yebegye biribiara a yɛte adi koraa. Ɛka sɛ: “Asõ na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na ano ka aduan hwɛ.” (Hiob 34:3) So ɛno nyɛ nokware? Mpɛn pii no, yɛnka aduan nhwɛ ansa na yɛamene? Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛsɔ nsɛm a nkurɔfo ka ne wɔn nneyɛe hwɛ ansa na yɛagye adi. Obi a ɔyɛ nokwafo biara bo mfuw bere a yɛhwehwɛ ne ho adanse no. Scotlandfo bɛ a ɛka sɛ: “Sɛ obi daadaa me pɛnkoro a, ɛyɛ animguase ma no; na sɛ ɔdaadaa me mprenu a, na ɛyɛ animguase ma me” no foa hwɛ a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ biribi yɛ nokware no so.

Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Monsɔ ade nyinaa nhwɛ.” (1 Tesalonikafo 5:21) Wɔde asɛmfua a ɔsomafo Paulo de dii dwuma maa ‘sɔ hwɛ’ no nso dii dwuma maa fagude a ne bo yɛ den a wɔsɔ hwɛ sɛ ebia ɛyɛ papa no. Ná onyansafo sɔ hwɛ bere nyinaa sɛ nea ɔretɔ no yɛ papa anaa. Anyɛ saa a ɔbɛtɔ nea wɔfrɛ no daadaa kra—ade bi a na ɛte sɛ sika kɔkɔɔ nanso nokwarem no, na ɛnsom bo koraa no.

Da Ntease Adi na Kari Pɛ

Nokwarem no, yɛpɛ sɛ yɛda ntease adi wɔ saa asɛm yi mu na ɛnsɛ sɛ yenya afoforo ho adwene a ɛnteɛ koraa. (Filipifo 4:5) Nyɛ ntɛm nnya obiara ho adwemmɔne. Afoforo adwene a wobɛte ase wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so bɛyɛ ɔkwan a wonam so sɛe abusuabɔ pa ntɛm. Mpɛn pii no, ɛbɛyɛ papa sɛ wubesusuw sɛ wo nnamfo pɛ sɛ wɔyɛ nea eye sen biara ma wo sen sɛ wubenya wɔn ho adwemmɔne bere a nsɛnnennen asɔre no.

Nya afoforo sintɔ ne wɔn mfomso ho koma. Nhoma kyerɛwfo Kristin von Kreisler kae sɛ: “Sɛ w’adamfo yi wo ma a, ɛsɛe ahotoso.” Nanso, ebia na wanhyɛ da na oyii wo mae anaa esiane mmerɛwyɛ bi a mprempren odi ho yaw kɛse nti na ɔyɛɛ saa. Enti, ɔtoa so sɛ: “Mfa yi a oyii wo mae no nhyɛ wo mu—anaa mma kwan ma ɛmma wonhwere afoforo mu ahotoso.” Mma kwan ma osuahu yayaw bi a wanya no mma wonhwere anigye a ebetumi afi abusuabɔ pa a wo ne afoforo benya mu aba no.

Kari pɛ. Ɛho nhia sɛ wubu w’ani gu nneɛma so bere a worekari nnipa ahwɛ no; obi a ɔyɛ ahwɛyiye no ma n’ani da hɔ. Oduruyɛfo Redford Williams ka no wɔ ɔkwan foforo so sɛ, yɛmmɔ mmɔden mfa no sɛ afoforo reyɛ nea wobetumi nyinaa, yɛmmɔ mmɔden nte wɔn nsusuwii ase, na “yensua sɛ yebenya afoforo mu ahotoso” bere biara a ɛbɛyɛ yiye no. Ebetumi ayɛ papa sɛ wubenya afoforo mu ahotoso mmoroso sen sɛ wunnya obiara mu ahotoso koraa.

Nea ɔkyerɛw Bible mu Mmebusɛm nhoma no gye tom sɛ “nea ɔfa nnamfo pii no de sɛe n’ankasa ne ho”—kyerɛ sɛ nnipa a wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wobedidi w’ahotoso no ho. Wɔayɛ wiase no mu ma. Nanso ma afoforo bere ne hokwan ma wɔnkyerɛ sɛ wubetumi anya wɔn mu ahotoso, na wubenya nnamfo a nokwarem no, ‘wɔbɛfam wo ho asen onua.’—Mmebusɛm 18:24.

Ɛnde, so obi anaa biribi wɔ hɔ a wubetumi anya mu ahotoso koraa, a worensuro sɛ obedidi w’ahotoso no ho anaa ɔrenyi wo mma? Yiw, obi wɔ hɔ ankasa. Asɛm a edi hɔ no besusuw nea wode ahotoso begye no adi koraa ho tiawa.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

“Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.”—Mmebusɛm 14:15

[Kratafa 7 mfonini]

Nya afoforo sintɔ ne wɔn mfomso ho koma

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena