Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g19 nɔma 3 kr. 12-13
  • Sɛnea Yɛne Onyankopɔn Ntam Bɛyɛ Papa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Yɛne Onyankopɔn Ntam Bɛyɛ Papa
  • Nyan!—2019
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NYA ANIDASO
  • SƐNEA YEBENYA NSƐMMISA A EHIA PAA WƆ ASETENAM NO HO MMUAE
  • BIBLE MU AFOTUSƐM AFOFORO
  • Ɛhe na Yebenya Nsɛmmisa a Ɛho Hia Paa no ho Mmuae?
    Ɛhe na Yebenya Nsɛmmisa a Ɛho Hia Paa no ho Mmuae?
  • Mmoa Foforo Ma Abusua No
    Nyan!—2018
  • Awofo Betumi Anya Mmoa Pii Afi Bible Mu
    Nyan!—2019
  • Ma Yehowa Honhom Nkyerɛ Wo Kwan Na Kɔ W’anim!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2019
g19 nɔma 3 kr. 12-13
Ɔbea bi te abɔnten baabi redwinnwen nsɛm ho

Sɛnea Yɛne Onyankopɔn Ntam Bɛyɛ Papa

Sɛnea yɛkae mfiase no, nnipa pii bu Bible sɛ ɛyɛ nhoma kronkron. Wɔka sɛ, sɛ wɔkenkan Bible na wɔde emu afotu yɛ adwuma a, ɛma wohu sɛ wɔabɛn Onyankopɔn, na ama wɔahu nea enti a yɛwɔ wiase.

Bible ma yehu sɛ, sɛnea obi yɛ n’ade no betumi akyerɛ sɛ onnwen “honhom mu nneɛma ho,” kyerɛ sɛ, ɔne Onyankopɔn ntam ayɔnkofa ho nhia no. (Yuda 18, 19) Obi a ɔte saa no, odi n’akɔnnɔ akyi na ɔyɛ nea n’ankasa pɛ. Nanso obi a odwen honhom mu nneɛma ho de, onni Onyankopɔn akwankyerɛ ne n’afotu ho agorɔ.​—Efesofo 5:1.

NYA ANIDASO

BIBLE MU AFOTUSƐM: “W’aba mu abu ahohia da mu anaa? W’ahoɔden so bɛtew.”—Mmebusɛm 24:10.

NEA ƐKYERƐ: Sɛ yɛn abam bu a, ebetumi atwe yɛn mu nsu nyinaa, na ɛremma yennya ahoɔden a yɛde begyina asetenam haw ahorow ano. Nanso sɛ yɛwɔ anidaso a, ɛbɛma yɛanya ahoɔden a yehia. Ɛsɛ sɛ yenya anidaso sɛ ɔhaw biara a yɛrehyia no, ɛrentena hɔ daa; ebetwam. Ebetumi mpo aba sɛ nea ɛreteetee yɛn no, biribi pa bi befi mu aba. Sɛ yɛte nneɛma ase saa a, ɛbɛkyekye yɛn werɛ paa.

NEA WUBETUMI AYƐ: Bɔ mmɔden sɛ bere nyinaa wobɛma atena w’adwene mu sɛ, nneɛma bɛyɛ yiye daakye. Ɛnsɛ sɛ wode nea ebia ebesi daakye ho adwinnwen haw wo ho. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wotwɛn sɛ biribiara bɛtotɔ mu pɛpɛɛpɛ ansa na woatu anammɔn bi. Mmom nneɛma a wode asi w’ani so sɛ wobɛyɛ no, fi ase yɛ ho adwuma. Ɛwom, “asiane” betumi ato yɛn bere a yɛnhwɛ kwan. (Ɔsɛnkafo 9:11) Nanso sɛ yɛbɛka paa a, ɛyɛ a nneɛma taa kɔ yiye sen sɛnea yɛhwɛ kwan no. Bible de kuayɛ yɛ nhwɛso kyerɛkyerɛ asɛm yi mu. Ɛka sɛ: “Gu w’aba anɔpa, na nyi wo nsa mfi ho kosi anwummere, efisɛ wunnim nea ɛbɛyɛ yiye; eyi anaa eyi, anaasɛ abien no nyinaa bɛbom ayɛ yiye.”​—Ɔsɛnkafo 11:6.

SƐNEA YEBENYA NSƐMMISA A EHIA PAA WƆ ASETENAM NO HO MMUAE

BIBLE MU AFOTUSƐM: ‘Ma minnya ntease. W’asɛm yɛ nokware.’​—Dwom 119:144, 160.

NEA ƐKYERƐ: Nsɛmmisa a ɛkyere nnipa dodow no ara adwene no, Bible ma yenya ho mmuae. Saa nsɛmmisa no bi na edidi so yi:

  • Ɛyɛɛ dɛn na yɛbaa wiase?

  • Adɛn nti na yɛwɔ wiase?

  • Sɛ obi wu a, ɛhe na ɔkɔ?

  • Sɛnea nnipa asetena bɛyɛ ara ni?

Nnipa ɔpepem pii ahwehwɛ nsɛmmisa yi ne afoforo ho mmuae wɔ Bible mu na ama wɔn asetena atu mpɔn.

NEA WUBETUMI AYƐ: W’ankasa hwehwɛ nea Bible kyerɛkyerɛ no mu. Wubetumi abisa Yehowa Adansefo no mu biara sɛ ɔmmoa wo mma wonte Bible no ase. Kɔ yɛn wɛbsaet, jw.org/tw, anaa kɔ yɛn asafo nhyiam ahorow no bi. Obiara tumi ba bi a ontua hwee.

BIBLE MU AFOTUSƐM AFOFORO

Ɔbea bi rehwɛ video a wɔato din, Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wusua Bible? wɔ jw.org/tw

Hwɛ video a wɔato din Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wusua Bible? Ɛwɔ jw.org/tw, na wubenya wɔ kasa bɛboro 880 mu

HU SƐ WUHIA ONYANKOPƆN AKWANKYERƐ WƆ W’ASETENAM.

“Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade.”​—MATEO 5:3.

SUA ONYANKOPƆN A BIBLE KA NE HO ASƐM NO HO ADE PII.

‘Pɛ Onyankopɔn akyi kwan kosi sɛ wubehu no. Ɔne yɛn mu biara ntam nware.’​—ASOMAFO NNWUMA 17:27.

KENKAN BIBLE NA DWINNWEN EMU NSƐM HO.

‘N’ani gye Yehowaa mmara ho, odwinnwen ne mmara ho awia ne anadwo. Nea ɔyɛ biara bewie yiye.’​—DWOM 1:2, 3.

a Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena