Edin Bɛn na Woregye?
SO WOAKENKAN awufo ho amanneɛbɔ a ɛwɔ mo hɔnom atesɛm krataa mu no pɛn anaa woahu owufo bi asetra ne nea otumi yɛe ho amanneɛbɔ a ɛyɛ tenten? So wubisaa wo ho sɛ, ‘Dɛn na nkurɔfo bɛka afa me ho?’ Nnipa baahe na wɔasusuw sɛnea wɔbɛkae wɔn wɔ wɔn wu akyi no ho? Enti, susuw nsɛmmisa a ɛma yehu sɛnea yɛte ankasa yi ho: Sɛ wuwui nnɛra a, anka dɛn na nkurɔfo reka afa wo ho nnɛ? Edin bɛn na woregye? Ɔkwan bɛn so na wopɛ sɛ wɔn a wonim wo ne Onyankopɔn kae wo?
Onyansafo a ɔkyerɛw Bible mu nhoma a ɛne Ɔsɛnkafo no kae sɛ: “Din pa ye sen ngo pa, na owuda ye sen awoda.” (Ɔsɛnkafo 7:1) Dɛn nti na obi wuda bɛyɛ nea eye sen n’awoda? Efisɛ wɔ obi awo mu no na onnyaa din biara. Onni asetra ho kyerɛwtohɔ ketewaa bi mpo. N’asetra bɛma wanya din pa anaa dimmɔne. Wɔ wɔn a wɔanya din pa mfe pii fam no, owuda ye wɔ saa kwan no so ankasa sen awoda.
Enti yebetumi apaw nea yɛpɛ. Nokwarem no, da biara yɛwɔ nneɛma pii a yebetumi apaw a yɛn wuda, ɛbɛkyerɛ din a yɛanya, ne titiriw sɛnea Onyankopɔn bɛkae yɛn. Enti, Hebrini onyansafo koro no ara kyerɛwee sɛ: “Ɔtreneeni nkae yɛ nhyira, na abɔnefo din bɛporɔw.” (Mmebusɛm 10:7) Hwɛ hokwan ara a ɛyɛ—sɛ Onyankopɔn bɛkae yɛn na ama yɛanya nhyira!
Sɛ yɛyɛ anyansafo a, yɛde bɛyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani denam ne gyinapɛn ahorow a yebedi so no so. Ɛno kyerɛ sɛ yebedi nnyinasosɛm atitiriw a Kristo daa no adi no so: “Dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan. Na nea etia abien te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! Mmara nsɛm abien yi so na mmara ne adiyifo nyinaa sɛn.”—Mateo 22:37-40.
Wɔkae ebinom sɛ abrɛfo aboafo, mmɔborohunufo, ne hokwan a nnipa wɔ ho akyigyinafo, na wɔkae ebinom nso wɔ nea wɔatumi ayɛ wɔ aguadi, nyansahu, aduruyɛ, ne nnwuma foforo mu no ho. Nanso, ɔkwan bɛn so na wobɛpɛ sɛ wɔkae wo?
Scotlandni anwensɛm kyerɛwfo Robert Burns, (1759-96) daa no adi sɛ na ɔpɛ sɛ tumi bi ma yenya akyɛde bi a ɛbɛma yɛahu yɛn ho sɛnea afoforo hu yɛn. So wubetumi de nokwaredi ahwɛ wo ho na woaka sɛ wowɔ din pa wɔ afoforo ne Onyankopɔn anim? Awiei koraa no, akyinnye biara nni ho sɛ yɛne afoforo ntam abusuabɔ ho hia kɛse koraa sen nneɛma a yɛatumi ayɛ wɔ bere tiaa bi mu wɔ agumadi anaasɛ aguadi mu. Enti asɛmmisa no ne sɛ: Ɔkwan bɛn so na sɛnea yɛne afoforo di—yɛn nkɔmmɔbɔ, yɛn nneyɛe, yɛn nipadua a yɛde kasa—ka wɔn? So wobu yɛn sɛ nnipa a wotumi bɛn wɔn anaasɛ wɔn a wɔmpɛ nnipa? So woyɛ ɔyamyefo anaa otirimɔdenfo? Woyɛ fakaa anaa katee? Wowɔ adamfofa su na wudwen afoforo ho anaasɛ wompɛ nnipa na afoforo asɛm mfa wo ho? So wobu wo sɛ ɔkasatiafo a obu afoforo abam anaasɛ ɔfotufo pa? Ma yɛnhwehwɛ tete ne nnɛyi nhwɛso ahorow bi mu nhwɛ nea yebetumi asua afi mu.
[Mfonini wɔ kratafa 3]
Robert Burns kae sɛ na ɔpɛ sɛ tumi bi ma yenya akyɛde bi a ɛbɛma yɛahu yɛn ho sɛnea afoforo hu yɛn
[Asɛm Fibea]
Efi A History of England nhoma no mu