Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 12/15 kr. 11-16
  • Nya Yehowa Mu Ahotoso!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Yehowa Mu Ahotoso!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Agya Nkyerɛkyerɛ
  • Ahotoso a Ɛtra Hɔ Daa
  • Tweri Yehowa
  • “W’akwan Nyinaa Mu”
  • Mmebusɛm 3:5, 6—“Mfa Wo Ho Ntweri Wo Nhumu”
    Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu
  • Wo ne Yehowa Nnya Abusuabɔ a Emu Yɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Hyɛ Yehowa Mu Ahotoso a Wowɔ no Mu Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Ahotoso Ho Hia Ma Asetra a Anigye Wom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 12/15 kr. 11-16

Nya Yehowa Mu Ahotoso!

“Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa] ho.”​—MMEBUSƐM 3:5.

1. Ɛyɛɛ dɛn na aberante bi ani gyee Mmebusɛm 3:5 ho, na dɛn na efii mu baa akyiri yi?

OBI a wayɛ ɔsɛmpatrɛwfo bere tenten kyerew sɛ: “‘FA WO KOMA NYINAA BATA AWURADE HO: NA MFA wo HO NTWERI WO NHUMU.’ Saa Bible mu nsɛm a ɛhyɛ ahwehwɛ mu a wɔde abɔ dan ho wɔ ofi bi a na merekɔ hɔ mu twee m’adwene. Misusuw ho da mũ no nyinaa. Mibisaa me ho sɛ so metumi de me koma nyinaa ato Onyankopɔn so?” Saa bere no na onipa yi adi mfe 21. Bere a wadi mfe 90 na ɔda so ara som nokwaredi mu sɛ ɔpanyin wɔ Perth, Australia no, obetumi abu kɔmpɔ ahwɛ nhyira a koma nyinaa mu a ofi de ne ho too Yehowa so ama wanya no, a mfe 26 a ɔde kofii asɛmpatrɛw adwuma ase denneennen wɔ Ceylon (mprempren Sri Lanka), Burma (mprempren Myanmar), Malaya, Thailand, India, ne Pakistan ka ho.a

2. Ahotoso bɛn na ɛsɛ sɛ Mmebusɛm 3:5 ma yenya?

2 “Fa wo koma nyinaa to Yehowa so”​—ɛsɛ sɛ asɛm yi a ɛwɔ Mmebusɛm 3:5, sɛnea New World Translation ka no no kanyan yɛn nyinaa ma yɛkɔ so fi koma nyinaa mu de yɛn nkwa ma Yehowa na yenya ahotoso sɛ obetumi ahyɛ yɛn gyidi den ma yɛadi akwanside a ɛte sɛ mmepɔw so mpo. (Mateo 17:20) Afei momma yɛhwehwɛ nsɛm afoforo a ɛka Mmebusɛm 3:5 ho no mu.

Agya Nkyerɛkyerɛ

3. (a) Nkuranhyɛ bɛn na yehu wɔ Mmebusɛm ti akron a edi kan no mu? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani ku Mmebusɛm 3:1, 2 ho yiye?

3 Bible nhoma a ɛne Mmebusɛm no ti akron a edi kan no ka agya nkyerɛkyerɛ, a ɛyɛ afotu a nyansa wom a Yehowa de ama wɔn a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ ne mma wɔ soro anaasɛ wobenya “Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi” mu anigye wɔ paradise asase so nyinaa ho nsɛm pii. (Romafo 8: 18-21, 23) Eyi yɛ afotu a nyansa wom a awofo betumi de atete wɔn mma. Nea ada adi wom ne ​—Mmebusɛm ti 3 mu afotu no, na ɛde kɔkɔbɔ yi fi ase sɛ: “Me ba, mma wo werɛ mmfi me mmara, na ma wo koma nni me mmara nsɛm so.” Bere a Satan wiase bɔne yi nna a edi akyiri no rebɛn n’awiei koraa no, momma yentie nsɛm a Yehowa kaakae yɛn wɔ ho no yiye nsen bere biara. Ebia ɛte sɛ nea akyɛ de, nanso bɔhyɛ a wɔde ma wɔn a wogyina mu nyinaa ne sɛ “onyinkyɛ ne nkwa mfe ne asomdwoe na ɛde bɛka wo ho”​—daa nkwa wɔ Yehowa nhyehyɛe foforo no mu.​—Mmebusɛm 3:1, 2.

4, 5. (a) Abusuabɔ pa bɛn na wɔka ho asɛm wɔ Yohane 5:19, 20? (b) Ɔkwan bɛn so na afotu a ɛwɔ Deuteronomium 11:18-21 yɛ adwuma de besi nnɛ?

4 Agya ne ne babarima ntam abusuabɔ pa betumi asom bo yiye. Yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɛmmra saa. Kristo Yesu kaa ɔno ankasa ne Yehowa ntam abusuabɔ a emu yɛ den ho asɛm sɛ: “Ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu Agya no sɛ ɔyɛ; efisɛ biribiara a ɔno yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ. Na Agya no dɔ Ɔba no, na ɔkyerɛ no nea n’ankasa yɛ nyinaa.” (Yohane 5:19, 20) Ná Yehowa atirimpɔw ne sɛ abusuabɔ a emu yɛ den saa ara bɛba ɔno ankasa ne n’asase so abusuafo nyinaa, ne agyanom a wɔyɛ nnipa ne wɔn mma nso ntam.

5 Wɔhyɛɛ abusuafo ntam abusuabɔ a ahotoso wom ho nkuran wɔ tete Israel. Yehowa de afotu maa ɛhɔ agyanom sɛ: “Enti momfa me nsɛm yi nsie mo koma ne mo kra mu, na fa yɛ sɛnkyerɛnne kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkae ntamabamma; na momfa nkyerɛkyerɛ mo mma, na kasa ho w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu, ne wo nna mu ne wo sɔre mu; na kyerɛw gu wo fi apongua ho ne w’aponkɛse so: na wo nna ne wo mma nna adɔɔso asase a [Yehowa] kaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, sɛ ɔsoro a ɛkata asase so yi nna te.” (Deuteronomium 11:18-21) Nokwarem no, yɛn Kyerɛkyerɛfo a Ɔsen Biara, Yehowa Nyankopɔn, Asɛm a efi honhom mu no betumi ama ɔne awofo ne wɔn mma ne afoforo a wɔsom no wɔ Kristofo asafo no mu nyinaa anya abusuabɔ a emu yɛ den.​—Yesaia 30:20, 21.

6. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Onyankopɔn ne nnipa anim dom?

6 Wɔtoa so de afotu a agya de ma no ma Onyankopɔn nkurɔfo, mpanyin ne mmofra wɔ Mmebusɛm ti 3 nkyekyem 3 ne 4 sɛ: “Mma adɔe ne nokware nnnyaw wo; fa kyekye wo kɔn, kyerɛw wo koma pon so. Ɛnna wubenya ɔdom ne nimdeɛ pa, Onyankopɔn ne nnipa anim.” Yehowa Nyankopɔn ankasa da adɔe ne nokware adi wɔ ɔkwan a ɛkyɛn so so. Sɛnea Dwom 25:10 ka no, “[Yehowa] atempɔn nyinaa yɛ adɔe ne nokware.” Nea ɛbɛyɛ na yɛasuasua Yehowa no, ɛsɛ sɛ yebu su horow yi ne ahobammɔ tumi a ɛwom no sɛ ɛsom bo, na yebu no sɛ kɔnmuade a ne bo yɛ den yiye na yɛkyerɛw gu yɛn koma so daa. Afei, yebetumi abɔ mpae a emu yɛ den sɛ: ‘O Yehowa ma w’adɔe ne wo nokware mmɔ me ho ban daa.’​—Dwom 40:11.

Ahotoso a Ɛtra Hɔ Daa

7. Akwan horow bɛn so na Yehowa ada no adi sɛ yebetumi de yɛn ho ato no so?

7 Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary kyerɛ ahotoso ase sɛ “Obi anaa biribi suban, tumi, ahoɔden, anaa nokwaredi a wotumi nya mu awerɛhyem pintinn.” Yehowa suban gyina n’adɔe so pintinn. Na yebetumi anya ahotoso a edi mu sɛ ɔbetumi ayɛ nea wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no, efisɛ ne din ankasa a ɛne Yehowa no ma wohu no sɛ atirimpɔw Wura. (Exodus 3:14; 6:2-8) Sɛ Ɔbɔadeɛ no, ɔne ahoɔden ne tumi Fibea. (Yesaia 40: 26, 29) Ɔne nokware nhwɛso, efisɛ “Onyankopɔn ntumi nni atoro.” (Hebrifo 6:18) Enti wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yennya Yehowa, yɛn Nyankopɔn, nokware nyinaa Fibea kɛse, a ɔwɔ ade nyinaa so tumi a ɔde bɛbɔ ne nkurɔfo a wɔde wɔn ho to no so ho ban, na wama n’atirimpɔw akɛse nyinaa abam wɔ anuonyam mu no mu ahotoso a edi mu.​—Dwom 91:1, 2; Yesaia 55:8-11.

8, 9. Dɛn nti na ahotoso nni wiase no mu koraa, na ɔkwan bɛn so na Yehowa nkurɔfo nte saa?

8 Ahotoso nni wiase bɔne a yɛte mu no mu koraa. Mmom no, yehu sɛ adifudepɛ ne dwowtwa wɔ baabiara. Wɔde nkyerɛw akɛse kyerɛw nsɛm yi wɔ May 1993 World Press Review nsɛmma nhoma no anim sɛ: “DWOWTWA ABU SO​—Sikabɔne wɔ Wiase Nhyehyɛe Foforo no Mu. Nsisi ne apoobɔ abu so fi Brazil kosi Germany, fi United States kosi Argentina, fi Spain kosi Peru, fi Italy kosi Mexico, fi Vatican kosi Russia.” Esiane sɛ nea wose ɛyɛ onipa wiase nhyehyɛe foforo no gyina nitan, adifudepɛ, ne adwemmɔne so nti, nea ɛde brɛ adesamma ara ne amanehunu a ɛredɔɔso.

9 Esiane sɛ Yehowa Adansefo nte sɛ amammui aman nti, wɔn ani gye sɛ wɔyɛ “nkurɔfo a wɔn Nyankopɔn ne [Yehowa].” Wɔn nkutoo na wobetumi aka no nokwarem sɛ, “Onyankopɔn so na yɛde yɛn ho to.” Wɔn mu biara betumi de anigye ateɛm sɛ: “Onyankopɔn mu na miyi n’asɛm ayɛ, Onyankopɔn so na mede me ho mato, merensuro.”​—Dwom 33:12; 56:4, 11.

10. Dɛn na ɛhyɛ Kristofo nkumaa pii den ma wɔakura wɔn mudi mu?

10 Wɔ Asia man bi a wɔahwe Adansefo nkumaa mpempem pii pasaa de wɔn agu afiase mu no, Yehowa mu ahotoso ama wɔn mu dodow no ara atumi agyina ano. Anadwo bi wɔ afiase no, Ɔdansefo kumaa bi a wɔayɛ no ayayade kɛse tee nka sɛ ontumi nnyina ano bio. Nanso abofra foforo wiawiaa ne ho faa sum mu baa ne nkyɛn. Ɔkaa no brɛoo sɛ: “Mpa abaw; migyaee nsɛm mu siesiei, na ahaw m’adwene fi saa bere no.” Abofra a odi kan no hyɛɛ ne tirim a wabɔ sɛ obegyina pintinn no mu den bio. Yebetumi anya Yehowa mu ahotoso a edi mu sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛadi mmɔden biara a Satan bɛbɔ sɛ ɔbɛma yɛagyae yɛn mudi mu no so.​—Yeremia 7: 3-7; 17:1-8; 38:6-13, 15-17.

11. Ɔkwan bɛn so na wɔkanyan yɛn ma yenya Yehowa mu ahotoso?

11 Mmara asɛm a edi kan no fã bi kenkan sɛ: “Na dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu.” (Marko 12:30) Bere a yesusuw Onyankopɔn Asɛm ho no, nokware a ɛyɛ anigye a yesua no sian kɔ yɛn komam tɔnn, ma enti ɛkanyan yɛn ma yɛde nea yɛwɔ nyinaa yɛ yɛn Nyankopɔn nwonwafo, Amansan Hene Yehowa, no adwuma. Ɛyɛ koma a anisɔ a yɛwɔ ma no​—wɔ nea wakyerɛkyerɛ yɛn, nea wayɛ ama yɛn, ne nea ɔrebɛyɛ ama yɛn ho​—ayɛ no ma na ɛkanyan yɛn ma yenya ne nkwagye mu ahotoso a edi mu.​—Yesaia 12:2.

12. Ɔkwan bɛn so na Kristofo pii ada no adi sɛ wɔwɔ Yehowa mu ahotoso bere a bere kɔ so no?

12 Yebetumi anya ahotoso yi bere a bere kɔ so no. Yehowa Ɔdansefo ɔhobrɛasefo bi a ɔde mfe bɛboro 50 asom nokwaredi mu wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no Brooklyn dwumadibea fi April 1927 no kyerɛwee sɛ: “Saa ɔsram no awiei no, me nsa kaa sika kakra a ɛyɛ $5.00 a wɔde ahyɛ nhoma kotoku mu na kratasin fɛfɛ bi a Bible kyerɛwsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 3:5, 6 wɔ so ka ho. . . Na ɛsɛ sɛ mede me ho to Yehowa so ɔkwan biara so, efisɛ ankyɛ na mihui wɔ adwumayɛbea ti hɔ sɛ Yehowa wɔ ‘akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw’ a wɔde nokwaredi hwɛ Ahenni nneɛma a ɛwɔ asase so ha nyinaa so.​—Mateo 24:45-47.”b Ná Kristoni yi koma si “ademude a ɛrensa da ɔsoro” a obenya no so, na ɛnyɛ sika pii. Saa ara nso na nnɛ nnipa mpempem pii a wɔsom wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no Betel afie mu wɔ wiase nyinaa no aka mmara mu ntam bi sɛ wobegye ohia tebea atom. Wɔwɔ Yehowa mu ahotoso sɛ ɔde wɔn da biara ahiade bɛma wɔn.​—Luka 12:29-31, 33, 34.

Tweri Yehowa

13, 14. (a) Hefa nkutoo na yebetumi anya afotu pa afi? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yekwati na yɛatumi agyina ɔtaa ano?

13 Yɛn soro Agya no tu yɛn fo sɛ: “Mfa wo ho ntweri wo nhumu.” (Mmebusem 3:5) Wiase afotufo ne adwene ho animdefo ntumi nhwɛ kwan sɛ wobenya nyansa ne ntease a Yehowa da no adi no bi. “Ne nhumu nni anobu.” (Dwom 147:5) Sɛ anka yɛde yɛn ho bɛto wiase no mu nnipa atitiriw nyansa anaasɛ yɛn ankasa nkate a yɛnte ase so no, momma yɛmfa yɛn ho nto Yehowa, n’Asɛm, ne Kristofo asafo no mu mpanyimfo so na yɛanya afotu pa.​—Dwom 55:22; 1 Korintofo 2:5.

14 Nnipa nyansa anaa wɔn dibea a ɛkorɔn no ntumi nyɛ hwee mma yɛn wɔ sɔhwɛ da a emu yɛ den a ɛrebɛn ntɛmntɛm no mu. (Yesaia 29:14; 1 Korintofo 2:14) Wɔ Japan wɔ Wiase Ko II mu no, Onyankopɔn nkurɔfo so ɔhwɛfo bi a ɔbɔ mmɔden yiye nanso ɔyɛ ahantan paw sɛ ɔde ne ho bɛto n’ankasa ntease so. Bere a wɔde nhyɛso baa no so no, ɔdan ɔwaefo, na nguankuw no mu dodow no ara gyaee ɔsom adwuma no wɔ ɔtaa mu. Japanni onuawa nokwafo bi a ɔde akokoduru gyinaa ayayade kɛse a woyɛe no wɔ afiase a emu ntew mu no kae sɛ: “Ná wɔn a wodii nokware no nni ɔdom akyɛde soronko bi, na na wɔnyɛ nnipa atitiriw. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de yɛn koma nyinaa to Yehowa so.”c

15. Sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani a, su pa bɛn na ehia?

15 Egye ahobrɛase na yɛde yɛn ho ato Yehowa so asen yɛn ankasa ntease so. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔsɔ Yehowa ani no nya su yi bi! Ɛwom mpo sɛ yɛn Nyankopɔn no ne amansan nyinaa Hene de, nanso oyi ahobrɛase adi wɔ ɔne n’abɔde a wɔwɔ nyansa no nsɛnni mu. Yebetumi de aseda ama wɔ ɛno ho. ‘Ɔbrɛ ne ho ase hwɛ fam, ɔsoro ne asase so. Ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu.’ (Dwom 113:6, 7) Ne mmoborohunu kɛse nti, ogyina n’akyɛde a ɛsen biara a ɔde ama adesamma, ne Dɔba Kristo Yesu agyede afɔrebɔ a ɛsom bo, no so de yɛn mfomso ahorow firi yɛn. Hwɛ aseda araa a ɛsɛ sɛ yɛde ma wɔ n’ayamye a ɛnsɛ yɛn yi ho!

16. Ɔkwan bɛn so na anuanom mmarima betumi abɔ mmɔden anya hokwan ahorow wɔ asafo no mu?

16 Yesu ankasa kae yɛn sɛ: “Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.” (Mateo 23:12) Ɛsɛ sɛ anuanom mmarima a wɔabɔ wɔn asu no de ahobrɛase bɔ mmɔden sɛ wobenya asɛyɛde ahorow wɔ Kristofo asafo no mu. Nanso, ɛnsɛ sɛ ahwɛfo bu paw a wɔpaw wɔn no sɛ dibea na mmom hokwan a ɛbɛma wɔde ahobrɛase, anisɔ, ne ɔpɛ a emu yɛ den ayɛ adwuma te sɛ Yesu a ɔkaa eyi no: “M’agya gu so yɛ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meyɛ adwuma.”​—Yohane 5:17; 1 Petro 5:2, 3.

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kae, na ɛbɛma yɛayɛ adwuma bɛn?

17 Momma yɛmfa ahobrɛase ne mpaebɔ nkae bere nyinaa sɛ yɛte sɛ mfutuma ara kwa wɔ Yehowa ani so. Ɛnde, hwɛ anigye ara a yebetumi anya sɛ “[Yehowa] adɔe fi daa kɔ daa, wɔn a wosuro no so, na ne trenee wɔ hɔ ma mma mma”! (Dwom 103:14, 17) Enti ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa sua Onyankopɔn Asɛm yiye. Ɛsɛ sɛ bere a yɛde yɛ kokoam ne abusua adesua na yɛde kɔ asafo nhyiam no yɛ bere a ɛsom bo ma yɛn sen biara wɔ dapɛn biara mu no fã. Saa kwan yi so no, yenya “Ɔkronkronni no ho nimdeɛ” pii. Ɛno na wɔfrɛ no “ntease.​—Mmebusɛm 9:10.

“W’akwan Nyinaa Mu”

18, 19. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Mmebusɛm 3:6 adi dwuma wɔ yɛn asetra mu, na dɛn na ebefi mu aba?

18 Mmebusɛm 3:6 redan yɛn adwene akɔ Yehowa, ntease Fibea a a ɔwɔ soro no so no, ɛka bio sɛ:. “Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” Yehowa a yebehu no no kyerɛ sɛ yɛbɛbɛn no kɛse wɔ mpaebɔ mu. Baabiara a ebia yɛwɔ ne tebea biara a ebia ɛbɛsɔre no mfa ho, yɛn nsa betumi aka no ntɛm ara wɔ mpaebɔ mu. Bere a yɛyɛ yɛn da biara nnwuma, yɛsiesie yɛn ho ma asɛnka, kɔ afie afie kɔka n’Ahenni ho asɛm kyerɛ no, yebetumi abɔ mpae bere nyinaa sɛ onhyira yɛn dwumadi no so. Yɛnam saayɛ so betumi anya hokwan ne anigye a enni ano ne ‘Onyankopɔn anantew,’ na yɛanya ahotoso sɛ ‘ɔbeteɛ yɛn akwan,’ te sɛ nea ɔyɛ maa Henok ne Noa a na wosuro Onyankopɔn, ne Israelfo anokwafo te sɛ Yosua ne Daniel no.​—Genesis 5:22; 6:9; Deuteronomium 8:6; Yosua 22:5; Daniel 6:23; hwɛ Yakobo 4:8, 10 nso.

19 Bere a yɛma Yehowa hu yɛn nkotosrɛ no, yebetumi anya ahotoso sɛ ‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ yɛn koma ne yɛn adwene so Yesu Kristo mu.’ (Filipifo 4:7) Onyankopɔn asomdwoe a ɛma yɛn ani gye yi betumi ama afiewuranom a yehyia wɔn wɔ yɛn asɛnka adwuma mu no ani agye yɛn nkrasɛm no ho. (Kolosefo 4:5, 6) Ebetumi ahyɛ wɔn a ebia wohyia ɔhaw ne nsisi a abu so wɔ wiase nnɛ no nkuran nso, sɛnea asɛm a edi so yi da no adi no.d

20, 21. (a) Wɔ Nasifo ayayade no mu no, ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo mudi mu kura no hyɛɛ afoforo nkuran? (b) Ɛsɛ sɛ nea Yehowa ka kyerɛ yɛn no ka yɛn ma yɛyɛ dɛn?

20 Max Liebster, honam fam Yudani bi a ɛte sɛ nea ɔnam anwonwa kwan so nyaa nkwa wɔ Hitler bere so Okunkɛse no mu no kaa kwan a otu kɔɔ Nasifo ban a wokunkum nnipa wom ho asɛm sɛ: “Wɔtoo yɛn mu hyɛɛ keteke adan a wɔadan no afiase adan nketewa ama nnipa baanu biara no mu. Bere a wosum me kɔhyɛɛ biako mu no, me ne ɔdeduani bi a na n’anim kyerɛ sɛ ɔwɔ abotɔyam dii nhwɛanim. Onyankopɔn mmara sodi nti na wɔde no kɔɔ hɔ, na na ɔpɛ afiase ne owu mmom sen sɛ obehwie nnipa afoforo mogya agu. Ná ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo. Na wɔatew ne mma afi ne ho na wɔakum ne yere. Na ɔhwɛ kwan sɛ wobekum ɔno nso. Nna 14 akwantu no ma minyaa me mpaebɔ ho mmuae, efisɛ ɔkwan a na meretu akowu yi mu na minyaa daa nkwa ho anidaso no.”

21 Bere a woyii no fii Auschwitz nneduaban a ɔfrɛɛ no sɛ “agyata amoa” mu na wɔbɔɔ no asu akyi no, onua yi waree Yehowa Ɔdansefo bi a wɔde ɔno nso too afiase a ne papa nso huu amane wɔ nnadeban mu wɔ Dachau. Bere a onuawa no papa wɔ hɔ no, ɔtee sɛ wɔakyere ne yere ne ne babea kumaa no nso. Ɔkaa nea ɔyɛe no sɛ: “Ɛhaw me yiye. Afei da koro bi a na yɛato santen rekoguare no, metee sɛ obi reka asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 3:5, 6 . . . Egyigyei te sɛ ɛnne a efi soro reba. Na ɛno ara na na mihia na ahyɛ me den.” Nokwarem no, na ɛyɛ ɔdeduani foforo bi a wafa asɛm yi reka, nanso nea esii no si tumi a Onyankopɔn Asɛm betumi anya wɔ yɛn so no so dua. (Hebrifo 4:12) Ɛmmra sɛ Yehowa nne bɛkasa ahoɔden so akyerɛ yɛn nnɛ denam yɛn 1994 afe asɛm no mu nsɛm so: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa] ho”!

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ asɛm, “Trusting Jehovah With All My Heart” [Me Koma Nyinaa a Mede Too Yehowa So], sɛnea Claude S. Goodman ka kyerɛe wɔ December 15, 1973, The Watchtower nkratafa 760-5 no.

b Hwɛ asɛm, “Determined to Praise Jehovah” [Masi Me Bo sɛ Meyi Yehowa Ayɛ] a Harry Peterson ka kyerɛe, The Watchtower, July 15, 1968, nkratafa 437-40.

c Hwɛ asɛm, “Jehovah Does Not Forsake His Servants” [Yehowa Nnyaw Ne Nkoa] a Matsue Ishii ka kyerɛe, The Watchtower, May 1, 1988, nkratafa 21-5.

d Hwɛ asɛm “Deliverance! Proving Ourselves Grateful” [Ogye! Yɛn Ho Adi a Yɛbɛda sɛ Yɛwɔ Anisɔ], sɛnea Max Liebster ka kyerɛe wɔ October 1, 1978, The Watchtower, nkratafa 20-4.

Bɔ Nsɛm no Mua

◻ Afotu bɛn na wɔde ama wɔ Mmebusɛm nhoma no mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na yenya mfaso fi Yehowa mu ahotoso mu?

◻ Yehowa a yebetweri no kyerɛ dɛn?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yehu Yehowa wɔ yɛn akwan nyinaa mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa teɛ yɛn akwan?

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Ahenni nkrasɛm a ɛyɛ anigye no kanyan nnipa a wɔwɔ koma pa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena