Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 8/15 kr. 17-22
  • “Adwenemtew” a Yebenya Bere a Awiei No Bɛn No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Adwenemtew” a Yebenya Bere a Awiei No Bɛn No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Adwenemtew” a Yebenya Wɔ Yɛne Ankorankoro Abusuabɔ Mu
  • “Adwenemtew” ne Abusua mu Asɛyɛde Ahorow
  • “Adwenemtew” a Yebenya Wɔ Nhomasua Ho
  • ‘Nhwehwɛ Nneɛma Akɛse’
  • Sɛnea Yɛde Bere a Aka no Bedi Dwuma Ɔkwampa So
  • Kɔ So Fa “Adwenemtew” Tra Ase
  • Osuaa Mmɔborɔhunu Ho Ade
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Bɔ Mmɔden Hu Afoforo Sɛnea Yehowa Hu Wɔn No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Yona Sua Yehowa Mmɔborohunu Ho Ade
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Yehowa Nyaa Yona Ho Abotare
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 8/15 kr. 17-22

“Adwenemtew” a Yebenya Bere a Awiei No Bɛn No

Ade nyinaa awiei abɛn. Enti momma mo adwenem ntew.” —1 PETRO 4:7.

1. Dɛn na “adwenemtew” a yebenya no kyerɛ?

ƐSƐ sɛ ɔsomafo Petro nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no nya Kristofo asetra kwan so tumi kɛse. Nanso, Petro anka ankyerɛ n’akenkanfo sɛ wɔmpo wiase nneɛma ne asetram ahiade ahorow; na saa ara na wanhyɛ nkuran sɛ wɔmma ɔsɛe a ɛreba no ho hu nka wɔn. Mmom no, ɔhyɛɛ nkuran sɛ: “Momma mo adwenem ntew.” Nea “adwenemtew” a yebenya kyerɛ ne sɛ yebebu atɛmpa, ayɛ anyansafo, yɛn ani ada hɔ, na yɛayɛ anifere wɔ yɛn kasa ne yɛn nneyɛe mu. Nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛbɛma Onyankopɔn Asɛm adi yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe so. (Romafo 12:2) Esiane sɛ yɛte ‘awo ntoatoaso a wɔakɔntɔn na wɔakyea’ mu nti, yehia adwenemtew na yɛakwati ɔhaw ne nsɛnnennen ahorow.—Filipifo 2:15.

2. Ɔkwan bɛn so na Kristofo nya Yehowa boasetɔ so mfaso nnɛ?

2 “Adwenemtew” nso boa yɛn ma yenya yɛn ho adwene a ɛfata ankasa. (Tito 2:12; Romafo 12:3) Eyi ho hia esiane nsɛm a wɔakyerɛw wɔ 2 Petro 3:9 no nti: “[Yehowa, NW] nkyɛ ne bɔhyɛ ho, sɛnea ebinom bu sɛ ɛkyɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.” Monhyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ wɔn a wonnye nni nko na Yehowa bo dwo kyɛ ma wɔn, na mmom “mo” nso—Kristofo asafo no mufo no. Dɛn ntia? Efisɛ “ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera.” Ebia ɛho da so ara hia ma ebinom sɛ wɔyɛ nsakrae ne nsiesie na ama wɔafata ama daa nkwa akyɛde no. Enti momma yɛnhwɛ mmeae a ebia ebehia sɛ yɛyɛ nsakrae ahorow bi.

“Adwenemtew” a Yebenya Wɔ Yɛne Ankorankoro Abusuabɔ Mu

3. Nsɛm bɛn na awofo betumi abisa wɔn ho wɔ wɔn mma ho?

3 Ɛsɛ sɛ ofie yɛ baabi a asomdwoe wɔ. Nanso wɔ ebinom fam no, ayɛ ‘ofie a ɔko ayɛ no ma.’ (Mmebusɛm 17:1) W’abusua te dɛn? So “bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro” nni wo fie? (Efesofo 4:31) Na wo mma nso ɛ? So wɔte nka sɛ wodɔ wɔn, na wokyerɛ wɔn ho anisɔ? (Fa toto Luka 3:22 ho.) Wugye bere kyerɛkyerɛ wɔn tete wɔn? ‘Woteɛ wɔn wɔ trenee mu,’ sen sɛ anka wobɛyɛ no abufuw mu no? (2 Timoteo 3:16) Esiane sɛ mmofra yɛ “[Yehowa, NW] agyapade” nti, sɛnea wɔne wɔn di nsɛm no ho hia no yiye.—Dwom 127:3.

4. (a) Sɛ okunu bi hyɛ ne yere so a, dɛn na ebetumi afi mu aba? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔyerenom betumi ama asomdwoe aba wɔne Nyankopɔn ntam ne abusua no nyinaa mu?

4 Yɛn aware mu hokafo nso ɛ? “Ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ n’ankasa ne yere no dɔ ne ho. Na obiara ntan n’ankasa honam, na mmom ɔyɛn no, na ɔhwɛ so yiye, sɛnea Kristo nso yɛ asafo no.” (Efesofo 5:28, 29) Ɛnyɛ sɛ ɔbarima a n’ano yɛ yaw, na onni ntease a ɔyɛ nhyɛso no sɛe ne fie asomdwoe nko, na mmom ɔsɛe ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ nso. (1 Petro 3:7) Ɔyerenom nso ɛ? Ɛsɛ sɛ wɔn so ‘brɛ wɔn ho ase ma wɔn ankasa wɔn kununom, sɛ wɔyɛ ma Awurade.’ (Efesofo 5:22) Sɛ ɔyere dwen Onyankopɔn ani a ɔbɛsɔ ho a, ebetumi aboa no ma wabu n’ani agu ne kunu sintɔ ahorow so, na wabrɛ ne ho ase ama no a ɔrennya ne ho menasepɔw. Ɛtɔ mmere bi a, ebia ɔyere bɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ n’adwene. Mmebusɛm 31:26 ka ɔyepa ho asɛm sɛ: “Obue n’ano nyansa mu, na adɔe kyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so.” Ɛdenam ne kunu a ɔne no di ayamye ne obu kwan so so no, ɔma asomdwoe ba ɔne Nyankopɔn ntam, na ɔma abusua no nyinaa ani gye.—Mmebusɛm 14:1.

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mmofra tie Bible afotu a ɛfa sɛnea wɔne wɔn awofo bedi nsɛm ho no?

5 Mmofra, ɔkwan bɛn so na mo ne mo awofo di? So kasafi a ɛnkyerɛ obu a mpɛn pii no wiase ma ho kwan no na moka? Anaasɛ moretie Bible ahyɛde a ese: “Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ. Di w’agya ne wo na ni! Eyi ne mmara asɛm a edi kan a bɔhyɛ wɔ mu: na awie wo yiye, na wo nna aware asase so” no?—Efesofo 6:1-3.

6. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ne mfɛfo asomfo adi asomdwoe akyi?

6 Yɛda “adwenemtew” adi nso bere a yɛne mfɛfo asomfo ‘hwehwɛ asomdwoe na yedi akyi’ no. (1 Petro 3:11) Akyinnyegye ne ntawntawdi sɔre bere ne bere mu. (Yakobo 3:2) Sɛ yɛma kwan ma nitan yɛ kɛse a, ebetumi de asafo mũ no asomdwoe ato asiane mu. (Galatifo 5:15) Enti munsiesie akasakasa biara ntɛm; monhwehwɛ akwan a mobɛfa so adi ho dwuma asomdwoe mu.—Mateo 5:23-25; Efesofo 4:26; Kolosefo 3:13, 14.

“Adwenemtew” ne Abusua mu Asɛyɛde Ahorow

7. (a) Ɔkwan bɛn so na Paulo kyerɛe sɛ yɛnna “adwenemtew” adi wɔ wiase nneɛma ho? (b) Su bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo kununom ne ɔyerenom nya wɔ fie asɛyɛde ahorow ho?

7 Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ ‘wɔmfa adwenemtew ntra ase.’ (Tito 2:12) Ɛyɛ nea ɛho hia sɛ, wɔ nsɛm a ɛka ho mu no, Paulo tu mmea fo sɛ ‘wɔnnɔ wɔn kununom ne wɔn mma, wonnya adwempa, wɔnhwɛ wɔn ho so yiye, na wɔnyɛ wɔn afie yiye.’ (Tito 2:4, 5) Paulo kyerɛw ɛno wɔ afe 61-64 Y.B. mu, mfe kakraa bi ansa na Yudafo nneɛma nhyehyɛe no reba awiei. Nanso, na wiase nneɛma, te sɛ ofie nnwuma, ho da so ara hia. Enti ɛsɛ sɛ okununom ne ɔyerenom nyinaa nya adwempa wɔ wɔn fie asɛyɛde ahorow ho, na “wɔanka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.” Abusua ti bi paa ɔhɔho bi kyɛw wɔ ne fie tebea a na ɛyɛ aniwu ho. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ofie no asɛe “esiane sɛ na ɔreyɛ akwampae adwuma nti.” Ɛyɛ nea ɛfata nkamfo sɛ yɛde nneɛma bɛbɔ afɔre ama Ahenni no, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa yɛn mmusua yiyedi ammɔ afɔre.

8. Ɔkwan bɛn so na mmusua ti betumi adi wɔn mmusua ahiade ahorow ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so?

8 Bible hyɛ agyanom nkuran sɛ wɔmma wɔn ani nku wɔn mmusua ho, na ɛka sɛ nea ɔnhwɛ n’abusua no ‘apa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.’ (1 Timoteo 5:8) Asetra gu ahorow wɔ wiase nyinaa, na ɛyɛ papa sɛ yɛn ani bɛda hɔ wɔ honam fam nneɛma ho. Nea ɔkyerɛw Mmebusɛm 30:8 no bɔɔ mpae sɛ: “Mma me ohia anaa ahonyade.” Nanso, ɛnsɛ sɛ awofo bu wɔn ani gu wɔn mma honam fam ahiade so. Sɛ nhwɛso no, so ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ obi bɛboapa abu n’ani agu n’abusua asetram ahiade atitiriw so na ama wahwehwɛ teokrase hokwan ahorow? So eyi rentumi mpira ne mma? Ɔkwan foforo so no, Mmebusɛm 24:27 ka sɛ: “Siesie w’adwuma wɔ baabi, na yɛ w’asase so kua fa, na ɛno akyi woakyekye wo fi.” Yiw, bere a honam fam nneɛma ho ahiade wɔ n’afã no, ‘obi fie a ɔbɛkyekye’—honhom ne nkate fam—no yɛ nea ɛho hia.

9. Dɛn nti na nyansa wom ma mmusua ti sɛ wobesusuw wu a wobetumi awu anaa yare a wobetumi ayare no ho?

9 Woayɛ nsiesiei a sɛ ɛba sɛ wuhyia ɔpatuwu a ɛbɛhwɛ w’abusua no? Mmebusɛm 13:22 ka sɛ: “Onipa pa gyaw n’ade ma mma mma.” Nea ɛka Yehowa ho nimdeɛ ne ne ntam abusuabɔ a wɔbɛma wɔn mma anya ho no, awofo ani begye ho sɛ wɔbɛma wɔn mma honam fam nneɛma nso. Wɔ nsase pii so no, mmusua ti a wɔn ani kũ wɔn asɛyɛde ho no bɔ mmɔden sɛ wɔde sika bi besie, wɔbɛyɛ nsamansew, na wɔayɛ insurance nso. Sɛnea ɛte biara no, “bere ne akwanhyia” to Onyankopɔn nkurɔfo. (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Sika “onwini ase tra” ye, na mpɛn pii no, nhyehyɛe pa a wɔyɛ no tumi ma wɔkwati ahokyere. (Ɔsɛnkafo 7:12) Wɔ nsase a ɛnyɛ aban na otua ayaresa ho ka so no, ebia ebinom bɛpaw sɛ wɔde sika bi besie ama akwahosan ho ahiade anaasɛ wɔbɛyɛ akwahosan ho nhyehyɛe pɔtee bi.a

10. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔyɛ awofo betumi ‘apɛ ade’ ama wɔn mma?

10 Kyerɛwnsɛm no nso ka sɛ: “Ɛnyɛ mma na ɛpɛ ade ma awofo, na mmom awofo na ɛpɛ ade ma mma.” (2 Korintofo 12:14) Wɔ wiase no, awofo taa de sika sie ma wɔn mma nhomasua ne wɔn aware na ama wɔanya nhyɛase pa daakye. So woasusuw ho sɛ wode biribi besie ama wo ba daakye honhom fam yiyedi? Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ abofra bi a wanyin reyɛ bere nyinaa som adwuma. Bere a ɛnsɛ sɛ bere nyinaa asomfo hwehwɛ mmoa anaasɛ wɔhwɛ mmoa kwan fi baabi no, awofo a wɔwɔ dɔ betumi apaw sɛ ‘wɔne no bɛkyɛ n’ahiade’ na aboa no ma watra bere nyinaa som adwuma no mu.—Romafo 12:13; 1 Samuel 2:18, 19; Filipifo 4:14-18.

11. So sika ho adwene a ɛfata a yebenya no kyerɛ sɛ yenni gyidi? Kyerɛkyerɛ mu.

11 Adwene a ɛfata a yebenya wɔ sika ho no nkyerɛ sɛ yenni gyidi sɛ Satan nhyehyɛe bɔne yi awiei abɛn. Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ yɛreda ‘nyansa’ ne atɛmpa adi. (Mmebusɛm 2:7; 3:21) Yesu kae bere bi sɛ “wiase yi mma wɔ nyansa sen hann mma” wɔ sɛnea wɔde sika di dwuma mu. (Luka 16:8) Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ ebinom ahu hia a ehia sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ ɔkwan a wɔfa so de wɔn nneɛma di dwuma no mu, na ama wɔatumi adi wɔn mmusua ahiade ho dwuma.

“Adwenemtew” a Yebenya Wɔ Nhomasua Ho

12. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnyɛ nsakrae ma ɛne tebea ahorow nhyia?

12 ‘Wi yi ase su resakra,’ na sikasɛm mu nsakrae ne mfiridwuma mu nkɔso renya nkɔanim kɛse. (1 Korintofo 7:31) Nanso, Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnyɛ nsakrae. Ɔka kyerɛɛ wɔn bere a ɔsomaa wɔn wɔ wɔn asɛnka ɔsatu a edi kan no mu sɛ: “Monnhwehwɛ sika anaa dwetɛ anaa kɔbere nngu mo abɔso mu, monnhwehwɛ akwantu bɔtɔwa anaa ntade abien anaa mpaboa anaa poma; na odwumayɛfo aduan sɛ no.” (Mateo 10:9, 10) Nanso, bere bi akyi no, Yesu kae sɛ: “Nea ɔwɔ sika kotoku no, ɔmfa, ne bɔtɔwa saa ara.” (Luka 22:36) Ná dɛn na asesa? Tebea horow no. Ná nyamesom mu basabasayɛ aba, na afei de na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn ho.

13. Nhomasua atirimpɔw titiriw ne dɛn, na ɔkwan bɛn so na awofo betumi aboa wɔn mma wɔ eyi mu?

13 Saa ara na ɛnnɛ, ebia ɛho behia sɛ awofo susuw sɛnea nnɛyi sikasɛm te ankasa ho. Sɛ nhwɛso no, so worehwɛ ama wo mma anya nhomasua a ɛfata? Ɛsɛ sɛ nhomasua atirimpɔw titiriw yɛ sie a ebesiesie abofra ma wayɛ Yehowa somfo pa. Na nhomasua a ɛho hia sen biara ne honhom fam nhomasua. (Yesaia 54:13) Awofo dwen sɛnea wɔn mma betumi ahwɛ wɔn ho wɔ sikasɛm ho nso. Enti ma wo mma no akwankyerɛ, boa wɔn ma wɔmpaw sukuu adesua a ɛfata, na ɛne wɔn nsusuw ho sɛ ebia ɛfata sɛ wɔtoa so anaasɛ wɔntoa so. Gyinaesi a ɛtete saa no yɛ abusua bi asɛyɛde, na ɛnsɛ sɛ afoforo kasa tia nea wɔpaw no. (Mmebusɛm 22:6) Na wɔn a wɔapaw sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn mma ade wɔ fie no nso ɛ?b Bere a ebinom ayɛ adwuma a ɛfata nkamfo no, ebinom ahu sɛ adwuma no yɛ den sen sɛnea wosusuwii, na wɔn mma no ahwere ade. Enti sɛ woresusuw ofie sukuukɔ ho a, hwɛ hu nea ebegye no, na bu akontaa ankasa hu sɛ ebia wowɔ nimdeɛ ne ahosodi a ehia na ama woadi ho dwuma no anaa.—Luka 14:28.

‘Nhwehwɛ Nneɛma Akɛse’

14, 15. (a) Ɔkwan bɛn so na Baruk ankari pɛ wɔ honhom fam? (b) Dɛn nti na na ɛyɛ nkwaseasɛm sɛ ‘ɔbɛhwehwɛ nneɛma akɛse’?

14 Esiane sɛ nhyehyɛe yi awiei nnya mmae nti, ebia ebinom bɛdan akɔhwehwɛ wiase agyapade—nnwuma a nidi wom, nnwuma a sika wom, ne ahonyade. Susuw Yeremia kyerɛwfo, Baruk, ho hwɛ. Odii abooboo sɛ: “Minnue sɛ [Yehowa, NW] de ɛyaw ka m’awerɛhow ho. Mabrɛ ne apinisi, na minnya ɔhome bi.” (Yeremia 45:3) Ná Baruk abrɛ. Ná som a ɔsom sɛ Yeremia kyerɛwfo no yɛ adwumaden ne dadwen. (Yeremia 36:14-26) Na na anidaso biara nni hɔ sɛ adwennwen no bɛba awiei. Ná ebedi mfe 18 ansa na wɔasɛe Yerusalem.

15 Yehowa ka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Hwɛ, nea misii no, meredwiriw, na nea miduae no, meretutu, na eyi bɛba asase no nyinaa so. Na wo worehwehwɛ ade kɛse afa? Nhwehwɛ.” Ná Baruk nkari pɛ. Ná wafi ase ‘rehwehwɛ nneɛma akɛse afa,’ ebia ahonyade, edin, anaa honam fam nneɛma. Esiane sɛ na ‘Yehowa redwiriw asase no nyinaa mpo’ nti, na nyansa bɛn na ɛwom sɛ ɔbɛhwehwɛ nneɛma a ɛte saa? Enti Yehowa de nkaebɔ a anibere wom yi maa Baruk sɛ: “Hwɛ, mede bɔne mereba ɔhonam nyinaa so . . . na mede wo kra mɛma wo sɛ asade, baabiara a wobɛkɔ.” Ná honam fam nneɛma renka wɔ Yerusalem sɛe no mu! Yehowa hyɛe sɛ ne “kra” nkutoo na ‘ɔde bɛma sɛ asade.’—Yeremia 45:4, 5.

16. Dɛn na Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asua afi Baruk asɛm no mu?

16 Baruk tiee Yehowa nteɛso no, na sɛnea Yehowa hyɛɛ bɔ no, Baruk nyaa ne ti didii mu. (Yeremia 43:6, 7) Asuade a emu yɛ den ma Yehowa nkurɔfo nnɛ bɛn ara ni! Eyi nyɛ bere a ɛsɛ sɛ ‘yɛhwehwɛ nneɛma akɛse ma yɛn ho.’ Dɛn ntia? Efisɛ “wiase ne n’akɔnnɔ retwam.”—1 Yohane 2:17.

Sɛnea Yɛde Bere a Aka no Bedi Dwuma Ɔkwampa So

17, 18. (a) Yona yɛɛ n’ade dɛn bere a Ninewefo no sakrae no? (b) Asuade bɛn na Yehowa maa Yona nyae?

17 Ɛnde, ɔkwampa bɛn so na yebetumi de mmere a aka no adi dwuma? Sua biribi fi odiyifo Yona asɛm no mu. ‘Ɔkɔɔ Ninewe, na ɔpaee mu sɛ: Aka adaduanan na Niniwe abutuw.’ Nea ɛyɛɛ Yona ahodwiriw no, Ninewefo no gyee n’asɛm no, na wɔsakrae! Enti Yehowa ansɛe kurow no. Dɛn na Yona yɛe? “[Yehowa, NW], gye me kra fi me so ɛ, na owu ye ma me sen nkwa.”—Yona 3:3, 4; 4:3.

18 Afei Yehowa maa Yona nyaa asuade titiriw bi. ‘Osiesiee adedenkuruma, na ɛfefɛw kataa Yona so ma n’atifi nyaa onwini. Na Yona nyaa adedenkuruma no ho anigye kɛse.’ Nanso, Yona anigye no ankyɛ, efisɛ dua no poe. Yona ‘bo fuwii’ ne haw no ho. Yehowa twee adwene sii N’asɛm no so kae sɛ: “Wo de, adedenkuruma no asɛm yɛ wo yaw, . . . Na me de, Niniwe kurow kɛse a nnipa bɛboro ɔpedu ahorow dumien a wonnim nifa ne benkum ne afieboa pii nso wɔ mu no de renyɛ me yaw anaa?”—Yona 4:6, 7, 9-11.

19. Pɛsɛmenkominya nsusuwii bɛn na yɛbɛpɛ sɛ yɛkwati?

19 Hwɛ sɛnea na Yona nsusuwii no yɛ pɛsɛmenkominya fa! Afifide asɛm tumi yɛɛ no yaw, nanso wannya ayamhyehye kakraa bi mpo amma Ninewefo no—nnipa a sɛnea yɛbɛka wɔ honhom fam no, ‘na wonnim nifa ne benkum.’ Saa ara na ebia yɛn nso yɛbɛhwɛ wiase bɔne yi sɛe kwan ma afata! (2 Tesalonikafo 1:8) Nanso, bere a yɛretwɛn no, yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛboa komapafo a sɛnea yɛbɛka wɔ honhom fam no, ‘wonnim wɔn nifa ne wɔn benkum no.’ (Mateo 9:36; Romafo 10:13-15) So wode bere tiaa bi a aka no bedi dwuma de aboa nnipa dodow biara a wubetumi ma wɔanya Yehowa ho nimdeɛ a ɛsom bo no? Adwuma bɛn na ebetumi de anigye aba te sɛ boa a yɛbɛboa obi ma wanya nkwa?

Kɔ So Fa “Adwenemtew” Tra Ase

20, 21. (a) Dɛn ne akwan a yebetumi ada “adwenemtew” adi wɔ nna a ɛwɔ yɛn anim no mu bi? (b) Nhyira bɛn na ebefi “adwenemtew” a yɛde bɛtra ase no mu aba?

20 Bere a Satan nhyehyɛe kɔ so bɛn ɔsɛe no, akyinnye biara nni ho sɛ yebehyia nsɛnnennen foforo. Timoteo Nhoma a ɛto so abien ti 3:13 hyɛ nkɔm sɛ: “Nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu.” Nanso ‘mmrɛ, na wo kra antɔ piti.’ (Hebrifo 12:3) Fa wo ho to Yehowa so ma ɔmma wo ahoɔden. (Filipifo 4:13) Sɛ́ anka wubedwennwen mmere a atwam ho no, sua sɛ wobɛyɛ fakaa, na woayɛ nsakrae ma ɛne tebea a ɛrekɔ so sɛe yi ahyia. (Ɔsɛnkafo 7:10) Fa nyansa di dwuma, na di akwankyerɛ a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma no akyi.—Mateo 24:45-47.

21 Bere dodow a aka no de, yennim. Nanso, yebetumi de ahotoso aka sɛ “ade nyinaa awiei abɛn.” Enkosi sɛ saa awiei no bɛba no, momma yɛmfa “adwenemtew” ntra ase wɔ yɛne yɛn ho yɛn ho nsɛnnii, ɔkwan a yɛfa so hwɛ yɛn mmusua, ne yɛn honam fam asɛyɛde ahorow mu. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn nyinaa betumi anya ahotoso sɛ awiei koraa no wobehu yɛn sɛ “nnipa a wonni nkekae ne dɛm asomdwoe mu”!—2 Petro 3:14.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ nhwɛso no, wɔ United States no, nnipa pii yɛ wɔn akwahosan ho insurance, ɛwom sɛ nneɛma a ɛtete saa no bo yɛ den de. Adansefo mmusua bi ahu sɛ nnuruyɛfo bi wɔ ɔpɛ kɛse sɛ wɔbɛma wɔn nnuru foforo a mogya nnim bere a mmusua wɔ aduruyɛ ho insurance no. Nnuruyɛfo pii gye sika dodow biara a insurance anaa aban akwahosan ho nhyehyɛe ma kwan no.

b Sɛ́ obi bɛkɔ sukuu wɔ fie no yɛ ankorankoro gyinaesi. Hwɛ asɛm “Ofie Sukuukɔ—So Eye ma Wo?,” a epuei wɔ April 8, 1993, Engiresi Nyan! mu no.

Nsɛm a Ɛsɛ sɛ Yesusuw Ho

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada “adwenemtew” adi wɔ yɛne ankorankoro abusuabɔ mu?

◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi akari pɛ wɔ yɛn abusua asɛyɛde ahorow ho dwumadi mu?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo kyerɛ wɔn mma nhomasua ho anigye?

◻ Asuade bɛn na yenya fi Baruk ne Yona hɔ?

[Kratafa 18 mfonini]

Sɛ okunu ne ɔyere yɛ wɔn ho wɔn ho ayayade a, wɔsɛe wɔne Yehowa ntam abusuabɔ

[Kratafa 20 mfonini]

Ɛsɛ sɛ awofo kyerɛ wɔn mma nhomasua ho anigye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena