Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be kr. 27-kr. 32 nky. 4
  • Adesua So Wɔ Mfaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adesua So Wɔ Mfaso
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • W’adwene a Wubesiesie no Yiye
  • Ɔkwan a Wɔfa so Sua Ade
  • Nea Ɛsɛ sɛ Wusua
  • ‘Kyekyere Wo Fie’
  • Ɛso Akatua Horow a Wonya
  • Sua Ade Yiye!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Munsua Onyankopɔn Asɛm Daa Sɛ Abusua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Anigye A Yebenya Wɔ Yehowa Asɛm Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Mmusua, Monkamfo Onyankopɔn Sɛ N’asafo Mufo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be kr. 27-kr. 32 nky. 4

Adesua So Wɔ Mfaso

WOAHU sɛ nkurɔfo reyiyi aduaba mu pɛn? Nnipa pii hwɛ ne kɔla ne ne kɛse na ɛde hu sɛ abere. Ebinom hua aduaba no. Afoforo de wɔn nsa ka, na womiamia mpo. Na afoforo nso kari hwɛ, wɔde mmiako mmiako to wɔn nsam bere koro mu hwɛ nea emu yɛ duru na nsu wom. Dɛn na ɛwɔ saafo yi adwene mu? Wɔreyɛ nneɛma mu nhwehwɛmu, resusuw nsonsonoe a ɛwɔ mu ho, rekaakae nea wɔadi kan apaw, na wɔde nea wohu mprempren no toto nea wonim dedaw no ho. Wobenya adepa afi mu efisɛ wɔtoo wɔn bo ase wɔ ho.

Nokwarem no, mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm a yebesua so no yɛ kɛse sen saa koraa. Sɛ adesua a ɛte saa nya afã titiriw wɔ yɛn asetra mu a, yɛn gyidi yɛ den, yɛn dɔ mu yɛ den, yɛn som adwuma tu mpɔn kɛse, na gyinae ahorow a yesi da no adi sɛ yɛde nhumu ne Onyankopɔn nyansa di dwuma kɛse. Ɛdefa mfaso a ɛte saa ho no, Mmebusɛm 3:15 ka sɛ: “Afɛfɛde nyinaa, wɔmfa nto ho.” So worenya mfaso horow a ɛte saa? Ɔkwan a wofa so sua ade no betumi ama woanya.—Kol. 1:9, 10.

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Nea ɛbɛyɛ na woanya w’ankasa adesua so mfaso no, siesie wo koma

Dɛn ne adesua? Ɛsen ade a wɔkenkan ara kwa. Ɛkyerɛ sɛ wobɛtɔ wo bo ase anaasɛ wode w’adwene tumi bedi dwuma asusuw asɛm bi ho akɔ akyiri. Nea ɛka ho ne sɛ wubesusuw nea wokenkan no ho, de atoto nea wunim dedaw ho, na woahyɛ nea enti a wɔkaa nsɛm bi no nsow. Sɛ woresua ade a, dwen nsusuwii foforo biara a wɔada no adi a na wunnim no ho kɔ akyiri. Afei nso susuw ɔkwan a w’ankasa bɛfa so de Kyerɛwnsɛm mu afotu adi dwuma yiye no ho. Sɛ Yehowa Dansefo no, ɛsɛ sɛ wususuw hokwan a wubenya de asɛm no aboa afoforo no ho. Ɛda adi sɛ, nsɛm a wodwennwen ho no nso ka adesua no ho.

W’adwene a Wubesiesie no Yiye

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Hwɛ hu sɛ wobɛhwɛ kyerɛw nsɛm no

Sɛ woresiesie wo ho asua ade a, wode nneɛma te sɛ wo Bible, nhoma biara a ebia wopɛ sɛ wusua, pɛnsere anaa pɛn, ne ebia nhoma ketewa a wobɛkyerɛw mu gu w’anim. So wusiesie wo koma nso? Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Esra ‘siesiee ne koma sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa mmara na wadi so, na wakyerɛkyerɛ ahyɛde ne atemmude wɔ Israel.’ (Esra 7:10) Dɛn na koma a wosiesie no saa no kyerɛ?

Mpaebɔ boa yɛn ma yɛda suban pa adi wɔ Onyankopɔn Asɛm a yesua no ho. Yɛpɛ sɛ yɛn koma, yɛn mu nipa no, gye akwankyerɛ a Yehowa de ma yɛn no. Adesua biara mfiase no, srɛ Yehowa ma ɔmfa ne honhom no mmoa wo. (Luka 11:13) Srɛ no ma ɔmmoa wo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛte nea wubesua no ase, ahu sɛnea ɛfa n’atirimpɔw ho, sɛnea ebetumi aboa wo ma woayiyi papa ne bɔne mu, sɛnea ɛsɛ sɛ wode ne nnyinasosɛm ahorow di dwuma wɔ w’asetra mu, ne sɛnea asɛm no ka wo ne no ntam abusuabɔ. (Mmeb. 9:10) Bere a woresua ade no, ‘kɔ so bisa Onyankopɔn’ nkyɛn nyansa. (Yak. 1:5) Fi nokwaredi mu gyina nea wusua no so susuw wo ho, bere a wohwehwɛ Yehowa mmoa a wode beyi nsusuwii a ɛnteɛ ne akɔnnɔ bɔne biara afi w’adwene mu no. “Monto aseda dwom mma [Yehowa, NW]” bere nyinaa wɔ nneɛma a ɔda no adi no ho. (Dw. 147:7) Mpaebɔ a yɛnam so sua ade yi ma yɛne Yehowa nya abusuabɔ, efisɛ ɛboa yɛn ma bere a ɔnam N’asɛm so kasa kyerɛ yɛn no, yetie.—Dw. 145:18.

Osetie a ɛte saa no ma Yehowa nkurɔfo da nsow wɔ asuafo afoforo ho. Wɔ wɔn a wɔnna onyamesom pa adi fam no, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔbɛkasa atia nea wɔakyerɛw no na wɔagye ho kyim. Nanso yenni suban a ɛte saa. Yɛwɔ Yehowa mu ahotoso. (Mmeb. 3:5-7) Sɛ yɛnte biribi ase a, yɛnyɛ aniammɔnho nka sɛ mfomso wɔ ho. Bere a yɛreyɛ nhwehwɛmu apɛ ho mmuae no, yɛtwɛn Yehowa. (Mika 7:7) Te sɛ Esra no, yɛn botae ne sɛ yɛde nea yɛresua no bedi adwuma na yɛde akyerɛkyerɛ. Sɛ yɛn koma tɔ kɔ nneɛma a ɛte saa so a, yebenya yɛn adesua so mfaso kɛse.

Ɔkwan a Wɔfa so Sua Ade

Sɛ́ anka wubefi ase afi nkyekyem 1 atoa so ara akosi awiei kɛkɛ no, di kan gye bere fa susuw asɛm no nyinaa ho anaa asɛmti ko no ho. Fi ase hwehwɛ sɛnea wɔanwene asɛmti no mu nsɛm a wubesusuw ho no mu. Eyi ne ade a worebesua no asɛmti. Ɛno akyi no, tɔ wo bo ase hyɛ sɛnea nsɛmti nketewa no fa asɛmti no ankasa ho no nsow. Hwehwɛ mfatoho ahorow, nsɛm a wɔahyehyɛ, nsɛmmisa a wɔde tĩ nsɛm mu a ɛka asɛm no ho no mu. Bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na mehwɛ kwan sɛ mesua afi nsɛm a madi kan asusuw ho yi mu? Ɔkwan bɛn so na ɛso bɛba me mfaso?’ Eyi ma wuhu sɛnea wubesua ade no.

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Gye bere fa dwennwen nsɛm ho

Afei hwehwɛ emu nokwasɛm ahorow no. Wotintim nsɛmmisa ka Ɔwɛn-Aban adesua mu nsɛm ne nhoma bi ho. Bere a wokenkan nkyekyem biara no, ɛyɛ papa sɛ wutwitwa mmuae no ase. Sɛ nsɛmmisa nni adesua no mu mpo a, wubetumi ahyɛ nsɛntitiriw bi a wopɛ sɛ wokae nsow. Sɛ asɛm bi yɛ foforo ma wo a, gye bere kakra wɔ ho na hwɛ hu sɛ woate ase yiye. Ma w’ani nna hɔ sɛ wubehu mfatoho bi anaa nkyerɛkyerɛmu bi a ɛso bɛba wo mfaso wɔ asɛnka mu anaasɛ ebia wode bɛhyɛ ɔkasa bi a wobɛma mu. Susuw nnipa pɔtee bi a sɛ woka nea woresua no ho asɛm kyerɛ wɔn a, ɛbɛhyɛ wɔn gyidi den ho. Hyɛ nsɛm a wopɛ sɛ wode di dwuma no nsow, na tĩ mu bere a woasua ade awie no.

Bere a woresusuw asɛm no ho no, hwɛ kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nnim no. Susuw sɛnea kyerɛw nsɛm no biara fa nkyekyem no nyinaa ho no ho.

Wubetumi ahyia nsɛm bi a asete yɛ wo den anaasɛ wobɛpɛ sɛ woyɛ mu nhwehwɛmu kɔ akyiri. Sɛ́ anka wobɛma ɛno agye w’adwene no, hyɛ no nsow na akyiri yi woasusuw ho. Mpɛn pii na nneɛma mu da hɔ bere a wugu so resusuw asɛm no ho no. Sɛ ɛnte saa a, wubetumi ayɛ nhwehwɛmu foforo aka ho. Dɛn na ɛsɛ sɛ wohyɛ no nsow wɔ w’adwene a wode besi biribi so saa no ho? Ebia na wɔafa kyerɛw nsɛm bi aka asɛm wom a wonte ase yiye. Anaasɛ ebia na ɛyɛ den ma wo sɛ wubehu sɛnea ɛfa asɛmti a woresusuw ho no ho. Ebia na wote nka sɛ wote asɛm no fã bi ase, nanso ɛnyɛ sɛnea wubetumi akyerɛkyerɛ mu akyerɛ obi foforo. Sɛ́ anka wubebu w’ani agu so kɛkɛ no, ɛbɛyɛ papa sɛ woyɛ ho nhwehwɛmu bere a woawie nea wufii ase suae no.

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Hu nnwinnade a wɔde yɛ nhwehwɛmu a ebi wɔ wo kasa mu no yiye

Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛw ne krataa a emu nsɛm dɔɔso a ɔde kɔmaa Hebrifo Kristofo no, ogyinae wɔ baabi kae sɛ: “Nsɛm a yɛreka yi mu titiriw ni.” (Heb. 8:1) So ɛyɛ a, wokae wo ho saa wɔ bere ne bere mu? Susuw nea enti a Paulo yɛɛ saa no ho hwɛ. Wɔ ti ahorow a edi ne krataa a efi honhom mu no anim mu no, na wadi kan akyerɛ sɛ Kristo, sɛ Onyankopɔn Sɔfo Panyin kɛse no, ahyɛn ɔsoro ankasa. (Heb. 4:14–5:10; 6:20) Nanso, ɛdenam asɛntitiriw yi a Paulo sii so dua so no, osiesiee n’akenkanfo no adwene wɔ ti 8 no mfiase na ama wɔadwen sɛnea ɛfa wɔn asetra ho kɛse ho. Ɔkae sɛ Kristo yii ne ho adi wɔ Onyankopɔn anim maa wɔn na abue hokwan a wɔn ankasa de bɛkɔ ɔsoro “kronkronbea” hɔ. (Heb. 9:24; 10:19-22) Nokware a na wɔn anidaso no yɛ no bɛka wɔn ma wɔde afotu a ɛfa gyidi, boasetɔ, ne Kristofo abrabɔ ho a ɛwɔ ne krataa no mu no adi dwuma. Saa ara nso na sɛ yesua ade a, nsɛntitiriw no a yɛde yɛn adwene besi so no bɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea wɔkyerɛkyerɛ asɛmti no mu, na ɛbɛma nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade ma ɛne no hyia no atra yɛn adwene mu.

So wo kokoam adesua bɛka wo ma wode nea wusua no ayɛ adwuma? Eyi yɛ asɛmmisa a ehia. Sɛ wusua biribi a, bisa wo ho sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ eyi ka me suban ne botae ahorow a esisi m’ani so wɔ asetram? Ɔkwan bɛn so na metumi de asɛm yi adi ɔhaw bi ho dwuma, asi gyinae, anaa metumi de adu botae bi ho? Ɔkwan bɛn so na metumi de adi dwuma wɔ m’abusua mu, asɛnka mu, ne asafo no mu?’ Fa mpaebɔ susuw nsɛm yi ho, na susuw tebea horow a wubetumi de wo nimdeɛ no adi dwuma wom no ho.

Sɛ wusua ti bi anaa asɛm bi wie a, gye bere fa yɛ ntimu tiawa. Hwɛ sɛ ebia wubetumi akaakae emu nsɛntitiriw anaa nsɛm a wɔde kyerɛkyerɛ mu no anaa. Eyi bɛboa wo ma nsɛm no aka wo tirim na wode adi dwuma daakye.

Nea Ɛsɛ sɛ Wusua

Sɛ Yehowa nkurɔfo no, yɛwɔ pii a ɛsɛ sɛ yesua. Nanso ɛhe na ɛsɛ sɛ yefi ase? Da biara, yɛbɔ mmɔden sɛ yebesua kyerɛwnsɛm ne emu nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa no mu. Dapɛn biara, yɛkɔ asafo nhyiam ahorow, na adesua a yɛyɛ de siesie yɛn ho ma eyinom no bɛboa yɛn ma yɛanya so mfaso kɛse. Bio nso, ebinom afi nyansam agye bere asua yɛn Kristofo nhoma a wotintimii ansa na wɔrebegye nokware no. Afoforo nso paw wɔn dapɛn dapɛn Bible akenkan no fã bi na wosua nkyekyem ahorow no ho ade kɔ akyiri.

Na sɛ wo nsɛm tebea mma wuntumi ntɔ wo bo ase nsua nneɛma a wobesusuw ho wɔ asafo nhyiam ahorow a wɔyɛ no dapɛn biara mu no nyinaa nso ɛ? Kwati afiri a ɛne sɛ wubetu mmirika ahwɛ nsɛm no mu de akyerɛ sɛ woasua, anaa nea enye koraa no, sɛ worensua emu bi koraa esiane sɛ wuntumi nyɛ ne nyinaa nti. Mmom no, hwɛ nea wubetumi asua, na sua no yiye. Yɛ no dapɛn biara. Bere kɔ so no, bɔ mmɔden sɛ wobɛtrɛw mu ma aka nhyiam afoforo.

‘Kyekyere Wo Fie’

Yehowa nim sɛ ɛsɛ sɛ mmusua ti yɛ adwumaden de ma wɔn adɔfo nya wɔn ahiade. Mmebusɛm 24:27 ka sɛ: “Siesie w’adwuma wɔ baabi, na yɛ w’asase so kua fa.” Nanso, wuntumi mmu w’ani ngu w’abusua honhom fam ahiade so. Ne saa nti, nkyekyem no toa so sɛ: “Ɛno akyi woakyekye wo fi.” Ɔkwan bɛn so na mmusua ti betumi ayɛ eyi? Mmebusɛm 24:3 ka sɛ: “Wɔde nhumu [na ɛma ofie] gyina.”

Ɔkwan bɛn so na w’abusua betumi anya nhumu so mfaso? Nhumu ne sɛ wode w’adwene bɛhwɛ ade atra nea aniwa hu. Yebetumi aka ma afata sɛ w’ankasa abusua mu nhwehwɛmu a wobɛyɛ no na efi abusua adesua a etu mpɔn ase. Ɔkwan bɛn so na w’abusuafo renya honhom fam nkɔso? Sɛ wo ne wɔn rebɔ nkɔmmɔ a, tie wɔn yiye. So wɔda anwiinwii anaa abufuw adi? So honam fam nneɛma akyidi na ehia wɔn titiriw? Sɛ wo ne wo mma wɔ asɛnka mu a, so ɛnhaw wɔn sɛ wɔbɛda wɔn ho adi akyerɛ wɔn atipɛnfo sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo? So wɔn ani gye abusua Bible akenkan ne adesua nhyehyɛe a woayɛ no ho? So wɔrefa Yehowa kwan so wɔ wɔn asetra mu ankasa? Sɛ wohwɛ wɔn yiye a, sɛ́ abusua ti no, wubehu nea ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woatumi aboa abusua no muni biara ama wanya honhom fam su ahorow.

Hwehwɛ nsɛm bi a ɛka ahiade pɔtee bi ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu. Na afei di kan ka nea mubesua ho asɛm kyerɛ abusua no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asusuw asɛm no ho. Ma adesua no ase nyɛ anika. Si mfaso a ɛwɔ asɛm a moresusuw ho so no so dua, na ka nea ɛfa abusua no ahiade pɔtee ho asɛm bere a wonka abusua muni biara anim anaasɛ wonhyɛ obiara aniwu. Ma obiara mfa ne ho nhyem. Boa obiara ma onhu sɛnea Yehowa Asɛm yɛ “pɛ” ma enti ɛma ne nsa ka nea ohia wɔ asetram no.—Dw. 19:7.

Ɛso Akatua Horow a Wonya

Nnipa a wonni honhom fam ntease a wɔn ani da hɔ betumi asua amansan yi, wiase nsɛm a esisi, ne mpo wɔn ankasa ho ade, nanso wontumi nte nea ade a wohu no kyerɛ ankasa ase. Nanso, ɛdenam Onyankopɔn honhom so no, nnipa a wosua Onyankopɔn Asɛm daa no betumi ahu Onyankopɔn nsa ano adwuma, Bible nkɔmhyɛ mmamu, ne Onyankopɔn atirimpɔw a ɔnam so behyira adesamma asoɔmmerɛfo no mmamu no.—Marko 13:4-29; Rom. 1:20; Adi. 12:12.

Ɛmfa ho sɛnea ɛyɛ nwonwa fa no, ɛnsɛ sɛ ɛma yɛhoahoa yɛn ho. Mmom no, Onyankopɔn Asɛm a yɛhwehwɛ mu daa no boa yɛn ma yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase. (Deut. 17:18-20) Ɛsan bɔ yɛn ho ban fi “bɔne nnaadaa” ho efisɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm wɔ yɛn komam a, ɛyɛ den sɛ bɔne ho akɔnnɔ bedi yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛko atia no so. (Heb. 2:1; 3:13; Kol. 3:5-10) Ne saa nti, ‘yɛbɛnantew sɛnea ɛfata Yehowa na ɛsɔ n’ani koraa, bere a yɛkɔ so sow adwuma pa nyinaa mu aba no.’ (Kol. 1:10) Saa a yɛbɛyɛ no nti na yesua Onyankopɔn Asɛm no, na ɛyɛ akatua kɛse a ɛsen biara sɛ yɛbɛyɛ saa.

ƐSO MFASO A ƐSEN BIARA A WUBENYA

  • Siesie wo koma

  • Di kan susuw ade a wobesua no ho

  • Hyɛ emu nsɛntitiriw nsow

  • Susuw sɛnea kyerɛw nsɛm no kyerɛkyerɛ nsɛm a wɔaka wom mu no ho

  • Tĩ nsɛntitiriw no mu

  • Dwennwen sɛnea ɛsɛ sɛ nea wusua no ka w’asetra ho

  • Hwehwɛ hokwan ahorow a wode asɛm no bedi dwuma de aboa afoforo

SƐNEA WODI KAN SUSUW ADESUA HO

  • Susuw sɛnea wɔanwene asɛmti no ho

  • Susuw sɛnea asɛmti ketewa biara fa asɛmti no ho no ho

  • Hwehwɛ mfatoho ahorow, nsɛm a wɔahyehyɛ, anaa nsɛmmisa a wɔde tĩ nsɛm mu no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena