Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 4/1 kr. 21-25
  • Awofo​—Ɔkwan Bɛn So Na Mubetumi ‘Asi’ Mo Fi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awofo​—Ɔkwan Bɛn So Na Mubetumi ‘Asi’ Mo Fi?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fi Nyansa Mu Hu Nneɛma A Ɛsɛ Sɛ Edi Kan
  • Abaa Ne Animka Ma Nyansa
  • Nhumu De Tema Ba
  • Nimdeɛ Mu Den A Wobɛhyɛ
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Awofo Munnu Mo Ba No Koma Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Tete Wo Ba ma Onnya Onyamesompa Ahofama
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Monyere Mo Ho Na wɔakora Mo Abusua So Akɔ Onyankopɔn Wiase Foforo No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 4/1 kr. 21-25

Awofo​—Ɔkwan Bɛn So Na Mubetumi ‘Asi’ Mo Fi?

“Wɔde nyansa na esi dan, na wɔde nhumu ma egyina.”​—MMEBUSƐM 24:3.

1. Dɛn ne ade biako a ɛho hia wɔ abusua a ɛyɛ den mu?

WƆ NHWEHWƐMU bi a wɔyɛe nnansa yi mu no, wɔka kyerɛɛ abenfo a wɔn ho akokwaw wɔ mmusua a wɔboa wɔn mu a wɔboro 550 sɛ wɔnkyerɛ su a wohu sɛ ɛda adi kɛse wɔ mmusua a ɛyɛ den mu. Nea edi kan a wɔkyerɛe: nkitahodi ne tie a wotie. Nhwehwɛmu no kannifo, Dolores Curran kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɛte saa no mu sɛ: “Ɛno ne ade a ɛma afoforo ho a wodwen, adema, adekyɛ, ne nneɛma so duasi kɔ so. Sɛ yɛantie ankasa na yɛamfa yɛn ho amma a, yɛrentumi nhu yɛn ho yɛn ho. Yɛbɛyɛ ofie a emufo yɛ wɔn ade soronko wɔ afoforo ahiade ho mmom sen sɛ wɔbɛboa.” Yiw, abusua a ɛyɛ den gyina nkitahodi pa so.

2, 3. (a) Ɔhaw bɛn na wohu wɔ Kristofo binom mpo afie mu? (b) Dɛn na Mmebusɛm 24:3, 4 da no adi a ebetumi aboa ama abusua ayɛ den? (d) Nsemmisa bɛn na ɛho hia sɛ wobua?

2 Nanso sɛ wɔmmɛn wɔn ho wɔn ho a nneɛma a enye betumi afi mu aba. Sɛ nhwɛso no, wobisaa Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ Afrika no biako nea enti a Kristofo mmofra binom gyaw Bible abrabɔ pa no. Sɛnea mmuae a wode mae kyerɛ no, “sintɔ titiriw a ɛfa ɔhaw no nyinaa ho ne yɛ a awofo ntumi nyɛ atiefo pa ne wɔn mma a wɔne wɔn ntumi nsusuw nneɛma ho no. Enti awofo pii ne wɔn mma nni abusuabɔ a emu yɛ den ankasa.” Ɛwom, eyi yɛ ɔhaw no fã biako pɛ​—nanso ɛyɛ nea ɛho hia. Osetie a abofra bɛyɛ ne onyamesom pa ahofama a obenya, te sɛ nea wohwehwɛ wɔ obiara ho, no ne nea edi kan. (Romafo 14:12; 1 Timoteo 6:6) Susuw Mmebusɛm 24:3, 4 nso ho. Ɛkenkan sɛ: “Wɔde nyansa na esi dan, na wɔde nhumu ma egyina, na wɔnam nimdeɛ so de ahode aboɔdenne afɛfɛde nyinaa hyɛ mpia mama.”

3 Nanso ɔkwan bɛn so na wubetumi de nyansa, nhumu, ne nimdeɛ adi dwuma na ama wo ne abofra, ne titiriw no, obi a ɔrebɛn mpanyin afe so no anya abusuabɔ a ehia no? Ɔkwan bɛn na wofa so sɛnea ɛbɛyɛ a woremmoa pa nyɛ nea ɛbɛma mo nkitahodi mu atwa? (Fa toto Mmebusɛm 14:1, 12 ho.) Nea ɛsen ne nyinaa no, ɔkwan bɛn so na wubetumi anya abusua a ɛyɛ den wo nokware som mu? Esiane sɛ nneɛma ahorow pii gye wo bere nti, ebia worenhu faako a ɛsɛ sɛ wufi ase. Su a edi kan, a ɛne nyansa, betumi aboa wo ma woahu nea ɛsɛ sɛ wode di kan.

Fi Nyansa Mu Hu Nneɛma A Ɛsɛ Sɛ Edi Kan

4. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea edi kan koraa wɔ Kristofo abusua mu?

4 Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Nyansa mfiase ne [Yehowa] suro.” (Dwom 111:10) Osuro a ɛho tew a w’ankasa wowɔ sɛ wobɛyɛ nea ɛnsɔ Onyankopɔn ani a ne som a wode bedi kan ka ho ho hia. Ɛna bi kyerɛkyerɛ sɛnea ɔne ne kunu tumi tetee wɔn mmabarima baanu a wɔresom Yehowa no mu: “Yɛde nokware no hyɛɛ yɛn asetra ma​—yɛkɔ nhyiam ahorow nyinaa, yesiesie yɛn ho ma asafo nhyiam na yɛkɔ, na yɛma asɛnka adwuma yɛ yɛn daa asetra fã.” Ne kunu de kaa ho sɛ: “Nokware no nyɛ yɛn asetra fã, ɛyɛ yɛn asetra ankasa. Biribi foforo biara a yɛyɛ fa ɛno ho.” So wo nso woma Yehowa som di kan wɔ wo fi?

5. Dɛn nti na ɛho hia sɛ Kristofo awofo kari pɛ?

5 Mo ho a mode bɛhyɛ ɔsom adwuma mu sɛ abusua no bɛka mo abom kɛse, nanso mmofra ahiade ahorow a ɛda nsow no hwehwɛ sɛ wode wo bere ne wo ho bɛma wɔn. Enti kari a wubekari pɛ ho hia na ama woahu bere dodow a wubetumi de ayɛ asɛnka adwuma anaa asafo mu nnwuma ahorow bere a wudi ‘w’ankasa fifo’ honhom mu nkate ne honam fam nneɛma ho dwuma no. Ɛsɛ sɛ ‘wusua onyamesom pa wɔ wo fi mu kan.’ (1 Timoteo 5:4, 8) Sɛnea ɛbɛboa agyanom titiriw ma woakari pɛ wɔ abusua asɛyɛde ahorow ne ɔsom adwuma mu no, Watchtower a ɛbae September 15, 1959 no kae sɛ: “Ma w’ankasa w’abusua yiyedi ho nhia wo sɛnea ɛfata. Ɛda adi sɛ Yehowa Nyankopɔn renhwɛ kwan sɛ ɔbarima bi de ne bere nyinaa bɛyɛ asafo mu nnwuma, aboa ne nuanom ne ne mfɛfo ma wɔanya nkwagye bere a ɔmma n’ani nku n’ankasa fifo nkwagye ho. Ɔbarima asɛyɛde a edi kan ne ne yere ne ne mma.”

6. Asiane bɛn na ɛsɛ sɛ awofo kwati, na ɔkwan bɛn so na wobetumi ayɛ eyi?

6 Ɛnyɛ ɔkwan a wɔfa so di asɛyɛde yi ho dwuma titiriw ne sɛ wubenya bere pii ama wo mma no nko na mmom sɛ wode bere no bedi dwuma yiye. Nea ɛyɛ awerɛhow no, awofo binom ama asafo mu nsɛm ho dwumadi, adwuma a ne yɛ nna fam yi, anaa honam fam nneɛma amene wɔn araa ma sɛ wɔne wɔn mma wɔ hɔ mpo a, na wɔn adwene wɔ biribi foforo so. Bere a asɛm a ɛyɛ yaw bi asi wɔ abusua no mu akyi ansa na wohu hia a ɛho hia sɛ wɔbɛsan ayɛ nhyehyɛe ahu nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔma edi kan. “Nyansa a efi soro no de, . . ɛwɔ odwo, ɛwɔ asoɔmmerɛw.” (Yakobo 3:17) Ɔsoro nyansa yi bɛboa wo ma woakyɛ wo bere ne nkate mu yiye na ama woadi Yehowa ahyɛde nyinaa so.

Abaa Ne Animka Ma Nyansa

7. Ɔkwan bɛn so na wobetumi de Mmebusɛm 29:15 adi dwuma yiye?

7 Gyina a wubegyina pintinn ama nnyinasosɛm a ɛteɛ wɔ ayamye mu ma wo mma no hu sɛ wudwen wɔn ho. Ahofadi honhom de mmofra asoɔden ne atu-atew ba. “Abaa ne animka ma nyansa.” (Mmebusɛm 29:15; 22:15) Sɛ ɛbɛyɛ nea etu mpɔn a, ɛnde ɛsɛ sɛ wɔde ɔdɔ ka “abaa ne animka” no ho. Nteɛso a wɔde ma wɔ ɔkwan a ntease nnim so anaasɛ wɔ abufuw mu betumi abubu abofra no honhom. “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na wɔn koma antu.” (Kolosefo 3:21) Nea ɛka nteɛso “abaa” no ho ne asotwe, nanso sɛ wohwɛ nneɛma a ntease nnim kwan, woyɛ katee dodo, na wugu abofra no anim ase a, ɛkyerɛ “abaa” yi a wode di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so na ebetumi asɛe ahotoso a abofra no wɔ wɔ n’ankasa ne wo mu no. Ebia ne ‘koma betu.’

8. Kyerɛkyerɛ nea enti a nteɛso gye pii sen animka no mu.

8 Nanso “abaa ne animka” nyinaa ho hia. Nteɛso gye pii sen animka; nea ɛka ho ne da a wobɛda nokwasɛm adi de adan obi ti.a Wɔkyerɛ Hebri asɛmfua ma “animka” no ase sɛ ‘ntuatuaano.’ (Dwom 38:14) Enti, nea animka a wɔde ma kyerɛ ankasa ne sɛ wubetumi ada nokwasɛm adi na ama abofra no ahu nea enti a woreyɛ saa. Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow kura nsɛm a emu bi yɛ mmofra de titiriw a ebetumi aboa wo ma woama wo ba no ahu nea enti a ɔkwan bi a ɔbɛfa so no nye. So wode eyi redi dwuma kɛse?

Nhumu De Tema Ba

9. Dɛn ne nhumu, na dɛn nti na ɛho hia?

9 Nhumu nso yɛ biribi a ɛho hia wɔ nkitahodi mu. Mfitiase Hebri asɛmfua no fi asɛmfua bi a ɛkyerɛ sɛ “wubenya mu nhumu,” ‘sɛ wubeyiyi mu” no mu. Nhumu a ɛte sɛɛ hwehwɛ nneɛma mu kodu ase, na enti ɛne ntease, tema, ne ayamhyehye na ɛnam.​—1 Petro 3:8

10. Ɔkwan bɛn so na asɛm bi a wɔhwehwɛɛ mu koduu ase no siw nitan ano wɔ Bible mmere no mu?

10 Bible mu nhwɛso a ɛkyerɛ bo a nhumu som no wɔ Yosua 22:9-34. Ruben, Gad, ne Manase abusua no fã a wɔmaa wɔn asase wɔ Yordan Asubɔnten no apuei fam no sii afɔremuka kɛse bi wɔ wɔn asase no so. Mmusuakuw a aka no buu eyi sɛ ɛyɛ ɔwae na wosiesiee wɔn ho sɛ wɔbɛtwe wɔn aso wɔ nea ɛte sɛ Onyankopɔn mmara a wɔahyɛ da abu so yi ho. (Leviticus 17:8, 9) Ansa na wɔreyɛ biribi no, wɔsomaa nnipa sɛ wɔne mmusuakuw abien ne fã no nkɔkasa. (Mmebusɛm 13:10) Ɛbɛdaa adi wɔ wɔn nkɔmmɔbɔ no mu sɛ afɔremuka no nyɛ nea wosii sɛ wɔrebɛbɔ afɔre wɔ so na mmom “osuro ne asɛm bi nti.” Esiane sɛ na Yordan Asubɔnten no atwa mmusuakuw abien ne fã no ne afoforo no ntam nti, na wosuro sɛ ebia wɔn awo ntoatoaso a ɛbɛba daakye no bɛtwe wɔn ho afi Yehowa som ho. Enti ná afɔremuka no bɛkae wɔn bere nyinaa, ɛbɛyɛ “adanse” a ɛkyerɛ sɛ wɔn nso wɔyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Hwɛ sɛnea nkyerɛkyerɛmu yi sakraa nneɛma! Wonyaa biribi a na ɛte sɛ nea ɛyɛ bɔne kɛse no ho adwene foforo. Esiane sɛ mmusuakuw a aka no ‘yɛɛ abufuw mu nyaa’ nti, wotumi nyaa tebea no ankasa mu nhumu, na eyi de ntease bae.​—Mmebusɛm 14:29.

11. Ɔkwan bɛn so na ɔwofo bi daa nhumu adi?

11 Sɛ asɛm bi sɔre wɔ wo ba no ho a, so wobɔ mmɔden sɛ wubehu mu? Sɛ nhwɛso no, Kristofo awofo bi mmabarima baanu mu biako fii ase baa fie bere biara a wɔapon sukuu a na ‘ne bo afuw.’ N’agya kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wanka nea enti a ne bo afuw no. Mfiase no na misusuw sɛ ɛyɛ atuatew ara kwa, nanso afei mihui sɛ, sɛ mibisa sukuu asɛm a, ɔyɛ komm. Me ne no kasae pii na mihui sɛ esiane sɛ ne honam susuae nti, mmofra a wɔwɔ sukuu hɔ no buru no. Bere a mama wahu sɛ mete sɛnea eyi yɛ yaw ase akyi no, memaa no nyansahyɛ ahorow bi a eye a ɛbɛboa no ma wagyina ano.” Abofra no tebea sakra yɛɛ yiye ntɛm ara.

12. Dɛn nti na bere a mmofra bɛn mpanyin afe so nɛ yɛ den ma pii, na dɛn na ɛho hia wɔ awofo fam?

12 So anka wubenya boasetɔ a ɛte saa ara ama wo ba no? Nneɛma te sɛ sukuu, sɛnea obi nipadua te, nna ho akɔnnɔ, ne dinnye tumi nya mmofra so tumi kɛse, ne titiriw no, wɔn a wɔrebɛn mpanyin afe so no. Nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no Adolescence no kae sɛ: “Wɔ onipa asetra nyinaa mu no, bere a obi rebɛn mpanyin afe so no ne nea ɛyɛ den sen biara. Mmofra a wɔrebɛn mpanyin afe so a wonni osuahu no te nka sɛ wɔtɔ sin wɔ akansi wiase a enni tema mu. Sɛ́ wobetumi agye animguase ne ntwo a wodi atom mmom no, wɔyɛ ade wɔ ho wɔ ɛyawdi ne ahoyeraw kɛse mu.” Nkate ahorow a ɛhaw adwene yi betumi aka abofra nneyɛe. (Fa toto Ɔsɛnkafo 7:7a ho.) Bere a wo ne wo ba no wɔ nkitahodi a emu yɛ den no nkutoo na wobɛte ne haw ankasa no ase na woahu ɔkwan a eye a wobɛfa so aboa.

13. (a) Nneɛma a esiw nkitahodi kwan no bi ne nea ɛwɔ he? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo kɔ so de Mmebusɛm 20:5 di dwuma? Yɛ ho nhwɛso.

13 Ɛyɛ den ma mmofra pii sɛ wobɛka osuro a ɛwɔ wɔn mu ho asam. Enti, bere a wo ba no fi ase sɛ ɔbɛkasa no, nka asɛm a ɛbɛwowɔ no, te sɛ: ‘Ɛno ara nen? Ná misusuw sɛ ɛyɛ biribi a ɛho hia.’ ‘Nea enye wɔ wo ho ne sɛ . . . ’ ‘Dɛn nti na woyɛ me saa?’ ‘Dɛn na wohwɛ kwan sɛ ɛbɛba? Woyɛ abofra.’ (Mmebusɛm 12:18) Ɛtɔ bere bi a ɛho hia sɛ wohwehwɛ abofra no mu hwɛ, ne titiriw no, sɛ biribi haw no a ɛho asɛm ka yɛ no den a. “Nea ɔwɔ nhumu” bɛkɔ so abɔ mmɔden sɛ obehu nkate a ɛte saa. (Mmebusɛm 20:5) Kristofo awofo bi hui sɛ wɔn babea no twe ne ho fi abusua no dwumadi ahorow mu. Awofo no hwehwɛɛ mu nanso ankosi baabiara. Wokɔɔ so ara. Ne na bɔɔ amanneɛ sɛ: “Afei da koro bi me ne no traa ne mpa so na mede me nsa too ne kɔn mu na mibisaa no nea ɛhaw no no bio. Ɔde nusu ka kyerɛɛ me sɛ ɔte nka sɛ yɛne afoforo ani nnye ho sɛ yɛne no bɛbɔ, ɛno nti na ɔtew no ho no. Asɛm a edii kan baa m’ano a anka mereka ne sɛ, ‘Wo ho yɛ serew,’ nanso midii me ho so na mitiee nea ɛhaw no a ofii ne komam kae no.” N’awofo ma onyaa awerɛhyem sɛ wodwen ne ho kɛse na efi ɛno akyi no wɔde yɛɛ wɔn botae sɛ wɔbɛma n’ani agye wɔ abusua no mu. Odii ɔhaw no so na mprempren ɔsom sɛ bere nyinaa ɔsɛnkafo.

14. Dɛn nti na abusua a wɔyɛ biako wɔ nkate mu a wubenya nkutoo nnɔɔso?

14 Abusua a biakoyɛ wom a wubenya ho hia, na eyi yɛ nea wiasefo mmusua binom mpo atumi anya. Nanso ɛyɛ ade foforo sɛ wubenya abusua a edwen honhom mu nneɛma ho a ɛbɛn Yehowa na ɛde biakoyɛ kura n’Asɛm no mu. Eyi a wobɛyɛ no gye pii sen biako a wo ne wo mma bɛyɛ wɔ nkate ho nsɛm mu.

Nimdeɛ Mu Den A Wobɛhyɛ

15. Nimdeɛ bɛn na ɛho hia, na dɛn ntia?

15 Wɔnam nimdeɛ so de ahode aboɔdenne afɛfɛde nyinaa hyɛ mpia mama.” (Mmebusɛm 24:4) Ahode aboɔdenne yi nyɛ honam fam ademude na mmom nea ɛka ho ne honhom mu ahotɔ, ho a wɔde bɔ afɔre dɔ, onyamesuro, ne gyidi a egyina Onyankopɔn ho nimdeɛ so. Eyi de abusua asetra a anigye wom ba. (Mmebusɛm 2:5; 15:16, 17; 1 Petro 1:7) Nimdeɛ yi bɛma mmofra anya ahoɔden wɔ wɔn mu na ama wɔatumi ako atia Satan nnɛɛdɛe no a anifere kwan so de mpo ka ho, efisɛ Mmebusɛm 24:5 ka sɛ: “Ɔbarima nyansafo wɔ ahoɔden, na ɔba nimdefo ma ne tumi mu yɛ den.” Nanso ɛsɛ sɛ wode nimdeɛ yi hyɛ wɔn koma mu.​—Deuteronomium 6:6, 7; 1 Yohane 2:14.

