Ade a Ɛma Abusua Asetra Yɛ Yiye
OBI a ogyinaa hɔ sɛ wɔnto aba mma no ma ɔmmɛyɛ United States ɔmampanyin afe a etwaam no kae sɛ: “Abusua asetra resɛe wɔ ha.” Nokwarem no, sɛnea abusua asetra resɛe no yɛ ahodwiriw. Fortune nsɛmma nhoma bɔɔ amanneɛ sɛ: “Sɛ nsakrae a ɛte saa ara ba wɔ sika ne mfiridwuma nsɛm mu wɔ bere tenten a ɛte saa ara mu a, anka ɛbɛma yɛn ho adwiriw yɛn yiye.”
Mmusua a wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi Bible nnyinasosɛm ahorow akyi mpo taa hyia ɔhaw. Mfe kakraa bi a ɛtwam ni no, Kristoni yamyefo bi ka kyerɛɛ agya bi a ɔwɔ mma baasia a wonnyinyinii sɛ: “Wubetumi ahwɛ kwan sɛ wo mma no mu baanan rentra nokware no mu.” Nanso, na saa agya yi nsusuw sɛ ɛsɛ sɛ eyi to ne mma no biako mpo. ƆKyerɛɛ nea enti a ɛte saa.
Ɔkae sɛ: “Yɛn mmofra no nyɛ yɛn ankasa yɛn mma. Yehowa Nyankopɔn na ɔde wɔn ahyɛ me ne me yere nsa sɛ ‘agyapade’ anaa akyɛde a efi ne nkyɛn. Na waka sɛ sɛ yɛfa ɔkwan pa so tete wɔn a, ‘wɔremfi ho.’ Enti yɛabɔ mmɔden bere nyinaa sɛ yɛbɛhwɛ wɔn te sɛ nea wɔyɛ Yehowa de.”—Dwom 127:3; Mmebusɛm 22:6.
Ɛha yi, agya no kaa ade a ɛbɛma abusua asetra asi yiye—ɛsɛ sɛ awofo hwɛ wɔn mma te sɛ nea wɔhwɛ Onyankopɔn agyapade. Bere a eyi nkyerɛ sɛ mmofra betie mo akwankyerɛ pa wɔ biribiara mu no, mowɔ asɛyɛde sɛ mohwɛ mmofra a Onyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa no.
Asɛyɛde a Anibere Wom
Mohwɛ wɔn wɔ ɔkwampa so fi nidi ne wɔn ho a mudwen mu, na ɛnyɛ anibiannaso mu. Mode nsi di ho dwuma, a munim sɛ mubebu akontaa akyerɛ Onyankopɔn wɔ n’agyapade, anaa n’akyɛde a ɔde ama mo no ho. Ɛho nhia sɛ mobɛsɔ akwan ahorow a wɔfa so tete mmofra ahwɛ. Nea awofo hia ara ne Onyankopɔn akwankyerɛ a ɔde ama wɔ n’Asɛm, Bible no mu no, na ɛsɛ sɛ wɔde ahwɛyiye di eyinom akyi.
Eyi ne Yehowa Nyankopɔn akwankyerɛ: “Fa [me nsɛm] yi kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu; na fa yɛ sɛnkyerɛnne kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkae ntamabamma; na kyerɛw gu wo fi apongua ho ne w’aponkɛse so.” Bible no hyɛ nso sɛ: “Na agyanom, . . . monyɛn [mo mma] Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.”—Deuteronomium 6:7-9; Efesofo 6:4.
Enti mmofra hwɛ hwehwɛ sɛ wɔboa wɔn daa; yiw, ɛkyerɛ sɛ mubenya wɔn ho bere, na titiriw no, mubenya wɔn ho dɔ na moadwen wɔn ho yiye wɔ ɔkwan a ɛkyɛn so so. Awofo a wɔma wɔn mma ahiade atitiriw yi reyɛ nea Onyankopɔn se ehia na ama wɔn abusua asetra asi yiye no.
So mugye di sɛ eyi yɛ ahwehwɛde a ɛyɛ den dodo? Awofo pii de wɔn nneyɛe kyerɛ sɛ wɔte nka sɛ ɛte saa. Nanso, saa akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ—wo mma no—hia mo mmoa soronko ankasa.
Sɛnea Wɔhwɛ Wɔn
Wɔ ɔkwan a nyansa wom so no, munsusuw wɔn a wɔadi nkonim wɔ mmofra ntetee mu no nhwɛso ho nhwɛ. Nsɛmma nhoma bi kaa nneɛma anan a ehia na ama wɔadi nkonim wɔ mmofra ntetee mu wɔ emu asɛm tititiw “Mmusua a Esi Yiye,” no mu sɛ: “[1] Adidi ase nkɔmmɔbɔ a ekanyan adwene no, [2] nhoma a mfaso wo so a wokenkan, [3] nkuranhyɛ a efi nnipa a wɔn adwenem dɔ a ɛfata sɛ wodi wɔn nhwɛso akyi ho, [4] sua a wosua sɛ abusua no wɔ amammere bi a ɛsɛ sɛ wokura mu.”—U.S.- News & World Report, December 12, 1988.
Ɛdefa “adidi ase nkɔmmɔbɔ” ho no, kae sɛ Onyankopɔn ka kyerɛ awofo sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma wɔ afitra mu. So mo abusua no bom didi ma wonya hokwan a wɔde bɛbɛn wɔn ho na wɔabɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye da biara? Saa mmere no ho hia na ɛtra mmofra adwenem, na ɛma wɔte anigye ne ahobammɔ nka. Abofra bi a wadi mfe asia kae sɛ n’ani gye adidi mmere ho “efisɛ ɛho nhia sɛ obiara yɔnko ho asɛm haw no,” efisɛ obiara abehyiam.
Na mo adidi ase nkɔmmɔbɔ te dɛn? So ɛtaa gyina “nhoma a mfaso wɔ so,” a Bible no ne Bible sua nhoma a ɛka Onyankopon a yɛsom no anaa nsɛm a ɛfa Onyankopon abɔde ho asɛm ka ho so? Adidi ase nkɔmmɔbɔ a ɛte sɛɛ akyi no, ehia sɛ awofo fa adesua a wɔyɛ no daa so de Yehowa ne ne trenee mmara ahorow no ho dɔ hyɛ wɔn mma adwene mu.
Agya a ɔwɔ mma baasia a yɛaka ne ho asɛm wɔ atifi hɔ no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná ɛnyɛ den sɛ yɛbɛbom adidi daa. Ná eyi yɛ ade a ɛda hɔ, na ɛkaa yɛn boom. Nanso na ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ daa Bible adesua ho nhyehyɛe.” Esiane sɛnea na agya no brɛ ɛda a ɔbɛyɛ adwuma kɛse no nti, ɛtɔ mmere bi a na ɔda bere a adesua no rekɔ so no. Nanso, wannyae sɛ ɔne ne mma bɛyɛ daa Bible adesua da, na ɔne wɔn mu biara bɔɔ nkɔmmɔ daa, na otiee wɔn bere tenten.
Adidi ase nkɔmmɔbɔ ne nhoma a mfaso wɔ so a wɔkenkan a mubedi anim ama moayɛ akyi no, so mohwɛ hu sɛ mo mma no nya “nkuranhyɛ a efi nnipa a wɔn adwenem dɔ a ɛfata sɛ wodi wɔn nhwɛso akyi ho”? Nokwasɛm ne sɛ, sɛ mo mma betumi abɛyɛ mpanyimfo pa a, ɛho hia sɛ moyɛ nhyehyɛe ma wɔne wɔn a wodi onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn, Yesu Kristo, nhwɛso akyi no bɔ daa.
Nea etwa to no, “sua a wosua sɛ abusua no wɔ amammerɛ bi a ɛsɛ sɛ wokura mu” no nso ɛ? Ehia sɛ mo mma te ase sɛ abusua no wɔ nnyinasosɛm ahorow bi a ɛsɛ sɛ wokura mu—sɛ, su horow, kasa, ahosiesie, nneyɛe binom, ne nea ɛkeka ho mfata na ɛsɛe abusua amammerɛ no. Ɛsɛ sɛ wohu sɛ ɛyɛ aniberesɛm sɛ obi bɛsɛe abusua amammerɛ no—sɛ, ɛbɛhaw wo kɛse, te sɛnea ɛyɛɛ tete agya Yakob, a ne mma mmarima nam wɔn nneyɛe a ɛyɛ aniwu so maa ne ‘ho bɔn wɔn a wɔte asase no so no.’—Genesis 34:30.
Agya a ɔwɔ mma baasia a obuu wɔn sɛ Onyankopon agyapade no sii “abusua amammerɛ” so dua titiriw. Bere nyinaa ɔne ne mma no susuw sɛnea abusua no gyinapɛn wɔ ntadehyɛ, ahosiesie, ne wiase no fã a wɔnyɛ no ne Ɔboade, Yehowa Nyankopɔn, honhom ne n’akwankyerɛ hyia no ho. Esiane sɛ onyaa wɔn ho bere, ɔdaa ɔdɔ adi kyerɛɛ wɔn, na odwenee wɔn ho kɛse—bere a watete mmofra no wɔ ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so no so—nti, mmofra baasia no nyinaa ayɛ ho biribi denam ‘fi a woamfi ho’ no so—Mmebusɛm 22:6.
Mmusua a wɔbɔ mmɔden saa mpempem pii wɔ wiase nyinaa. Eyinom yi wɔn Bɔfo ayɛ dɛn ara, na wɔyɛ akyɛde dɛn ara ma awofo a wɔnyɛ pɛsɛmenkominya na wɔwɔ ɔdɔ! Bere a mfe pii twam no, saa mmofra yi a wɔanya wɔn awofo mmɔdenbɔ so mfaso no nya wɔn awofo ho anisɔ kɛse. Yɛsrɛ wo susuw asɛm a edi hɔ a ɛfa ɔbea bi a awofo a wosuro Onyankopɔn na wɔtetee no ho no ho, na hyɛ asuade ahorow a mfaso wɔ so a wubetumi asua afi mu no nsow.