Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Mu sɛ Wubedi Were?
“Ɔyaw me.”—Conneel a wadi mfe 15, a awudi nti wɔde no ato afiase.
Andrew a wadi mfe 14, a okum ɔkyerɛkyerɛfo bi wɔ sukuu asaw bi ase ka sɛ ɔtan akyerɛkyerɛfo ne n’awofo na ne bo fuw mmeawa a wɔpo no no.
TIME nsɛmma nhoma no frɛ no “awudisɛm a abu so.” Ɔbabun bi a ne bo afuw de tuo siee ne ho kɔɔ ne sukuu mu, na ofii ase totow n’adesua kuw no ne n’akyerɛkyerɛfo no tuo. Ɛte sɛ nea awerɛhosɛm a ɛte saa no afi ase redɔɔso wɔ United States ma TV dwumadibea bi a ɛka saa nsɛm no kaa ade a ɛrekɔ so a ɛte saa no ho asɛm sɛ “basabasayɛ a abu so.”
Anigyesɛm ne sɛ, atuo a wɔtotow wɔ sukuu no ntaa nsisi. Saa mpo no, nsɛmmɔnedi a abufuw de ba a ɛkɔ so nnansa yi no da sɛnea mmabun bi da abufuw ankasa adi. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛkanyan saa abufuw yi? Ɛda adi sɛ ntɛnkyea anaa tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so a mmabun yi binom hyia wɔ atumfo no nsam na ɛma wɔn mu bi bo fuw. Ɛda adi sɛ afoforo nso bo fuw wɔn atipɛnfo a wɔkɔ so di wɔn ho fɛw no. Aberantewaa bi a wadi mfe 12 a okum n’adesua kuw muni bi—na ɔno nso kum ne ho—yɛ nea na wodi ne ho fɛw sɛ ɔso dodo.
Nokwarem no, mmabun pii nnwene ho sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ nsɛmmɔnedi a ɛkɔ akyiri saa mu. Nanso, ɛyaw a wudi bere a esiane abusua a wufi mu nti wɔyɛ nyiyim tia wo, wosisi wo, anaa wodi wo ho fɛw yayaayaw ano a wubegyina no nna fam. Ben buu kɔmpɔ hwɛɛ bere a na ɔkɔ sukuu no, ɔka sɛ: “Na meyɛ tiatiaa sen mmofra a na me ne wɔn bɔ tipɛn no bere nyinaa. Na esiane sɛ bere nyinaa na mayi me ti ho kwabokwabo nti, na mmofra afoforo taa di me ho fɛw na wɔde wɔn nsa paapae me ti so. Eyi maa me bo fuwii paa. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, sɛ mekɔhwehwɛ mmoa fi atumfo no hɔ a, na wommua me. Ɛno ma me bo fuw yiye!” Ben de ka ho sɛ: “Ade a esiw me tuo a mɛfa de akunkum saa nkurɔfo yi kwan ne sɛ na ɔkwan biara nni hɔ a mɛfa so anya bi.”
Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wubu mmabun a wɔpɛ sɛ wopira wɔn a wɔhaw wɔn no? Na sɛ wɔyɛ w’ankasa ayayade a dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Wɔ mmuae ma mu no, susuw nea Onyankopɔn Asɛm ka wɔ ho no ho.
Ahosodi—Ɛyɛ Akokoduru Ho Sɛnkyerɛnne!
Ayayade ne atɛnkyea nyɛ ade foforo. Bible kyerɛwfo bi de saa afotu yi mae sɛ: “Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ, nhoran wo bo, na ebewie bɔne nko.” (Dwom 37:8) Mpɛn pii no, nea ɛde abohuru ba ne ahosodi a wonni na wɔda no adi wɔ bere a wonsusuw nea ebefi mu aba no ho. Sɛ ‘wo horan wo bo’ a ebetumi ama woada abufuw adi! Dɛn na ebetumi afi mu aba?
Susuw Bible mu nhwɛso a ɛfa Kain ne Habel ho no ho hwɛ. ‘Kain bo fuw ne nua Habel pii.’ Nea efii mu bae ne sɛ, “wɔwɔ afum no, Kain sɔre hyɛɛ ne nua Habel, na okum no.” (Genesis 4:5, 8) Abufuhyew ho nhwɛso foforo ne Ɔhene Saul de no. Ɔtwee ninkunu wɔ sraadi mu nkonim a abofra Dawid dii no ho, ɔhyɛɛ da tow peaw a ɛnyɛ sɛ ɔde rewɔ Dawid nko na mmom n’ankasa ba Yonatan nso!—1 Samuel 18:11; 19:10; 20:30-34.
Ɛyɛ nokware sɛ, mmere bi wɔ hɔ a ɛfata sɛ obi bo fuw. Nanso ɛno mpo no, abufuw a ɛteɛ betumi akowie bɔne mu sɛ wɔanni so a. Sɛ nhwɛso no, na ntease wom sɛ Simeon ne Lewi bo fuw Sekem bere a wɔtee sɛ wato wɔn nuabea Dina mmonnaa no. Nanso sɛ anka wɔbɛma wɔn bo adwo no, wɔmaa wɔn bo fuwii kɛse, na ɛdaa adi wɔ wɔn nsɛm a wɔkaa no akyiri no mu sɛ: “So wɔnyɛ yɛn nuabea sɛ aguaman anaa?” (Genesis 34:31) Na bere a wɔn abufuw no mu yɛɛ den no, ‘wɔkɔɔ kurow no so mpofirim kokunkum mmarima a wɔwɔ Sekem akuraase hɔ nyinaa.’ Wɔn abufuw no kaa afoforo efisɛ “Yakob mmabarima” a aka no de wɔn ho gyee awudi no mu. (Genesis 34:25-27) Mfe pii akyi mpo no, Simeon ne Lewi papa Yakob, kasa tiaa wɔn abufuhyew no.—Genesis 49:5-7.
Yesua ade titiriw bi fi eyi mu: Abufuhyew nkyerɛ ahoɔden na mmom ɛkyerɛ mmerɛwyɛ. Mmebusɛm 16:32 ka sɛ: ‘Nea ne bo kyɛ fuw no yɛ sen dɔmmarima, na nea odi ne honhom so no sen nea ɔko fa kurow.’
Nyansa a Ennim sɛ Obi Bedi Were
Kyerɛwnsɛm no de afotu yi ma: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! . . . Munnnidi wo ho were.” (Romafo 12:17, 19) Aweredi—sɛ́ ɛfa basabasayɛ ankasa anaa ayayasɛm ho no—yɛ ade a mfaso nni so. Bere koro no ara no, aweredi a ɛte saa ho nhia na nyansa nnim. Ade biako ne sɛ, basabasayɛ de awudi kɛse na ɛba. (Mateo 26:52) Sɛ woka nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ obi a ɔno nso bɛka nea ɛyɛ yaw sen saa akyerɛ wo. Kae nso sɛ, ntease ntaa nni abufuw a ɛte saa mu. Sɛ nhwɛso no, so wubetumi ahu ankasa sɛ nea ɔfom wo no wɔ wo ho adwemmɔne? So ebetumi aba sɛ onipa no kaa asɛm no a wannwene ho anaa ɛyɛ aniammɔnho bi kɛkɛ? Na mpo sɛ ɔwɔ adwemmɔne a, so were a wubedi no bɛyɛ adeyɛ a ɛfata tebea no ankasa?
Susuw Bible mu nsɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 7:21, 22 no ho hwɛ: “Nso mfa wo koma nsi nsɛm a wɔka nyinaa so, na woante sɛ w’akoa redome wo. Na wo koma nim mpɛn bebree a wo nso wodomee ebinom.” Yiw, ɛyɛ awerɛhow sɛ nkurɔfo bɛka wo ho nsɛmmɔne. Nanso Bible no gye tom sɛ ɛyɛ asetra fã. So ɛnyɛ nokware sɛ ebetumi aba sɛ wo nso woaka nsɛm afa afoforo ho a wuhui a anka woanka? Ɛnde sɛ obi ka biribi a enye fa wo ho a dɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ ade ma ɛtra so? Ɛtɔ mmere bi a, ɔkwan a ɛsen biara a wobɛfa so agyina fɛwdi ano ne sɛ wubeyi w’adwene afi so.
Saa ara nso na sɛ wote nka sɛ obi ayɛ wo bɔne a, nyansa nnim sɛ woyɛ ade ma no tra so. Obi a wadu ne mpanyin afe so a wɔfrɛ no David ka nea esii bere a ɔne ne mfɛfo Kristofo bi bɔɔ basketball no. David ka sɛ: “Obi a ɔwɔ kuw foforo no mu tow bɔɔl bɔɔ me.” Bere a David faa no ntɛm ara sɛ eyi yɛ adwemmɔne no, ɔyɛɛ bi tuaa no ka, tow bɔɔl no bɔɔ no. David ka sɛ: “Ná me bo afuw paa.” Nanso ansa na asɛm no bɛsɛe koraa no, David bɔɔ Yehowa mpae. Ɔkae wɔ ne tirim sɛ, ‘Dɛn na mereyɛ yi, mepɛ sɛ me ne onua Kristoni ko anaa?’ Akyiri yi, wɔpaa wɔn ho wɔn ho kyɛw.
Wɔ nsɛm a ɛtete sɛɛ mu no, nyansa wom sɛ yesusuw Yesu Kristo nhwɛso no ho. “Ɔno na wɔyaw no, na wanyaw bi, ohuu amane, na wanteɛteɛ, na ɔde hyɛɛ nea obu ntɛntrenee no nsa.” (1 Petro 2:23) Yiw, sɛ woba ɔhaw bi mu a, sɛ anka wobɛyɛ ade ma aboro so no, bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na di wo ho so. Obefi ɔdɔ mu de ‘honhom kronkron ama wɔn a wobisa no’ no. (Luka 11:13) Sɛ obi yɛ wo bɔne a sɛ́ anka wobɛyɛ no bi atua ka no, ebia ade a ebehia sɛ woyɛ ara ne sɛ wobɛkɔ nipa no nkyɛn na wo ne no akɔka ho asɛm. (Mateo 5:23, 24) Anaasɛ ebia sɛ osisifo a ɔwɔ wo sukuu mu de basabasayɛ reba wo so a, mfa basabasayɛ nkohyia nipa ko no kwan. Mmom no, ɛho hia sɛ wofa akwan a eye so de bɔ wo ho ban.a
Ɔbabun Bi a Oyii Abufuw Fii ne Mu
Mmabun pii de Bible nnyinasosɛm yi adi dwuma ma mfaso ahorow aba so. Sɛ nhwɛso no, wɔde Catrina mae sɛ abagye fi ne mmofraberem. Ɔka sɛ: “Na me bo fuw efisɛ mente nea enti a me maame a ɔwoo me no de me maa obi no ase. M’ani bere hyɛɛ me maame a ɔtetee me no. Esiane adwen hunu bi a minyae nti, metee nka sɛ, sɛ mipira no a, ɔkwan bi so no na merepira me maame a ɔwoo me no. Enti meyɛɛ biribiara—me yeyaw no, mede me nan pempem fam, me bo fuw no kɛse. Ɔpon a wɔkeka bobom yɛ nea na m’ani gye ho. Na metaa ka kyerɛ no nso sɛ, ‘metan wo!’—ne nyinaa fi me bo a afuw nti. Sɛ mesan susuw ho a, minnye nni sɛ me na meyɛɛ nneɛma a ɛte saa no.”
Dɛn na ɛboaa Catrina ma odii n’abufuw so? Obua sɛ: “Me kenkan Bible no! Eyi ho hia paa efisɛ Yehowa nim sɛnea yɛte nka.” Catrina nyaa awerɛkyekye nso bere a ɔne n’abusua kenkan Nyan! mu nsɛm a na ɛfa n’abusua mu tebea ho no.b Ɔka sɛ: “Yɛn nyinaa tumi traa ase boom na yɛtee yɛn ho yɛn ho ase.”
Wo nso wubetumi asua sɛnea wodi abufuw so. Sɛ wodi wo ho fɛw, wosisi wo, anaasɛ wɔyɛ wo ayayade a, kae Bible mu nsɛm a ɛwɔ Dwom 4:4 yi: ‘Mo bo huru a, monnyɛ bɔne!’ Saa nsɛm no betumi aboa wo ma woakwati abufuw a ɛsɛe ade no.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɛdefa afotu a eye a ɛbɛma woatumi adi amumɔyɛsɛm a akyerɛkyerɛfo, sukuu mu asisifo, ne wɔn a wɔyɛ wo basabasa de ba wo so ho no, hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . .” mu nsɛm a epuei wɔ February 8, 1984; August 22, 1985; and August 8, 1989 Engiresi Nyan! no mu no.
b Hwɛ nsɛm a edidi so a n’asɛm ti ne “Abagye—Emu Anigye, Emu Nsɛnnennen,” a epuei wɔ May 8, Nyan! 1996 de no mu no.
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Mpɛn pii no ɔkwan a eye kyɛn so a wobɛfa so adi fɛwdi so ne sɛ wubebu w’ani agu so kɛkɛ