Tɛkrɛma A Wɔatete No—‘Ma Ahyɛ Wɔn A Wɔahaw Nkuran’
YEHOWA Nyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ: “Mɛma mo ahwɛfo sɛ me koma pɛ, na wɔde nhumu ne nimdeɛ ayɛn mo.” So ɛnyɛ anigye sɛ honhom mu ahwɛfo a wɔwɔ nimdeɛ ne nhumu bɛhwɛ yɛn so?—Yeremia 3:15.
Nhumu kɔ akyiri sen ani ani a wɔhwɛ. Egye hwɛ a wɔhwɛ ade kɔ akyiri. Wɔ Yesaia 44:18 no, wɔde nhumu bata koma ho sɛ ɛsono no wɔ aniwa ho. Saa nhumu a efi koma mu yi ho hia titiriw bere a ahwɛfo ne ‘akra a wɔahaw’ di no. Yesaia kaa ade foforo a ɛho hia ho asɛm: “Awurade NYANKOPƆN ama me asuafo tɛkrɛma, na mahu sɛnea mɛkasa de ahyɛ wɔn a wɔabrɛ nkuran.”—Yesaia 50:4, Beck’s translation.
Ɛsɛ sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ obi, tete no, na wahu ‘sɛnea wɔkasa de hyɛ wɔn a wɔabrɛ nkuran.’ Ɛdenam Bible no a wobehu no yiye, de adi dwuma na wɔada nhumu a efi komam adi so no, mpanyimfo betumi aboa nnipa pii a wɔahaw. Mpanyimfo dodow no ara ani sɔ wɔn ahwɛfodwuma no ho nyansahyɛ a ɛho wɔ mfaso. Ebia wobehu, ma ayɛ wɔn yaw sɛ, ɛwom sɛ wokura adwempa, nanso mmɔden ahorow bi a wɔbɔ betumi ayɛ ɔkwa. Nea edi so yi ka ɔkwan a wobetumi afa so aboa nnipa a wɔahaw no ho asɛm. Ɛda adi sɛ ɛsono ɔkwan a mpanyimfo no bɛfa so ne obi a ɔyɛ ‘ɔsowuifo’ anaasɛ ‘ahuhusɛnkafo’ wɔ asafo no mu adi.—1 Tesalonikafo 5:14; Tito 1:10-13.
Mpɛn pii no, abirabɔ wɔ nhwɛso mu no tumi boa obi ma ohu akwan a ɛfata ne nea ɛmfata.
‘Awerɛkyekyefo A Wɔhaw Adwene’
Bere a na Hiob wɔ awerɛhow tebea mu no, ne nnamfo baasa a wɔtee n’amanehunu no bae sɛ “wobegyam no na wɔakyekye ne werɛ.” (Hiob 2:11) Esiane sɛ na wonni nsɛm ho ntease pa nti, wɔansiesie wɔn ho sɛnea ɛfata. Wɔbae a na wɔanya adwene bi dedaw—sɛ, sɛ obi rehu amane a, na ɛyɛ bɔne bi a wayɛ ntia. Ne saa nti, wɔantumi ante Hiob asɛm no ase. Interpreter’s Bible no ka wɔn “awerɛkyekye” no ho asɛm sɛ:
“Ɛyɛ nea ɛhyɛ abufuw. . . . Ɛyɛ nsɛm a ɛmfa ho ankasa a wɔde afotu pa kakra ka ho. . . . te sɛ obi a ogyina mpoano a ɔka aseresɛm kyerɛ akra a wɔrepere wɔ ɛpo bun mu na asorɔkye akɛse repepem wɔn. Nea Hiob hia ne mmɔborohunu a efi komam ankasa. Nanso nea onya ne ɔsom ne abrabɔ fam ɔkasatia a ɛnhyɛ nkuran.”
Dɛn ne nsɛm a wɔkekae a ɛhyɛ abufuw no binom? Elifas kaa no animtiaabu mu sɛ: ‘Hwɛ, woahyɛ nnipa bebree den, na afei ɛtoo wo yi, wɔagyigya. So ɛnsɛ sɛ wunya ahotoso wɔ wo ankasa wo mudi mu?’ Bildad de kaa ho sɛ: ‘Sɛ wode wo ho to Onyankopɔn so kɛse a, anka ɔbɛma woadi yiye.’ Hwɛ nkãte ara a wonni! Titiriw esiane sɛ na Hiob de ne ho ato Onyankopɔn so dedaw nti. Anka wobɛte nka dɛn? Sɛ́ anka ɛbɛkyekye ne werɛ mmom no, na saa nsɛm a ɛte sɛ nea wɔde reboa no no “rebubu” Hiob. Ɛno nti na ɔteɛɛm sɛ, ‘Sɛ mo na ɛtoo mo a anka!’—Hiob 4:3-6; 8:5, 6; 16:2, 4, 5;19:2.
Ampa sɛ Kristofo asafo mu ɔpanyin biara nni hɔ a ɔbɛpɛ sɛ ɔda saa “nnamfo” no suban anaa adaemone adwene no adi. (Hiob 4:15, 16) Nanso, ɛtɔ da bi a, ɛsɛ sɛ ahwɛfo a wɔde awerɛkyekye rema kae wɔn ho na wɔanyɛ mfomso a ɛte saa ara. Bere a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa ‘akra a wɔn koma abubu’ no, ebia mpanyimfo bebisa nea enti a onii ayɛ basaa saa. Ebia nea ne werɛ ahow no te nka sɛ wahwere Onyankopɔn honhom. Mpanyimfo fi Kyerɛwsɛm mu nhwɛso horow te sɛ Dawid de no mu nim sɛ abrabɔ bɔne tumi ma obi yɛ basaa. (Dwom 38:1-6) Wobetumi ne onii akenkan Bible no afã horow a ɛka Kristofo abrabɔ ho asɛm, na afei ebia wɔabisa sɛ, ‘Esiane nea Bible no ka no nti, so wowɔ biribi ankasa a enti wote nka sɛ Onyankopɔn ayi ne honhom afi wo so anaa?’ Sɛ anka wɔbɛka akyerɛ onii sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara anaasɛ ebia wayɛ bɔne no, ebia ɛho bɛba mfaso sɛ wɔbɛma onii no ankasa ada no adi. Ebia obehu sɛ ɛho nhia sɛ ɔte nka sɛ wayɛ bɔne. Anaasɛ sɛ wayɛ bɔne bi a, mpanyimfo no betumi aboa no ma ‘wasiesie n’akwan’ na wasan anya Yehowa dom.—Hebrifo 12:12, 13.
Mpɛn pii nnipa a wɔn koma abubu taa te afodi nka a ntease titiriw biara nni mu. Nhumu bɛboa mpanyimfo ma wɔahu tebea horow a ɛte sɛɛ. Kristoni bea bi a na ne werɛ ahow a n’ani gyee n’ahwɛfo no nsrahwɛ ahorow ne mmoa a wɔde maa no no ho no tee nka sɛ wahwere Onyankopɔn honhom. Ɔpanyin biako ka kyerɛɛ no sɛ, “Nokwarem no, bɔ mmɔden sɛ wubedwen yiye ahwɛ sɛ ebia woayɛ ade bɔne bi.” Nea ɔbea no yɛe ara ne sɛ ɔtraa hɔ sũi. Ɔde sũ kae sɛ, “Nanso mintumi nhu hwee. Wopɛ sɛ mebɔ me tirim ka biribi kɛkɛ. So ɛno bɛboa?” Mpanyimfo no tee ase na wɔbɔɔ mmɔden wɔ akwan afoforo so sɛ wɔbɛboa.
Ná Hiob afotufo no ayɛ wɔn adwene dedaw sɛ Hiob ayɛ bɔne bi. Mpanyimfo a wonim ‘sɛnea wɔhyɛ wɔn a wɔahaw nkuran no’ bedi tebea biara ho dwuma a ‘wɔmmpere ho mmmu atɛn, na wɔnnyɛ biribiara nyiyim so.’ (1 Timoteo 5:21) Bere a wobisabisa nsɛm ahorow de hwehwɛ asɛm no mu no, wɔnntoto obi ano, na mmom wɔyɛ no ayamhyehye kwan so, de wɔn ho si onii no ananmu ankasa.
Afotufo A Wɔwɔ Nhumu
Elihu daa nhumu adi, ɛwom sɛ ɛtɔ da bi a ɔkasa pen pen wɔ n’afotu mu de. Ná ɔyɛ otiefo pa. ‘Wamma mmuae ansa na ɔrete asɛm no,’ a Bible ka no pefee sɛ ɛyɛ “agyimisɛm ne aniwu” no. (Mmebusɛm 18:13) Ɔkamfoo Hiob esiane ne nokwaredi nti na ɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnkasa. Nhumu a ɛte saa maa Elihu nsɛm no yɛɛ nea “ɛtɔ asom.”—Hiob 32:4, 11; 33:5-7, 32; Mmebusɛm 16:23.
Yehowa ne ɔfotufo a ɔwɔ nhumu ho nhwɛso a ɛsen biara. Ɔkwan a ɔnam so ne odiyifo Yona dii no da ayamhyehye ne mmɔborohunu a nhumu ka ho adi. Yona bo fuwii bere a Yehowa sii gyinae sɛ ɔrensɛe Niniwefo no na odiyifo no asɛm a ɛfa ɔsɛe ho no abam no. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne no dii afei? So ɔkae sɛ: ‘Hwɛ, Yona, woreyɛ pɛsɛmenkominya ara kwa. So wunni ɔdɔ biara wɔ wo komam? Nea woredwen ho ara ne wo gyinabea wɔ afoforo ani so!’ Ebia anka asɛm a ɛte saa bɛyɛ nokware. Nanso ebia anka ɛbɛma n’ani awu kɛse na awerɛhow aka no. Dɛn na Yehowa yɛe?
Yehowa bisae sɛ: “So eye sɛ wo bo afuw yi?” Yiw, asemmisa tiatiaa a na ɛbɛma wasusuw nneɛma ho. Wannka n’anim. Wammu no fɔ. Ɛwom sɛ Yona ansakra n’adwene amonom hɔ ara de, nanso Yehowa annyaw no, na mmom ɔmaa afifide kɛse bi fefɛw kataa n’atiw fi ma onyaa onwini. Afei Yehowa de mfatoho bi dii dwuma a ɛda adi sɛ ɛkaa Yona koma. Ɔmaa afifide kɛse no wui. Bere a Yona bo fuwii wɔ afifide no wu no ho no, Yehowa boaa no ma ohuu sɛnea Niniwefo no nkwa som bo sen saa afifide no nkwa. So ɛnsɛ sɛ onya ayamhyehye kɛse ma wɔn mmom sen afifide kwa wu anaa? Tiatiaa, nanso etu mpɔn!—Yona 4:1-11.
Bere a mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ akra a wɔn koma abubu nkuran no, ɛho hia sɛ wosuasua Yehowa ne Elihu. Fa nkamfo a ɛfata ma. Fa nsɛm ntiatia ne nsemmisa a emu da hɔ di dwuma. Ka kasa a asete nyɛ den. Fa nsɛm no sisi ho, nanso kwati nsemmisa ahorow a ɛhyɛ abufuw. Mfatoho ahorow a ebetumi aboa onii no ma wasusuw nneɛma ho anaasɛ wanya nkate wɔ asɛm bi a ɛyɛ soronko kakra ho (te sɛ Yona bo a efuwii wɔ afifide no wu ho) no yɛ nea wobetumi de adi dwuma de aboa obi ma wahu teɛ a adwene a okura no nteɛ. Nanso kae: “Asɛm a wɔka a ɛfata te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu.” (Mmebusɛm 25:11) Sɛ onii no kura adwene a ɛnteɛ a, boa no nkakrankakra ma onni so. Boa no ma onni ne honhom a abotow no so. “Onipa komam awerɛhow botow no, na asɛm ma koma tɔ yam!”—Mmebusɛm 12:25.
Nanso nyansahyɛ ahorow bɛn na ɔpanyin betumi abɔ mmɔden sɛ ɔde bɛma obi a ne werɛ ahow?
Mmoa A Efi Mpaebɔ A Ɛfata Mu Ba
Obi a na ne koma abubu bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛwom sɛ na mete nka sɛ Yehowa te ase yiye de, nanso mmere bi wɔ hɔ a awerɛhow anaasɛ ehu kaa me araa ma misusuwii sɛ ɛho nni mfaso sɛ mebɔ mpae. Nanso bere a mpanyimfo nim sɛ nnipa pii a nsɛm haw wɔn taa nya nkate a ɛte saa no, wobetumi ahyɛ eyinom nkuran ma wɔabɔ mpae daa. Nanso dɛn ho mpae na wɔbɛbɔ?
Ababaa bi a na wahaw kae sɛ: “Mebɔɔ mpae sɛ Yehowa mmoa me mma minnyina ano anaasɛ ɔnkyerɛ me kwan nkɔ baabi a menya mmoa.” Ɛna bi a wadi mfe 33 a ne kunu nyɛ gyidini na ɔhaw adwene werɛ howee. Ɔkae sɛ: “Sɛ adwennwene no mu yɛ den anaa sɛ ehu ka me a, mekɔ Yehowa anim amonom hɔ ara, na ɛtɔ da bi a mibu nkotodwe, misũ na mesrɛ no sɛ ɔmmoa me mma minni eyi so. Ná ɛho hia kɛse sɛ mɛhyɛ da aka nneɛma pɔtee ho asɛm wɔ mpaebɔ no mu. Mpɛn pii no me ho tɔ me amonom hɔ ara.” Ɔyere bi a wadi mfe 41 kae sɛ: “Bere a me werɛ howee no na ɛyɛ den ma me sɛ mɛbɔ mpae. Nanso Romafo 8:26 ma minyaa awerɛkyekye ankasa. Enti na mitumi ka kyerɛ Yehowa ara sɛ, ‘Mesrɛ wo boa me!’”
Mpanyimfo betumi ne onii abɔ mpae na wɔabɔ mpae ama no. Nanso ɛnsɛ sɛ wɔkeka nsɛm a ɛbɛma onii no ate afodi nka kɛse. Srɛ a wɔbɛsrɛ Yehowa, bere a onii a wahaw no retie, sɛ ɔmmoa no mma onhu sɛnea afoforo ne Yehowa mpo dɔ no no bɛhyɛ no nkuran ɔkwan biara so. Afei nso, wobetumi ama ɔmanehunufo no ahu ahotɔ a mpaebɔ a nokwaredi wom, a Yehowa mu ahotoso ka ho, tumi de ba no.—1 Samuel 1:9-18.
Boa Wɔn A Wɔahaw Ma Wonnya Nhumu
“Ɛtɔ da bi a nkurɔfo te nka sɛ wɔahwere wɔn gyidi na wɔtaa te afodi nka kɛse wɔ ho,” eyi ne nkyerɛkyerɛmu a Dr. Nathan Kline, Rockland Nhwehwɛmu Dwumadibea a edi Adwene mu Akwahosan ho Dwuma wɔ New York no sohwɛfo, de mae. “Ɛwom sɛ honhom mu asehwe wɔ hɔ de, nanso misusuw sɛ mpɛn pii no ɛnyɛ ɔsom mu gyidi a wɔhwere, na mmom adwenemhaw ho sɛnkyerɛnne a edi kan.” Ɔkaa saa asɛm yi bere a ohuu saa nkate yi wɔ n’ayarefo a na anka wɔpɛ nyamesom yiye mu akyi no. Enti, mpɛn pii no sɛ́ wɔbɛboa obi a ɔwɔ adwenemhaw a emu yɛ den ma wahu eyi no betumi aboa no ma ne ho atɔ no afi afodi a ɛmfata nka a ɔte no ho.
Ɔdansefo bi a waboa “akra pii a wɔn koma abubu” ma wɔasan anya ahoɔden no se: “Afodi a ɛmfata a ebinom te nka no yɛ nwonwa. Mete nka sɛ midi fɔ wɔ bɔne a meyɛ ho, nanso migye di nso sɛ, sɛ Yehowa de agyede no mae ma adi nneɛma a ɛtete saa ho dwuma a, ɛnde na merentumi ntwa me ho mmaa daapem wɔ ho. Eyi ne nsɛm atitiriw a mebɔ mmɔden sɛ mɛma wɔn a mereboa wɔn no ate ase no mu biako.” Ɛho hia sɛ onii hu sɛ sɛ wanu ne ho ampa wɔ bɔne bi a ɔyɛe ho, ma ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔrensan nyɛ bio na ɔrebɔ mmɔden sɛ ‘obesiesie mfomso no’ a, ɛnde na obetumi anya ahotoso sɛ agyede no bɛtew n’ahonim ho. Nnipa a ‘wodi Onyankopɔn kwan so awerɛhow’ a wɔboa wɔn ma wohu Yehowa mmɔborohunu ne ne bɔne fafiri no taa nya ahotɔ.—Dwom 32:1-5, 11; 103:8-14; 2 Korintofo 7:9-11.
Sɛ nsusuwii bɔne haw obi a ne koma abubu adwene a, ɛho nhia sɛ ɔte nka sɛ ne ho nni mfaso, ne sɛ “Onyankopɔn ayi no adi.” Ɛyɛ adwene a ɛtete saa a wobenya na wɔde adi dwuma no na Bible kasa tia. (Yakobo 1:14, 15; Galatifo 5:16) Bere dodow a obi bɔ mmɔden sɛ ɔbɛbɔ nsusuwii a ɛtete saa agu no, ɛnsɛ sɛ ɔte nka sɛ bɔne adi ne so nkonim.
Sɛ nhwɛso no, abufuw betumi asɔre wɔ obi a wahaw adwene mu. Ka a ɔpanyin bi bɛka akyerɛ saa nipa no sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ wote nka wɔ saa kwan no so,’ anaasɛ ‘Ɛnsɛ sɛ wote nka saa’ no nni dwuma titiriw biara. Asɛm no ne sɛ, onii te nka saa! Bere a egye tom ankasa sɛ ɛtɔ da bi a onipa bo befuw no, Bible no bɔ kɔkɔ tia saa abufuw no a wɔde bɛsɛe ade no. (Dwom 4:4; 37:8) Ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ yekura abufuw mu. (Efesofo 4:26, 27) Enti ɔpanyin a ɔwɔ nhumu bɛhwehwɛ nea enti a ɔmanehunufo no bo afuw denam nsemmisa kakraa bi so. Bere a waboa onii ma wasusuw tebea no ho (sɛnea wɔyɛɛ Yona no) , ebia obehu sɛ n’abufuw no yɛ nea enni nnyinaso pa biara. Afei nso, sɛ obi afom no a, ɛbɛboa no ma wadi Kyerɛwsɛm mu akwankyerɛ horow bi akyi na ɔnam so adi abufuw no so nkonim.—Kolosefo 3:13; Mateo 5:23, 24; Luka 17:3, 4.
Sɛ ɔpanyin bi betumi ama n’ani ada hɔ wɔ wɔn a wɔahaw no nneyɛe a ɛmfata ho, bere a ɔhaw no afi ase foforo no a, mpɛn pii no wobetumi aboa onii no na wɔagye no afi adwenemhaw kɛse mu—adwenemhaw a ebia ɛbɛma oduruyɛfo mmoa ho ahia. Ɛha nso, ɔpanyin no betumi aboa onii a wahaw no anaasɛ n’abusua ma wɔahu bere a ɔhaw no adu baabi a oduruyɛfo mmoa ho hia. Eyi nkyerɛ sɛ mpanyimfo no bɛyɛ te sɛ nnuruyɛfo. Na wɔrenkyerɛ aduru ko a ɛsɛ sɛ onii yɛ. Ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔdan wɔn a ɛfa wɔn ho no adwene kɔ October 22, 1981, Engiresi Nyan! mu asɛm “Adwenemhaw a Emu Yɛ Den—Ɛho Aduruyɛ Ahorow,” a ɛda ayaresa akwan horow adi nanso ɛnkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔpaw no so.
Boa Wɔn Ma Wɔnsan Nkari Pɛ
“Meperee sɛ mɛtra ase simma biara da biara,” eyi ne sɛnea ɛnã Kristoni bi kaa adwenemhaw kɛse a ohyiae ho asɛm. Bere a ne ho tɔɔ no no, ɔkaa nneɛma a ɛde bae no biako ho asɛm sɛ: “Esiane sɛ na merebɔ mmɔden sɛ mɛsɔ obiara ani anaasɛ mampɛ sɛ mebu ani agu m’abusua no muni biara anaasɛ ɛho dwumadi biara so ketewaa mpo nti, midii dwumadi nhyehyɛe bi a ɛma mebrɛe akyi. Meyɛɛ eyi mfe awotwe; na awiei no, oduruyɛfo no ka kyerɛɛ me sɛ ‘m’ahoɔden asã.’ Sɛ misusuw ho a, mete nka sɛ ɛwom sɛ nea enti a midii saa dwumadi nhyehyɛe no akyi no nyɛ bɔne de, nanso anka ɛsɛ sɛ mede nyansa di dwuma kakra.”
Esiane asiane a ɛwɔ hɔ sɛ obi remfa nyansa nni dwuma yiye nti, ɛtɔ da bi a ɛsɛ sɛ mpanyimfo no boa obi a ne koma abubu ma ɔsan kari pɛ wɔ ne dwumadi ahorow mu. Ampa sɛ wɔbɛhyɛ ɔkra nyinaa mu a wofi som Onyankopɔn ho nkuran. Nokwarem no, ɛtɔ da bi a bere a ebinom a na wɔrehu amane ntumi nnya afie afie asɛnka adwuma mu kyɛfa no, wɔyɛɛ nhyehyɛe ma ɔyarefo no traa Bible adesua a Ɔdansefo foforo yɛe no mu, sɛ ne tebea no ma kwan a. Nea wahaw no nyaa mu kyɛfa sɛnea obetumi.
Kae sɛ ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristofo sɛ wɔmfa wɔn “nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.” (Romafo 12:1) Yiw, obi adwene ka ho. Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “adwene” (logikos) no asekyerɛ ankasa nea “nyansa.” Enti Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ nea nyansa wom. Ɛsono onipa biara mmɔdenbɔ, ne nipadua mu ahoɔden ne ne nsɛm tebea. Ɔsom a efi ɔkra nyinaa mu kyerɛ sɛ wobɛyɛ nea wo kra ne w’ahoɔden tumi yɛ nyinaa, ɛnyɛ sɛnea onipa foforo de te.—Marko 12:30; Kolosefo 3:23.
Sɛ obi yare a, n’ahoɔden sua, ɛwom mpo sɛ ebia ne koma ne n’adwene bɛpɛ sɛ ɛyɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu sɛ kan no. Ampa, ɛsɛ sɛ wɔn a wobenya daa nkwa nyinaa ‘yere wɔn ho,’ nanso saa mmɔdenbɔ yi nyɛ nea adwuma dodow a onii yɛ no so titiriw na wogyina hwɛ. Adwumaden a Epafrodito tumi yɛe wɔ “Awurade adwuma” no mu bere a ɔyare no renyɛ te sɛ nea ɔyɛe bere a na ɔwɔ ahoɔden no. Nanso, ne nyinaa mu no, Paulo kamfoo no wɔ ne mmɔdenbɔ ho.—Luka 13:24; Filipifo 2:25-30.
Nsɛm tebea a ɛsakra, te sɛ ɔyare, betumi asiw yɛn kwan ma yɛrentumi nyɛ nea yɛn koma pɛ no nyinaa. Sɛ nhwɛso no, ɔhwɛfo kwantufo bi yere hyiaa adwenemhaw a emu yɛ den. Ɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “M’asetra mu nyinaa no mayɛ adwuma denneennen, na m’ani gyee me Nyankopɔn som ho. Nanso bɛyɛ asram akron, a emu ntwa no, metee nka sɛ asase reyɛ ‘amene’ me.” Ɛho hiae sɛ ɔne ne kunu gyae asafo horow a na wɔsrasra no kakraa, na oduruyɛfo bi hwɛ no. Bɛboro afe akyi no ɔsan nyaa ahoɔden araa ma wotumi san kɔɔ wɔn som adwuma a egye mmɔdenbɔ no so. Mprempren a ofi ɔkra nyinaa mu resom sɛ kan no, ɔkyerɛw sɛ: “M’ani gye wɔ me som adwuma mu bio. Nanso afei de sɛ mete nka sɛ mabrɛ dodo a, metra fie home na mebɔ mmɔden sɛ metie me nipadua mu kɔkɔbɔ ahorow. Mprempren de mihu sɛnkyerɛnne ahorow no na meda Yehowa ase kɛse sɛ merenya ahoɔden.”
Yiw, aseda bɛn ara na yɛn nyinaa betumi de ama sɛ yɛwɔ Onyankopɔn a ogye yɛn akyɛde ne afɔre ahorow, ‘sɛnea yɛwɔ, na ɛnyɛ sɛnea yenni.’ Eyi te saa, sɛ́ afɔre a ɛte saa yɛ honhom mu de, ɔhonam mu de anaa nipadua mu ahoɔden de.—2 Korintofo 8:12.
Nanso ɛtɔ da bi a ɛho hia sɛ wɔboa obi a wahaw ma ohu sɛnea ɛsɛ sɛ ɔde n’ahoɔden di dwuma. Onuawa bi a ohyiaa adwenemhaw a emu yɛ den kae sɛ: “Ná meyɛ nneɛma kɔ akyiri dodo. Na minnim sɛnea mɛka sɛ, ‘Dabi.’ Bere biara a obi bɛka sɛ menyɛ biribi no bere nyinaa na ɛyɛ, ‘Yiw, mɛyɛ.’ Na ɛsɛ sɛ misua sɛnea mɛka sɛ, ‘Dabi, mesrɛ wo. Mintumi. Ebia metumi aboa wo bere foforo.’ Na ɛsɛ sɛ misua eyi anaasɛ anka mebubu koraa.” Obi a ɔbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ ɔbɛyɛ nea ɛboro n’ahoɔden so no betumi anya adwenemhaw a emu yɛ den. Onyansafo no tuu fo sɛ: “Nyɛ wo ho ɔtreneeni bebrebe, na nyɛ onyansafo ntra so: Ɛdɛn nti na wubebu wo bere mu awu?”—Ɔsɛnkafo 7:16, 17.
Sɛ́ wobɛka awerɛkyekyesɛm akyerɛ akra a wɔn koma abubu no gye mmɔdenbɔ ankasa ɛsɛ sɛ obi sua denam Onyankopɔn Asɛm mu afotu akyi a obedi so. Ɛsɛ sɛ osua nhumu nso. Nanso nea efi mu ba no fata.
Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ wubehu obi a ne koma abubu—a ɔde nusu da ne nkate adi—sɛ wafi ase resakra. Nkakrankakra anigye si nusu ananmu. N’anim fi ase yɛ sereserew. Hwɛ anisɔ ara a obi a ɔte saa nya ma ɔhwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ ne ntease! Na, nea ɛsen ne nyinaa no, anigye bɛn ara na yɛn soro Agya a ɔwɔ ayamhyehye, a “ɔkyekye nkɔmmɔdifo werɛ” no nya sɛɛ yi.—2 Korintofo 7:6.
[Kratafa 17 mfoni]
Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ te sɛ Hiob nnamfo no—awerɛkyekyefo a wɔhaw adwene
[Kratafa 18 mfoni]
So wode bi ka obi a ne werɛ ahow no haw ahorow ho, anaa so wokyekye ne werɛ ankasa?
[Kratafa 21 mfoni]
Mpanyimfo betumi ne onii abɔ mpae asrɛ ama no, na ɛnsɛ sɛ wɔkeka nsɛm a ɛbɛma onii ate afodi nka mmoroso