So Ɛsɛ sɛ Mmofra Paw Ɔsom a Wɔn Ankasa Pɛ?
AWOFO paw nneɛma ahorow ma wɔn ba fi bere a wɔwo no no. Bere koro no ara no, ɔwofo a onim nyansa no nim bere a ɛsɛ sɛ ɔyɛ fakaa, na osusuw nea abofra no pɛ ho bere a ɛfata biara.
Nanso, hokwan a awofo de bɛma abofra ma wapaw nea ɔpɛ no betumi ayɛ asɛnnennen ama wɔn. Bere a ɛyɛ nokware sɛ mmofra betumi apaw nea ɛteɛ na wɔanya ahofadi kakra a wɔde bɛma wɔn mu mfaso bi no, saa ara na ɛyɛ nokware nso sɛ wobetumi apaw nea ɛnteɛ a ebetumi akowie asiane mu.—2 Ahene 2:23-25; Efesofo 6:1-3.
Sɛ nhwɛso no, mpɛn pii no mmofra paw aduan a ahoɔden nnim sen nea ahoɔden wom. Dɛn ntia? Efisɛ wɔ wɔn mmofraase no, wɔn ankasa ntumi mfa atɛmpa nni dwuma. So ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ awofo bɛma wɔn mma kwan koraa wɔ asɛm yi mu, a wɔwɔ anidaso sɛ awiei koraa no, wɔbɛpaw aduan a ahoɔden wom? Dabi. Mmom no, ɛsɛ sɛ awofo si gyinae ahorow ma wɔn mma bere a wɔn daa yiyedi ho asɛm wɔ wɔn adwenem no.
Enti, wɔ ɔkwan a ɛfata so no, awofo paw nneɛma bi ma wɔn mma wɔ adidi, ntadehyɛ, ahosiesie, ne abrabɔ fam. Na ɔsom nso ɛ? So ɛsɛ sɛ awofo paw ɛno nso ma wɔn?
Ade a Wɔpaw No
Ebinom bɛka sɛ ɛnsɛ sɛ awofo de wɔn som mu gyidi ahorow hyɛ wɔn mma so. Nokwarem no, bɛboro mfe 160 a atwam ni no, ebinom a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no maa adwene a ɛne sɛ “ɛnsɛ sɛ awofo de wɔn som kyerɛkyerɛ wɔn mma, na mmofra no amfa wɔn adwene ansi gyidikasɛm pɔtee bi so, na mmom ɛsɛ sɛ wogyae wɔn kosi sɛ wobetumi apaw biribi, na wɔapaw bi,” no nyaa nkɔanim.
Nanso, saa adwene yi ne Bible no de nhyia. Bible si hia a ɔsom mu gyidi ahorow a wɔde bɛhyɛ mmofra mu fi awo mu no ho hia so dua. Mmebusɛm 22:6 ka sɛ: “Kyerɛ abofra [abarimaa, NW] ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.”
Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “abarimaa” no twe adwene si mmofraase kosi mpanyin mfe so. Ɛdefa hia a adesua a wofi ase wɔ mmofraase ho hia ho no, Ɔbenfo Joseph M. Hunt, a ɔwɔ Illinois Sukuupɔn mu wɔ U.S.A. no kae sɛ: “Asetra mu mfe anan anaa anum a edi kan no mu na abofra nyin ntɛmntɛm, na wotumi teɛteɛ no sen biara. . . . Ebia onya [ne] su atitiriw no mu ɔha mu nkyem 20 ansa na wadi afe, na ebia onya mu fã ansa na wadi mfe anan.” Eyi ankasa si Bible afotu a efi honhom mu a ɛkyerɛ sɛ ɛho hia sɛ awofo de akwankyerɛ a nyansa wom ma ntɛm, na wɔtete no wɔ Onyankopɔn kwan so no so dua.—Deuteronomium 11:18-21.
Ɔkwan a ɛda nsow so no, Kyerɛwnsɛm no kyerɛ awofo a wosuro Onyankopɔn no sɛ wɔmfa Yehowa ho dɔ nhyɛ wɔn mma mu. Deuteronomium 6:5-7 ka sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Awurade [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn. Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye [hyɛ wo ba no mu], na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Hebri adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase “kyerɛkyerɛ” no kura adwene a ɛne sɛ wɔbɛsew adwinnade bi ano, wɔ ɔbo so. Wɔrentumi nyɛ eyi wɔ twiw a wɔde betwiw so kakraa bi mu, na mmom ɛsɛ sɛ wɔde nsi kɔ so de twiw so mpɛn pii. The New English Bible no kyerɛ Hebri adeyɛ asɛm no ase “kɔ so.” Nokwarem no, ‘biribi a wɔde hyɛ obi mu’ no kyerɛ sɛ ebenya obi so nkɛntɛnso a ɛtra hɔ daa.—Fa toto Mmebusɛm 27:17 ho.
Enti, ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ nokware Kristofo bu wɔn asɛyɛde a ɛne sɛ wɔde wɔn som mu gyidi ahorow bɛhyɛ wɔn mma mu no aniberesɛm. Wɔrentumi mpo saa asɛyɛde yi denam wɔn mma a wɔbɛma wɔn kwan ma wɔapaw nea wɔn ankasa pɛ no so mma ɛmfata. Nea ɛka eyi ho ne wɔn “mma nketewa” a wɔde wɔn bɛkɔ asafo nhyiam ahorow. Ɛhɔ no, awofo no betumi atra wɔn nkyɛn na wɔaboa wɔn ma wɔahu honhom fam mfaso a abusua a biakoyɛ wom betumi anya afi Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ a wɔyɛ aso tie ne emu kyɛfa a wonya no mu.—Deuteronomium 31:12, 13; Yesaia 48:17-19; 2 Timoteo 1:5; 3:15.
Awofo Asɛyɛde
Ka a wobɛka akyerɛ abofra bi kɛkɛ sɛ onni biribi esiane sɛ ahoɔden wom nti nkyerɛ sɛ abofra no ani begye ho. Enti, ɛna a onim nyansa nim sɛnea ɔbɛma saa nnuan a ɛho hia yi ayɛ dɛ sɛnea obetumi, na ama abofra no ani agye ho. Na nokwarem no, osiesie aduan no wɔ ɔkwan a abofra no betumi adi so.
Saa ara na ebetumi aba sɛ abofra bi ani rennye ɔsom mu nkyerɛkyerɛ ho mfiase no, na ebia ɔwofo no behu sɛ mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔne no besusuw asɛm no ho no renyɛ yiye. Nanso, akwankyerɛ a efi Bible mu no yɛ nea emu da hɔ pefee—ɛsɛ sɛ awofo yɛ nea wobetumi biara tete wɔn mma fi mmofraase. Enti, awofo a wonim nyansa no ma ɔsom mu nkyerɛkyerɛ yɛ dɛ denam ma a wɔde ma abofra no wɔ ɔkwan a ɛbɛma n’ani agye ho so, denam susuw a wosusuw abofra no ahoɔden a otumi de kyere nsɛm ho no so.
Awofo a wɔwɔ dɔ no bu asɛyɛde a ɛne sɛ wɔde asetram ahiade ahorow bɛma wɔn mma no aniberesɛm, na mpɛn pii no, obiara nnim abofra no ahiade yiye sɛ awofo no. Nea ɛne eyi hyia no, Bible no de asɛyɛde titiriw a ɛne sɛ wɔbɛma wɔn mma honam ne honhom fam nneɛma no to awofo so—titiriw agya no. (Efesofo 6:4) Enti, ɛnsɛ sɛ awofo bu wɔn ani gu wɔn asɛyɛde so denam mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ wɔbɛdan ato obi foforo so no so. Ɛwom sɛ ebia wɔn ani begye mmoa a afoforo yɛ wɔn no ho de, nanso eyi yɛ mmoa, na ɛnyɛ nea esi ɔsom mu ntetee a awofo de ma no ananmu.—1 Timoteo 5:8.
Wɔ asetram bere bi no, ankorankoro biara si ɔsom mu gyidi ahorow a obedi akyi ho gyinae, sɛ ebi wɔ hɔ a. Sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo de yɛ wɔn ankasa asɛyɛde sɛ wɔbɛma wɔn mma ɔsom mu nkyerɛkyerɛ afi mmofraase, na sɛ wɔde saa bere yi kyerɛkyerɛ wɔn ma wogyina nnyinasosɛm a emu da hɔ so susuw nneɛma ho a, akyinnye biara nni ho sɛ, nea abofra no bɛpaw akyiri yi wɔ asetram no bɛyɛ nea ɛteɛ.—2 Beresosɛm 34:1, 2; Mmebusɛm 2:1-9.
[Kratafa 24 mfonini]
The Doré Bible Illustrations/Dover Publications, Inc.