16. (a) Dɛn na ɛho hia na ama wode Onyankopɔn ho nimdeɛ ahyɛ wo ba no koma mu? (b) Sɛ mmofra benya mu mfaso ankasa a, dɛn na ɛho hia?

16 Mmoa a ɛsen biara a wɔnam so de Onyankopɔn Asɛm no hyɛ mmofra mu no mu biako ne abusua adesua a wɔbɛyɛ daa a ɛno na ɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔde nokware no yɛ wɔn de no. Ɔwofo bi a watumi atete mmofra baanan kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Abusua adesua no ma munya tebea a eye a ɛma wo ba no adwene gye ɔkyerɛkyerɛ tom.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ wufi ase sɛ wobɛteɛ mmofra so a, nea ɛbɛyɛ biara wɔn ani rennye ho. Nanso sɛ wo ne wɔn tumi susuw asɛm bi ho bere a abufuw biara nni hɔ, te sɛ bere a moreyɛ abusua adesua a, ɛnde asɛm a woreka no bɛkɔ aso no mu.” Nanso sɛ mmofra no benya mu mfaso ankasa a, ɛho hia sɛ wusuasua ɔsomafo Paulo a ɔno na ɔkyerɛw eyi no: “M’ani gyina sɛ, mehu mo, na mede honhom dom akyɛde bi mabrɛ mo abɛhyɛ mo den.” (Romafo 1:11) Obi ani sɔ akyɛde bi kɛse, bere a ɛyɛ biribi a obetumi de adi dwuma na ɛsom bo ankasa ma no no. Enti nya biribi fi asɛm no mu a ɛka abofra no asetra.

17. (a) Dɛn na ebetumi aboa ama abusua adesua ayɛ anigye a wosua biribi wom? (b) So wowɔ nyansahyɛ foforo bi?

17 Ɛsɛ sɛ awofo hwɛ hu nso sɛ wɔn a wɔwɔ abusua no mu nyinaa nim adesua bere no ne asɛm a mubesusuw ho no. Ebinom de nneɛma te sɛ asase mfonini ne nea ɛtete saa di dwuma de bae asɛm no mu. Awofo afoforo nso ma wɔn nnɔkɔnnɔkɔwade ansa na wɔafi ase anaasɛ bere a wɔapɔn no. Wɔ adesua no akyi no ebia wobetumi asusuw ɛda no anaa dapɛn no mu ɔhaw ahorow ho. (Hwɛ adaka a ɛwɔ hɔ no mu na woanya nyansahyɛ afoforo aka ho.) Monyɛ adesua yi bere nyinaa! Awofo pii bɔ mmɔden kɛse sɛ wobenya aduan ne dabere ama wɔn mma; nanso ɛho hia kɛse sen saa sɛ wobɛma wɔn ‘asɛm no nufusu kronkron . . . na [yɛn mma] no anyin wɔ mu akɔ nkwagye mu.’​—1 Petro 2:2; Yohane 17:3.

18. Dɛn na ɛbɛboa ma ‘woasi’ wo fi no?

18 Abusua a ɛyɛ den honhom mu a wobenya gye ahokokwaw ne bere. Bɔ mmɔden sɛ wubenya nkitahodi su ahorow a ehia no na ama woatumi abɛn wo mma no wɔ nkate mu. Mma biribiara nsiw wo kwan wɔ bere a ɛho hia a wubenya na wonam nyansa, nhumu, ne nimdeɛ so de ahyɛ w’abusua no den no mu. Bɔ mpae ma wo mma, na wo ne wɔn nso mmɔ bi na hu sɛ Yehowa nkutoo na obetumi ama wo ‘dansi’ adwuma no ayɛ yiye.​—Dwom 127:1.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛnea The Hebrew and English Lexicon a John Parkhurst yɛe kyerɛ no, asɛmfua ma “animka” no fi adeyɛ kasa bi mu a ɛkyerɛ ‘sɛ woda no adi pefee, sɛ wonam nokwasɛm so kyerɛ, sɛ woyɛ kyerɛ, sɛ wonam adanse anaa nsɛm a ɛdan ti so da biribi adi.’ Old Testament Word Studies a William Wilson yɛe no ka wɔ adeyɛ kasa koro no ara ho sɛ: “sɛ wudi biribi ho adanse.”

So Wokae?

◻ Ɔkwan bɛn so na wɔde nyansa hyɛ ofi bi den, na dɛn na ebetumi aboa mmofra ma wɔanya bi?

◻ Dɛn nti na nhumu boa ma wonya abusua nkitahodi pa?

◻ Dɛn nti na Onyankopɔn ho nimdeɛ hia?

◻ Ɔkwan bɛn so na wobetumi ama abusua adesua ayɛ anigye a wosua biribi fi mu?

[Adaka wɔ kratafa 24]

Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wɔfa so yɛ adesua no?

Abusua Adesua A Etu Mpɔn

Ma ɛnyɛ nea osuro nnim a bere koro no ara nso nidi wom. Mma ɛnyɛ katee a ɔkwan koro pɛ no ara so na wofa. Bisa nsɛm afoforo na yɛ mfatoho ahorow fa kanyan wɔn adwene ma wɔn nyinaa nnya mu kyɛfa. Sɛ ɛho hia a, ma nea munsua no mu nyɛ mmerɛw mma wɔn. Ɛyɛ papa sɛ woremfa adesua bere nka mmofra no anim. Ebia wubetumi de animka a ehia ɛma wɔ kokoam

Dɛn na ɛsɛ sɛ musua?

Paw nea abusua no hia. Yɛ fakãã. Ebetumi ayɛ mo ho a musiesie ma dapɛn dapɛn Ɔwɛn-Aban adesua. Mubetumi asusuw nsɛm pɔtee te sɛ, ɔhaw a mmofra hyia wɔ sukuu, nhyehyɛe a wɔyɛ pue, sukuu dwumadi afoforo, agumadi, ne ɔbrasɛe ahorow ho. Fa nhoma a ɛka eyi ho ason di dwuma. Wubetumi akyɛ adesua bere no mu de ɛka nneɛma ahorow pii ho asɛm.

Bere bɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na bere tenten ahe?

Abusua ti betumi akyerɛ, bere a ɔne abusua mufo asusuw wɔn nhyehyɛe ne nea wotumi yɛ ho no. Ɛho hia sɛ osusuw mmofra mfe ne bere dodow a wotumi tra ase tie asɛm ho. Wubetumi ayɛ no ntiantia mpɛn pii wɔ dapɛn no mu, sɛ mmofra no susua a. Ebinom yɛ eyi bere a wɔadidi awie ara pɛ. Ɛnyɛ ne tenten na ehia na mmom sɛnea mobom de bere no di dwuma yiye.

Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ woadu abofra no koma mu?

Hyɛ no nkuran na ɔmfa n’ankasa asɛm mma mmuae. Fa nsemmisa a wɔde hu obi adwene di dwuma wɔ anifere mu fa hu sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho. Wubetumi abisa sɛ: “Mmofra a wɔwɔ sukuu no te nka dɛn wɔ asɛm yi ho? Wugye di sɛ nea wɔka no wom?” Anaasɛ, “Ɔkwan bɛn so na wobɛkyerɛkyerɛ nea enti a yɛmmɔ esum no mu akyerɛ wo yɔnko sukuuni? So wugye di sɛ eyi yɛ wo yiyedi ankasa? Dɛn ntia?” Hwɛ yiye na woanyɛ ade ma ɛntra so wɔ mmuae a ɔde me wɔ nsemmisa yi ho no mu na amma wansuro sɛ ɔbɛka n’adwene wɔ nokwaredi mu. Tɔ wo bo ase ma ɔnkasa na ɛma woahu sɛ wote nsɛm a ɛho hia no ase yiye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena