Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lff adesua 37
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Adwuma Ne Sika Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Bible Ka Fa Adwuma Ne Sika Ho?
  • Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SUA PII KA HO
  • NEA YƐASUA
  • YƐ NHWEHWƐMU
  • Sika Yɛ Bɔne Nyinaa Ntini Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Wobu Sika Sɛn?
    Nyan!—2015
  • Sika
    Nyan!—2014
  • Sɛn Na Bible Betumi Aboa Wo?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
lff adesua 37
Adesua 37. Kapentani bi de dadewa rebɔ dua mu.

ADESUA 37

Dɛn Na Bible Ka Fa Adwuma Ne Sika Ho?

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

Adwumasɛm ne sikasɛm abɛyɛ dadwen ama nnipa pii. Wo nso, ɛtɔ da a, na agyaw wo adwinnwen anaa? Nokwasɛm ne sɛ, ɛnna fam sɛ obi bɛyɛ adwuma de ahwɛ ne ho asan anya bere de asom Yehowa yiye. Nanso anigyesɛm ne sɛ, Bible no ma yenya afotu pa a ebetumi aboa yɛn.

1. Dɛn na Bible ka fa adwuma ho?

Onyankopɔn pɛ sɛ yɛn ani gye yɛn adwuma ho. Bible no ka sɛ, ‘Adepa biara nni hɔ mma onipa sen sɛ obenya anigye afi n’adwumaden mu.’ (Ɔsɛnkafo 2:24) Yehowa pɛ adwuma paa. Sɛ yesuasua no, na yɛantoto yɛn adwuma ase a, n’ani begye yɛn ho, na yɛn ankasa nso, yɛn koma bɛtɔ yɛn yam.

Adwuma de, ɛho hia paa. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma adwuma ho hia yɛn sen ɔsom a yɛde ma Yehowa no. (Yohane 6:27) Wahyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yɛde ne som di kan wɔ yɛn asetena mu a, ɔbɛma yɛn nsa aka biribiara a yehia.

2. Yɛbɛyɛ dɛn anya sika ho adwempa?

Ɛwom, Bible no ka sɛ ‘sika bɔ onipa ho ban.’ Nanso, ɛsan ma yehu sɛ sika nko ara rentumi mma obi ani nnye. (Ɔsɛnkafo 7:12) Ɛno nti Bible tu yɛn fo sɛ, ɛnsɛ sɛ yedi sika akyi dodo, mmom, ɛsɛ sɛ ‘yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ.’ (Kenkan Hebrifo 13:5.) Wɔn a wɔn ani bere sika no, ebinom de wɔn ho hyɛ kyakyatow mu, ebinom nso wɔ hɔ a, sɛ wɔte sɛ adwuma bi betumi ama wɔanya wɔn ho ntɛm a, wobɛhwɛ na wodi akyi. Ebewie ase no, na akɔfa ɔhaw pii abrɛ wɔn. Nanso, sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ a, yɛrenhyia ɔhaw a wohyia no bi, na ɛremma sɛ da biara, na yɛresu sika ho. Ɛba saa a, yɛn adwinnwen so bɛtew, na yɛrenkɔfa ɛka hunu biara mmɛto yɛn so.—Mmebusɛm 22:7.

3. Nneɛma pa bɛn na yebetumi de yɛn sika ayɛ?

Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔkyɛ ade paa. Enti sɛ ‘yebue yɛn nsam kyɛ ade’ a, na yɛresuasua no. (1 Timoteo 6:18) Nneɛma pa a yebetumi de yɛn sika ayɛ no bi ne sɛ, yebeyi ntoboa de aboa asafo no. Afei, yebetumi de yɛn sika aboa wɔn a wonni bi, ɛnkanka yɛn nuanom Kristofo. Yehowa de, ɛnyɛ sika dodow a yebeyi no na ehia no, na mmom, nea ehia no ara ne sɛ yebefi yɛn koma mu ayɛ saa. Sɛ yeyi yɛn yam kyɛ ade a, yɛn ani begye, na ɛbɛma Yehowa nso ani agye.—Kenkan Asomafo Nnwuma 20:35.

SUA PII KA HO

Sɛ yɛamma adwuma annye yɛn bere nyinaa, na sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ a, mfaso bɛn na yebenya? Ɔfã yi bɛma woanya asɛmmisa yi ho mmuae.

4. Ma ɔkwan a wofa so yɛ adwuma no nhyɛ Yehowa anuonyam

Sɛ obi yɛ Yehowa adamfo a, ɔntoto n’adwuma ase. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

VIDEO: Fi Ɔkra Nyinaa Mu Som Yehowa (4:39)

  • Sɛnea na Jason yɛ n’adwuma, ne sɛnea na ɔbɔ ne bra wɔ adwumam hɔ no, dɛn na w’ani gye ho wɔ ho?

  • Dɛn na Jason yɛe sɛnea ɛbɛyɛ a adwuma rennye ne bere nyinaa?

Monkenkan Kolosefo 3:23, 24. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Adwuma biara a yɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ no sɛn? Adɛn ntia?

Mfoni ahorow: Ɔbarima bi de ne bere nyinaa reyɛ adwuma. 1. Ɔreyɛ adwuma wɔ ɔfese anɔpa ne awia. 2. Anwummere nso, ogu so reyɛ adwuma. 3. Obiara apɔn kɔ fie; ogu so ara reyɛ adwuma. 4. Ɔpɔn duu fie no, obiara ada, enti ɔno nko ara te hɔ redidi.

Adwuma de, ɛho hia paa. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma adwuma ho hia yɛn sen ɔsom a yɛde ma Yehowa no

Mfoni ahorow: Ɔbarima koro no ara anya bere de reyɛ nneɛma a ɛho hia. 1. Ɔreyɛ adwuma wɔ ɔfese. 2. Bere aso sɛ ɔpɔn adwuma, enti wapɔn rekɔ fie. 3. Wama ne nsa so wɔ asafo nhyiam ase. 4. Ɔne ne yere ne ne mma mmienu abom redidi.

5. Sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ a, yɛn ara na ɛboa yɛn

Nnipa bebree bɔ mmɔden sɛ wɔbɛboaboa sika pii ano, sɛnea ɛbɛyɛ a daakye, wɔn ho renkyere wɔn. Nanso Bible no nhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ saa. Monkenkan 1 Timoteo 6:6-8. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Dɛn na Bible no tu yɛn fo sɛ yɛnyɛ?

Sɛ yɛn nsam nni bi mpo a, yɛn ani betumi agye. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

VIDEO: Ma ‘Nea Wowɔ No Ara Nnɔɔso Mma Wo’ (3:20)

  • Ɛwom, mmusua a na wɔwɔ video no mu no, na wɔn nsam nni bi, nanso dɛn na na ɛma wɔn ani gye?

Sɛ yɛanya ara ama abu yɛn so, na yɛpɛ bi aka ho nso ɛ? Yesu yɛɛ mfatoho bi a ɛma yehu sɛ, sɛ obi nya adwene a ɛte saa a, ɛyɛ hu paa. Monkenkan Luka 12:15-21. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Dɛn na wusua fii Yesu mfatoho no mu?—Hwɛ nkyekyɛm 15.

Monkenkan Mmebusɛm 10:22 na momfa ntoto 1 Timoteo 6:10 ho. Muwie a, munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Nneɛma mmienu yi, emu nea ɛwɔ he na ehia paa? Sɛ́ wobɛfa Yehowa adamfo, anaa sɛ́ wubenya sika pii? Adɛn nti na woreka saa?

  • Sɛ yedi sika akyi a, ɔhaw bɛn na ebetumi afi mu aba?

6. Yehowa bɛma yɛn nsa aka nea yehia

Sɛ yɛn adwumasɛm ne yɛn sikasɛm nkɔ yiye a, ebetumi asɔ yɛn gyidi ahwɛ. Sɛ yehyia ɔhaw a ɛte saa a, dɛn na yɛbɛyɛ? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a, munsusuw nsɛmmisa yi ho:

VIDEO: Yehowa Bɛma Yɛn Nea Yehia (6:21)

  • Ɔhaw bɛn na onua no hyiae?

  • Dɛn na ɛboaa no ma otumi dii ne haw no ho dwuma?

Monkenkan Mateo 6:25-34. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Wɔn a wɔde Yehowa di kan wɔ wɔn asetena mu no, dɛn na wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama wɔn?

EBINOM KA SƐ: “Ɛsɛ sɛ meyere me ho yɛ adwuma de hwɛ m’abusua. Enti minnye nni sɛ metumi akɔ asafo nhyiam nnawɔtwe biara.”

  • Kyerɛwsɛm bɛn na ɛma wuhu sɛ, sɛ wode Yehowa som di kan a, ɔno nso bɛma wo nsa aka nea wuhia biara?

NEA YƐASUA

Adwuma ne sika ho hia de, nanso ɛnsɛ sɛ ɛno nti, yepia Yehowa som to nkyɛn.

Ntimu

  • Dɛn na ebetumi aboa wo na adwuma annye wo bere nyinaa?

  • Sɛ woma w’ani sɔ nea wowɔ a, ɛbɛboa wo sɛn?

  • Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma ne nkurɔfo nsa aka nea wohia. Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wugye saa asɛm no di?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Ɛyɛ ampa sɛ Bible ka sɛ sika nnye? Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea Bible no ka ankasa.

“Sika Yɛ Bɔne Nyinaa Ntini Anaa?” (Ɛwɔ jw.org)

Sɛ yɛrekyɛ ade a, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ no, na asɔ Onyankopɔn ani?

“Dɛn Na Bible Ka Fa Adekyɛ Ho?” (Ɛwɔ jw.org)

Sɛ obi to kyakya a, ɛyɛ bɔne anaa? Kenkan saa asɛm yi, na wubenya ho mmuae.

“Bible No Adwene—Kyakyatoɔ” (Nyan!, March 2015)

Hwɛ nea ɛboaa korɔmfo bi a na ɔsan to kyakya ma ɔsesaa n’abrabɔ.

“Apɔnkɔ Agokansi Na Na M’ani Gye Ho” (Ɔwɛn-Aban)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena